Amansan Nhyiamu
Nsubura no ho Adesua
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Nsubura no ho Adesua

Yɛbɛtumi akɔ Agyenkwa no hɔ akɔ pɛ ahoɔden ne ayaresa a ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ deɛ wɔde yɛn baa ha sɛ yɛmmɛyɛ no nyinaa.

Anigyeɛ a ɛyɛ sɛ yɛne mo mu biara aboa ano wɔ saa mmaa som mu wɔ amansan nhyiamu yi ase!

Menyinii wɔ New York Atɔeɛ fa mu ɛna na mekɔ Asɔre no nkorabata ketewa bi a na ɛwɔ bɛyɛ sɛ kwasini 20, (kilomita 32) firi yɛn fie. Berɛ a na me ne me yɔnko Patti Jo te Kwasiada Sukuu asuafoɔkuo mu wɔ yɛn asɔredan dada a na yɛhane ase no, mansusu da sɛ mɛba abɛka wiase anuanom mmaa mpempem kuo bi ho.

Mfeɛ num a atwam no, me kunu, Bruce, yareeɛ berɛ a yɛresom ahotefoɔ a wɔate wɔn ho wɔ Europe Apueɛ Mpɔtam. Yɛsane baa fie, na ɔwuui nnawɔtwe kakra akyi. M’abrabɔ sesaa prɛkopɛ. Na meredi awerɛhoɔ na meyɛɛ mmrɛ na menni banbɔ. Mekoto srɛɛ Awurade sɛ ɔnkyerɛ me kwan: “Ɛdeɛn na Wopɛ sɛ menyɛ?”

Nnawɔtwe kakra bi akyi no, na merehwehwɛ me nkrataa mu berɛ a mfonin ketewa bi firii nwoma mu twaa m’ani so. Berɛ a mehwɛɛ no yie no, mehunuu sɛ ɛyɛ adwinniyɛfoɔ bi mfonin a ɛfa Samariani baa no ne Yesu wɔ nsubura no ho. Saa berɛ no ara, Honhom no kasa kyerɛɛ me kann: “Yei ne deɛ ɛwɔ sɛ woyɛ.” Na Ɔsoro Agya dɔfoɔ no reto nsa afrɛ me sɛ me mmera Agyenkwa no hɔ mmɛsua adeɛ.

Mepɛ sɛ me ne mo kyɛ adesua mmiɛnsa a meresua berɛ a mekɔ so nom firi Ne “nkwa nsuo” abura no mu.1

Ɛdi kan: Yɛn Tebea Dada ne Foforɔ Ntumi Nsesa Yɛn Daakye

Anuanom mmaa, menim sɛ mo mu dodoɔ no wɔ atenka a menyaaeɛ no, a monhunu sɛdeɛ mobɛhyia haw a ano yɛ den na moahwere—ahwere ɛfiri sɛ nneɛma remmuebue abrabɔ mu sɛdeɛ mode mo ani too soɔ, bɔɔ mpaeɛ, na mohyehyɛeɛ no.

Ɛmfa ho ne yɛn tebea, yɛn nkwa yɛ kronkron na ɛwɔ nteaseɛ ne botaeɛ. Yɛn mu biara yɛ Onyankopɔn dɔ babaa, a wɔwoo yɛn wɔ kronkronyɛ mu wɔ yɛn kra mu.

Yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, nam Ne mpata afɔrebɔ so, ama ho kwan sɛ yɛn ho bɛte na yɛanya ayaresa, aboa yɛn ama yɛahyɛ yɛn botaeɛ wɔ asase so ma ɛmfa ho ne abusuafoɔ adwenkyerɛ, yɛn awareɛ gyinabea, honam ne adwene mu apɔmuden, anaa tebea biara mu.

Dwene ɔbaa a na ɔwɔ nsubura no ho. Na n’abrabɔ te sɛn? Yesu hunuu sɛ wafa mmarima num na deɛ ɔne no wɔ hɔ saa berɛ no nyɛ ne kunu. Na afei, n’abrabɛ mu haw akyi, Agyenkwa no paemuka baako sɛ Ɔne Messia no na ɛkɔ ma no. Ɔkaa sɛ, “Me a me ne wo rekasa yi mene no.”2

Ɔbɛyɛɛ ɔdansefoɔ kɛseɛ, daa no adi kyerɛɛ ne kuromfoɔ sɛ Yesu ne Kristo no. “Na Samariafoɔ a wɔwɔ kuro no mu gyee no dii ɛwɔ deɛ ɔbaa no kaae no.”3

Ne tebea dada ne foforɔ no ankyerɛ ne daakye. Te sɛ ɔno, yɛbɛtumi akyerɛ sɛ yɛbɛdane yɛn ho ama Agyenkwa no ɛnnɛ apɛ ahoɔden ne ayaresa a ɛbɛboa yɛn ama yɛahyɛ deɛ wɔde yɛn baa ha sɛ yɛmmɛyɛ no nyinaa ma.

Ɛtɔ so mmienu: Tumi No Wɔ Yɛn mu

Wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu nyiyimu bi a menim mu no, Awurade hyɛ mmaa ne mmarima sɛ “wɔmfa mo ho nhyɛ adwuma pa mu, na wɔnyɛ nneɛma bebree mfiri wɔn ankasa pɛ mu, na wɔnna teneeyɛ pii adi; na tumi no wɔ wɔn mu.”4

Anuanom mmaa, tumi no wɔ yɛn mu sɛ yɛmfa teneneeyɛ pii mmera!

Titenani Russell M. Nelson dii adanseɛ sɛ “Ɔbaa biara anaa ɔbarima biara a ɔne Onyankopɔn yɛ apam na ɔkora saa apam no, na ɔyɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ wɔ ahoteɛ kwan so, wɔ kwan tee wɔ Onyankopɔn tumi no ho.”5

Mabɛhunu sɛ berɛ a yɛpere di apam kronkron a yɛyɛ no wɔ asubɔ mu ne tɛmpol kronkron mu nni no, Awurade bɛhyira yɛn ”wɔ N’ ayaresa ne denhyɛ tumi mu” ne “honhom mu nhumu ne nkanyan a [yɛnnyaa] bi da.”6

Ɛtɔ so mmiensa: “Nneɛma Nketewa Mu Na Akɛseɛ Firi ba ”7

Wɔ bepɔ so asɛnka no mu, Yesu kyerɛkyerɛɛ N’asuafoɔ no, “Mone nkyene wɔ asase so”8 na“ Mone hann wɔ wiase.”9 Akyire yi Ɔde ɔsoro ahennie no nyini totoo mmɔka “a ɔbaa bi fa kɔfraa esiam korokuma mmiɛnsa, de kɔsii sɛ ne nyinaa kaeɛ.”10

  • Nkyene

  • Mmɔka

  • Hann

Mpo wɔ ade ketewa biara mu, ɛbiara ka biribiara a atwa ɛho ahyia no. Agyenkwa no to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmfa Ne tumi no nyɛ te sɛ nkyene, mmɔka, ne hann.

Nkyene

Ɛyɛ nwanwa sɛdeɛ nkyene a wɔde pete deɛ yɛdie so dɛ nsonoeɛ teɛ. Nanso nkyene yɛ akadeɛ baako a ɛyɛ foɔ na ɛyɛ ketekete koraa.

Wɔ 2 Ahemfo nwoma no mu, yɛkenkan fa “abaawa ketewa bi ho,”11 a Syriafoɔ faa no nkoasom mu na ɔbɛyɛɛ abaawa maa Naaman yere, Syria asraafoɔ panin. Na ɔte sɛ nkyene; na ɔsua, a wiase nhia no, na n’asetena mu te sɛ afena a ɔwɔ ɔman foforɔ so na ɛnyɛ adeɛ a ɔde n’ani too soɔ ne no.

Mmom, ɔde Onyankopɔn tumi kaa kasamu mmienu, redi adanseɛ kyerɛ Naama yere: “Sɛ anka me wura wɔ odiyifoɔ a ɔwɔ Samaria no anim a! ɛnneɛ anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.”12

Ne gyedie nsɛm yi wɔde too Naaman anim, na ɔde ne nsɛm no yɛɛ adwuma, a ɛmaa no ayaresa wɔ honam ne honhom nyinaa mu.

Yɛtaa twe yɛn adwene si akoa a ɔsesaa Naaman adwene maa no dwaree wɔ asubɔntene Jordan mu, sɛdeɛ nkɔmhyɛni Elisha kyerɛeɛ no, nanso sɛ ɛnnyɛ “abaawa ketewa bi a” anka Naaman rennkɔ Elisha pono ano mpo.

Wobɛtumi ayɛ ketewa anaa afa no sɛ wo ho nni mfasoɔ, nanso wobɛtumi ayɛ te sɛ nkyene wɔ w’abusua mu, wɔ sukuu ne wo mantam mu.

Mmɔka

Woadi burodo pɛn a mmɔka nni mu? Sɛn na wobɛsi akyerɛkyerɛ mu? Piti-piti? Duruduro? Denden? Mmɔka ketekete, ma burodo tu, ɛmu bae bɛyɛ hare ne bɛtɛɛ.

Sɛ yɛto nsa frɛ Onyankopɔn tumi ba yɛn abrabɔ mu a, yɛbɛtumi ahyɛ “honhom a atɔ bera ananmu”13 wɔ nkanyan nhumu a ɛpagya afoforɔ na ɛma akoma nya ayaresa.

Ɛnkyɛree na m’adamfo bi daa mpa mu wɔ Buronya anɔpa bi, a awerɛhoɔ ahyɛ no ma. Ne mma paa no kyɛw sɛ ɔnsɔre; nanso na yea ahyɛ no ma wɔ n’awareɛ a ɛreguo ho. Ɔda mpa so resu gu ne yam no, ɔhwiee n’akoma mu guu ne Soro Agya so wɔ mpaebɔ mu, kaa n’awerɛhoɔ kyerɛɛ No.

Berɛ a ɔwiee ne mpaeɛ no, Honhom no kasa kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn nim ne yea. Na n’ahummɔborɔ ahyɛ ma ama no. Saa suahunu kronkron yi kyekyeree ne werɛ na ɛmaa no anidasoɔ sɛ ɛnyɛ ɔno nko ara na ɔredi awerɛhoɔ. Ɔsɔree, pue kɔɔ abɔntene, na ɔne ne mma yɛɛ asukɔkyea honini, de sereɛ ne anigyeɛ hyɛɛ honam a atɔ bera anɔpa no ananmu.

Hann

Hann dodoɔ sɛn na ɛbɛhia sɛ ɛpue esum mu wɔ ɛdan mu? Nsensanneɛ ketewa baako pɛ. Na saa esum mu hann nsensanneɛ no bɛtumi afiri Onyankopɔn tumi a ɛwɔ wo mu no.

Mpo ɛbɛtumiayɛ wo nko ara wɔ abrabɔ mu ahum. a ɛrebɔ, wobɛtumi ahyerɛn sɛ hann wɔ esum mu ama ɔham, ntotoɔ, ne anye annie mu. Wo Kristo mu gyedie hann bɛtumi agyina pintinn ne nokorɛ mu, na ɛde wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no akɔ ɔdwoɔ ne asomdwoeɛ mu.

Anuanom mmaa, akoma bɛtumi asesa na wɔahyira abrabɔ berɛ a yɛde nkyene kakra, mmɔka aterema, ne hann nsensanneɛ bi rema.

Medi adanseɛ sɛ Agyenkwa yɛ nkyene no wɔ yɛn abrabɔ mu, reto nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnka N’anigyeɛ ne ne dɔ nhwɛ.14 Ɛyɛ Ɔno a ɔyɛ mmɔka no berɛ a yɛn bra mu ayɛ den, rebrɛ yɛn anidasoɔ15 na ɔyi yɛn nnesoa firi hɔ16 nam Ne tumi ne ɔgyeɛ dɔ a ɛnni nsɛsoɔ no so .17 Ɔyɛ yɛn hann,18 a ɛrehyerɛn wɔ yɛn kwan a ɛkɔ fie so.

Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛbɛtumi aba Agyenkwa no nkyɛn, te sɛ ɔbaa no wɔ nsubura no ho, na yɛnom Ne nkwa nsuo no. Sɛ Samaria nkorɔfoɔ no, afei yɛbɛtumi aka sɛ, “Afei yɛ gyedi, na yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ ampa ara oyi ne Kristo, wiase Agyenkwa no.”19 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim