2010–2019
Wɛn Nabɔ Mpaeɛ Mmerɛ Nyina Ara Mu.
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Wɛn Nabɔ Mpaeɛ Mmerɛ Nyina Ara Mu(Alma 34:39; Moroni 6:4; Luke 21:36)

Daadaa anidahɔ ho hia sɛ ɛtia tirimudɛ ne sansaniyɛ.

Mebɔ mpaeɛ sɛdeɛ menya Honhom Kronkron no mmoa ama wo ne me berɛ a yɛrenya anigyeɛ abom yi .

Wɔ Oforisuo bosome mu wɔ afe 1976 mu no, Elder Boyd K . Packer kasakyerɛɛ mmabunu a wɔwɔ asɔre no mu , titiriw wɔ wiase nyina ara nhyiamukɛseɛ no ase. Wɔ nasɛm a na atifisɛm yɛ Honhom mu adɛnkyɛm mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ sɛdeɛ berɛbi a ɔkɔɔ dwumadie bi wɔ Abibiman mu no, ɔhunuu sɛdeɛ adɛnkyɛm wahinta wɔn bɔbea de kyekyer mmoa . Afei ɔde adɛnkyɛm yi totoo ɔbonsamho, ɔno a ɔde mmabunu a wɔani nna wɔnho so yɛ hanam berɛ ɔkata bɔne a ɛkɔ owuo mu ho.

Na madi mfeɛ 23 berɛ a Elder Packer de saa kasa no maaɛ a na me ne Susan rehwɛ yɛn abakan anim wɔ nna kakra bi mu. Yanigyee wɔ nsɛm a na ɛwɔ ne kasa no mu a na ɛfa sɛdeɛ yɛbetumi akwati bɔne ɛne nimdeɛ kwan a ɔnam mmoa suban so kyerɛkyerɛɛ honhom mu adesua a ɛhia.

Mene Suasan nso atukwan akɔ Abibirem akɔdi dwuma ahodoɔ bebree. Na yɛanya ho kwan ahunu mmoadoma a wɔnho yɛfɛ soronko a wɔte saa asaasetam no so. Yɛrekae nsunsansoɔ a Elder Packer kasa no anya wɔ yɛn abrabɔ mu no, yabɔ mmɔden ahwɛ asua sɛdeɛ mmoadoma a wɔwɔ Abibirem suban .

Mepɛsɛ mekyerɛkyerɛ suban ne ɔkwan a asebɔ mmienu faso kyere wɔn nam sɛ aduane mene Susan hwɛɛ dinn na mede toto nneɛma binom a yɛyɔ no dabiara wɔ berɛ a yɛredi Yesu Kristo nsɛ mpa no so .

Asebɔ ne Nwansane.

Asebɔ Ne Awansane Asebɔ yɛ mmoa bi a wɔnam asaase so a wɔnho yɛ hare sen mmoadoma nyina ara na dɔnhwere baako biara wɔtumi twa akwansini 75. Saa mmoa ahoɔfɛfoɔ yi gyina faako a, ɔtumi hyɛaseɛ tu mmirika twa akwansini 68 wɔ dɔnhwere baako wɔ mmerɛ kɛkɛkɛ mmiɛnsa ntam. Asebɔ yɛ atanfo a wɔtetɛ wɔn hanam na wɔhuri , pam, na wɔakyere wɔn.

Mfoni
Ɔsebɔ a Ɛlda ne Onuabaa Bednar hwɛe

Susan ne me dii bɛyɛ nnɔnhwere mmienu a na yɔrehwɛ asebɔ mmienu bi a na wɔretaataa nwansane a wɔyɛ abibirem nwansane a ɛwɔ mma bebree. Na ɛserɛ a ɛware ɛ ɛwɔ abibirem atifi no ahoa a ɛne aboa no a ɔrepɛ ɔfoforɔ akye no no ahosua ayɛ pɛ berɛa na wɔrepam anwansane no. Na anamɔn a ɛda asebɔ mmienu biara ntam no bɛyɛ abasafa 100 nanso na wɔdidiso.

Berɛ a asebɔ no baako tenaase tenee ne mu kyereben wɔ ɛserɛno mu, a na ɔnkeka ne ho, ɔsebɔ foforɔ no weawea fam nkakrankakra bɛn anwansane no a wɔn ani nna no. Afei ɔsebɔ no a watena ase no sie wɔ ɛserɛ no mu berɛkorɔ no ara a ɔsebɔ baako no nso atenase kyereben. Saa adaneadane kwan yi so a ɔsebɔ baako wea brɛoo kɔ nanim wɛ berɛ a baako nso te hɔ kyereben wɔ ɛserɛ no mu no kɔɔso ara wɔ berɛtenten mu. Na saa atetɛatetɛ akwan yi yɛ deɛ wɔde twe anwansane no adwene afiri wɔnho so na wayi wɔn ani afiri adeɛ a ɛyɛhu a ɛreba no so. Aboterɛ mu ne bɔkɔɔ mu no, asebɔ mmienu no yɛɛ adwuma boom ma wɔnyaa wɔn aduane a edihɔ.

Wɔ anwansanekuo no ne asebɔ a wɔrekeka abɛn ntam no, na anwansane bebree a wɔanyinnyini na wɔnho yɛ den no gyinahyina nkanka dupɔ so sɛ ahobanbɔfoɔ. Baabi a na wɔgyina gyina no boa ma saa anwansane ahobanbɔfoɔyi hwɛ nsɛnkyerɛne sɛ adeɛ a ɛyɛ hu bi reba anaa.

Afei mpofrim ara berɛ a asebɔ no reyɛ aduru anamɔn a wɔbɛtumi ato akyere no, anwansankuo no nyinaa danee wɔnho dwane firii hɔ. Mennim sɛdeɛ anwansane ahobanbɔfoɔ no ne kuo kɛseɛ no dii nkitaho, nanso ɔkwan bi so no, kɔkɔbɔ bi baaeɛ na anwansane no nyinaa dwane kɔɔ baabi kɔbɔɔ wɔnho adwaa.

Na ɛdeɛn na asebɔ no yɛe akyire yi? Wankyɛreho koraa, asebɔ mmienu no san hyɛɛ wɔn akwan no ase a sɛ ɔsebɔ baako weawea kɔ nanim a na ɔsebɔ foforɔ nso atenase kyereben wɔ ɛserɛ no mu. Akwan a wɔde di wɔn akyi no kɔɔso. Wannyae ara da. Wɔannye wɔn ahome mpo. Na wɔn asi nkete sɛ wɔbedi wɔn akwan a wɔde twe adwene anaasɛ wɔdeyi ani firi biribiri so. Susan ne me hwɛɛe ara kɔpem sɛ asebɔ no nyinaa firii hɔ kɔɔ anamɔn foforɔ berɛbiara a wɔdebɛn anwansanekuo no.

Saa anadwo no Susan ne me nyaa nkitahodie a ɛsɛ nkaeɛ fa deɛ na yahunu na yasua. Afei yɛsan ne yɛn mma ne yɛn mmanananom twetwee nkɔmmɔ faa saa suahunu yi ho. Na yahunu adesua ahodoɔ a ɛho wɔ mfasoɔ. Afei mɛkyerɛkyerɛ saa adesuadeɛ a mayi mu mmiensa pɛ.

Adeusa#1—Hwɛyie Wɔ Bɔne Nnaadaa Ahodane Ho

Medeɛ, menim sɛ asebɔ yɛ nnadaa, wɔn ho yɛfɛ,na wɔyɛ mmoadoma a wɔda nso. Asebɔno ahosuo a ɛyɛ akokɔ sradeɛ ne fitaa a ani dum tuntum dedamu no yɛ ahodane fɛɛfɛ a ɛma saa mmoadoma yi hunu yɛden wɔ brɛ a wɔdɛɛdɛɛ wɔn nam Abibirem asaase ahodoɔ so.

Mfoni
Ɔsebɔ dane neho wɔ asaase no so

Wɔ ɔkwan a ɛtesɛ wei so no, honhom mu adwene ne nneyɛɛ bi a ɛyɛhu bɛtumi ayɛ deɛ ɛtwe wo bɛn, akɔnnɔ anaasɛ deɛ anigyeɛ wom. Ekyerɛ sɛ wɔ yɛn nnɛ wiase yi mu ɛsɛsɛ yɛn mu biara hwɛyie wɔ nnaadaa bɔne a ɛtesɛ adeɛbi a ɛyɛ. Yesaiah bɔɔ kɔkɔ, sɛ “Wɔnnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne papa na wɔfrɛ; papa bɔne no wɔnnue, wɔn a wɔde esum yɛ hann, na wɔde hann yɛ esum, wɔde nwononwono yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwononwono!”1

Wɔ mmerɛ a nneɛma abutu a worebu onipa nkwa animtia abɛyɛ deɛ yɛpagya no sɛde ɛtene na yɛhu basabasa nso sɛ fawohodie yi, hwɛ nhyira a yɛwɔ sɛ yɛtease wɔ saa nna a edi awieɛ mmerɛyi mu a nsɛmpa a wasan de aba hann bɛtumi ahyerɛn gonn wɔ y’abrabɔ mu na aboa yɛn ama yahunu ɔbɔnefoɔ no esum nnaadaa ne deɛ ɛtwetwe yɛn.

“Ɛfiri sɛ wɔn a wɔyɛ mmadwenmma na wɔanya nokorɛ no, na wɔafa honhom kronkron no sɛ wɔn kwankyerɛfoɔ, na wɔnnaadaa wɔn nonokorɛ mese mo, wɔnntwa wɔn nngu ogya mu na wɔbɛtumi, agyina da no.”2

Adesua#2—Ma Wani Nna Wohoso Na Yɛ Krado

Nwansane de, berɛ ketewa bi a wɔannyɛ ahwɛyie anaasɛ nani anna neho so no bɛtumi ama ɔsebɔ ato ahyɛ neso. Saa nso, na honhom mu ahogyedie ne nnyatomu ma yɛnho kwan ma ɔsɛefoɔ kɔ nanim. Honhom mu adwendwene nnihɔ a ɛtwe nneɛma a ɛyɛhu ba yabrabɔ.

Mfoni
Alert topis

iStock.com/Angelika

Nifae kyerɛkyerɛɛ sɛnea wɔ awieɛ mmerɛ mu, ɔbonsam bɛma ebinom akoma atɔ yam, na wadaadaa wɔn ama wɔde “wɔn werɛ ato honam ahobanbɔ: mu ama wɔaka sɛ Sion; ayɛ yie, aane Sion ayɛ frɔmfrɔm:—ne nyinaa yɛ na saa na ɔbonsam de sisi wɔn akra, na ɔnam naadaa so de wɔn kɔ asamando.”3

Daadaa anidahɔ ho hia sɛ ɛtia tirimudɛ ne sansaniyɛ. Wani redahɔ no yɛ tebea bi anaasɛ anammɔntuo bi a woretu ama wabue wani yie ama nneɛma a ɛyɛ hu anaa deɛ ɛmu yɛ den a ɛbɛtumi aba. Na anidahɔ kyerɛ ɔwen neyɛɛ sɛ yɛbɛhwɛ so na yɛabɔ ho ban. Yɛreka no wɔ honhom mu a yɛhia sɛ yɛbue yɛn ani na yɛyɛ dinn ma HonhomKronkron no ɛne nkaebɔ a efiri Awuarade ahwɛfoɔ a wɔgyina abantenten no so4

“Aane, na metu mo fo nso sɛ mo nnwɛn na momɔ mpaeɛ mmerɛ nyinaa, na ɔbonsam amfa mo ankɔ, na hwɛ ɔremfa adepa biara ntua mo ka.”5

Yɛde yɛabrabɔ ani si Agyenkwa no ne nensɛmpa no so a, yɛtumi nya ahoɔden a nipa a ɔwɔ honam mu de bɛdi honhom mune akwadworɔ so. Sɛ wahyira yɛn ani a yɛdehunu ɛne aso a yɛdetie yi,6 Honhom Kronkron no bɛtumi ama yɛn ahoɔden a ɛkɔ nkan a yɛbɛtumi ahwɛ na yɛatie berɛ a yɛnnwene sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ na yɛtie anaasɛ berɛ a ebia yɛnnwene sɛ yɛbetumi ahunu anaasɛ yɛate biribiara.

“Monnwɛn sɔdeɛ mobɛyɛ krado.”7

Adesua#3—Te Ɔtanfo no Nsusuieɛ Ase

Ɔsebɔ yɛ aboa bi a abɔdeɛ mu no ɔkyere mmoa. Da mu nyinaa ne dabiara ɔsebɔ kyere mmoa.

Mfoni
Ɔsebɔ ahayɔ

Ɔbonsam “yɛ tenenee tamfo ɛne wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn pɛ.”8 Damu nyinaa, ne dabiara ne nsusuieɛ ne botaeɛ nesɛ ɔbɛma Onyankopɔn mmammarimma ne maa ayɛ mmɔbɔ sɛ ɔno.9

Agya no anigyeɛ nhyehyɛɛ no wahyehyɛ no sɛnea ɛbɛma akwankyerɛ ama ne mma, sɛ ɔbɛma wɔn anya anigyeɛ a ɛtenahɔ daa, na ɔde wɔn owusɔreɛ ne honam abasobɔ aba fie dwoodwoo. Ɔbonsam adwuma nesɛ ɔbɛma Onyankopɔn mmammarimma ne mmaa nhunu wɔnho ano na wɔn werɛ ahoɔ na wasi wɔn asetena a enniawieɛ ho kwan. Ɔsɛefoɔ no yɛ adwuma anibreso sɛdeɛ nneɛma a ɛwɔ Agya no nhyehyɛɛmu a ɔkyiri koraa.

Ɔbonsam nni honam na ne enniawieɛ nkankrɔ apem. Sɛdeɛ wɔde osiakwan si nsutene a ɛnam nsumena mu kwan mu no saa ara na ɔsɛefoɔ no enniawieɛ nkankrɔ no anya akwansideɛ efirisɛ ɔnni honamdua. Ɛnam n’atuateɛ nti suahunu a ɛnam honam ne nnompe ntomadan so no abɔno. Twerɛnsɛm nkyeraseɛ baako a ano yɛden a ɛkyerɛ asɛm osiakwan ne sɛ ɔrentumi nkɔ nanim na wabɛyɛ sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro.

Ɛnamsɛ honamdua di akotene wɔ Agya no anigye nhyehyɛɛ ne yɛn honhom mu nkankɔ no nti, Lucifer hwehwɛ sɛ ɔbɛsi yɛn nkankɔ ho kwan, a enti ɔnam yɛn honam a yɛnfa nyɛ deɛ ɛfata so prɛ yɛn to nsɔhwɛ mu. Titenani Russell M. Nelson aka sɛ honhom mu ahobanbɔ nyinaa wie sɛ “‘wontu anamɔn a ɛdikan a ɛyɛ akɔnnɔ nsi baabi a ɛnsɛsɛ wokɔ kwan so, na worenyɛ deɛ ɛnsɛ sɛ woyɛ.’ Sɛ yɛyɛ nipa yi yɛn nyinaa wɔ honam mu akɔnnɔdeɛ a ɛhia ma asetena. ‘Saa akɔnnɔdeɛ yinom hia titiriw ma y’asetena. Ɛno nti, deɛn na ɔsɛefoɔ no yɛ? Ɔnam yɛakɔnnɔ so kotia yɛn. Ɔprɛ yɛn to mmusuo mu mayɛdi nneɛma a ɛnsɛsɛ yɛdi, ma yɛn dɔ sɛdeɛ ɛnsɛsɛ yɛdɔ!’’’10

Aseresɛm baako paa a ɛwɔ ɔsoro ne sɛ, ɔsɛefoɔ no a wayɛ mmɔbɔ ɛnam sɛ ɔnni honamdua no nti, frɛ yɛn sɛ yɛne no nkyɛ ne mmɔbrɔyɛ nam yɛn honamdua a yɛnfa nnyɛ deɛ ɛsɛsɛ yɛdeyɛ so. Akadeɛ korɔ no a ɔnni na ɔntumi mfa nnyɛ adwuma no nti ɛno ne nebotae a esi naniso a ɔpɛsɛ ɔde dɛfɛdɛfɛ yɛn dekɔ honam ne honhom mu ɔsɛeɛ mu.

Worete ɔtamfo no nsusuieɛ no yɛ deɛ ɛhohia wɔ ahosiesie a woyɛ ma ntohyɛsoɔ.11 Saa ara na etɛeɛ efirisɛ Ɔsahene Moroni hunuu Lamanatefoɔ no nsusuieɛ, na na wayɛ ahosiesie sɛ ɔbɛhyia wɔn wɔ berɛ a na wɔreba no, na ɔdii nkunim .12 Na saa gyedi ne anohoba no kɔ ma yɛn nyinaa.

“Sɛ wɔayɛ ahosiesie a, ɛ.nsuro

“Na sɛdeɛ mpbɛdwane ɔtanfo no tumi.”13

Ɔfrɛ, Bɔhyɛ ne Adansedie

Sɛdeɛ yɛbetumi anya adesuadeɛ afri sɛ yɛrehwɛ anya adesuadeɛ asebɔ ne anwansane suban mu no, saa ara na ɛsɛ yɛn mu biara hwehwɛ adesua ne kɔkɔbɔ a yɛhu wɔ nsɛm nketenkete a ɛsi wɔ yɛn daadaa abrabɔ mu. Berɛ a yɛhwehwɛ adwene ne akoma a abue sɛ ɛbɛgye ɔsoro akwankyerɛ nam Honhom Kronkron no tumi so no, ɛhɔ na nkyerɛnkyerɛ a yɛnetumi anya a ɛso ene kɔkɔbɔ yɛn suahunu mu. Abasɛm a tumi wɔ mu wɔ twerɛnsɛm no ne yɛn daadaa abrabɔ mu.

Mabobɔ nneɛma bebree a yɛbetumi ahunu wɔ mene Susan akwantuo wmfiɔ Abibirem mu mmeɛnsa pɛ. Meto nsa frɛ wo na mehyɛ wo nkuran sɛ dwendwen saa asɛm a esiiɛ yi a ɛfa asebɔ ne anwwansane yi ho na hunu adesuadeɛ afoforɔ ma wo ne w’abusuafoɔ. Mesrɛ wo kae berɛbiara sɛ moafie mu na ɛyɛ nsɛmpa nkyerɛkyerɛ nabrabɔ mfimfi.

Berɛ a wonam gyedi so regye saa nkratoɔ yi, adwendwene a ɛma nkanyan bɛba wadwene mu, honhom mu atenka bɛhono wɔ wakoma mu na “wobɛhunu anamɔntuo a ɛsɛsɛ wotu anaa wotoaso [sɛdeɛ] wobetumi afa [onyankopɔn] akomadeɛ no nyinaa ara ahyɛ sɛdeɛ wobetumi agyina ɛdabɔne no, wɔ berɛ a wɔayɛ ne nyinaa ara, sɛdeɛ mobetumi agyina.”14

Mehyɛ bɔ sɛ morepem kɔ anim wɔ bɔhyɛ kwan so no ma honhom mu ahobanbɔ na ɛde anigyeɛ a ɛnsa da ba moabrabɔ mu.

Mehyɛbɔsɛ morepem kɔ anim wɔ bɔhyɛ kwan so no ma homhom mu ahobanbɔ na ɛde anigyeɛ a ɛnsa da ba moabrabɔ mu. Na medi adanseɛ sɛ Agyenkwa no a wasɔre na ɔteaseɛ bɛkora na wahyɛ yɛn den wɔ mmerɛ a ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ mu. Weinom na medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim