Amansan Nhyiamu
Yɛne Onyankopɔn Apam Hyɛden, Bɔban, na Ɛsiesie Yɛn ma Daa Animuonyam
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Yɛne Onyankopɔn Apam Hyɛden, Bɔban, na Ɛsiesie Yɛn ma Daa Animuonyam

Sɛ yɛfa sɛ yɛne yɛn agya a ɔwɔ soro no bɛkɔ apam na yɛ di so a, wɔde anigyeɛbɛhyira yɛn wɔ saa abrabɔ yi mu ne animuonyam nkwa a ɛnniawieeɛ wɔ wiase a ɛbɛba no mu.

Anuanom mmaa, ne dɛ a ɛyɛ sɛ yɛahyia sɛ wiase afanan mmaa fekuo! Sɛ mmaa a yɛayɛ na yɛdi apam a yɛne Onyankopɔn akɔ so no, yɛkyɛ honhom mu abusuabɔ a ɛboa yɛn ma yɛgyina yɛn da yi nsɛm dennen ano a ɛsiesie yɛn ma Yesu Kristo mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no. Na yɛredi saa apam no so no ma yɛn ho kwan bɛyɛ nhwɛsoɔ ma no twe afoforɔ ba Agyenkwa no hɔ.

Wɔn a wɔabɔ wɔn asu no kɔɔ apam wɔ saa da a ɛnni sɛ obi werɛ firi no mu sɛ wɔbɛfa Yesu Kristo din ato wɔn ho so, ama wɔabɛyɛ N’asɔre a asane aba bio no asafoba, sɛ berɛbiara wɔbɛkae No, na wɔadi ne mmaransɛm so, na wɔasom no akɔsi awieeɛ. Na sɛ yɛyɔ yeinom a, Ɔsoro Agya hyɛ bɔ sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn na wama yɛn Sunsum Kronkron no ayɔnkofa. Saa nhyira yi ma yɛhyɛ aseɛ wɔ ɔkwan a, sɛ yɛtoa so ko kɔ yɛn anim na yɛgyina mu kɔsi awieeɛ a, ɛbɛma yɛn akwanya sɛ yɛne No ne Ne ba, Yesu Kristo bɛtena, wɔ sɛlɛhyia Ahemman no mu. Onipa biara a wabɔ no asu no wɔ saa nhyira yi ho bɔhyɛ ne akwanya sɛ ɔdi saa apam a ɔyɛɛ no saa da soronko no so a.

Wɔn a wɔyɛ apam no bi ka ho wɔ Tɛmpol mu no nya bɔhyɛ akɛseɛ a ɛgyina wɔn ankasa nokwaredie so. Yɛpae mu hyɛ bɔ sɛ yɛbɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so, de Yesu Kristo asɛmpa no abɔ bra, yɛn ahonim mu ada hɔ, atu yɛn berɛ ne ɔdom akyɛdeɛ ahyɛ Awurade adwuma mu . Wɔ yei akyiri no, Onyankopɔn hyɛ bɔ nwanwasoɔ wɔ saa abrabɔ yi mu ,ne akwanya sɛ yɛbɛsane ne No akɔtena daa ne daa.1 Ɛnam saa kwan no so, wɔma yɛn anaa wɔkyɛ yɛn tumi a yɛtumi hunu nokorɛ ne mfomsoɔ, papa ne bɔne, ɛnne basabasa bebrebe a ɛbɔ abira na ɛha yɛn firi afa nyinaa. Deɛn akyɛdeɛ sononko ni!

Wɔ ahoboa kwan so ma saa abasɛm no, me maame ne Relief Society anuanom mmaasuahunufoɔ bi boaa me maa mefaa nnoɔma a na mɛhia, a na afadeɛ fɛɛfɛ ka ho. Nanso , ahoboa a na ɛhia yie mpo no baae ansa na merebɛhunu deɛ mɛhyɛ. Akyire yi a ɔtotoo m’ano hunuu sɛ mefata no, me Bishop kyerɛkyerɛɛ me apam a wɔhwehwɛ sɛ mɛyɛ. Ne ntoboaseɛ nkyerɛkyerɛmu no maa me akwanya dwenee ho yie yɛɛ krado sɛ mɛsɔ mu yie wɔ saa apam no nyinaa mu.

Berɛ a da no soeɛ no, Mede nnaaseɛ ne asomdweoɛ atenka yɛɛ bi wɔ saa anidie abasɛm no mu. Mpo no a mante saa apam a meyɔeɛ no nyinaa ase saa da no, mehunuu sɛ wɔaka me abɔ Onyankopɔn honam saa apam no so, na ɛhyɛɛ me nhyira ho bɔ a ɛboro adwene so sɛ medi saa apam no so a. Ɛfiri saa berɛ a ɛdi kan suahunu wɔ Awurade fie no, daa metɔkɔ so nya awerɛhyɛmu sɛ, yɛredi apam a yɛne Onyankopɔn akɔ no so a, ɛma yɛn ho kwan twe Agyenkwa no tumi no, a ɛhyɛ yɛn den wɔ daadaa nsɔhwɛ mu, ɛma yɛn ahobanbɔ firi ɔsɛefoɔ no nkɛntɛnsoɔ mu, na esiesie yɛn ma daakye afebɔɔ animuonyam.

Abrabɔ mu suahunu tumi pagya firi nsɛm sereɛ mu kɔsi nsɛm a ɛtu akoma so, firi ɛhu mu kɔ animuonyamhyɛ mu. Suahunu no mu biara boa yɛn ma yɛte yɛn Agya no dɔ mmorosoɔ no ne yɛn afa mu deɛ ase, sɛ yɛbɛsesa ɛnam Agyenkwa no adom akyɛdeɛ nti. Yɛredi yɛn apam so no boa ma Agyenkwa no tumi no te yɛn ho wɔ berɛ a yɛresua wɔ suahunu kwan so wɔ honam asetena yi mu. Yɛn Gyefoɔ no wɔ hɔ sɛ ɔbɛsɔ yɛn mu sɛ yɛhwe ase a, yɛbɛdane akɔ Ne nkyɛn a

Mfoni
De ahoma resane fri bepɔ so

Woagyina mmɔnkum tenten bi so pɛn, a wode wo bɔwerɛ atim ano baabi na wode w’akyi akyerɛ ne fam tenten wɔ aseɛ? Wɔ nsaneeɛ so no, mpo sɛ wonim sɛ nhoma denden a ɛkura wo mu no ne mfidie nkaeɛ a ɛreboa wo ama woasi fam wɔ ɔbotan tenten no ase no, wogyina ano hɔ a ɛyɛ akomatuo suahunu. Sɛ worekɔ w’akyi ahuri afiri mmɔnkum no so asensɛn mframa mu no hia ahotosoɔ wɔ sɛkyɛ no mu, a wɔde afam pampim ho wɔ soro hɔ wɔ ne kwan no so. Ɛhwehwɛ awerɛhyɛmu wɔ onipa a ɔbɛtwetwe ahoma no berɛ a woresiane no. Ɛwom sɛ mfidie no ma wo nya nimdeɛ bi di woasiane no berɛ so, nanso ɛwɔ sɛ wonya awerɛhyɛmu wɔ wo yɔnko no mu sɛ ɔnhwɛ mma wo nhwe aseɛ.

Mfoni
De ahoma resane fri bepɔso
Mfoni
Ɔbaabunu de ahoma resane fri bepɔso.

Mekae pa ara mfeɛ bi a atwam, me ne mmaayewa kuo bi nsaneeɛ. Meyɛɛ deɛ ɔdii kan wɔ wɔn mu. Berɛ a metuu me nan sɛ meresiane no, mehyɛɛ aseɛ sɛ meretɔ fam ntɛm so a mentumi nni me ho so. Aseda mu, ahoma no tweeɛ na asiane ntɛm so nogyaeeɛ. Wɔ berɛ a mesɛnee so bɛyɛ ɛfa nkyɛmu firii ɛboɔ tenten no so no, mebɔɔ mpaeɛ anibere so maa oniikorɔ anaa adekorɔ a ɛsɔɔ me mu no nnyae me nkɔhwe aboɔ no so wɔ aseɛ hɔ.

Akyire yi no, mehunuu sɛ, wɔamma sɛkyɛ no korɔkorɔ no anhyɛ mu den, na berɛ a mefirii ano hɔ no, ɛtwee deɛ na ɔretwetwe homa no tɔɔ nakyiri na ɛtwee no hare so de no baa mmɔnkum no ano. Wɔ kwan bi so no, ɔyɛɛ ntɛm de ne nan timm aboɔ bi so. Na ɔtintimiiɛ wɔ saa gyinaberɛ no, ɔtumi de ne nsa ne ahoma no bɔɔ mmɔden brɛɛ me ase, Ɛwom sɛ m’anhunu no deɛ, nanso mehunuu sɛ na ɔde n’ahoɔden nyinaa reyɛ adwuma sɛ ɔbɛgye me afiri amanneɛ a ɛbɛsan aba mu. Na adamfoɔ foforɔ nso wɔ mmɔnkum no ase a na wayɛ krado sɛ sɛ ahoma no gyae sɛ ɛsɔ me mu a ɔbɛsɔ me. Berɛ a mebɛnee hɔ no, ɔsɔɔ nhoma ahyehyɛdeɛ no mu na ɔbrɛɛ me ase kwan a aka no de me sii fam.

Sɛ Yesu Kristo ne yɛn sɛkyɛ ne ɔhokafoɔ mapa nti, yɛwɔ awerɛhyɛmu wɔ Ne dɔ mu ahoɔden mmerɛ a ɛmu yɛ den mu, na ne nyinaa akyi no yɛnya ɔgyeɛ wɔ Ne mu. Sɛ Titenani M. Russell Ballard kyerɛkyerɛɛeɛ no: “Gyedie wɔ Onyankopɔn ne ne Ba, Awurade Yesu Kristo mu, yɛ sɛkyɛ a ɛsɛ sɛ yɛnya wɔ yɛn bra mu sɛ ɛbɛkura yɛn mu den wɔ amansan basaayɛ ne atirimuɔdensɛm mmerɛ yi mu. Yɛn gyedie ɛwɔ sɛ ɛtena Yesu Kristo mu, n’asetena ne ne mpata, n’asɛmpa a asane aba bio no wɔ nna a ɛdi akyire yi.”2

Honhom mu akadeɛ a ɛbɔ yɛn ho ban firi amaneɛ aboɔ ho no ne yɛn adansedie wɔ Yesu Kristo mu ne apam a yɛyɛ sɛ asafomma wɔ Awurade Asɔre mu. Yɛbɛtumi atwere saa mmoa yi na akyerɛ kwan na apagya yɛn akɔ ahotɔ mu. Sɛ yɛn pɛ hokafoɔ yi , Agyenkwa no renhwɛ mma yɛn nhwe ase wɔ berɛ a ɔnkura yɛn mu. Mpo wɔ yɛn amanehunu ne awerɛhoɔ mu no, Ɔwɔ hɔ sɛ ɔbɛpagya yɛn na wahyɛ yɛn nkuran. Ne tumi nso boa yɛn gye yɛn firi deɛ ɛtɔ da a ɛyɛ ɔsɛeɛ nsunsuansoɔ wɔ yɛn so ɛnam afoforɔ nyiyimu nti. Mmom, yɛn mu biara nhyɛ ne homa ahyehyɛdeɛ na yɛnhwɛ sɛ yɛakyekyere ɛpɔ biara yie. Ɛsɛ sɛ yɛyi sɛ yɛde yɛn sɛkyɛ bɛsɔ Agyenkwa no deɛ mu, ama yɛnam yɛn apam so afam ne ho.3

Sɛn na yɛbɛsi ahyɛ saa sɛkyɛno mu den? Yɛde ahobrɛaseɛ akoma a ɛhwehwɛ na ɛbɔ mpaeɛ, sua twerɛnsɛm no dwendwene ho, yɛde anidie ne nsakyeraeɛ honhom fa adidi kronkron nnawɔtwe biara, yɛpere di mmaransɛm no so, na yɛdi nkɔmhyɛfoɔ no afutuo so. Na sɛ yɛhyɛ yɛn daadaa dwumadie ma wɔ “soro kɔ ne kronkronyɛ”4 akwan a w’ahyɛ yɛn sɛ yɛmmoa no, yɛne Agyenkwa no bɛnya nkabom sononko na ɛboa ma afoforɔ nso ba Ne nkyɛn berɛ korɔ no ara mu.

Sɛn na “ɛsoro kɔ ne kronkron kwan” no teɛ? Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne afoforɔ bɛkyɛ asɛmpa no wɔ yɛn nkutahodie mu. Yɛnam nokorɛ som so hwɛ onnibiefoɔ, kyerɛ ɔdɔ fa som nkakra bi mu. Yɛ ne wɔn a wɔhia asomdwoeɛ ne ahoɔden wɔ wɔn abrabɔ mu no kyɛ nsɛmpa papa no, “a wɔnnim baabi a wɔbɛnya no.”5 Yɛyɔ adwuma ka mmusua bom kɔ daa nkwa mu wɔ nkataanim no anim ne akyire nyinaa. Na wɔn nso a wɔayɛ apam wɔ Awurade fie no, sɛnea Titenani Russell M. Nelson kyerɛkyereɛ no , “Tɛmpol hwɛfoɔ biara bɛhyɛ kronkron ataadeɛ a ɛyɛ asɔfodie kronkron no, [ɛkae] yɛn na yɛnante apam kwan soɔ dabiara wɔ kan kɔ ne kronkronyɛ kwan so.”6 Saa adeyɔ yi nyɛ sɛ yɛresɛe sika berɛ ne berɛ bi na mmom ɛyɛ adehia wɔ yɛn daadaa ahotɔ—ɛne yɛn ɛnni awieɛ anigyeɛ.

Biribiara nni hɔ a ɛho hia sene yɛn ɛnni awieɛ mpontuo kyɛn sɛ yɛbɛdi yɛn apam a yɛne Onyankopɔn akɔ so. Wɔ berɛ a yɛn apam kronkron wɔ tɛmpol mu rekɔ so no, yɛbɛtumi ne adɔfoɔ anya anigyeɛ nkabom wɔ nkatanim no fa baabi. Saa abɔfra anaa ɔwofoɔ anaa ɔhokafoɔ a wafiri mu afri ateasefoɔ asase yi so no wɔ anidasoɔ wɔ akoma mu sɛ wɔbɛdi nokorɛ wɔ wɔn apam a ɛka wɔn bɔ mu no afebɔɔ. Sɛ yɛtwe yɛn ho anaa yɛfa no traa wɔ apam a yɛne Onyankopɔn akɔ a, na yɛde saa enni awieɛ nkabom no ato asiane mu. Saa berɛ yi na ɛwɔ sɛ yɛsakyera, sieise, na yɛ yɔ bio.

Anigyeɛ yɛ hunu sɛ yɛsesa nhyira a ɛwɔ daa nkwa mu gye mpremprem adeɛ a ɛyɛ dwoodwoo. Ɛmfa ho ne yɛn mfeɛ, ɛyɛ nokorɛ turodoo: safoa a ɛde kɔ daa anigyeɛ mu ne sɛ yɛbɛfa Yesu Kristo asɛmpa no na yɛadi yɛn apam a yɛayɛ so. Yɛn nkɔmhyɛni President Nelson, aka sɛ yɛn banbɔ a ɛdi mu ne yɛn yɔkɔduroanigyeɛ gyina sɛ yɛrebɔ dade ban a ɛyɛ Yesu Kristo asɛmpa a wasane de aba, na apam ne ayɛyɛdeɛ wie no yie. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛtumi atwa asuo a ɛyɛ hu no dwodwoo ɛfiri sɛ yɛwɔ ɔkwan wɔ Onyankopɔn tumi ho.”7

Yɛn mu pii na wɔnam nsuo a ɛyɛ hu mu. Sɛ amanehunu asorɔkye bɔ yɛn na ɛtɔ da a nisuo afira yɛn ani nti no, ɛyɛ a na yɛnhunu baabi a yɛnka kodoɔ no nkɔ wɔ abrabɔ mu. Ɛma yɛn adwene mu mpo sɛ yɛwɔ ahoɔden betumi de aduru nkonkɔn so. Worekae nea woyɛ Onyankopɔn ba—a ɔdɔ wo—Deɛ nti a wowɔ asase yi so, ne wo botaeɛ nti a wo ne Onyankopɔn teɛ ne adɔfoɔ a wɔwɔ sɛlɛhyia ahemman mu bɛtumi apopa wo anisoadehunu na akyerɛ wo kwan pa no. Mpo wɔ ahum mu no, hann bi wɔ hɔ a ɛhyerɛn kyerɛ yɛn kwan. “Mene hann a ɛhyerɛn wɔ sum mu no, ” Yesu paee mu kaae .8 Wama yɛn anidasoɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban sɛ yɛhwɛ Ne hann no na yɛgyina nokorɛdie mu wɔ y’apam mu a.

Ɛyɛ me ahohoahoa sɛ mɛhyia mmaa nyinaa firi wiase mmeammea pii a wɔredi wɔn apam so. Da biara, wɔde wɔn ho to Awurade ne Ne nkɔmhyɛni so pɛ akwankyerɛ, kyɛn sɛ wɔbɛpɛ afiri wiase dawurubɔfoɔ hɔ. Mfaho ne wɔn ahokyerɛ a wɔkɔ mu ne wiase nyansa a ɛpɛ sɛ ɛtwe wɔn firi wɔn apam so die ho , wɔasi nkete sɛ wɔne wɔn adɔfoɔ bɛnante kwan pa no a ɛkɔ daa nkwagyeɛ mu no so. Ɔde wɔn ho to “ bɔhyɛ a[yɛn] Agya no wɔ nyinaa.”9 Sɛdeɛ wo mfeɛ teɛ biara no, mmaa a mo ne Onyankopɔn akɔ apam no wɔ tumi sɛ mobɛsɔ Awurade kanea no mu na moadi afoforɔ anim de wɔn akɔ Ne nkyɛn sɛ moyɛ nhwɛsodeɛ.10 Ɛnam mo apam so ho, ɔde N’asɔfodie tumi no bɛhyira mo na moayɛ ama afoforɔ a mo ne wɔn di nkutaho. Sɛdeɛ Otitenani Nelson de too dwa no, mone mmaa a mobɛma akɔmhyɛ a wɔahyɛ no bɛba mu.!11

Anuanom mmaa, ne korakora no, tena apam kwan no a ɛkɔ Yesu Kristo hɔ no so! Wɔahyira yɛn sɛ yɛmmara asase yi so berɛ a tɛmpol apete wiase baabiara. Yɛreyɛ na yɛadi tɛmpol apam so no wɔ hɔ ma asɔreba biara a ne ho teɛ. Mmaabunu, monntwɛn nkɔsi sɛ mobɛware ansa anaa mobɛkɔ asɛmpatrɛ ka ansa na moayɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ saa kronkron apam yi. Wobɛtumi aboa wo ho sɛ abaayewa sɛdeɛ ɛbɛyɛ na woanya ahobanbɔ ne ahoɔden wɔ tɛmpol apam a wɔde ma wɔ berɛ a w’anya mfeɛ du-nwɔtwe (18) sɛ woayɛ krado na wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛgyeɛ na woadi saa tɛmpol apam no nni.12 Mo a moadikan anya tɛmpol nhyira no, mma mo mma nnaadaafoɔ ntwe mo mfiri daa nokorɛ yi ho. Sua na bisa firi mmeaɛ papa na nya nteaseɛ akɛseɛ a ɛfa mfasoɔ kronkron ne nhyira a ɛwɔ apam a yɛne Onyankopɔn kɔ ho. Kɔ tɛmpol berɛ ne berɛ so na tie Honhom no. Wobɛnya ɔdɛ awerɛhyɛmu sɛ wowɔ Agya no kwan no so, rema wo nkuranhyɛ sɛ toa so na fa afoforɔ ka wo ho bra. Wobɛnya ɔdɛ awerɛhyɛmu sɛ wowɔ Agya no kwan no so, rema wo nkuranhyɛ sɛ toa so na fa afoforɔ ka wo ho bra.

Medi adanseɛ sɛ, sɛ yɛfa sɛ yɛne yɛn agya a ɔwɔ soro no bɛkɔ apam na yɛnya Agyenkwa no tumi de di so a, wɔde anigyeɛbɛhyira yɛn wɔ saa abrabɔ yi mu asene sɛdeɛ yɛde yɛn adwene bu no seesei, ne animuonyam nkwa a ɛnniawieeɛ wɔ wiase a ɛbɛba no mu.13 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim