Amansan Nhyiamu
Asɔre Sikasɛm Asoɛeɛ Amannebɔ, 2021
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Asɔre Sikasɛm Asoɛeɛ Amannebɔ, 2021

De ma Atitenafoɔ a wɔdi Kan wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ

Anuanom Adɔfoɔ: Ɛnam adiyie so, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ ɔfa 120 wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no, Agyinatukuo a wɔhwɛ Ntotosoɔ dudu Tebea so—a ɛyɛ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan, Asomafoɔ Dumienu Kuo no, ɛne Hwɛsofoɔ Dwamtenafoɔ—ɛna ɛma kwan wɔ Asɔre no sikayie ho. Asɔre no kuo ahodoɔ sikayie gyina sikasɛm-nsusuiɛ a wɔagye ato mu, ne nhyehyɛeɛ, ne n’akwan so.

Asɔre Akontabuo a, ɛkura animdefoɔ a wɔagye wɔn ato mu, na ɛyɛ ɔhokwafoɔ wɔ Asɔre no asoɛeɛ afoforɔ ne akuo nyinaa mu no, wɔ asodie sɛ ɔyɛ nhwehwɛmu ma botaeɛ sɛdeɛ wɔbɛma ahotosoɔ a nyansa wɔ mu fa ntoboa a wɔnyaae, deɛ wɔyiiɛ, ne Asɔre agyapadeɛ ho banbɔ ho.

Esiane nhwehwɛmu a akɔ so nti, Asɔre Sikasɛm Asoɛeɛ wɔ gyedie sɛ, wɔ nneɛma nyinaa mu, ntoboa ahodoɔ a yɛnyaeɛ, sika a yɛyiiɛ, ne Asɔre no agyapadeɛ wɔ afe 2021 mu no, wɔatwerɛ ato hɔ na wɔayɛ no sɛdeɛ sikasɛm-nsusuiɛ a Asɔre gye to mu, nhyehyɛeɛ ne sikasɛm ntotoeɛ teɛ. Asɔre no di nhyehyɛeɛ a wɔkyerɛ asɔremma no so, ɛne sɛ wonni mmoro deɛ wonya, wɔkwati ɛka, na wɔsie bi ma da hia da.

Wɔde ba anidie mu,

Asɔre Sikasɛm Asoɛeɛ

Jared B. Larson

Kwankyerɛfoɔ Panin

Tintim