Amansan Nhyiamu
“Afei na Mɛyɛ ama Nneɛma a ɛyɛ Mmerɛ Abɛnya Ahoɔden”
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


“Afei na Mɛyɛ ama Nneɛma a ɛyɛ Mmerɛ Abɛnya Ahoɔden”

Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛkyerɛ gyedie wɔ Yesu Kristo mu a, Kristo adom ne Ne mpata afɔrebɔ a ɛnni ano no boa yɛn ma yɛsesa.

Titenani Thomas S. Monson da koro bi kyɛɛ abasɛm faa afiase hwɛfoɔ panin Clinton Duffy ho. “Wɔ 1940 ne 1950 mu hɔ no, na wɔnim [Warden Duffy] pa ara ɛnam ne mmɔdemmɔ sɛ ɔboa nnipa a wɔwɔ n’afiase hɔ ma wɔnya asetena pa. Ɔkasatiafoɔ baako kaa sɛ, ‘Ɛwɔ sɛ wohunu sɛ asebɔ nsesa wɔn ho nsisiiwa!’

“Warden Duffy buaae sɛ, ‘Ɛwɔ sɛ wohunu sɛ ɛnyɛ me ne asebɔ na ɛyɛ adwuma. Me ne nnipa na ɛyɛ adwuma, na nnipa sesa dabiara.’”1

Satan atorɔ kɛseɛ pa ara baako ne sɛ mmarima ne mmaa rentumi nsesa. Wɔka saa atorɔ wei sane ka wɔ akwan ahodoɔ bebree so sɛdeɛ ewiase ka no sɛ, yɛrentumi nsesa saa ara kwa—anaa koraa no, sɛ ɛnni sɛ yɛsesa. Wɔakyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛn tebea hyɛ yɛn nso. Ɛwɔ sɛ “yɛgye sɛdeɛ yɛteɛ ankasa to mu,” ewiase na ɛseɛ, “na yɛnyɛ kann mma yɛn ankasa ho.”

Yɛbɛtumi asesa

Ampa ara ɛyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ kann, ɛwɔ sɛ yɛyɛ kann ma yɛn ankasa nokorɛ su sɛ Onyankopɔn mma mmaarima ne mma mmaa a wɔwɔ awosuo kronkron ne hyɛberɛ sɛ yɛbɛba abɛyɛ sɛdeɛ Ɔteɛ.2 Sɛ yɛn botaeɛ yɛ sɛ yɛbɛyɛ kann ama saa awosuo kronkron ne hyɛberɛ yi a, ɛnneɛ ɛho hia sɛ yɛn nyinaa sesa. Asɛmpa mu asɛmfua ma nsesaeɛ ne nsakyeraeɛ. “Nkorɔfoɔ bebree pa ara,” Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛ, “hwɛ nsakyeraeɛ sɛ asotwe—biribi a ɛwɔ sɛ wɔkwati gye sɛ deɛ ɛyɛ anibereɛ tebea. … Sɛ Yesu se me ne wo sɛ ‘sakyera’ a, Ɔreto nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnsesa.”3

Onyankopɔn Nnyinasodeɛ

Kɔmputa so nhyehyɛeɛyɛfoɔ de nnyinasoɔ nsɛm na wɔka kyerɛ kɔmputa no deɛ wɔnyɛ. Yeinom na ɛtɔ da a yɛde kyerɛ sɛ-afei nsɛm no. Te sɛ ɛwɔ, sɛ x yɛ nokorɛ a, afei yɛ y.

Awurade nso nam nnyinasoɔ so na ɛdi dwuma: gyedie nnyinasoɔ, teneneeyɛ nnyinasoɔ, nsakyeraeɛ nnyinasoɔ. Nhwɛsoɔ bebree na ɛwɔ hɔ a ɛyɛ nnyinasoɔ nsɛm firi Onyankopɔn nsɛm mu sɛ ebia:

modi me mmaransɛm so na mogyina mu kɔsi awieɛ a [afei] mobɛnya nkwa a ɛnni awieɛ, akyɛdeɛ a ɛyɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ nyinaa mu.”4

Anaa “ mode akoma kann, ne adwene pa, na monya gyedie wɔ Kristo mu a, [afei] ɔnam Sunsum Kronkron no tumi so bɛda nokorɛ a ɛwɔ mu no adi akyerɛ mo.”5

Mpo Onyankopɔn dɔ, ɛmfa ho sɛ ɛnni ano na ɛyɛ mapa, nso brɛ ase hyɛ nnyinasoɔ ase.6 Nhwɛsoɔ:

modi me mmaransɛm so a, [afei] na mobɛtena me dɔ mu; mpo sɛdeɛ madi m’Agya mmaransɛm so no, na mete ne dɔ mu no.”7

Elder D. Todd Christofferson kɔɔ so kyerɛɛ saa asɛmpa nokorɛ yi mu berɛ a ɛkyerɛkyerɛɛ sɛ: “Ebinom bɛka sɛ, ‘Agyenkwa no dɔ me sɛdeɛ meteɛ yi ara,’ na ampa ara ɛyɛ nokorɛ. Mmom Ɔrentumi mfa yɛn mu biara nkɔ N’ahemman no mu sɛdeɛ yɛteɛ yi, ’ɛfiri sɛ deɛ ɛho nteɛ biara rentumi ne no ntena, anaa rentena ne nkyɛn.’ [Moses 6:57]. Ɛsɛ sɛ yɛdi kan di yɛn bɔne ho dwuma.”8

Nneɛma a ɛyɛ mmerɛ bɛtumi abɛnya ahoɔden

Nhyira sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn tumi ma aboa na yɛasesa nso yɛ nnyinasodeɛ. Agyenkwa no, nam nkɔmhyɛni Moroni so rekasa wɔ Mormon Nwoma no mu, kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Sɛ nnipa ba me nkyɛn a mɛkyerɛ wɔn wɔn mmerɛyɛ. Mema nnipa mmerɛyɛ ama wɔaberɛ wɔn ho ase; na m’adom dɔɔso ma nnipa biara a wɔbrɛ wɔn ho ase wɔ m’anim; na sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase wɔ m’anim, na wɔnya gyedie wɔ me mu a, ɛno na mɛma nneɛma a ɛyɛ mmerɛ abɛnya ahoɔden ama wɔn.”9

Yɛrefee yɛn ani yie ahwɛ deɛ Awurade rekyerɛkyerɛ wɔ ha no, yɛhunu sɛ Ɔdi kan ka sɛ Ɔma mmarima ne mmaa mmerɛyɛ, ɛyɛ baako, a ɛyɛ yɛn wuo tebea no fa sɛ ahweaseɛ anaa honam mu ateasefoɔ. Yɛabɛyɛ honam mu mmarima ne mmaa ɛnam Adam ahweaseɛ no nti. Nanso ɛnam Yesu Kristo Mpata no so, yɛbɛtumi adi yɛn mmerɛyɛ anaa yɛn ahweaseɛ su no so nkonim.

Afei Ɔka sɛ N’adom dɔɔso na ɛno yɛbɛbrɛ yɛn ho ase na yɛanya gyedie wɔ Ne mu a, ɛnneɛ Ɔbɛyɛ “ama nneɛma a ɛyɛ mmerɛ [dodoɔ] abɛnya ahoɔden ama [yɛn].” Nsɛm foforɔ mu no, berɛ a yɛdi kan sesa yɛn ahweaseɛ su, yɛn mmerɛyɛ no, afei na yɛbɛtumi asesa yɛn nneyɛɛe, yɛn mmerɛyɛ.

Nsesaeɛ Ahiadeɛ

Ma yɛnhwɛ nsesaeɛ no ahiadeɛ sɛdeɛ Awurade nhwɛsodeɛ teɛ.

Ɛdi kan, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase Awurade nnyinasoɔ ma nsesaeɛ yɛ ahobrɛaseɛ. “ wɔbrɛ wɔn ho ase wɔ m’anim a,”10 Ɔkaae. Abirabɔ ma ahobrɛaseɛ yɛ ahomasoɔ. Ahomasoɔ ba mu berɛ a yɛdwene sɛ yɛnim papa no—berɛ a deɛ dwene anaa te nka sɛ ɛho hia kyɛn deɛ Onyankopɔn dwene anaa te nka.

Ɔhene Benjamin kyerɛkyerɛɛ sɛ “onipa a ɔwɔ honam mu no yɛ Onyankopɔn tamfoɔ, … na ɔbɛyɛ saa, daa ne afebɔɔ, gye sɛ ɔgyae … no to hɔ na ɔfa Awurade Kristo mpata no so bɛyɛ ɔhoteni, na ɔbɛyɛ sɛ akwadaa, ɔgyae ne ho ma, ɔdwo, na ɔbrɛ ne ho ase.”11

Sɛdeɛ yɛbɛsesa no, ɛho hia sɛ yɛde honam mu nipa no to hɔ na yɛgyae yɛn ho ma na yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase kɔduru sɛ yɛbɛdi nkɔmhyɛni teasefoɔ akyiri. Brɛ yɛn ho ase kɔduru sɛ yɛbɛyɛ tɛmpol apam na yɛadi so. Brɛ yɛn ho ase kɔduru sɛ yɛbɛsakyera dabiara. Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase kɔduru sɛ yɛbɛpɛ sɛ yɛbɛsesa, “gyae yɛn akoma mu ma Onyankopɔn.”12

Ɛtɔ so mmienu, ɛsɛ sɛ yɛnya gyedie wɔ Yesu Kristo mu. Bio, Agyenkwa no nsɛm se: “Sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase wɔ m’anim, na wɔnya gyedie wɔ me mu a,”13 Ɔbɛma yɛn tumi no adi yɛn mmerɛyɛ so nkonim. Ahobrɛaseɛ, ne gyedie wɔ Yesu Kristo mu kabɔ mu a, ɛbɛma yɛn ho kwan anya N’adom no tumi mmoa ne nhyira no mahyɛ a ɛwɔ hɔ ɛnam Ne Mpata no nti.

Titenani Nelson akyerɛkyerɛ sɛ “nokorɛ nsakyeraeɛ de gyedie hyɛ aseɛ sɛ Yesu Kristo wɔ tumi sɛ ɔhohoro, sa yareɛ, na ɔhyɛ yɛn den. Ɛyɛ yɛn gyedie na ɛbue Onyankopɔn tumi wɔ yɛn asetena mu.”14

Ɛtɔ so mmiɛnsa, ɛnam N’adom so ɔbɛtumi ama nneɛma a ɛyɛ mmerɛ abɛnya ahoɔden. yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛnya gyedie wɔ Yesu Kristo mu a, afei na N’adom bɛboa yɛn ama yɛasesa. Nsɛm foforɔ mu no, Ɔbɛma yɛn tumi de asesa. Yei bɛtumi aba mu ɛfiri sɛ, sɛdeɛ Ɔka no, “m’adom dɔɔso ma nnipa nyinaa.”15 Ne denhyɛ, adom mu mmoa, ma yɛn tumi sɛ yɛbɛdi akwansideɛ nyinaa so, nsɛm denden nyinaa so, ne mmerɛyɛ nyinaa so berɛ a yɛhwehwɛ sɛ yɛsesa no.

Yɛn mmerɛyɛ kɛseɛ pa ara bɛtumi abɛyɛ yɛn ahoɔden kɛseɛ pa ara. Wɔbɛtumi asesa yɛn na “yɛabɛyɛ abɔdeɛ foforɔ.”16 Nneɛma a ɛyɛ mmerɛ ankasa bɛtumi abɛnya ahoɔden ama [yɛn].”17

Agyenkwa no dii Ne ɛnni ano ne ɛnni awieɛ Mpata no ho dwuma sɛdeɛ nokorɛ mu yɛbɛtumi asesa, asakyera, na yɛabɛyɛ papa. Ampa ara wɔbɛtumi awo yɛn foforɔ. Yɛbɛtumi adi suban so, deɛ aka yɛn hɔ, ne mpo “su bi sɛ yɛnyɛ bɔne.”18 Sɛ mma mmarima ne mma mmaa ma ɔdɔ Agya a ɔwɔ Soro yi, yɛwɔ tumi no wɔ yɛn mu sɛ yɛsesa.

Nsesaeɛ ho Nhwɛsoɔ

Twerɛnsɛm no mu, nhwɛsoɔ ayɛ ma fa mmarima ne mmaa a wɔsesaae ho.

Saul, Farisini ne ɔtaefoɔ ahoɔdenfoɔ wɔ kane Kristofoɔ asɔre mu no,19 bɛyɛɛ Paul, ɔsomafoɔ ma Awurade Yesu Kristo.

Na Alma yɛ ɔsɔfoɔ wɔ Ɔhene tirimuɔdenfoɔ Noa ahemfie. Ɔtee Abinadi nsɛm, sakyeraae mua, na ɔbɛyɛɛ Mormon Nwoma no mu asɛmpatrɛfoɔ akɛseɛ no mu baako.

Ne babarima Alma sɛee ne mmabunu berɛ hwehwɛɛ sɛ ɔsɛe Asɔre no. Na ɔka “abɔnefoɔ a wɔkyiri wɔn pa ara no ho”20 kɔsii sɛ ɔnyaa akoma mu nsesaeɛ na ɔbɛyɛɛ asɛmpatrɛni ahoɔdenfoɔ wɔ n’ankasa asɛdeɛ so.

Wɔgyee Mose abayɛn kɔɔ Farao abusua mu na wɔtetee no wɔ anigyeɛ asetena mu te sɛ Misraim hene ba. Nanso berɛ a ɔbɛtee aseɛ oniiko ankasa a ɔyɛ na ɔsuaa ne hyɛberɛ kronkron no, ɔsesaae na ɔbɛyɛɛ mmara-mafoɔ nkɔmhyɛni kɛseɛ wɔ Apam Dada no mu.21

Me yere nanabarima James B. Keysor de n’ankasa akoma sesa kɛseɛ kanyan me berɛ biara.22 Nokwafoɔ Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ nananom akannifoɔ bi na wɔwoo no wɔ Salt Lake bɔnhwa mu wɔ afe 1906. Ɔhweree ne maame berɛ a na ɔsua no na ɔdii aperedie ne mmabunu berɛ mu. Ne nyini ne nnɛɛmma mfeɛ no na ɔnni Asɔre no mu, a saa berɛ no mu ɔfaa suban bɔne bebree. Nanso, ɔhyiaa ɔbaa nokwafoɔ bi waree no, na wɔbɔɔ mu tetee mma baanum.

1943 mu, ɛtoa Great Depression mfeɛ a ɛmu yɛ den no so ne World War II no, Bud, sɛdeɛ nnamfoɔ ne abusua frɛ no no, firii Utah kɔɔ Los Angeles, California, sɛ ɔrekɔpɛ adwuma. Wɔ saa berɛ yi a ɔfirii fie no, ɔkɔtenaa ne nuabaa ne ne kunu nkyɛn, ɔno a na ɔsom sɛ ɔhwɛfoɔ wɔ wɔn wɔɔd.

Ne nuabaa ne n’akonta no dɔ ne nkɛtɛnsoɔ nti, ɔhyɛɛ aseɛ nyanee n’anigyeɛ wɔ Asɔre no mu na ɔfirii aseɛ kenkanee Mormon Nwoma no anadwo biara ansa na wakɔ da.

Anadwo baako bi, berɛ a na ɔrekenkan Alma ti 34no, ɛkaa n’akoma berɛ a ɔkenkanee nsɛm a ɛdidisoɔ yi:

“Aane, mɛpɛ sɛ mobɛba na monnyɛ mo akoma den bio. …

“Na hwɛ, saa abrabɔ yi mu ne berɛ ma nnipa sɛ ɔyɛ ahoboa de hyia Onyankopɔn; aane, hwɛ saa asetena yi da yɛ da ma nnipa sɛ wɔyɛ wɔn nnwuma.”23

Berɛ a na ɔrekenkan saa nkyekyɛmu yinom no, atenka ɔhoɔdenfoɔ bi baa ne so na ɔhunuu sɛ ɛwɔ sɛ ɔsesa, ɔsakyera, na ɔhunuu deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɔsɔre firii ne mpa so na ɔkotooe na ɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ mpaeɛ, srɛɛ Awurade sɛ ɔmfa nkyɛ no na ɔmma no ahoɔden a ɔhia nyɛ nsesaeɛ wɔ n’asetena mu. Wɔbuaa mpaeɛ no, na ɛfirii saa berɛ no rekɔ no, wanhwɛ n’akyiri da. Bud kɔɔ so na ɔsomm wɔ Asɔre no mu tenaa nokorɛdie mu, ahofama Nna a ɛdi Akyire Ɔhoteni kɔsii ne nna awieɛ. Ɔsesaae akwan nyinaa mu. N’adwene, n’akoma, ne nneyɛɛ, ne nipadua no ankasa sesaae.

Anuanom mmarima ne mmaa, yɛn hyɛberɛ kronkron ne botaeɛ a ɛkyɛn so ne sɛ yɛbɛba abɛyɛ te sɛ yɛn Soro Agya ne Agyenkwa, Yesu Kristo. Yɛyɛ yei berɛ a yɛsesa, anaa yɛsakyera. Yɛnya Agyenkwa no “mfonini wɔ [yɛn] hwɛbea so.”24 Yɛbɛyɛ foforɔ, yɛn ho te, bɛda nso, na yɛkɔ so di ho dwuma dabiara. Ɛtɔ da a yɛte nka sɛ yɛkɔ yɛn anim anammɔn mmienu na akyire anammɔn baako, nanso yɛtoa so kɔ anim ahobrɛaseɛ mu wɔ gyedie mu.

Na berɛ a yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛkyerɛ gyedie wɔ Yesu Kristo mu no, Kristo adom ne Ne mpata afɔrebɔ a ɛnni ano no yɛ ma yɛtumi sesa.

Mehunu na medi adanseɛ sɛ nokorɛ mu Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ. Ampa ara N’adom dɔɔso. Mede to dwa sɛ Ɔno ne “ɔkwan no, nokorɛ no, ne nkwa no.”25 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim