Amansan Nhyiamu
Sɛdeɛ Onyankopɔn Dɔɔ Yɛn Nie
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Sɛdeɛ Onyankopɔn Dɔɔ Yɛn Nie

Onyankopɔn dɔɔ yɛn ara maa Ɔsomaa Ne Ba a Ɔwoo no Koro no—nyɛ sɛ ɔmmɛbu yɛn atɛn na mmom sɛ ɔmmɛgye yɛn nkwa.

“Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro maae, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16). Berɛ a ɛdi kan a mehunuu saa nkyekyɛmu yei no, na menni asɔre anaa abusua anwummerɛ-fie adesua ase. Na merehwɛ agokansie bi wɔ ɔhwɛtie afidie so. Ɛmfa ho ne baabi ko a mehwɛeɛ, ne agokansie korɔ no, annyɛ koraa no, na onipa baako kuta ahyɛnsodeɛ a wɔatwerɛ so “Yohane 3:16.”

Mabɛnya saa ɔdɔ no bi ama nkyekyɛmu 17: “Na Onyankopɔn ansoma ne Ba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase”.

Onyankopɔn somaa Yesu Kristo, Ne Ba Koro pɛ wɔ honam mu no, sɛ ɔmfa Ne nkwa mmɛto hɔ mma yɛn mu biara. Ɔyɛɛ yei ɛfiri sɛ Ɔdɔ yɛn na ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ maa yɛn mu biara sɛ yɛbɛsane aba Ne nkyɛn wɔ fie.

Nanso yei nnyɛ kuntu bi a ɛkata obiara so, a wontumi mfa wo ho nto so nhyehyɛeɛ bi. Ɛyɛ ankorankoro, a ɛfiri Ɔsoro Agya dɔfoɔ bi a ɔnim yɛn akoma mu, yɛn din, ne deɛ Ɔpɛ sɛ yɛyɛ. Adɛn nti na yɛgye di saa? Ɛfiri sɛ wɔakyerɛ yɛn wɔ twerɛnsɛm kronkron no mu.

Mose tee ntoatoasoɔ sɛ Ɔsoro Agya ka sɛ “Mose, me babarima” (hwɛ Mose 1:7, 40; san hwɛ nkyekyɛmu 7, 40). Abraham hunuu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba, a ɔyii no maa ne botaeɛ mpo ansa na wɔwoo no (hwɛ Abraham 3: 12, 23). Ɛnam Onyankopɔn tumi so, wɔde Ester sii gyinabea bi a ɔnyaa nkɛntɛnsoɔ sɛ ɔbɛgye ne nkorɔfoɔ (hwɛ Ester 4). Na Onyankopɔn nyaa gyidie wɔ ababaawa bi mu, ɔsomfoɔ bi, sɛ ɔbɛdi nkɔmhyɛni teasefoɔ bi ho adanseɛ sɛdeɛ Naaman bɛnya ayaresa (hwɛ 2 Ahemfo 5:1-15).

Mewɔ ɔdɔ kɛseɛ ma saa ɔbarima ayamyɛfoɔ no, akwatia no a ɔforoo dua sɛdeɛ ɔbɛhunu Yesu no. Na Agyenkwa no nim sɛ ɔwɔ hɔ, ɔgyinaae, maa n’ani so hwɛɛ dua no so, na ɔkaa saa nsɛm yi: “Sakeo, si fam” (Luka 19:5 Na yɛn werɛ rentumi mfiri mfeɛ 14 abarimaa no a ɔkɔɔ dɔtɔ bi mu na ɔhunuu sɛdeɛ nhyehyɛeɛ no yɛ ankorankoro ankasa no: “[Yosef,] Oyi ne Me Dɔ Ba. Tie No!” (Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:17).

Anuanom mmarima ne mmaa, yɛne Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ no tweatiboɔ ne yɛn Agyenkwa no adwuma botaeɛ. Yɛn mu biara, ankorankoro, yɛ Wɔn adwuma ne Wɔn animuonyam.

Me deɛ, twerɛsɛm nwoma biara nkyerɛkyerɛ yei mu yie nsene deɛ m’Apam Dada sua akyerɛkyerɛ no. Firi ti baako kɔ foforɔ so no yɛhunu sɛdeɛ Ɔsoro Agya ne Yehowa bɛn yɛn wɔ abrabɔ mu.

Nansa yi yɛresua fa Yosef, Yakob dɔ ba no ho. Firi ne mmabunu berɛ mu, na Awurade adom Yosef, nanso ɔfaa nsɔhwɛ akɛseɛ mu wɔ ne nuanom nsa ano. Nnawɔtwe mmienu a atwam yi, sɛdeɛ Yosef de kyɛɛ ne nuanom no kaa yɛn mu bebree akoma. Yɛkenkan wɔ Bra, Di M’akyi mu sɛ: “Yosef abrabɔ ne Yesu Kristo deɛ di nsɛ wɔ akwan bebree so. Ɛwom sɛ yɛn bɔne maa No kɔɔ amanehunu kɛseɛ mu, Agyenkwa no ma bɔnefakyɛ, gye yɛn nyinaa firi asiane bɔne a ɛsene ɔkɔm koraa mu. Sɛ yɛhia sɛ yɛbɛnya bɔnefakyɛ anaa yɛde bɛkyɛ no—ɛduru baabi a yɛn nyinaa hia ne mmienu—Yosef nhwɛsoɔ no de yɛn kɔ Agyenkwa, ayaresa ne nkabom nokorɛ farebae no hɔ.”1

Asuadeɛ a medɔ wɔ saa ayɛsɛm no mu firi Yosef nuabarima Yuda, a ɔyɛɛ ɛfa bi wɔ Onyankopɔn ankasa nhyehyɛeɛ ma Yosef no hɔ. Berɛ a Yosef nuanom yii no maaeɛ no, Yuda kasa kyerɛɛ wɔn sɛ mma wɔnkum Yosef na wɔntɔn no nkɔ nkoasom mu (hwɛ Gyenesis 37:26-27).

Mfeɛ bebree akyiri no, ɛkɔhiaa sɛ Yuda ne ne nuanom de wɔn nua kumaa koraa Benyamin kɔ Misraim. Mfitiaseɛ no wɔn agya sii kwan. Nanso Yuda hyɛɛ Yakob bɔ bi—ɔde Benyamin bɛba fie.

Wɔ Misraim no, Yuda bɔhyɛ no kͻͻ nsͻhwɛ mu. Wɔde bɔne ho kwaadu bɔɔ Benyamin mfomsoɔ mu. Yuda dii ne bɔhyɛ so, de ne ho maa sɛ wɔmfa ɔno nto afiase wɔ Benyamin ananmu. “Na,” ɔkaa sɛ, “sɛ abɔfra no nka me ho a, mɛkɔ m’agya anim sɛn?” (hwɛ Gyenesis 44:33-34). Na Yuda wɔ tirimpɔ sɛ ɔbɛdi ne bɔhyɛ so de Benyamin asane akɔ dwoodwoo. Sɛdeɛ Yuda nyaa atenka maa Benyamin no saa ara na ɛyɛ a wonya ma afoforɔ?

Ɛnyɛ sei ara na awofoɔ atenka ma wɔn mma teɛ? Sɛdeɛ asɛmpatrɛfoɔ nya atenka ma nkorɔfoɔ a wɔsom wɔn? Sɛdeɛ Nhyɛaseɛ ne mmabunu akannifoɔ nya atenka ma wɔn a wɔkyerɛkyerɛ na wɔdɔ wɔn?

Ɛmfa ho ne nipasu a woyɛ anaa tebea a wowɔ mu seesei, obi wɔ saa atenka yi ara bi ma wo. Obi pɛ sɛ ɔne wo sane kɔ Ɔsoro Agya nkyɛn.

Meda wɔn a wɔn aba mu mmu da wɔ yɛn ho, a wɔkɔ so firi wɔn akra mu bɔ mpaeɛ ma yɛn, na wɔkɔ so kyerɛkyerɛ na wɔboa yɛn sɛdeɛ yɛbɛfata sɛ yɛbɛsane akɔ fie wɔ yɛn Agya a ɔwɔ Soro no nkyɛn ase.

Nansa yi ara COVID-19 maa ɔyɔnko dɔfoɔ bi dii nna 233 wɔ ayaresabea. Saa berɛ no mu, ne papa a wawu kɔsraa no, a ɔmaa no nkra sɛ ɔmfa nkɔma ne nananom. Mpo, firi nkataanim no akyi no, saa nanabarima yi pɛɛ sɛ ɔboa ne nananom ma wɔsane kɔ wɔn soro fie.

Kristo asuafoɔ gu so ara rekae “Benyaminfoɔ” a wɔwɔ wɔn abrabɔ mu. Wɔate Onyankopɔn nkɔmhyɛni a ɔte ase, Titenani Russell M. Nelson akwankyerɛ no wɔ wiase baabiara. Mmerantewaa ne mmaayewa reyɛ Awurade mmabunu asraafoɔ kuo no. Ankorankoro ne mmusua nam ɔsom so reboa—wɔredɔ, wɔrekyɛ, na wɔreto nsa frɛ ayɔnkofoɔ ne afipamfoɔ sɛ wɔmmra Kristo nkyɛn. Mmabunu ne mpanimfoɔ rekaekae na wɔrepere sɛ wɔbɛkora wɔn apam—wɔrehyɛ Onyankopɔn tɛmpol mu ma, wɔrehwehwɛ abusuafoɔ a wɔawuwu din, na wɔregye ayɛyɛdeɛ wɔ wɔn ananmu.

Adɛn nti na Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ a ɔhyɛɛda yɛ maa yɛn no, yɛreboa ama afoforɔ asane aba Ne nkyɛn no ka ho? Ɛfiri sɛ yei ne kwan a ɛbɛma yɛabɛyɛ te sɛ Yesu Kristo. Awieɛ no, Yuda ne Benyamin ayɛsɛm no kyerɛkyerɛ yɛn fa Agyenkwa no afɔrebɔ ma yɛn no ho. Ɛnam Ne Mpata no so, Ɔde Ne nkwa maae sɛ ɛde yɛn bɛba fie. Yuda nsɛm no kyerɛ Agyenkwa no dɔ: “Mɛyɛ dɛn akɔ m’agya anim, a [wo] nka me ho?” Sɛ Israel anoboaboafoɔ yi, ɛnonom bɛtumi ayɛ yɛn nso yɛn nsɛm.

Anwanwadeɛ ne mmɔborɔhunu a ɛyɛ ahyɛnsodeɛ ma Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ no ahyɛ Apam Dada no mu ma . Wɔ 2 Ahemfo, 4, wɔde kasasini “ɛsii da bi mu” di dwuma mprɛnsa de si so dua sɛ nneɛma a ɛho hia sisi sɛdeɛ Onyankopɔn mmerɛ teɛ, na nkyerɛkyerɛmu biara nsua mma No.

Me yɔnko foforɔ Paulo di saa nokorɛ yi ho adanseɛ. Paulo nyinii wɔ efie bi mu a ɛtɔ da a ɛyɛ atɛm didie na berɛ biara boasetɔ nni hɔ ma nyamesom. Berɛ a na ɔrekɔ sukuu wɔ asraafoɔ atenaeɛ bi wɔ Germany no, ɔhunuu anuanom mmaa baanu bi a na ayɛ sɛ wɔwɔ honhom mu hann bi. Ɔrebisa deɛ enti a wɔyɛ soronko no de mmuaeɛ baae sɛ wɔyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ.

Ankyɛre koraa na Paulo hyɛɛ aseɛ ne asɛmpatrɛfoɔ hyiahyiaeɛ na wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra asɔre. Kwasiada a ɛdi soɔ no, berɛ a ɔsi firii bɔɔso mu no, ɔhunuu mmarima baanu a wɔhyehyɛ ntaade fitaa na wɔbobɔ tae. Ɔbisaa sɛ wɔyɛ Asɔre no mpanimfoɔ anaa? Wɔbuaa sɛ aane, enti Paulo dii wɔn akyi.

Wɔreyɛ asɔre no, ɔsɛnkafoɔ bi tenee ne nsa kyerɛɛ nkurɔfoɔ bi wɔ asafo no ntam na ɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛdi adanseɛ. Adansedie baako biara akyiri no, twenekafoɔ bi de twene moma na asɔremma no aka, “Amen.”

Berɛ a ɔsɛnkafoɔ no tenee ne nsa kyerɛɛ Paulo so no, ɔsɔre gyinaa hɔ kaa sɛ, “Menim sɛ Joseph Smith yɛ nkɔmhyɛni na Mormon Nwoma no yɛ nokorɛ.” Twene amoma anaa amen ka biara amma. Awieeɛ no Paulo hunuu sɛ wayera. Ankyerɛ, Paulo hunuu kwan kɔɔ baabi a na ɔrepɛ na wɔbɔɔ no asu.

Da a wɔrebɔ Paulo asu no, asɔreba bi a ɔnnim no ka kyerɛɛ no sɛ, “Wogyee me nkwa.” Nnawɔtwe kakra bi ansa no, na ɔbarima bi ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛhwehwɛ asɔre foforɔ, na ɔkɔɔ ntwene ne amen asɔre bi. Berɛ a ɔbarima no tee sɛ Paulo redi adanseɛ fa Joseph Smith ne Mormon Nwoma no ho no, ɔhunuu sɛ Onyankopɔn nim no, ɔhunuu n’aperedie, na ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ bi maa no. Ɛma Paulo ne ɔbarima no nyinaa,“ɛsii da bi mu,” ampa!

Yɛn nso yɛnim sɛ Ɔsoro Agya wɔ ankorankoro anigyeɛ nhyehyɛeɛ bi ma yɛn mu biara. Ɛnam sɛ Onyankopɔn somaa Ne Dɔ Ba maa yɛn nti, anwanwadeɛ a yɛhia no “[bɛba] wɔ da [korɔ] no” a ɛhia sɛ Ne nhyehyɛeɛ no hyɛ ma no.

Medi adanseɛ sɛ afe yi yɛbɛtumi asua bebree afa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma yɛn wɔ Apam Dada no mu. Saa nwoma kɛseɛ kronkron no kyerɛkyerɛ nkɔmhyɛfoɔ adwuma wɔ mmerɛ a yɛnhunu deɛ yɛnyɛ mu ne Onyankopɔn nsa wɔ wiase a na ayɛ basaa ne aperedie mu. Ɛsane nso fa agyidifoɔ ahobrɛaseɛfoɔ a wɔde nokorɛdie twɛnee yɛn Agyenkwa no mmaeɛ, sɛdeɛ yɛretwɛn na yɛresiesie yɛn ho ama Ne Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no—Ne nkɔmhyɛ, animuonyam mmaeɛ a ɛwɔ hɔ dada no.

Kɔsi sɛ saa da no bɛba no, ebia yɛremfa yɛn honam mu ani nhunu Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma yɛn abrabɔ afa nyinaa (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:3). Nanso yɛbɛtumi akae Nifae mmuaeɛ berɛ a ɔhyiaa adeɛ a na ɔnnte aseɛ no: berɛ a na ɔnnim nneɛma nyinaa nkyerɛaseɛ no, na ɔnim sɛ Onyankopɔn dɔ Ne mma (hwɛ 1 Nifae 11:17).

Yei ne m’adanseɛ wɔ saa Homeda anɔpa fɛɛfɛ yi. Momma yɛntwerɛ no yɛn akoma so na yɛmma kwan mma ɛmfa asomdwoeɛ, anidasoɔ, ne daapem anigyeɛ nhyɛ yɛn akra ma: Onyankopɔn dɔɔ yɛn ara maa Ɔsomaa Ne Ba a Ɔwoo no Koro no—nyɛ sɛ ɔmmɛbu yɛn atɛn na mmom sɛ ɔmmɛgye yɛn nkwa. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ

  1. Bra, Di M’akyi—Ma Ankorankoro ne Mmusua: Apam Dada 2022, 51.

Tintim