Amansan Nhyiamu
Adwensakyera de ma Onyankopɔn Pɛ
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Adwensakyera de ma Onyankopɔn Pɛ

Yɛn ankasa adwensakyera ka asɛdeɛ sɛ yɛkyɛ Yesu Kristo nsɛmpa no ma wiase.

Meda Titenani Russell M. Nelson ase wɔ nkɔmhyɛ tumi frɛ a ɔde ma asɛmpatrɛ adwuma no ne Titenani M. Russell Ballard asɛmpatrɛ nkrasɛm a ɔde maa anɔpa yi .

Asɛmpatrɛ dwumadie bi ma Great Britain afe a ɛtwaa mu yi ma me kae honhom mu adeɛ a ɛsiiɛ a na ɛyɛ fapem sɛ yɛsom sɛ asɛmpatrɛni.1 Berɛ a na madi mfenhyia 15 no, me nua panin dɔfoɔ, Joe, adi mfenhyia 20— mfeɛ a na ɛma no kwan sɛ ɔsom wɔ asɛmpatrɛ adwuma mu. Wɔ United States, na ɛnam Korea ntɔkwa no nti, nkorɔfoɔ kakra bi na wɔmaa wɔn kwan sommeɛ. Na wɔtumi frɛ baakofoɔ na ɛfiri wɔɔdo biara nu afe koro.2 Na ɛyɛ anwanwasɛm berɛ a yɛn hwɛsofoɔ see Joe sɛ ɔne yɛn papa nkɔdwene saa akwanya yi ho. Na Joe resiesie ne ho apɛ mɛdikal sukuu mu kwan. Yɛn papa a na ɔnnyina ne nan so wɔ Asɔre no mu, aboa ne ho wɔ sikasɛm mu de aboa no a n’ani nnye Joe asɛmpatrɛ adwuma no ho. Papa susuu sɛ Joe bɛdi yie sɛ ɔkɔ mɛdikal sukuu no a. Yei yɛɛ asɛm kɛseɛ w ɔ yɛn abusua no mu.

Wɔ nkutahodie nwanwasoɔ bi mu, me nua panin nyansani a ɔyɛ nhwɛsoɔ yi ntam, yɛwiee sɛ ne nsusuiiɛ sɛ ɔbɛsom asɛmpatrɛ adwuma na watwɛn adesua ntoasoɔ no gyinaa nsɛmmisa mmiɛnsa so: (1) Enti Yesu Kristo yɛ kronkron? (2) Mormon Nwoma no ɛyɛ Onyankopɔn asɛm? (3) Joseph Smith yɛ Mmaeɛ bio no Nkɔmhyɛni? Sɛ saa nsɛmmisa yi mmuaeɛ yɛ aane a, na ɛyɛ pefee sɛ Joe bɛtumi ayɛ deɛ ɛyɛ sɛ ɔde nsɛmpa no bɛkɔ akɔma ewiase sene sɛ ɔbɛyɛ dɔkota ntɛm.3

Saa anadwo no mede botaeɛ kann bɔɔ mpaeɛ yie. Wɔ nokorɛ kwan so, Honhom no dii adanseɛ kyerɛɛ me sɛ nsɛmmisa mmiɛnsa no nyinaa mmuaeɛ yɛ nokorɛ. Na yei yɛ asɛnhia ma me. Mehunuu sɛ adwene biara a mɛfa wɔ m’abrabɔ mu no bɛgyina saa nokorɛ yi so. Mehunuu nso sɛ mɛsom wɔ asɛmpatrɛ adwuma mu sɛ wɔma me akwanya no a. Wɔ asetena mu som ne honhom mu suahunu mu, mate aseɛ sɛ nokorɛmu adwensakyera yɛ anidahɔ nnyetom de ma Onyankopɔn pɛ, na wɔnam Sunsum Kronkron no so bɛma yɛn akwankyerɛ.

Madi kan anya adansedie wɔ wiase Agyenkwa Yesu Kristo ho sɛ ɔyɛ kronkron. Saa anadwo no menyaa honhom mu adansedie fa Mormon Nwoma no ne4 Nkɔmhyɛni Joseph Smith ho.

Na Joseph Smith yɛ Adwinneɛ wɔ Awurade Nsam.

W’adansedie mu bɛyɛ den berɛ a wonam mpaebɔ so hunu wɔ w’akoma mu sɛ na Joseph Smith yɛ adwinneɛ wɔ Awurade Nsam. Mfeɛ nnwɔtwe a atwam no, na me dwumadie baako wɔ Asomafoɔ Dummienu no mu ne sɛ mehwehwɛ na mekenkan Joseph Smith nkrataa ne nnwoma sononko no ne nhwehwɛmu a ɛde kɔɔ Ahotefoɔ nnwoma no tintim mu.5 M’adansedie ne m’ani sɔ ɛfa Nkɔmhyɛni Joseph Smith ho ahyɛ den kɛseɛ na atu mpɔn berɛ a mekenkann n’abrabɔ ne ne som a wɔahyɛ ho nkɔm dada no wieeɛ no.

Mormon Nwoma no a Joseph nam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne tumi kyerɛɛ aseɛ no yɛ Mmaeɛ bio no fapem.6 Mormon Nwoma no mu nsɛm sisi so, wɔatwerɛ no fɛfɛɛfɛ, na ɛkuta abrabɔ mu nsɛmmisa akɛseɛ mmuaeɛ. Ɛyɛ Yesu Kristo Ho Adanseɛ Baako Nso. Medi adanseɛ sɛ na Joseph Smith yɛ teneneeni, gyedie ahyɛ no ma, ne Awurade nsam adwinneɛ wɔ Mormon Nwoma no mmaeɛ mu.

Adiyisɛm ne nsɛm a wɔatwerɛ no wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no ma nsafoa, ayɛyɛdeɛ, ne apam a ɛhia ma nkwagyeɛ ne mpagya. Ɛnyɛ nneɛma a ɛhia sɛ yɛde hyehyɛ Asɔre no nkoaa na wɔahyehyɛ, na nso ɛma nkyerɛkyerɛ a ɛmu dɔ a ɛma yɛte abrabɔ botaeɛ ase na ɛma yɛn enniawieɛ nhunumu.

Joseph Smith nkɔmhyɛ asɛdeɛ bebrebe no mu baako nhwɛsoɔ wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam Ɔfa 76. Ɛyɛ ɔsoro yikyerɛ twerɛtohɔ turodoo, ne animuonyam aheman, a wɔde hyiraa Nkɔmhyɛni Joseph Smith ne Sidney Rigdon ma wɔgyee no Ɔgyefuo 16, 1832. Saa berɛ no, nsɔre dodoɔ no ara na na wɔrekyerɛ sɛ Agyenkwa no Mpata no remma nkurɔfoɔ pii nkwagyeɛ. Wɔgye dii sɛ kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa, na dodoɔ no bɛkɔ bonsam gya mu ne ɔsɛeɛ mu, ne enniawieɛamanehunu a ɛyɛ hu a ano den no obi ntumi nka ho asɛm7

Adiyisɛm a ɛwɔ ɔfa 76 mu no ma animuonyam yikyerɛ ma animuonyam ahodoɔ a Ɔsoro Agya mma a wɔdii akotene wɔ berɛ a wɔmaa honam mu asetena mu no wɔhyiraa wɔn mmoroso wɔ atɛmmuo akyi.8 Animuonyam nhehyɛeɛ mmiɛnsa no yikyerɛ no, a emu ketewa no “boro nteaseɛ nyinaa so no,”9 yɛ kasatia ma nkyerɛkyerɛ huhu sɛ pii na wɔbɛkɔ bonsan gya mu ne ɔsɛeɛ mu no.

Sɛ wokae sɛ na Joseph Smith adi mfenhyia 26 pɛ, a ne nwomasua sua, na ɔnni Twerɛ Kronkron mu kasa ho nimdeɛ a, na nokorɛ ɔyɛ adwinneɛ wɔ Awurade no nsam. Wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Aam 76 nyiyimu 17, wɔkanyann no maa ɔde asɛmfua ɛntene sene ɔsɛeɛ dii dwuma a ɛwɔ Yohane Asɛmpa no mu.10

Ɛyɛ anika sɛ mfeɛ 45 akyi Anglican Asɔre kandini ne nwomanimfoɔ a wagye din,11 Frederic W. Farrar, a ɔtwerɛɛ Kristo Abrabɔ No,12 kaa sɛ ɔsɛeɛ asekyerɛ a ɛwɔ King James Twerɛ Kronkron mu no yɛ mfomsoɔ wɔ Greek ne Hebri kasa nkyerɛaseɛ de kɔ Borɔfo kasa mu.13

Wɔ yɛn mmerɛ yi mu, bebree na wɔagye atom sɛ ɛnsɛ sɛ asotwe wɔ hɔ ma bɔne. Wɔtaa bɔne a wɔbu ani gu soɔ a nhyɛ bi nka ho na adwensakyera nni mu no akyi. Yɛn nkyerɛkyerɛ a wɔayi akyerɛ no nkasa ntia nsusuiɛ sɛ nkorɔfoɔ pii na wɔbɛbua wɔn fɔ akɔ ɔbonsam gya mu ne ɔsɛeɛ mu, mmom wɔka nso sɛ ankasa adwensakyera yɛ ɔhyɛ adehia a ɛbɛma yɛafa Agyenkwa no Mpata no na yɛanya sɛlɛtia ahemman no adie.14 Medi adanseɛ sɛ na Joseph Smith yɛ Awurade nsam adwinneɛ a wɔnam ne so de asɛmpa Mmaeɛ bio no baeɛ!

Ɛnam Yesu Kristo asɛmpa no Mmaeɛ bio no nti, yɛte ahunu ne “tenenee nnwuma” nyinaa ase.”15 Yɛte Agyenkwa no Mpata nwanwasoɔ a abunkam so ne Ne ɔgyeɛ ayɛyɛdeɛ ne apam, ne deɛ wɔyɛ no tɛmpol mu ka ho no ase.

“Tenenee nnwuma” no firi na ɛyɛ adwensakyera nnuaba no. Nokorɛ mu adwensakyera ba mu wɔ anidahɔ nnyetom ne ahofama a yɛde di Onyankopɔn pɛ no so.16 Nsunsuansoɔ ne nhyira apontoɔ a ɛtene firi adwensakyera mu no yɛ nokorɛ ne asomdwoeɛ a ɛnsɛe da ne ankasa anigyeɛ anohoba17—ɛmfa ho ne abrabɔ yi mu ahum a ɛbɔ.

Adwensakyera ma Agyenkwa no sesa nipa su kɔ onipa a wɔadwira no, awo no foforɔ, ate ne ho—abɔdeɛ foforɔ wɔ Yesu Kristo mu.18

Wɔde Nokorɛ no Asie Dodoɔ no Ɛfiri sɛ Wɔnnim Baabi a Wɔbɛhunu no

Asodie bɛn na ɛtene firi adwensakyera mu? Wɔ Liberty Nnaduafie mu nkɔmhyɛni Joseph Smith hunuu sɛ bebree na “nokorɛ no asie wɔn ɛfiri sɛ wɔnnim baabi a wɔbɛhunu no.”19

Wɔ Awurade nnianim ma Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu, paemuka mfonini kɛseɛ fa Awurade botaeɛ a ɔwɔ ma yɛn no wɔahyehyɛ wɔ hɔ. “Ɛno nti, Me Awurade, a menim mmusuo a ɛbɛba asase sotefoɔ so no, frɛɛ m’akoa Joseph Smith, Jun., na mekasa kyerɛɛ no firii ɔsoro, na memaa no mmaransɛm.” Ɔkɔ so kyerɛ sɛ, “Na mmerɛyɛfoɔ ne awiemfoɔ abɔ me nsɛmpa no mahyɛ ho dawuro akyerɛ wiase ano.”20 Asɛmpakafoɔ mapa ka ho. Yɛn mu biara ka ho. Ɛwɔ sɛ yei yɛ nkaeɛ ma obiara a wɔahyira no adwensakyera mu ma Onyankopɔn pɛ. Agyenkwa no to nsa frɛ yɛn animuonyam mu sɛ yɛnyɛ Ne nne ne Ne nsa.21 Agyenkwa no dɔ no bɛyɛ yɛn nan ase kanea. Agyenkwa no kyerɛɛ N’asuafoɔ sɛ, “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ.”22 Na ɛkɔ ma Joseph Smith, Ɔpaeemu kaa sɛ, “Monkɔ wiase nyinaa, na monka m’asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ biara a ɔnnyaae;.”23

Nnawɔtwe baako akyi a wɔhyiraa Kirtland Tɛmpol no so wɔ Oforisuo 3, 1836 a na ɛyɛ Amanehunu Kwasiada na ɛsane nso yɛ Twam berɛ no, Awurade yii Ne ho adi wɔ yikyerɛ fɛɛfɛ mu kyerɛɛ Joseph ne Oliver Cowdery. Awurade gyee tɛmpol no too mu na ɔkaa sɛ, Yei yɛ nhyira mfiaseɛ a wɔbɛhwie agu me nkurofoɔ tiri so.”24

“Saa anisoadehunu yi siiɛ akyire no, Mose pueeɛ, “na ɔde Yesrai anoboaboa firi asase afanan ho nsafoa no hyɛɛ yɛn nsa, ɛne mmusuakuo du no animdie de firi atifi nsase no so.”25

Titenani RussellM. Nelson, yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ a ɔkuta nsafoa korɔ no ara ,kyerɛɛ anɔpa yi: “Wɔakora mo mmabunu yi de ama saa berɛ yi a Yesrai anoboaboa bɔhyɛ no rekɔ soɔ Berɛ a mosom wɔ asɛmpatrɛ adwuma mu no, modi dwuma sono wɔ dwumadie nwanwasoɔ yi mu!”26

Sɛ Agyenkwa no ahyɛ sɛ yɛnkyɛ asɛmpa no, na ɛmmɛyɛ yɛn mu deɛ yɛyɛ no kyɛfa no ɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ adwensakyera de ma Onyankopɔn pɛ; ɛhia sɛ yɛ yɛn yɔnko, kyɛ Yesu Kristo asɛmpa no a wɔasane de aba no, na yɛto nsa frɛ obiara sɛ ɔmmɛhwɛ. Sɛ Asɔremma yi, yɛn ani sɔ Nkɔmhyɛni Joseph mmuaeɛ a ɔde maa Wentworth, ɔsamufoɔ ma Chicago Democrat, wɔ 1842. Na ɔrehwehwɛ Asɔre no ho nsɛm. Joseph buaa de “Nokorɛ Susudua” no wieeɛ sɛ nnianim ma Gyidikansɛm a ɛtɔ so dummiɛnsa no. Susudua no kuta deɛ ɛwɔ sɛ ɛba mu no, wɔ ɔkwan pefee so.

“Nsa bɔne biara ntumi nsi adwuma no nkɔsoɔ ho kwan; kwaadubɔ bɛtumi asɔre, ɛdɔm bɛtumi akabɔm, asrafoɔ bɛtumi ahyiamu, akutia bɛtumi asɛe, nanso Nyankopɔn nokorɛ no bɛkɔ so akokoɔduro mu, animuonyam mu, ne fahodie mu, kɔsi sɛ ɛbɛwura asasetam biara mu, afa ɔman biara mu, asra borɔno biara na aso biara bɛtekɔsi sɛ Nyankopɔn botaeɛ bɛba mu, na Yehowa Ɔkɛseɛ no bɛka sɛ yɛayɛ adwuma no awie.”27

Yei na ayɛ abɛntoa frɛ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ awoɔntoatoasoɔ, titire asɛmpakafoɔ. Wɔ “Nokorɛ Susudua,” honhom mu no, yɛn ani sɔ sɛ wɔ ewiase nyinaa nsaneyadeɛ mu nsɛmpakafoɔ nokwafoɔ akyɛ asɛmpa no. Asɛmpakafoɔ, yɛdɔ mo! Awurade se yɛn mu biara sɛ yɛnkyɛ Ne nsɛmpa no wɔ kasa ne nneyɛɛ mu. Yɛn ankasa adwensakyera ka asɛdeɛ sɛ yɛkyɛ Yesu Kristo nsɛmpa no ma wiase ho.

Asɛmpa no kyɛ mu nhyira no deɛ ɛka ho no ne sɛ yɛto yɛn adwensakyera mu de ma Onyankopɔn pɛ na yɛma Onyankopɔn di yɛn abrabɔ anim.28 Yɛhyira afoforɔ ma wɔnya suahunu wɔ “akoma sesa” kɛseɛ mu .”29 Ampa enniawieɛ anigyeɛ wɔ mmoa a ɛde akra berɛ Kristo.30 Dwumadie a woyɛ de ma adwensakyera ma wo ho ne afoforɔ no animuonyam adwuma.31 Me di adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Mesomm wɔ British Asɛmpatrɛ adwuma mu firi Ɛbɔ 1, 1960, kɔsii Ɛbɔ 1, 1962.

  2. Mmabunu nkaeɛ no kaa hɔ maa asraafoɔ a ɛho ayɛ na.

  3. Joe firi asɛmpatrɛ adwuma mu baaeɛ no akyi no, ɔwiee mɛdikal sukuu no na ɔsomm sɛ dɔkota nkonimdifoɔ. N’asɛmpatrɛ adwuma no siesiee no maa no bɛyɛɛ ɔhwɛfoɔ, pɛɛwa titenani, mantam nanmusini, ne asɛmpatrɛadwuma titenani.

  4. Hwɛ Moronae 10:4. Makenkan Mormon Nwoma no dadaada. Asɛm yi hia na ɛhia abusua no nti, mebɔɔ mpaeɛ wɔ botaeɛ kann mu.

  5. See Saints: Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ, vol. 1, Nokorɛ Susudua, 1815–1846 (2018), and vol. 2, Nsa a Ɛntene, 1846–1893 (2020).

  6. Nkyerɛaseɛ no hyɛɛ aseɛ Oforisuo 7, 1829, ɛna ɛwiee bɛyɛ ɛda a ɛdi ka wɔ Kutawonsa mu, 1829. Na ɛyɛ nwanwa sɛ mesua nsɛm a ɛfa nkyerɛaseɛ no ho. M’ani sɔ titire ɔtwerɛfoɔ nkrataa kenkan ne Mormon Nwoma no nkrataa dada no a wɔtintimm no wɔ afa mmiɛnsa ne enum no mu wɔ Adiyisɛm ne Nkyerɛaseɛ nnidisoɔ mu wɔ The Joseph Smith Papersno mu. Ɛyɛ afa atitire.

  7. Frederic W. Farrar, Eternal Hope: Five Sermons Preached in Westminster Abbey, Obubuo ne Ɔpɛnimaa, 1877 (1892), xxii.

  8. Ayidie no fa wɔn a wɔnsua Kristo wɔ saa asetena yi mu na wɔwu ansa na wɔaso nkotabuo ne wɔn a wɔnni nteaseɛ ho.

  9. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:89.

  10. Hwɛ Yohane 5:29.

  11. Farrar gyee nteteɛ wɔ King’s College, London, ne Trinity College, Cambridge. Na ɔyɛ England (Anglican) sɔfo, Archdeacon wɔ Westminster Abbey, Dean wɔ Canterbury Cathedral, ne ɔsɔfo ma Royal Household.

  12. hwɛ Frederic W. Farrar, The Life of Christ (1874).

  13. Hwɛ Farrar, Eternal Hope, xxxvi–xxxvii. Na ɛyɛ ɔhyɛ ma Fredrick Farrar sɛ ɔsiesie nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔsɛeɛ ne ɔbonsam gya mu ho. Ɔpaee mu kaa no ahoɔden mu asɛm “tiawa, ɛyɛ nokorɛ, ne nsɛm a akyinnyeɛ nni ho, Ayɛdeɛ ‘sɛe’ ne n’asekyerɛ nsi prɛko wɔ Apam Dada no mu. Asɛmfua biara nni hɔ a ɛwɔ saa asekyerɛ no wɔ Greek Apam Foforɔ no mu.” Ɔkɔ so kyerɛ mu sɛ asɛmfua ɔsɛeɛ yɛ mfomsoɔ nkyerɛaseɛ “kɛseɛ [na] ɛsesa na ɛde Awurade kasa nkyerɛaseɛ kann no sie”(Eternal Hope, xxxvii). Farrar nso daa Ɔsoro Agya no yɛkyerɛ a abunkam so wɔ Twerɛ Kronkron mu sɛ adanseɛ ka ho sɛ ɔbonsam gyam ne ɔsɛeɛ a ɛwɔ Borɔfokasa nkyerɛaseɛ mu no yɛ mfomsoɔ (hwɛ Eternal Hope, xiv–xv, xxxiv, 93; hwɛ nso Quentin L. Cook, “Our Father’s Plan—Big Enough for All His Children,” Laehona, Kɔtɔnima 2009, 36).

  14. Ayɔnkofa a ɛda ahonu ne Mpata ntam no wɔakyerɛmu wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:15–18, 20. Wɔ nkekaho mu, wɔakyerɛ asotwe a ɛnniawieɛ mu wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:10–12.

  15. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 59:23.

  16. Hwɛ Mosaya 27:25; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 112:13; hwɛ nso Dale E. Miller, “Bringing Peace and Healing to Your Soul,” Liahona, Laehona Obubuo 2004, 12–14.

  17. Hwɛ Mosaya 2:41.

  18. Hwɛ Dallin H. Oaks, “The Challenge to Become,” Ensign, Obubuo 2000, 33; Liahona, Jan. 2001, 41; see also 2 Corinthians 5:17; Bible Dictionary, “Conversion.”

  19. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 123:12.

  20. .Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:17, 23

  21. Sɛ ɛno ne yɛn nsusuiɛ a, ɛnneɛ “wɔafrɛ yɛn adwuma mu”” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 4:3see also Thomas S. Monson, “Called to the Work; Laehona, Ayɛwohomu 2017, 4–5).

  22. Mateo 28:19.

  23. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 112:28.

  24. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:10.

  25. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:11.

  26. Hwɛ Russell M. Nelson, “Preaching the Gospel of Peace,” Laehona, Kɔtɔnima 2022, 6–7; hwɛ bio Russell M. Nelson, “Hope of Israel” (worldwide youth devotional, June 3, 2018), HopeofIsrael.ChurchofJesusChrist.org.

  27. Asɔre Titenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith (2007), 444.

  28. Hwɛ Russell M. Nelson, “Ma Onyankopɔn Nni Anim,” Liahona, Obubuo 2020, 92–95.

  29. Alma 5:14.

  30. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:15; hwɛ nso Yakobo 5:19–20.

  31. Hwɛ Alma 26:22; Nkerɛkyerɛ ne Apam 18:13–16; hwɛ nso Bible Dictionary, “Conversion.”

Tintim