Amansan Nhyiamu
Ma Wo Akoma So Na Di Ahurisie
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Ma Wo Akoma So Na Di Ahurisie

Wɔawo yɛn saa berɛ yi ama boteaɛ kronkron, Israel anoboaboa.

Ɔrekasa kyerɛ Thomas B. Marsh, deɛ wasakra a ɛnkyɛreeɛ no, Awurade kaa no nkuranhyɛ mu sɛ, “Ma wakoma so na di ahurisie, ɛfiri sɛ w’asɛmpatrɛ berɛ no aso” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 31:3).

Me gye di sɛ saa frɛ yi bɛtumi asom sɛ nkanyan ama Asɔre asafomma nyinaa. Ne nyinaa akyiri; yɛn mu biara anya afiri yɛn Soro Agya hɔ asɛmpatrɛ adwuma sɛ yɛboaboa Israel ano wɔ nkataanim no afa mmienu no mu.

“Saa anoboaboa no,” Titenani Russell M. Nelson aka sɛ, “ɛyɛ adehia kɛseɛ pa ara a ɛrekɔ so wɔ asase yi so ɛnnɛ. Biribiara nni hɔ a wɔde toto ne kɛseyɛ ho, biribiara nni hɔ a wɔde toto ne hia a ɛhohia ho, biribiara nni hɔ a wɔde toto n’animuonyam ho.”1

Nokorɛ mu, nsɛm a ɛfata bebree na ɛwɔ wiase yi mu. Ɛyɛ den sɛ yɛbɛbobɔ ne nyinaa din. Nanso worempɛ sɛ wobɛyɛ bi wɔ asɛm kɛseɛ a ɛduru wo nsa so ne baabi a wo ntoboa yɛ ade titiriw soronko yi? Anoboaboa no da nsonoeɛ wɔ ɛnni awieɛ mu ma obiara. Nkorɔfoɔ wɔ mfeɛ biara mu tumi yɛ bi wɔ saa asɛm yi mu ɛmfa ho ne wɔn tebea ne baabi a wɔteɛ. Asɛm foforɔ biara nni hɔ wɔ wiase yi mu a ɛka ho kɛse.

Ɔrekasa pɔtee akyerɛ mmabunu no, Titenani Nelson kaa sɛ “yɛn Soro Agya akora Ne Honhom adehyeɛ akɛseɛ pa ara no mu bebree—sɛsɛɛ Ne kuo a ɛyɛ kama pa ara—ma saa berɛ a ɛtwa toɔ yi. Saa honhom adehyeɛ no—saa kuo kama pa ara no, saa dɔmmarima no—ɛyɛ mo!”2

Aane, wɔasiesie mo firi ansa na saa asetena yi, na wɔawo mo seesei sɛ mobɛyɛ bi wɔ saa Israel mmoano adwuma kɛseɛ yi mu wɔ nkataanim no afa mmienu no mu wɔ saa nna a ɛdi akyire yi (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 138:53–56).

Adɛn nti na saa asɛm yi ho hia pa ara yi? Ɛfiri sɛ “akra boɔ somboɔ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn ani so” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:10). Na ɛnam sɛ “obiara a ɔgye [Yesu Kristo] di, na wɔbɔ no asu no, ɔno korɔ no na wɔbɛgye no nkwa; na ɔbɛnya Onyankopɔn ahemman no adi” (3 Nephi 11:33). Bio nso, “biribiara a Agya [no] wɔ no wɔde bɛma” wɔn a wɔgye N’ayɛyɛdeɛ na wɔdi N’apam so (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:38). Ɛka ho no, “apaafoɔ no sua” (Luke 10:2

Wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu nko ara na yɛhunu tumi, akwanya, ne ɔkwan a wɔfa so ma afoforɔ nya saa nhyira no, sɛ wɔte ase anaa wɔawu.

Sɛdeɛ Titenani Nelson kaae no: “Berɛbiara a mobɛyɛ biribiara a ɛboa obi no—wɔ nkataanim no fa biara—atu anammɔn akɔ anim ne Onyankopɔn akɔ apam na moagye wɔn asubɔ ne tɛmpol ayɛyɛdeɛ a ɛhohia no, na woreboa aboaboa Israel ano. Sɛdeɛ ɛyɛ tiawa ne no.”3

Berɛ a akwan bebree wɔ hɔ sɛ moboa wɔ mmoano no mu no, mɛpɛ sɛ mɛkasa afa baako pɔtee bi ho: resom sɛ asɛmpatrɛni. Ɛma mo mu dodoɔ no, yei bɛkyerɛ sɛ woreyɛ nkyerɛkyerɛ asɛmpatrɛni. Ɛma afoforɔ dodoɔ no, ɛbɛkyerɛ sɛ woreyɛ ɔsom asɛmpatrɛni Mmom wiase bɔ mmɔden sɛ ɔde ehu ne adwene ntanta bɛdane mmabunu ani afiri saa asodie kɛseɛ kronkron yi ho.

Nnaneani foforɔ binom bɛtumi ayɛ nsanyadeɛ a yɛrefa mu, regyae adwuma papa, retwe nwomasua asan, anaa anya anigyeɛ titiriw wɔ obi mu wɔ ɔdɔ kwan so. Obiara bɛnya wɔn ankasa haw mmoano. Saa nnaneani yi bɛtumi asɔre berɛ pɔtee a worehyɛ aseɛ wɔ wosom ma Awurade no mu, ne ɔpɛ a asɛ ɛmu da hɔ akyire yi aberɛ nyinaa a ɛnyɛ mmerɛ wɔ saa berɛ no mu.

Menim firi suahunu mu, adwene mu haw ma saa obi a ɔnyiniiɛ no. Berɛ a na meresiesie me ho akɔyɛ me asɛmpatrɛ no, ɔhyɛ binom a ɛyɛ nwanwa bɔɔ mmɔden sɛ ɛrebu m’aba mu. Na baako yɛ me se hwɛfoɔ. Berɛ a ɔhunuu sɛ me nhyehyɛe aduru sɛ metumi yɛ asɛmpatrɛni no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe me afiri sɛ mɛsom mu. Na menni adwene ketewa bi mpo sɛ me se hwɛfoɔ no tia asɔre no.

Me nwomasua ho akwansideɛ nso yɛɛ hwanyann. Berɛ a mebisaa mfeɛ mmienu akwansrɛ firii me sukuupɔn nhyehyɛeɛ mu no, wɔka kyerɛɛ me sɛ ɛrentumi ɛnyɛ yie. Sɛ mansane amma afe baako ntam a, mɛhwere me kwan wɔ sukuupɔn no mu. Wɔ Brazil no, yei yɛ anibereɛ, ɛnam sɛ akwanya wɔ sukuupɔn no nhyehyɛeɛ mu nnyinasodeɛ yɛ sɔhwɛ ne asikan a ɛmu yɛ den pa ara nko ara.

Akyire yi a makɔ so agyina pintinn no, wɔde amemenemfe ka kyerɛɛ me sɛ, berɛ a menni hɔ afe baako no, mɛtumi asrɛ no soronko wɔ kwan titiriw so. Wɔbɛtumi agye ato mu anaa wɔnnye. Mebɔɔ hu kɛse wɔ adwene sɛ mɛsan ayɛ saa ɔgye sɔhwɛ denden no mfeɛ mmienu akyiri a mafiri m’adesua ho no.

Na mesan nso wɔ anigyeɛ wɔ abaayewa bi mu. Na me nnamfonom bebree wɔ saa anigyeɛ korɔ no. Medwenee ho sɛ, “Sɛ mekɔ asɛmpatrɛ no a, mede me ho reto asiane mu.”

Nanso Awurade Yesu Kristo yɛɛ me nkanyan kɛse sɛ, sɛ mepere sɛ mede m’akoma nyinaa bɛsom no a, mma mensuro daakye.

Na ɔno nso wɔ dwumadie a ɛwɔ sɛ ɔhyɛ ma. Wɔ ɔno ankasa nsɛm mu no, Ɔkyerɛɛ mu sɛ, “Na mefirii ɔsoro baa fam, ammɛyɛ m’ankasa me pɛ, mmom deɛ ɔsomaa me no pɛ” (John 6:38). Na Ne dwumadie no na ɛyɛ mmerɛ? Nokorɛ mu, daabi. N’amanehunu a, ɛyɛɛ Ne dwumadie no fa titiriw, maa No, “mpo Onyankopɔn, ɔkɛseɛ kyɛn obiara no, ho wosooe ɛnam yea nti, na mepramm mogya firii honam tokuro biara mu, na mehunuu amane wɔ honam ne honhom mu—na [Ɔno] pɛɛ sɛ anka ɔnnom kuruwa nwononwono no ano, na wamponpono—

“Nanso, animuonyam nka Agya no, na [Ɔno] nomee na ɔwiee [Ne] ahoboaboa maa nnipa mma” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:18–19).

Resom asɛmpatrɛ berɛ no nyinaa bɛtumi ayɛ den ama yɛn. Ebia ɛbɛhia sɛ yɛgyae nneɛma a ɛhohia bi mu berɛ tiawa bi mu. Nokorɛ mu Awurade nim saa, na Ɔbɛka yɛn ho berɛ biara.

Nokwasɛm, wɔ wɔn nkrasɛm mu ma asɛmpatrɛfoɔ wɔ Preach My Gospel, mu no, Titenafoɔ a wɔdi kan no hyɛ bɔ sɛ, “Awurade bɛma mo akatua na wahyira mo mmorosoɔ berɛ a mode ahobrɛaseɛ ne mpaebɔ som No no.”4 Ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔhyira Onyankopɔn mma nyinaa wɔ ɔkwan baako anaa foforɔ so, nanso nsonsonoeɛ da wahyira mo ne nhyira mmorosoɔ wɔ Ne som mu ntam.

Mokae ɔhaw a medwenee sɛ mehyiaae ansa na m’asɛmpatrɛ adwuma no? Me se hwɛfoɔ no? Mehunuu foforɔ. Me sukuupɔn no? Wɔyɛɛ deɛ ɛda nso maa me. Mokae saa abaayewa no? Ɔwaree m’ayɔnkofoɔ papa no mu baako.

Nanso nokorɛ mu, Onyankopɔn hyiraa me mmorosoɔ. Na mesuaa sɛ, Awurade nhyira no tumi ba akwan ahoroɔ so firi deɛ yɛhwehwɛ ho. Ne nyinaa akyiri, N’adwene nyɛ yɛn adwene (Hwɛ Yesaia 55:8–9).

Ɛka nhyira dodoɔ a ɛboro so a Ɔde ama me ɛnam sɛ mesomm asɛmpatrɛ berɛ no nyinaa mu no yɛ gyedie kɛseɛ wɔ Yesu Kristo mu ne Ne Mpata, ne nimdeɛ a ahoɔden wɔ mu ne Ne nkyerɛkyerɛ ho adansedie, a ɛnyɛ mmerɛ sɛ mɛhinhim wɔ nkyerɛkyerɛ mframa biara a ɛbɛbɔ” (Efesofoɔ 4:14). Me hu a ɛwɔ adekyerɛ mu yeraae. M’ahoɔden sɛ mede ahotosoɔ bɛhyia ɔhaw kɔɔ soro. Mehwɛɛ ankorankorɛ ne mmusua a mehyiaae anaa mekyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ asɛmpatrɛni no, mesuaa sɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nokorɛ, sɛ Ɔka sɛ bɔne mmfa nokorɛ anigyeɛ mma, na setie ma Onyankopɔn mmaransɛm boa ma yɛyɛ frɔmfrɔm honam ne honhom mu (hwɛ Mosaya 2:41; Alma 41:10). Na mesua maa me ho sɛ, Onyankopɔn yɛ anwanwa dwuma Nyankopɔn (hwɛ Mormon 9).

Saa nneɛma yi nyinaa yɛɛ adwinnadeɛ wɔ m’ahosiesie mu maa panin asetena, awareɛ ɛbaa mu ne ɔwofoyɛ, Asɔre som, adwuma mu nimdeni ne borɔnoo so asetena.

M’asɛmpatrɛ som akyire yi no, menyaa mfasoɔ firii m’akokoɔduro dodoɔ sɛ mede me ho kyerɛɛ sɛ Yesu Kristo akyidini nokwafoɔ ne N’Asɔre wɔ tebea nyinaa mu ne nkorɔfoɔ nyinaa, mpo mene ɔbaa hoɔfɛfoɔ bi kyɛɛ asɛmpa no a ɔbabɛyɛɛ ɔbrapa, nyansafoɔ, anigyeɛ ne me dɔ hokani a ɛnni awieɛ, me nkwa nna mu awia a ɛhyerɛn.

Aane, Onyankopɔn ahyira me aboro so, aboro so pii akyɛn sɛdeɛ mesusuuiɛ, te sɛ deɛ ɔbɛyɛ obiara a ɔde “ahobrɛaseɛ ne mpaebɔ som No no.” Meda Onyankopɔn ase afebɔɔ wɔ Ne papayɛ ho.

M’asɛmpatrɛ no sakraa m’asetena korakora. Mesuaa sɛ ɛsombo sɛ mode mowerɛ bɛhyɛ Onyankopɔn mu, mowerɛ bɛhyɛ Ne nyansa ne ahummɔborɔ ne Ne bɔhyɛ mu. Ne nyinaa akyiri no, Ɔyɛ yɛn Agya, na akyinnye biara nni ho no, Ɔpɛ deɛ ɛyɛ papa ma yɛn.

Mmabunu pa a mowɔ wiase nyinaa, meto nsa frɛ mo frɛ korɔ no a yɛn nkɔmhyɛni Titenani Nelson ato afrɛ mo nyinaa “sɛ mommɛka Awurade mmabunu asraafoɔ kuo no ho na mommoa Israel anoboaboa no.” Titenani Nelson kaa sɛ:

“Biribiara nni hɔ a akatua no so kyɛn yei. Biribiara koraa nni hɔ

Ɛwɔ sɛ saa anoboaboa yi kyerɛ biribiara ma mo. Yei adwuma a enti wɔsomaa mo baa asase yi so.”5

Wɔawo yɛn saa berɛ yi ama boteaɛ kronkron, Israel anoboaboa. Sɛ yɛsom berɛ no nyinaa sɛ asɛmpatrɛfoɔ a, ɛtɔ da a yɛbɛhyia ɔhaw, nanso Awurade no ankasa yɛ yɛn nhwɛsoɔ kɛseɛ ne kwankyerɛfoɔ wɔ saa tebea no mu. Ɔte aseɛ sɛdeɛ asɛmpatrɛ a ɛyɛ den teɛ. Ne mmoa ka ho a, yɛbɛtumi ayɛ nneɛma a ɛyɛ den. Ɔbɛtena yɛn nkyɛn (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:88), na Ɔbɛhyira yɛn aboro so berɛ a yɛde ahobrɛaseɛ resom No no.

Saa nsɛm yi nyinaa mu no, ɛnyɛ me nwanwa sɛ Awurade ka kyerɛɛ Thomas B. Marsh ne yɛn nyinaa sɛ, “Ma w’akoma so na di ahurisie, ɛfiri sɛ w’asɛmpatrɛ berɛ no aso.” Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Russell M. Nelson, “Israel Anidasoɔ” (worldwide youth devotional, June 3, 2018), HopeofIsrael.ChurchofJesusChrist.org.

  2. Russell M. Nelson, “Israel Anidasoɔ.”

  3. Russell M. Nelson, “Israel Anidasoɔ.”

  4. Ka M’asɛmpa: Asɛmpatrɛ Som Akwankyerɛ (2019), v.

  5. Russell M. Nelson, “Israel Anidasoɔ.”

Tintim