Amansan Nhyiamu
Nhyehyɛeɛ no Reyɛ Adwuma Anaa?
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Nhyehyɛeɛ no Reyɛ Adwuma Anaa?

Medi adanseɛ sɛ anigyeɛ nhyehyɛeɛ no yɛ adwuma. Wo Soro Agya a ɔdɔ wo na ɔyɛeɛ.

Nhyehyɛeɛ no reyɛ adwuma anaa?

Ɛnkyɛree pii me ne abranteɛ bi a ɔkɔɔ asɛmpatrɛsom mfeɛ bebree bi a atwam na seesei ɔyɛ n’adwuma a ɔwɔ ho nimdeɛ dii nkɔmmɔ. Akwan bi so no, na n’abrabɔ rekɔ yie. Nanso na ne gyidie so rete. Na ɔremem kɔ annye annie kɛseɛ mu fa Agyenkwa no ne N’Asɔre ho. Ɔkyerɛɛ mu sɛ na ɔnnya nhyira a na ɔrehwɛ anim afiri asɔre a asane aba bio no mu. Wannya atenka sɛ na anigyeɛ nhyehyɛeɛ no reyɛ adwuma wɔ n’abrabɔ mu.

Ɛnnɛ me nkrasɛm no kɔ ma wɔn a ebia wɔwɔ atenka a ɛte saa nyinaa. Mekasa kyerɛ wɔn a berɛ bi “na wɔte nka sɛ wɔto ɔdɔ a ɔdi maa mo no ho dwom” nanso wɔnni “saa atenka no seesei.”1

Yɛn Soro Agya asiesie nhyehyɛeɛ nwanwasoɔ bi ama yɛn daapem anigyeɛ. Nanso sɛ abrabɔ nkɔ sɛdeɛ na yɛn ani da so a, ɛbɛtumi ayɛ te sɛ deɛ nhyehyɛeɛ no nnyɛ adwuma.

Ebia yɛnya atenka a Yesu asuafoɔ no nyaeɛ berɛ a na wɔte kodoɔ no mu “wɔ ɛpo no mfimfini, na asrɔkye reha no: ɛfiri sɛ na mframa no rehyia wɔn.”2

Afei, ahemadakye no:

“Yesu kɔɔ wɔn nkyɛn, a na ɔnam ɛpo no so.

“Na berɛ a asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam ɛpo no so no, wɔn akoma tuui, na wɔde ehu teateaa mu.

“Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn, sɛ, Momma mo bo ntɔ mo yam; ɛyɛ me; monnsuro.

“Na Petro buaa no sɛ, Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka ma memmra wo nkyɛn nsuo no ani.

“Na ɔkaa sɛ, Bra. Na Petro si firii kodoɔ no mu no, ɔnantee nsuo no ani, sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.

“Na ɔhunuu mframa no, ɔsuroeɛ; na ɔfirii aseɛ sɛ ɔremem no, ɔteaa mu sɛ, Awurade, gye me.

“Na ntɛm ara Yesu tenee ne nsa, sɔɔ no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, O wo a wo gyidie sua, adɛn nti na wogyee akyinnyeɛ?”3

Me ne mo bɛkyɛ nnyinasosɛm mmiɛnsa a mesua firii Petro hɔ. Mebɔ mpaeɛ sɛ saa nnyinasosɛm yi bɛtumi aboa obiara a ɔte nka sɛ anigyeɛ nhyehyɛeɛ no nnyɛ adwuma wɔ wɔn abrabɔ mu.

Ɛdi kan, yɛ no wɔ gyidie mu wɔ Yesu Kristo mu.

Petro gyidie no yɛ me ahodwiri. Yesu frɛɛ no tiawa sɛ “bra” no, ɔfirii ne kodoɔ a na mframa rebɔ no mu. Ayɛ sɛ na ɔnim sɛ sɛ Yesu Kristo frɛ no sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔbɛtumi ayɛ.4 Petro de ne werɛ hyɛɛ Agyenkwa no mu sene ne kodoɔ no. Na gyidie maa no tumi ma ɔde akokoɔduro yɛɛe wɔ tebea a na ɛyɛ hu ne ahoyera mu.

Petro gyidie no kae me suahunu bi a mete firii Elder José L. Alonso hɔ. Elder Alonso babarima wuo akyiri berɛ tiawa bi, a na wagya abusua a wɔyɛ mmɔfra nketewa no, Elder Alonso tee sɛ mmɔfra no rekasa.

Wɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ?”

Mfeɛ-nkron abaayewa bi kaa sɛ, “Agya Ho Yɛ. Ɔreka Yesu Kristo asɛmpa no.”

Te sɛ Petro, saa abaayewa ketewa no hunu traa ne haw na ɔde ne werɛ hyɛɛ Yesu Kristo ne Ne Mpata mu. Agyenkwa no mu gyidie de asomdwoeɛ ne ahoɔden a yɛde pem kɔ anim ba.

Sɛ wobu kɔmpɔ hwɛ w’abrabɔ a, megye di sɛ wobɛhunu sɛ wode gyidie ayɛ adwuma mpɛn pii. Worebɛka Asɔre no ho yɛ gyidie anammɔntuo. Wo ne Ɔsoro Agya rekasa wɔ mpaebɔ mu yɛ gyidie anammɔntuo. Worekenkan twerɛnsɛm no yɛ gyidie anammɔntuo. Woretie me nkransɛm wɔ saa amansan nhyiamu yi ase yɛ gyidie anammɔntuo. Sɛdeɛ Titenani Russell M. Nelson aka no, “Mɛnnte gyidie a wowɔ dada no so.”5

Adeɛ foforɔ a mesua firi Petro hɔ ne sɛ:

Ahohia mmerɛ mu no, dane w’ani hwɛ Yesu Kristo ntɛm ara.

Ɔnam rekɔ Agyenkwa no nkyɛn no, mframa no maa Petro bɔɔ hu, na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem. Nanso berɛ Petro hunuu deɛ na ɛresie no, wammɔ mmɔden sɛ ɔno ankasa bɛnante nsuo so anaa ɔbɛdware asane akɔ kodoɔ no mu. Sɛ anka ɔbɛgyae ne gyidie a ɛwɔ Kristo mu no, ɔsɔɔ mu mmom denneenen, kaa sɛ, “Awurade, gye me.”

“Na ntɛm ara Yesu tenee ne nsa, na ɔsɔɔ ne mu.”6

Yɛn nyinaa hyia mframa a ɛbɛtumi awoso yɛn gyidie na ama yɛn amem. Sɛ ɛba saa a, mesrɛ kae sɛ Ɔsoro Agya anigyeɛ nhyehyɛeɛ no wɔ edin foforɔ—ɔgyeɛ nhyehyɛeɛ. Ɛnnyɛ nhyehyɛeɛ no ne sɛ yɛbɛfa abrabɔ mu fofoofo a yɛremmerɛ, yɛrennwatiri da, yɛremmem da, na berɛbiara yɛn anim yɛ seresere. Na Ɔsoro Agya nim sɛ yɛbɛhia sɛ wɔgye yɛn. Yei nti na Ɔsiesiee nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no.7 Yei nti na Ɔsomaa Ɔgyefoɔ no. Sɛ yɛpere—ɛsiane biribi nti a—ɛno nkyerɛ sɛ nhyehyɛeɛ no nnyɛ adwuma. Ɛno ne berɛ a yɛhia nhyehyɛeɛ no kɛse pa ara!

Saa mmerɛ no mu no, di Petro nhwɛsoɔ no akyi. Dane w’ani kɔ Agyenkwa no hɔ ntɛm ara.

Seesei ne wo nkwagyeɛ berɛ ne da. Mɛntu w’adwensakyera berɛ nhyɛ da.”8

Ɛmmfa ho ne baabi a yɛwɔ ne baabi a yɛakɔ, adwensakyera ne ɔkwan no. Titenani Nelson akyerɛkyerɛ sɛ:

“Biribiara nni hɔ a ɛma fahodie, ma animuonyam, anaa ɛho hia ma yɛn ankorankoro mpontuo sene sɛ yɛde yɛn ani bɛsi adwensakyera so berɛ biara.

“Sɛ wode nsiyɛ nam apam kwan no so, sɛ woapatiri anaa woamane afiri apam kwan no so, anaa mpo wontumi nhunu kwan no mfiri baabi a wowɔ seesei no, mesrɛ wo sɛ nya adwensakyera. Nya ahoɔden tumi a ɛwɔ da biara adwensakyera mu—sɛ woreyɛ na woabɛyɛ papa kakra da biara.”9

Woreba Kristo nkyɛn asekyerɛ boro sɛ woredwene Ne ho kɛkɛ anaa worekasa fa Ne ho anaa mpo woredɔ No. Ɛkyerɛ sɛ yɛredi N’akyi. Ɛkyerɛ sɛ yɛretena ase wɔ kwan a Wakyerɛ yɛn sɛ yɛmfa ntena. Na ɛno kyerɛ yɛn nyinaa sɛ yɛresakyera, a yɛnnkyɛre ho koraa.

Na me mma mmaa no mu baako yɛ adwuma wɔ asɛmpatrɛ nteteɛbea hɔ. Ɔkaa ɛlda bi a ɔkyerɛɛ no adeɛ a ɔkaa atirimsɛm bi kyerɛɛ no sɛ ɔnnye nni sɛ Mormon Nwoma no yɛ nokorɛ. Na wabɔ mpaeɛ abɔ abɔ repɛ honhom mu adanseɛ, nanso wannya mmuaeɛ.

Me babaa no bɔɔ mpaeɛ hwehwɛɛ deɛ ɛwɔ sɛ ɔyɛ de boa asɛmpatrɛni no. Adwene a ɔnyaeɛ ne sɛ wɔammfa twerɛnsɛm no amma sɛ yɛbɛtumi akenkan na yɛanya adansedie nko ara; wɔde maae nso sɛ ɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn ama yɛakora Onyankopɔn mmaransɛm no. Me babaa no ne asɛmpatrɛni no kyɛɛ saa adwene yi.

Akyire yi, ɔhunuu saa asɛmpatrɛni yi bio, a na ɔwɔ anigyeɛ mu. Ɔka kyerɛɛ no sɛ afei deɛ wanya adansedie sɛ Mormon Nwoma no yɛ nokorɛ. Ɔnim sɛ saa adanseɛ yi baeɛ ɛfiri sɛ na ɔrebɔ mmɔden yie deɛ Mormon Nwoma no kyerɛkyerɛ.

Momma yɛnni Petro nhwɛsoɔ so sɛ ɔhwɛɛ Agyenkwa no wɔ ahohia mmerɛ mu. Di Yesu Kristo akyi mmom sene sɛ wode wo ho bɛto w’ankasa nyansa ne ahoɔden so. Ɛmmfa ho ne berɛ tenten a wode akwati No abɔ mmɔden sɛ worenante nsuo so no, ɛnkaa akyiri koraa sɛ wobɛbɛn No. Nhyehyɛeɛ no yɛ adwuma!

Nnyinasosɛm a ɛtɔ so mmiɛnsa a mesua firi Petro ne ne suahunu mu ne sɛ:

Brɛ wo ho ase wɔ Awurade anim, na Ɔbɛpagya wo akɔ nneɛma akɛseɛ ho.

Petro kyerɛɛ gyidie, wɔ nsuo no so a ɔnanteeɛ ne Agyenkwa no a ɔbɛnee no berɛ a na ɔhia mmoa. Ɛno mpo, Agyenkwa no hunuu wɔ Petro mu sɛ ɔbɛtumi ayɛ pii a ɛboro saa. Ɔkaa sɛ, “ Owo a wo gyidie sua,” “adɛn nti na wogyee akyinnyɛ?”10

Anka Petro bɛtumi apo saa animka yi. Nanso ɔde ahobrɛaseɛ gye too mu. Ɔkɔɔ so hwehwɛɛ gyidie kɛseɛ wɔ Yesu Kristo mu. Ɛnam suahunu a ɛma gyidie nyini bebree a ɛkeka ho—a ɛmu bi yɛ den pa ara so—maa awieeɛ no Petro bɛyɛɛ ɔkannifoɔ a ɔyɛ den a na Awurade pɛ sɛ ɔyɛ. Ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Awurade som mu.

Ɛdeɛn nneɛma akɛseɛ na Awurade pɛ sɛ woyɛ? Akwannya bebree wɔ N’Asɔre ne ahemman mu a yɛde som na yɛhwɛ afoforɔ sɛdeɛ Agyenkwa no yɛeɛ no. Ɔpɛ sɛ woka N’dwuma kɛseɛ no ho. Ɛrennyɛ wo sɛ anigyeɛ nhyehyɛeɛ no wɔ hɔ ankasa kɔsi berɛ a wobɛboa afoforɔ ma wɔde abɔ bra.

Alma nsɛm yeinom yɛɛ abrabɔ-nsesaeɛ wɔ m’ankasa gyidie nyini mu: “Nhyira ne wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase berɛ a wɔnhyɛ wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase.”11 Momma yɛmfa ahobrɛaseɛ mu nsi gyinabea a Yesu Kristo bɛtumi apagya yɛn, adi yɛn kan, na ɔde deɛ ɛwɔ yɛn mu ayɛ pii.12

Medi adanseɛ sɛ anigyeɛ nhyehyɛeɛ no yɛ adwuma. Wo Soro Agya a ɔdɔ wo na ɔyɛeɛ. Ɛyɛ adwuma ɛfiri sɛYesu Kristo nam Ne Mpata so dii bɔne ne owuo so nkonim. Bra Ne nkyɛn, do N’akyi, na “wɔde dima nhyehyɛeɛ kɛseɛ no bɛma mo ntɛm so.”13 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim