Amansan Nhyiamu
Kristo Sa Deɛ Abubuo no Yadeɛ
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Kristo Sa Deɛ Abubuo no Yadeɛ

Ɔbɛtumi asa yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa a abubuo no yareɛ, afoforɔ ayɔnkofa a abubuo no yareɛ, ne yɛn ankasa honam mu a abubuo yareɛ.

Mfeɛ kakra a atwam no, wɔ yɛn abusua nhyiamu ase, me wɔfaase William a na w’adi mfeɛ nwɔtwe bisaa yɛn ba panin, Briton sɛ ɔne no bɛbɔ bɔɔl anaa. Briton de ahosɛpɛ buaa sɛ, “Aane! M’ani bɛgye ho!” Wɔadi agorɔ kakra akyi no, bɔɔl no firii Briton hɔ, kɔbɔɔ ne nana kukuo dadaa bi mpofirimu a wanhyɛ da.

Briton fɛree kakra Berɛ a ɔkotoo sɛ ɔresesa mmobɔeɛ no, William nante kɔɔ ne nua hɔ na ɔde ɔdɔ de ne nsa too n’akyi. Afei ɔkyeykyeree ne werɛ, “Ɛnha wo ho, Briton. Mebɔɔ biribi wɔ me nananbarima ne nanabaa fie pɛn, na Nanabaa de ne nsa kyekyeree me kaa sɛ, ‘Ɛyɛ, William. Wadi mfeɛ num pɛ.’”

Ɛna Briton buaa no sɛ, “Nanso, William, Madi mfeɛ 23!”

Yɛbɛtumi asua dodo afiri twerɛnsɛm no mu ɛfa sedeɛ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, bɛboa yɛn wɔ nkomindie mu ama yɛahwehwɛ nneɛma a abubuo wɔ yɛn abrabɔ mu, ɛmfa ho ne mfeɛ a yɛadie. Ɔbɛtumi asa yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa a abubuo no yareɛ, afoforɔ ayɔnkofa a abubuo no yareɛ, ne yɛn ankasa honam mu a abubuo yareɛ.

Yɛne Onyankopɔn Ayɔnkofa a Abubuo

Berɛ a na Agyenkwa no rekyerɛ adeɛ wɔ tɛmpol mu no, atwerɛfoɔ no ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi berɛɛ No. Yɛnnim n’ayɛsɛm no nyinaa, gye sɛ “adwamammɔ mu.”1 Mpɛn pii no, twerɛnsɛm ma obi abrabɔ ho nsɛm ketewa bi, na ɛnam saa so nti yɛtaa pagya no anaa yɛbu no fɔ. Yɛntumi nte obi abrabɔ ase wɔ adeɛ baako a ɛyɛ fɛ anaa ɛyɛ deɛ amansan di ho yea. Saa twerɛnsɛm yi twerɛtohɔ botaeɛ ne sɛ ɛbɛboa yɛn ama yɛahunu sɛ na Kristo ne mmuaeɛ no saa berɛ no, na Ɔne mmuaeɛ no seesei nso. Ɔnim yɛn ayɛsɛm nyinaa ne amanehunu a yɛfa mu, ne yɛn ahoɔden ne mmrɛyɔ pɛpɛɛpɛ.

Kristo mmuaeɛ a ɔde maa Onyankopɔn babaa a ɔsombo yi ne sɛ “Me nso memmu wo fɔ, kɔ na nkɔyɛ bɔne bio.”2 Ɔkwan foforɔ a wɔfa so ka “kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio” bɛtumi ayɛ sɛ “kɔ na kɔsakyera.” Na Agyenkwa no reto nsa afrɛ no sɛ ɔnsakyera: ɔnsesa ne suban, n’ayɔnkofa, sɛdeɛ ɔhunu ne ho, ne n’akoma.

Yesu Kristo nti, yɛn nsusuiɛ sɛ, “yɛnkɔsakyera no” bɛtumi nso ama yɛn kwan sɛ “yɛnkɔ na yɛnnya ayaresa,” na ɔne deɛ abubu wɔn yɛn abrabɔ mu nyinaa yaresafoɔ. Sɛ yɛne Agya no Ntamgyinafoɔ ne Kasamafoɔ no, Kristo dwira na ɔhyɛɛ ayɔnkofa a abubuo—titire pa ara yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa anan mu.

Joseph Smith nkyerɛaseɛ ma no da adi sɛ ɔbaa no dii Agyenkwa no afutuo so na ɔsesaa n’abrabɔ: “ Na ɔbaa no hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam dɔnhwere no ara, na ɔgyee ne din diiɛ.”3 Awerɛhosɛm ne sɛ yɛnnim ne din, anaa n’abrabɔ mu nsɛm pii bɛsi saa berɛ yi, ɛfiri sɛ na ɛbɛhia nsiyɛ kɛseɛ, ahobrɛaseɛ, ne Yesu Kristo mu gyedie na watumi asakyera na wasesa. Deɛ yɛnim ne sɛ na ɔyɛ ɔbaa bi a “ɔgyee ne din diiɛ” a nteaseɛ ne sɛ na ɛnyɛ adeɛ sɛ ɔmfata Ne ɛnniawieɛ aforebɔ no.

Afoforɔ Ayɔnkofa a Abubuo

Luka ti 15 yɛkenkan abasɛm bi na ɔbarima bi wɔ mmammarima baanu. Ɔba kumaa no kakyerɛɛ n’agya sɛ ɔmfa ahodeɛ a ɛyɛ ne dea no mma no, na ɔde tuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so, na ɔde ahohwie abrabɔ sɛee n’ahodeɛ no.4

“Na ɔwiee ne nyinaa hwereɛ no, ɔkɔm kɛseɛ bi baa asase no so; na ɛfirii aseɛ hiaa no.

“Na ɔde ne ho kɔbɔɔ asase no so hɔni bi; na ɔmaa no kɔɔ ne mfuom kɔhwɛɛ ne mprako so.

“Na ne kɔn dɔɔ sɛ ɔde ntɛtɛ a mprako no die no bi hyɛ n’afuru ma: nanso onipa biara amma no.

“Na berɛ a n’ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ, apaafoɔ ahe na m’agya nnie a wɔnya aduane ma no boro soɔ, na medeɛ ɛkɔm reku me yi!

“Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn, na mase no sɛ, Agya mayɛ ɔsoro, ne w’anim bɔne,

“na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio: yɛ me sɛ w’apaafoɔ no mu baako.

“Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya hunuu no, na ne yam hyee no, na ɔtutuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ɔfee n’ano.4

Mmirika a papa no tutu kɔɔ ne ba no hɔ no, megyedi sɛ, ɛyɛ sononko. Pira a ɔba no de baa ne papa so no nokorɛ na emu yɛ duru na ɛmu dɔ. Saa ara, nokorɛ mu na ne ba no nneyɛɛ no bɛha agya no .

Enti, adɛn na agya no antwɛn amma ne ba no ammɛpa kyɛw? Adɛn na wanto pono amma nhyɛ ananmu ne mpata ansa na ɔrekyerɛ bɔne fakyɛ ne ɔdɔ? Yei yɛ adeɛ a metaa dwene ho.

Awurade kyerɛ yɛn sɛ bɔnefakyɛ yɛ amansan mmarasɛm: “Me, Awurade, mede bɔne bɛkyɛ deɛ mede bɛkyɛ no, nanso mo deɛ wɔhyɛ mo sɛ momfa nkyɛ nnipa nyinaa.”6 Akokoɔduro kɛseɛ ne ahobrɛaseɛ na ɛtumi de bɔne kyɛ. Ɛbɛtumi nso afa mmerɛ. Ɛhia sɛ yɛde yɛn gyedie ne yɛn ahotosoɔ hyɛ Awurade mu berɛ a yɛgye yɛn twerɛtohɔ tom fa yɛn akoma tebea mu. Ɛha na yɛn tumi ne yɛn pɛ da ne ho adie.

Deɛ saa papa yi kyerɛ wɔ ɔbadesɛefoɔ yi abasɛm mu no, Agyenkwa no si so dua sɛ bɔnefakye yɛ animuonyam akyɛdeɛ a yɛbɛtumi de ama yɛn ho yɛn ho na titire no yɛn ho Yɛnam bɔnefakyɛ so reyi nnesoa a ɛwɔ yɛn akoma mu no ntaa nyɛ mmrɛ, nanso ɛnam Yesu Kristo tumi a ɛboa no nti, ɛyɛ yie.

Yɛn Ankasa ho a Abubuo

Asomafoɔ ti 3 yɛsua fa ɔbarima bi a wɔwoo no obubuani a “daa wɔde no bɛto asɔrefie pono a wɔfrɛ no Fɛɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie no hɔ mmɔborɔhunu adeɛ”7

Na obubuani desrɛfoɔ yi adi boro mfirinhyia 408 na ɔdii ne nkwanna nyinaa wɔ adehia ne ɔtwɛn tebea mu, ɛfiri sɛ na ɔdan afoforɔ mmoa ne ayamyɛ.

“Da koro bi ɔhunuu “Petro ne Yohane sɛ wɔrekɔ tɛmpol hɔ [na] ɔsrɛɛ mmɔborɔhunu adeɛ.

“Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no haa kaa sɛ, Hwɛ yɛn.

“Na ɔhwɛɛ wɔn komm, susuu sɛ ɔrebɛnya wɔn hɔ biribi.

“Ɛna Petro kaa sɛ, Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ deɛ, menni bi: na deɛ mewɔ na mede merema woɔ yi: Wɔ Yesu Kristo din mu, sɔre na nante.

“Na ɔsɔɔ ne nsa nifa, na ɔmaa no so: na amonom hɔ ara ne nan ne ne nanpɔ so nnompe yɛɛ den.

“Na ɔhuri gyinae, na ɔnantee, na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie hɔ, a ɔnam, ɔrehurihuri na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ.”9

Mpɛn pii yɛtumi hunu yɛn ho, te sɛ obubuani desrɛfoɔ yi wɔ tɛmpol pono ano, aboterɛ mu—anaa ɛtɔ da a abufuo mu—“retwɛn Awurade anim.”10 Retwɛn agye ayaresa honamdua mu anaa adwene mu. Retwɛn mmuaeɛ a ɛwurawura akoma no mu kɔ aseɛ. Retwɛn anwanwa dwuma bi.

Yɛretwɛ Awurade anim tumi yɛ kronkron bea—beaeɛ a wɔpepa na wɔpɔ ho a yɛbɛtumi aba abɛhunu Awurade wɔ ankasa kwan a ɛmu dɔ so. Yɛretwɛn Awurade anim no tumi yɛ beaeɛ a yɛbisa yɛn ho sɛ, “O Onyankopɔn, wowɔ he?”11—beaeɛ a honhom mu yɔkɔduro hia yɛn sɛ yɛnya aboterɛ wɔ Kristo mu hyɛ da yi No bio ne bio ne bio. Menim saa beaeɛ yi, na mete saa ɔtwɛn yi ase.

Medii nnɔnhwere pii wɔ kansa ayaresabea bi, mene afoforɔ a wɔrebɔ bena apɛ ayaresa yɛɛ koro wɔ m’amanehunu mu. Ebinom nyaa nkwa; ebinom nso antumi. Mesuaa wɔ kwan sononko so sɛ ɔgyeɛ a ɛfiri yɛn sɔhwɛ mu no da nso ma yɛn mu biara, ɛno nti ɛwɔ sɛ yɛsusu dwene fa ɔkwan a wɔfa so gye yɛn no na yɛdwene dodo fa Ɔgyefoɔ no Ankasa ho. Ɛwɔ sɛ berɛ biara yɛsi Yesu Kristo so dua !

Yɛrenya gyedie wɔ Kristo mu kyerɛ sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn no ara na yɛgye no die mmom wɔ Ne berɛ nso mu. Ɔnim deɛ yɛhiapɔtee ne berɛ a yɛhia no. Sɛ yɛgyae mu ma Awurade no pɛ a, awieeɛ no yɛbɛnya no mmorosoɔ asene deɛ yɛdwenee ho dada no.

Me nnamfonom adɔfoɔ, yɛn nyinaa wɔ biribi wɔ yɛn abrabɔ mu a ɛhia sɛ yɛyɛ no yie, siesie, anaa sa no yadeɛ. Berɛ a yɛdane yɛn ho ma Awurade no, berɛ a yɛde yɛn akoma ne adwene toto Ne ho, berɛ a yɛnu yɛn ho no, Ɔba baabi a yɛwɔ a “ayaresa wɔ ne nsa mu“12 de ne nsa kyekyere yɛn wɔ ɔdɔ mu, na ɔka sɛ, “Ɛyɛ. Woadi mfeɛ 5—anaa 16, 23, 48, 64, 91 pɛ. Yɛbɛtumi asiesie yei abɔ mu!”

Medi adanseɛ sɛ biribiara nni w’abrabɔ mu a abubuo a ɛboro ɔyɛadeɛyie, dimafoɔ, ne Yesu Kristo tumi a ɛtumi adeɛyɛ no so. Wɔ ɔno a ɔyɛ kɛseɛ a ɔsa yadeɛ, Yesu Kristo din kronkron mu, amen.

Tintim