Amansan Nhyiamu
Yɛ Deɛ Ɛhia Pa Ara
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Do What Mattereth Most

Sɛ yɛde yɛn ho to Agyenkwa Yesu Kristo s a Ɔbɛhyira yɛn wɔ honhom mu ahoɔden mu, ahomeka mu na Wama yɛn anigyeɛ.

Ɛnkyɛree biara, na yɔnkopa bi nyaa adwene sɛ ɔrekɔsra ɔbaa bi a ɔwɔ ne wɔɔdod. W’ampɛ amua saa atenka no ɛfirisɛ na ɔnhyɛda nnim no—na ɛnkyerɛ nyansa sɛm biara. Nanso ɛnam sɛ saa adwene no kɔɔso baa ne tirim nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtu anamɔn. Ɛnam sɛ na w’adi kan ayɛ basaa nti, ɔfaa adwene sɛ ɔde biribi rekɔ akɔma saa onuabaa no bɛboa ate ne haw so. Ampa ara w’antumi ankɔ no nsapan! Nti ɔtɔɔ ice cream toa baako na ɔfirii aseɛ siim kɔɔ nsrahwɛ no a na ɔdwene sɛ mfasoɔ biara nim no

Ɔbɔɔ maame no pono mu na ankyɛ ɔgyee so. M’adamfo no de ice cream a w’akyekyere no krartaa kotokuo mu no maa no, na nkɔmmɔ no hyɛɛ aseɛ. Ankyɛ koraa na m’adamfo no hunuu deɛ nti a na nsrahwɛ no ho hia. Berɛ a wɔn baanu tenaa ase wɔ efie no bama anim no, ɔbaa no buee n’amanehunu ahodoɔ so a ɔrefa mu. Dɔnhwere baako akyi a ɔdii nkɔmmɔ, m’adamfo no hunuu sɛ, na ice cream no renane wɔ krataa ahaban dadaw no mu.

Ɔteamu, “Kafra sɛ wo ice cream no ɛnanee!”

Ɔbaa no gyee so dɛɛdɛ sɛ “ɛyɛ! Na me koraa me honam mpɛ!”

Wɔ daeɛ mu, Awurade kakyerɛɛ Odiifoɔ Lehi , “Nhyira ne wo Lehi, ɛfiri sɛ nnoɔma a wayɛ nti .”1

Yɛɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ no kyɛn sɛ yɛwɔ anidasoɔ anaa yɛgye die. Ɛhia ma mmɔdenmmɔ, anamɔntuo ne ahofama. Ɛhia sɛ yɛyɔ biribi sɛ “yɛbɛyɔ asɛm no yɔfoɔ na nyɛ atiefoɔ nkoaa.”2

Wɔ asɛm dɔkɔdɔkɔdeɛ a ɛrenane no, ɛdɛn na ɛhia paa? Dɔkɔdɔkɔdeɛ no? Anaa sɛ m’adamfo no yɛɛ biribi kɛkɛ?

Me nyaa suahunu dɛɛdɛ bi firii ababaawa sɔɔnɔ bi a ɔbisaa nsɛm a ɛyɛ nokorɛ paa “Onuabaa Craven, ɛyɛ dɛn na wohunu sɛ biribiara a ɛfa Asɔre no ho yɛ nokorɛ? Ɛfirisɛ mennya atenka biara.”

Ansa na merema no muaeɛ no, mediikan bisaa no nsɛmfua binom. “ka biribi fa woankasa wo twerɛnsɛm sua ho.”

Ɔyii ano sɛ, “menkan twerɛnsɛm no.”

Me bisaa sɛ, “Na w’abusua nsoɛɛ? Mo sua Bra, Di Makyi wɔ efie. bom?”

Na ɔse , “daabi.”

Na me bisaa no mpaebɔ nso, “Deɛn na wo hunuu sɛ wobɔ mpaeɛ a?”

Ɔyii ano sɛ, “Me mmɔ mpaeɛ.”

Muaeɛ a mede maa no yɛ tiawa “sɛ wopɛsɛ wo hunu biribi a, ɛneɛ ɛwɔ sɛ woyɛ biribi ansa.”

Ɛnyɛ nokorɛ wɔ biribi a yɛpɛ sɛ yɛsua anaa yɛhunu? Me too nsa frɛɛ m’adamfo foforɔ yi sɛ ɔnhyɛ aseɛ nyɛ Yesu Kristo asɛmpa no, mpaebɔ, adesua, yɛɛsom afoforɔ na yɛregye Awurade adie. Nsakyeraeɛ mma wɔ aberɛ a yɛnyɛ hwee. Ɛnam Honhom Kronkron tumi so, wɔ berɛ a yɛrehyɛ da abɔ mmɔden sɛ yɛbɛhunu wɔ yɛrebisa, yɛrehwehwɛ na yɛrebɔ mu Gyesɛ yɛyɔ.3

Wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam, Awurade taa ka sɛ “Ɛmmfa ho.”4 Ɛma me dwene ho sɛ sɛɛ nnoɔma binom mmfa ho, anaa ɛho nhia, neɛ na nnoɔma bi wɔ hɔ a ɛho hia yie paa. Wɔ yɛn mmɔdenmmɔ mu sɛ yɛbɛyɛ biribi no, anaa adeɛ bi no,Yɛ bɛtumi ɛbisa yɛn ho sɛ, “Deɛn na ɛhia paa?”

Dawubɔfoɔ taa de kasasin bi te sɛ “Adehia” anaa “Ɛwɔ sɛ nsa ka” wɔ anidasoɔ sɛ ɔde resɔ yɛn ahwɛ sɛ yɛbɛgye adekorɔ no a ɔretɔn no sɛ ɛho hia ma yɛn anigyeɛ ne yɛn ahotɔ. Nanso deɛ wɔretɔn no ɛhia mma yɛn anaa? Ɛwɔ yɛ nya? Na ɛho hia ampa?

Wobɛtumi asusu nsɛmmissa yi ho. Deɛn na ɛhia paa?

  • Dodoɔ sɛn “ɔpɛ” na yɛ nya wɔ yɛn social media nsɛm a yɛtwerɛ? Anaa sɛn na yɛn Soro Agya dɔ yɛn na yɛ som ne boɔ?

  • Yɛrehyɛ ntaadeɛ a abasoɔ?. Anaa yɛde obuo mma yɛn nipadua wɔ berɛ a yɛrehyɛ ntaadeɛ kwanpa soɔ?

  • Yɛrepɛ muaeɛ wɔ wiem ntentan abɛɛfo kwan soɔ? Anaa yɛreyɛgye muaeɛ afiri Onyankopɔn hɔ a ɛnam Honhom Kronkron hɔ?

  • Yɛrepɛ pii? Anaa yɛɛma y’ani asɔ deɛ ɔde ama yɛn?

Titenani Russell M. Nelson kaa sɛ:

“Sɛ Honhom Kronkron no yɛ wo yɔnkofoɔ nti, wo bɛtumi ahu deɛ ɛyɛ afiri amamerɛ a adi nnipakuo nya yi. Wo bɛtumi ayɛ nyansani akyɛn awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no. …

“Yɛ susudua bi to hɔ ma wiase nkaeɛ!”5

Ɛhia mmɔdenmmɔ sɛ yɛbɛyɛ pintinn wɔ deɛ ɛyɛ nokorɛ a ɛhia paa ma daa anigyeɛ. Ɔbonsam pɛ ne sɛ anka yɛbɛto yɛn ɛnniawieɛ abrabɔ pa atwene, na ɛbɛma y’ahwere mmerɛ pa, adom akyɛdeɛ, anaa honhom mu ahoɔden wɔ nnoɔma a ɛnhia ho. Me to nsa frɛ obiara sɛ ɔmmɔ mpaeɛ yie mfa nnoɔma a ɛtwe yɛn firi deɛ ɛhia paa ho.

Yɛ ba barima panin tikya kyerɛɛ ne asuafoɔ sɛ wɔn “nni wɔn adwene so.” Na ɛyɛ nkaeɛ mma n’asuafoɔ no sɛ wɔn bɛtumi adi deɛ ɛkɔso wɔ wɔn adwene mu, nti no ɔbɛtumi adiso nnoɔma a ɔyɛ. Me kae me ho “di w’adwene so” berɛ a mehu me ho sɛ merekɔ noɔma a ɛnhia pii.

Ntoasoɔ sukuunii bi ka kyerɛɛ me nansa yi ntam sɛ abɛyɛ ade titiriw wɔ mmabunu a ɔwɔ Asɔre no mu sɛ ɔbɛto mmeransɛm no atwene ɛnam sɛ wayɛ wɔn nhyehyeɛ sɛ ɔbɛsakra akyire ansa. “Ɛyɛ esu agyirae anisɔ,” ɔka kyerɛɛ me. Ampa, Awurade bɛkɔso de afiri wɔn a ɔbrɛ wɔn ho ase sakra “wɔ adwene pɔtee.”6 Nanso Agyenkwa no mpata no yɛnsi no atwetwe saa. Yɛnim abɛbuo a ɛfa odwan a ɔyeraeɛ no. Ampa odwanhwɛfoɔ no bɛgya nnwan aduokron-nkron no hɔ akɔ hwehwɛ baako a wayera no. Nso wo bɛtumi asusu anigyeɛ a Odwanhwɛfoɔ pa no nya maa wɔn a na ɔka aduokron-nkron no ho no? Wɔn a ɔka wɔn ho bom na wɔboa wɔn ho wɔn ho di wɔn apam so? Wo bɛtumi atwa no mmfoni deɛ wiase, anaa sukuu, anaa w’adwuma, anaa wo fie bɛtumi abɛyɛ sɛ woreyɛ sotie yɛ adeɛ a ɛdi mu? Ɛnyɛ sɛ yɛɛyɛ abrabɔ pɛpɛɛpɛ—na mom ɛyɛ sɛ yɛrehwehwɛ anigyeɛ wɔ brɛ a yɛɛbɔ mmɔden atena wɔ apam a yɛne Awurade akɔ mu.

Sɛdeɛ ewiase yi ɛrekɔ ntanta wɔ Onyankopɔn ho, na sakasakayɛ ne apenedie ɛdɔɔso no, yei ne berɛ a ɛwɔ sɛ yɛtwe yɛn ho bɛn Awurade diifoɔ. Sɛ Onyame kasamafoɔ no, yɛbɛtumi anya awerɛhyem sɛ deɛ ɔhyɛ , tu ho fo na ɔsrɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no ne nnoɔma a ɛhia pa ara.

Ɛwom sɛ nna fam, nso aberɛ biara ɛkwan da hɔ a yɛbɛtumi ayɛ adeɛ a ɛyɛ. Wɔ berɛ a me ne nnamfonom kuo bi redi nkitaho wɔ sukuu no, ɔbaa bi akoma tuuiɛ berɛ a nkɔmɔ no dane kɔsii sɛ yɛreka deɛ ɛmfata fa Asɔre no nteteɛ ho. Na ɔhunuu sɛ ɔntumi nyɛ koom no—na ɛwɔ sɛ ɔyɛ biribi. Obuo kwanso so no, ɔkasa faa Yɛn Soro Agya dɔ ne mmeransɛm a W’ahyehyɛ no wɔ hɔ sɛ ɛbɛhyira yɛn na abɔ yɛn Ne mma ho ban. Na anka ɛbɛyɛ mrɛ ama no sɛ ɔnyɛ hwee. Nanso deɛn na ɛhia paa? Ɛredi afumtum wɔ dɔm no mu? Anaa ɔregyina Onyankopɔn danseni wɔ “mmerɛ nyinaa, ne adeɛ nyinaa mu ne baabiara”?7

Sɛ Yesu Kristo Asɔre a asan aba no refiri nkatasoɔ mu a, ɛwɔ sɛ yɛn nso yɛfiri nkatasoɔ mu. Sɛ apam korafoɔ mmaa, ɛwɔ sɛ yɛsɔ yɛn asɛmpa kanea wɔ wiase afanan nyinaa sɛ yɛresɔre agyina yɛn nanso na y’ada mu fua. Yɛyɔ wei bom sɛ Onyankopoɔn mma mmaa—ɛdɔm bɛyɛ 8.2 million mmaa ɛfiri mfie du-baako rekorɔ a yɛn nyinaa adwuma yɛ pɛ. Yɛreboaboa Israel ano wɔ mmerɛ a yɛde yɛn ho rehyɛ mu wɔ nkwagyeɛ adwuma ne mpagya: yɛre pere atena wɔ Yesu Kristo nsɛmpa, na yɛreboa wɔn a ɔhia mmoa, yɛreto nsa afrɛ obibiara sɛ ɔnye nsɛmpa no, na yɛreka mmusua abom akɔsi ɛnniawieɛ.8 Yesu Kristo nsɛmpa no yɛ nsɛmpa a ɛyɛ adeyɔ ne asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ! Mma yɛmmu yɛn ho abomfiaa sɛ yɛbɛyɛ nnoɔma a ɛhia paa yie. Yɛn bɔbea ahyɛnsodeɛ ma yɛn akokoɔduro ne ahotɔsoɔ ma yɛyɛ na y’abɛyɛ deɛ Yɛn Soro Agya dɔfoɔ nim sɛ yɛbɛtumi ayɛ.

Mmabunu no asɛm titire wɔ afe yi mu no ɔyi firii Mmebusɛm 3:5–6:

‘Fa w‘akoma nyinaa bata awurade ho; na mfa wo ho ntwere wo nhunumu.

“Wɔ w’akwan nyinaa mu no kae no, na ɔbɛkyerɛ wo kwan.”

Adeɛ baako a ɛhia sɛ yɛde y’ani reto Awurade so ne sɛ yɛbɛtu anamɔn, na yɛregye adie sɛ Ɔbɛbɔ yɛn ho ban mpo aberɛ a yɛn nni mmuaeɛ nyinaa.

Annuanom mmaa, ɛnyɛ adɔkɔdeɛ no nko. Na ɛnyɛ sɛ yɛreyɛ bebree. Ɛyɛsɛ yɛreyɛ deɛ ɛhia paa. Ne nyinaa ne sɛ yɛde Kristo nkyerɛkyerɛ bɛdi dwuma wɔ y’abrabɔ mu, wɔ ɛbrɛ a yɛre pere ayɛsɛ ɔno.

Dodoɔ a yɛɛyɛ sɛ yɛbɛtim wɔ apam kwan so no, na nyini na yɛn gyedie renyini. Dodoɔ a yɛ gyedie renyini no na ntɛm na yɛrepɛ adwensakyera. Ɛna yɛrekɔso sakyera no, na hyɛ na yɛrehyɛ y’apam mu den wɔ Onyankopɔn mu. Saa apam nhyehyeɛ no twe yɛn bɛn tɛmpol, ɛfirisɛ yɛredi tɛmpol apam so no na yɛɛko kɔsi awieɛ.

Sɛ yɛde yɛn ho to Agyenkwa Yesu Kristo so a ɛbɛbɔ yɛn ho ban aba yayɛ nea ɛyɛ paa. Na yɛbɛnya nhyira wɔ honhom mu ahoɔen, anisɔ ne anigyeɛ mu! Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. 2 Nifae 2:1wɔsi so dua.

  2. Yakobo 1:22

  3. Hwɛ Alma 5:45–46; Russell M. Nelson, “Drawing the Power of Jesus Christ into Our Lives,” Liahona, May 2017, 39–42.

  4. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 27:2; 80:3.

  5. Russell M. Nelson, “Israel Anidasoɔworldwide youth devotional, June 3, 2018), HopeofIsrael.ChurchofJesusChrist.org.

  6. Moronae 6:8.

  7. Mosaya 18:9see also “hwɛ bio nso Mmaabunu ThemeChurchofJesusChrist.org

  8. Hwɛ General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 1.2, ChurchofJesusChrist.org.

Tintim