Amansan Nhyiamu
Onyankopɔn Dɔ Ne Mma
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Onyankopɔn Dɔ Ne Mma

Mepɛ sɛ me ne mo kyɛ akwan mmiɛnsa pɔtee a Ɔsoro Agya fa so da Ne dɔ adi kyerɛ yɛn, Ne mma.

Anuanom mmarima ne mmaa, me ne mo di ahurisie wɔ Yesu Kristo asɛmpa no ho. Mede ɔdɔ firi asafo mma a wɔwɔ Philippines, a wɔte apɔ, na megyina wɔn anan mu ka sɛ, Ɛnsi mo yie!

Yesu Amanehunu anɔpa yi, medi Kristo a ɔte ase no ho adanseɛ sɛ ɔsɔre firii owuo mu,na Ne dɔ a ɔwɔ ma yɛn ne yɛn Agya a ɔwɔ Soro yɛ kann, na ɛtim hɔ daa. Ɛnnɛ, mepɛ sɛ metwe adwene si ɔdɔ a Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo wɔ ma obiara so, a ɛda adi wɔ Yesu Kristo Mpata no mu. “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro” (Yohane 3:16).

Berɛ a ɔsoro bɔfoɔ bi bisaa nkɔmhyɛni Nifae fa nimdeɛ a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn ho no, Nifae buaa no tiawa sɛ,“Menim sɛ ɔdɔ ne mma” (hwɛ 1 Nifae 11:16-17).

Nkyekyɛmu bi a ɛfiri Mormon Nwoma no mu: Yesu Kristo ho adanseɛ baako nso, kyerɛkyerɛ Agyenkwa no dɔ a ɛwie pɛ yɛ no mu yie: “Na ɛnam wiase amumuyɛ nti, wɔbɛbu no atɛn sɛ ɔyɛ adehunu; wɔhwe no mmaa, wɔto ntasuo gu ne so, nso ɔma ho kwan, ɛnam n’adɔeɛ ne n’abodwokyɛre a ɛwɔ ma nnipa mma nti” (1 Nifae 19:9). Agyenkwa no dɔ a ɔwɔ ma amansan na ɛyɛ nkuranhyɛ a ɛtae deɛ Ɔyɛ nyinaa akyi. Yɛnim sɛ saa ɔdɔ no ara na yɛn Agya a ɔwɔ Soro wɔ ma yɛn, ɛfiri sɛ Agyenkwa no de ahobrɛaseɛ kyerɛkyerɛɛ sɛ Ɔno ne Agya no “yɛ baako” (hwɛ Yohane 10:30; 17:20-23).

Ɛnneɛ, sɛn na yɛn nso yɛbɛtumi adɔ bi na yɛakyerɛ anisɔ ama ɔdɔ a Wɔwɔ ma amansan? Agyenkwa no de ɔfrɛ tiawa a obiara ka ho kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so” (Yohane 14:15).

Titenani Dallin H. Oaks kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Onyankopɔn dɔ a ɛwie pɛ yɛ a ɔwɔ ma amansan no da adi wɔ nhyira a ɛwɔ N’asɛmpa nhyehyɛeɛ nyinaa mu, na ɛyɛ nokorɛ sɛ ɔkora N’apɛgyadeɛ nhyira ma wɔn a wɔdi Ne mmara so.”1

Mɛpɛ sɛ me ne mo bɛkyɛ akwan mmiɛnsa pɔtee a Ɔsoro Agya fa so da Ne dɔ adi kyerɛ yɛn, Ne mma.

Ɛdi kan, Onyankopɔn ne Abusua Nkutahodie Da Ne Dɔ Adi

Yɛn nkutahodie a ɛsom boɔ pa ara yɛ deɛ yɛne Agya no ne Ɔba no wɔ, ɛne yɛn ankasa abusuafoɔ, ɛfiri sɛ yɛne wɔn abusuabɔ yɛ afebɔɔ. Anigyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ no yɛ anwanwadeɛ a ɛda ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no adi. Sɛ adwene kɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no so a, yɛbɛfiri ɔpɛ mu atu dɔteɛ ne abotan a ɛwɔ yɛn mu a ɛpia pɛsɛmenkomenya ase, na ɛde daapem nkutahodie fapem ahyɛ anan mu. Ɔkwan bi so, yɛbɛtumi afrɛ yei “honhom mu ntuguo”. Sɛ yɛreyɛ yɛn honhom mu ntuguo a, yɛdi kan hwehwɛ Onyankopɔn akyiri kwan na yɛfrɛ No (hwɛ Yeremia 29:12-13).

Yɛrehwehwɛ N’akyiri kwan na yɛrefrɛ No bɛhyɛ nhyehyɛeɛ no ase, na ama kwan ahyehyɛ yɛn daapem nkutahodie na ahyɛ no den Ɛbae yɛn honhom mu adehunu mu na ɛboa twe yɛn adwene kɔ deɛ yɛbɛtumi asesa no so, kyɛn deɛ yɛnni so tumi ho suro so. Yɛresua yɛn Agyenkwa Yesu Kristo abrabɔ ne ne som adwuma bɛma yɛahunu saa nneɛma nkaeɛ a ɛhia yi wɔ daapem adwene mu.

Ɛtɔ da bi a nneɛma a ɛtwetwe adwene bɛtumi asi yɛn kwan ma yɛnte Onyankopɔn dɔ nka wɔ yɛn abusua nkutahodie ne dwumadie ahodoɔ mu. Maame bi, a na ɔte nka sɛ mfidie nketewa yi regye n’abusua nkutahodie, de ano aduro bi baeɛ. Ɛduru adidie ne abusua mmerɛ nkaeɛ a, ɔka sɛ, “Tetefu biara ngu hɔ; momma yɛnnya anim-ne-anim berɛ mma yɛn ho.” Ɔse wei ne mmara foforɔ ma wɔn abusua, na ɛhyɛ wɔn nkutahodie den sɛ abusua berɛ a wɔhyia anim-ne-anim. Seesei wɔbɔ mu nya Bra, Di M’akyi mu nkɔmmɔtwetweɛ papa sɛ abusua.

Ɛtɔ so mmienu, Ɔda Ne Dɔ Adi kyerɛ Ne Mma berɛ a Ɔfrɛ Nkɔmhyɛfoɔ

Ewiase a yɛwɔ mu seesei yi ayiri wɔ “kasatia ne basabasayɛ ne adwene a ɛnsae mu” (Joseph Smith—Abakɔsɛ 1:10). Paulo kae yɛn sɛ “yɛwɔ ɛnne ahodoɔ bebree wɔ wiase” (1 Korintofoɔ 14:10). Ɛnne ahodoɔ yi nyinaa mu deɛ he na ɛwɔ soro na nteaseɛ wɔ mu pefee sene nkaeɛ no? Ɛyɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ ne adiyifoɔ nne.

Mekae pa ara sɛ wɔyɛɛ me oprehyɛn afe 2018 mu na mesan kɔɔ adwuma, na mewɔ bea a wɔde kaa sisi wɔ Asɔre adwumayɛbea ti. Mpofirimu, metee Titenani Russell M. Nelson nne sɛ ɛrefrɛ me, “Taniela, Taniela.” Metuu mmirika kɔɔ ne hɔ, ɛna ɔbisaa sɛ me ho te sɛn?

Mekaa sɛ, “Merete apɔ yie pa ara, Titenani Nelson.”

Ɔmaa me afotuo, yɛɛ me atuu. Nokorɛ mu menyaa nkɔmhyɛni a ɔfiri “ɔbaako” no ankasa som adwuma atenka.

Titenani Nelson atutu kwan akɔ aman bebree so wɔ asase so. M’adwene mu no, ɔrensom mpempem kɛkɛ, mmom ɔresom mpempem mu “mmaako.” Wɔ saa yɛ mu, ɔkyɛ Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma ne mma nyinaa no.

Nansa yi, Titenani Nelson nsɛm ayɛ ahoɔden ne nkanyan farebae ama nnipa a wɔwɔ Philipinea. Sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔman biara mu wɔ wiase no, afe 2020 mu COVID-19 nsanyadeɛ no haa Philippines yie, ɛna ogya bepɔ turie, ne asasewosoɔ, ahum a ano yɛ den, ne nsuyiri a ɛsɛe nneɛma.

Nanso, te sɛ hann dum a ɛrehyerɛn wɔ ɛhu sum kabii mu, ankonamyɛ, ne abamubuo mu no, nkɔmhyɛni no nsɛm baeɛ. Na ɔfrɛ sɛ wiase nyinaa nyɛ akɔmkyene, mmɔ mpaeɛ, na wɔntu fo sɛ yɛnko nkɔ anim ɛmfa ho ne nsanyadeɛ no, ka ho. Ɔfrɛɛ yɛn sɛ yɛmma yɛn afie mu nyɛ gyedie dwanekɔbea mma yɛn ankasa. Ɔtoo nsa frɛɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ a wɔwɔ baabiara sɛ yɛmmu Onyankopɔn mma nyinaa na yɛmma Onyankopɔ nni yɛn abrabɔ so.2

Saa ara na Titenani Nelson aseda tumi ho adansedie mfoni nansa yi ara, ne ne mpaebɔ a na ɛtwa toɔ no gyegyee wɔ Philippines man mu baabiara.3 Wɔyii mfoni no wɔ gyidie afrafra dwumadie bi ase wɔ Leyte mantam no mu, na wɔsan bɔɔ din sɛ ɛka ɔsɔfo bi afotusɛm ho. Philippines man, ne wiase nyinaa ayɛ nhyira sɛ yɛnam nkɔmhyɛni a Onyankopɔn no ara ayi no nsɛm so, anya Ne dɔ atenka.

Ɛtɔ so mmiɛnsa, Animka Bɛtumi Ayɛ Onyankopɔn Dɔ a Ɔwɔ ma Ne Mma Adiyie

Ɛtɔ da bi a, Onyankopɔn da Ne dɔ adi berɛ a Ɔtea yɛn. Ɛyɛ kwan bi a ɔde kae yɛn sɛ Ɔdɔ yɛn na Ɔnim sɛdeɛ yɛteɛ. N’asomdwoeɛ nhyira bɔhyɛ no wɔ hɔ ma obiara a ɔde akokoɔduro nante apam kwan no so, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛgye atenetene.

Sɛ yɛhunu animka no na yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛgye a, ɛbɛyɛ honhom mu oprehyɛn. Mmom, hwan na ɔpɛ oprehyɛn? Nanso wɔn a wɔhia na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛgye no, ɛbɛtumi ayɛ nkwagyeɛ. Awurade ka nea Ɔdɔ no anim. Twerɛnsɛm no ka kyerɛ yɛn saa (hwɛ Hebrifoɔ12:5-11; Helaman 12:3; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:27; 95:1). Animka, anaasɛ honhom mu oprehyɛn no, de nsakraeɛ a ɛhia bɛba yɛn abrabɔ mu. Anuanom mmarima ne mmaa, yɛbɛhunu sɛ ɛhohoro na ɛdwira yɛn nipadua.

Joseph Smith, Mmaeɛ bio Nkɔmhyɛni no, wɔkaa n’anim. Joseph hweree Mormon Nwoma no nsa ano atwerɛ krataafa 116 akyiri no, Awurade tenetenee no na ɔkyerɛɛ no ɔdɔ nso berɛ a ɔkaa sɛ: “Na ɛnni sɛ wosuro onipa sene Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ anka woyɛ nokwafoɔ. Hwɛ, wone Joseph, na wɔayi wo. Kae sɛ, Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ; ɛno nti, sakyera” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 3:7-10

Afe 2016 mu, berɛ a na mereyɛ asɛmpatrɛ som wɔ Little Rock, Arkansas no, meka kyerɛɛ Onuabarima Cava sɛ ɔmfa adeɛ nkɔma me nuabaa panin, a na ɔte supɔ bi so wɔ Fiji. Muaeɛ a ɔmaeɛ no nyɛ deɛ na merehwɛ anim. “Titenani Wakolo,” ɔsii apini, “wo nuabaa afiri mu ma wɔasie no nna du ntam nie.” Medii awerɛhoɔ na me bo mpo fuu kakra sɛ amfa m’abusuafoɔ ho mpo sɛ wɔbɛma me ate.

Adeɛ kyeeɛ, berɛ a na me hokani rekyerɛ asɛmpatrɛfoɔ adeɛ no, saa adwene yi wuraa me kra mu: “Taniela, saa suahunu yi nyinaa yɛ ma wo ara wo yiedie ne mpontuo. Woakɔ so akyerɛkyerɛ na woakyɛ w’adansedie wɔ Yesu Kristo Mpata no ho; afei yɛ no sɛdeɛ ɛteɛ.” Wɔkaee me sɛ “nhyira ne onipa a Onyankopɔn tenetene [no]: enti [ɛnni sɛ] yɛpo Otumfoɔ no animka” (Hiob 5:17). Na ɛyɛ honhom mu oprehyɛn ma me, na ne nsunsuansoɔ yɛɛ mprempren.

Berɛ a meredwene suahunu no ho no ara na wɔfrɛɛ me sɛ memma m’adwenkyerɛ a ɛtwa toɔ wɔ nkɔmmɔtwetweɛ no ho. Mekyɛɛ adesua a na makɔ mu no kaa afoforɔ ho: deɛ ɛdi kan, na Honhom Kronkron no aka m’anim, na medɔeɛ ɛfiri sɛ me nko ara na meteeɛ; mmienu, esiane Agyenkwa no afɔrebɔ ne mpatadeɛ no nti, menhunu me haw no sɛ nsɔhwɛ ne amanehunu bio na mmom sɛ “adesua mu suahunu”; ɛna mmiɛnsa, ɛnam N’abrabɔ korɔgyee a ɛwie pɛ yɛ no nti, menhwɛ me sintɔ ne deɛ mentumi nyɛ no sɛ mmerɛyɛ bio na mmom sɛ “akwanya ma me mpontuo.” Saa suahunu yi boaa me maa mehunuu sɛ Onyankopɔn ka yɛn anim ɛfiri sɛ Ɔdɔ yɛn.

Mewie. Yɛn Daa Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo, kyerɛ Wɔn dɔ berɛ a wɔma kwan ma yɛne Wɔn ɛne yɛn abusuafoɔ nya daapem nkutahodie, sɛ wɔfrɛ ɛnnɛ-abɛɛfo nkɔmhyɛfoɔ ma wɔkyerɛkyerɛ na wɔka nsɛmpa no nkyerɛ yɛn, na wɔka yɛn anim na ɛboa ma yɛasua adeɛ, de nyini. “Aseda nka Onyankopɔn wɔ Ne Ba kronkron no akyɛdeɛ a ɛnni nsɛsoɔ,”4 yɛn Awurade a wasɔre, mpo Kristo a ɔte ase no. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim