2010–2019
Deɛ Wɔnam Mormon Nwoma No Tumi So Ahu
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Deɛ Wɔnam Mormon Nwoma No Tumi So Ahu

Ɛwɔsɛ nipa nyinaa nya tumi a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu ne no nokorɛ no mu kyɛfa.

Berɛ biara a merekɔ nsrahwɛ wɔ wɔn afiefie no, asɛm baako a ɛyɛ a metaa bisa wɔn a wɔasakra no ne sɛ ɔkwan a wɔne wɔn abusuafoɔ nam so bɛhunu Asɔre no ɛne ɔkwan a wɔnam so bɛbɔɔ asuo. Ɛnfa ho sɛ saa brɛ no nipa no wɔ ahokeka wɔ asɔre no mu anaasɛ wɔmaa asɔre mfie bebree akyi. Mmuaeɛ no taa yɛ adekrɔ: sereɛ wɔ wɔn nanim ne anigyeɛ, hyɛ aseɛ ka wɔn asɛm wɔ kwan a wɔfaaso huu wɔn. Nokorɛ, wɔasɛm a ɛfa wɔn nsakraeɛ ho berɛ biara no yɛn deɛ ɛfa ɔkwan a wɔfaaso hunuu wɔn.

Yesu Kristo no ankasa yɛ nneɛma a ayera Awuarde. Na wɔhwehwɛ nea ayera. Ɛno nti na ampa ara ɔkyerɛkyerɛɛ abasɛm mmeɛnsa a yɛhunu wɔ Luka 15 nsɛmpa mu:a ɛfa, odwan yerafoɔ no ho, dwetɛbena a ayera ne ho, na deɛ ɛtwatoɔ koraa, ɔba desɛefoɔ no ho. Saa abasɛm mmeɛnsa yi nyinaa wɔ asɛm korɔ noara: na ɛnfa hoo ne ɔkwan a wɔfaaso yeraeɛ. Na ɛnfaho sɛ empo na wɔn nnim sɛ wayera anaa. Na onyaa ɛdɛ kɛseɛ bi a ɛso maada kaasɛ , “ Mo ne me ani nnye, ɛfiri sɛ mahunu me dwan a ɔyeraeɛ no.”1 Awieɛ no, wannyera biribiara.2

Mame kwan na me ne wo nkyɛ nneɛma a ɛsombo ma me no mu baako—asɛm a ɛfa sɛdeɛ wɔhunuu me ara.

Aka kakra na madi mfeɛ 15, me wɔfa Manuel Bustos, too nsa frɛɛ me sɛ me ne n’abusua mmedi mmerɛ kakra wɔ nenkyɛn wɔ United States mu. Na wei bɛyɛ akwanya kɛseɛ ama me sɛ mesua brɔfo kasa. Na me wɔfa asakyera kɔ asɔre no mu mfeɛ bebree ansa na na ɔwɔ asɛmpatrɛ honhom a ɛkɔ nkan. Ɛno nti na ebia me maame, wɔ berɛ a na mennim no no, ne no kasaaeɛ na ɔkaasɛ ɔbɛpene ɔfrɛ no so gyina adeɛ baako so: sɛ ɔmmɔ mmɔden sɛ ɛnkorɔkorɔ me mma me nkɔyɛ n’asɔreba. Na yɛyɛ Catholikfoɔ, wɔ awoɔ ntoatoasoɔ, bebree mu na na nyinasoɔ biara nnihɔ a ɛsɛsɛ yɛsesa. Me wɔfa nyaa ne no nteaseɛ yie na ɔdii n’asɛm so kɔsii sɛ wɔampɛ sɛ ɔbɛyi asɛmtia baako mpo a ɛfa asɔre no ho.

Ampa ara, deɛ me wɔfa ne ne yere, Mrjorie, antumi ankwati ne sɛ wɔreyɛ sɛdeɛ wɔyɛ.3

Wɔmaa me ɛdan kɛseɛ bi a na nwoma a yɛkenkan ahyɛma. Na mehunuu sɛ saa ɛdan a nwoma ahyɛma no Mormon Nwoma bɛyɛ 200 a ɛyɛ kasahodoɔ ahyɛ ma., na na emu 20 nso yɛ spanish kasa.

Dakoro bi menam mfeefeemu, kwan so me faa Mormon Nwoma a watwerɛ no wɔ Spanish kasa mu.

Mfoni
Mormon Nwoma no wɔ Spanishe kasa mu

Na saa nwoma yi mu baako nkatakyie ahosuo no yɛ abibire, a na ɔbɔfoɔ Moronae mfonin da anim. Na sɛ wobue mu a, bɛhyɛ a edikan ne sɛ “Na sɛ mo nsa ka saa nneɛma yi a, mɛtu mo fo sɛ momisa Onyankopɔn, Agya a Ɔnniawieɛ no, wɔ Kristo din mu, sɛ saa nneɛma yi nnyɛ nokware a; na sɛ mode akoma kann, ne adwene pa, na mo nya gyedie wɔ Kristo mu a, ɔnam Honhom Kronkron no tumi so bɛda nokware a ɛwɔ mu no adi akyerɛ mo.

Na ɛdekaa ho sɛ “Na ɛnam Honhom kronkron tumi no so, mobɛtumi ahunu nokware a ɛwɔ nneɛma nyinaa mu.”4

Ɛyɛ den sɛ mɛkyerɛkyerɛ nsunsuansoɔ a saa twerɛnsɛm yi nyaa wɔ m’adwene ne m’akoma mu. Nokorɛ mu no, na merenhwehwɛ “nokorɛ no”. Na meyɛ abarimma ara, a n’ani gye n’abrabɔ ho, a ɔredi mmerɛ wɔ saa ammammerɛ foforɔ yi mu.

Weinom nyinaa ara akyi no, ne bɔhyɛ a ɛwɔ m’adwene mu nti mehyɛɛ aseɛ kenkanee nwoma no sieeɛ. Mere kenkan no bebree no, Me nyaa nteaseɛ sɛ sɛ mepɛsɛ menya biribi firi saa nwoma no mu a ɛwɔsɛ mehyɛaseɛ bɔ mpaɛ. Na yɛn nyinaa nim nea ɛtumi si ɛmmrɛa yayɛ yadwene sɛ yɛnkenkan Mormon Nwoma no nkoaa na mmom yɛbɛbɔ hoo mpaeɛ. Aa, ɛno ne deɛ ɛtoo me ara pɛ. Na ɛyɛ biribi a ɛyɛ soronko na ɛda mu baako pɛ—aane, sɛdeɛ ɛtoo afoforɔ mpempem a wɔwɔ wiase afanan nyinaa ara pɛ. Ɛnam Honhom Kronkron no so maa me behunuu sɛ na Mormon Nwoma no yɛ nokorɛ.

Afei mekɔɔ me wɔfa hɔ kĨyerɛkyerɛ no mu sɛ mayɛ ahoboa sɛ mɛbɔ asu. Me wɔfa antumi annyina nwanwa Ɔtenaa ne kaa mu, Ɔkɔɔ wiemhyɛn gyinabea, hɔ, na ɔde me tekiti brɛɛ me sɛ mensan nkɔ fie, a watwerɛ krataa ketewa bi sɛ menfa nkɔma me maame a emu nsɛm tiawa nesɛ “Me ne wei nni hwee yɛ”

Ɔkwan bi so no, na ɔdi bem. Wɔnam Mormon Nwoma no so pɛɛ ahu me.

Ɛbetumi abasɛ bebree na wɔnam anwanwa kwan a missionarifoɔ a wɔwɔ wiase afanaa nyinaa huu wɔn, wɔ kwan biaa so no ɛyɛ nwanwasoɔ. Anaasɛ ebia wɔnam nnanfonom a Agya nam anwanwa kwanso de maa wɔn so na ehuu wɔn. Ɛbetumi mpo ayɛ sɛ ebia ɛnam obi a ɔfiri saa awoɔ ntoatoasoɔ yi mu anaasɛ ɛnam wɔn nananom mu baako bi so na wɔde ahu wɔn.5 Sɛdeɛ eteɛ biara no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ wɔn anim akɔ ankorankorɛ nokorɛ nsakraeɛ mu no seesei anaa ɛrenkyɛ biara no, ɛsɛ wɔn nyinaa ara hunu na wɔnam tumi a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu so hu wɔn. Berɛkorɔ ara mu no, ɛsɛsɛ wɔn ankasa si gyinaɛ sɛ wɔbɛsi nkete a emu yɛ den ama Onyankopɔn sɛ wɔbɛpre sɛ wɔbɛdi ne mmaransɛm so.

Mesan kɔɔ Buenos Aires no, me maame hunuu sɛ ampa ara na mepɛ sɛ mebɔ asu. Ɛmmrɛa na mewɔ asoɔden honhom no, sɛ anka wɔbɛsɔre atia me no, mmom wɔtaamɛkyi akwaniasa nyinaa so. Ɛmmrɛa a na menim mpo no, ɔnoaa ankasa totoo ma no wɔ masubɔ ho. Megyedi sɛ nsɛmmisa no mpo kɔɔ akyiri kyɛnee deɛ yɛn asɛmpa trɛfoɔ mpo yɛ no. Ɔkakyerɛɛ me sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wɔbɔ wo asu a, mɛtaa wakyi. Na mmom deɛ edikan no, merebɛbisa wo nsɛm bi na mepɛ sɛ wodwendwene hoo yie paa ara na firi nokorɛ mu yoo me ano. Wogyetum sɛ wobɛkɔ asɔre Kwasiada biara?

Meka kyerɛɛ no sɛ, “Aaane, ampa ara, mɛyɛ saa”

“Wonim ɔkwan tenten a wɔde kɔ asɔre no?

“Megyee so sɛ,”Aaane.

Ɔbuaa sɛ, sɛ wobɔ asu a mɛhwɛ sɛ wobɛkɔ. Afei ɔbisaa me sɛ mewɔ ɔpɛ sɛ merennom nsakeka anaaa sigrɛɛte dabiarada ampa ara anaa.

Meka kyerɛɛ no sɛ, “Aaane, ampa ara, medi ne nyinaa son”

Ɔdetaa akyire sɛ, “Sɛ wobɔ asu a mɛhwɛ sɛ ɛte saa ara pɛpɛɛpɛ,na ɔtoatoaaso saa kwan no ara so” Ɛrekame ayɛ sɛ, mmaransɛm no nyinaa ara mu.

Me wɔfa afrɛ me maame aka akyerɛ no sɛ ɔmma ɛnha no na ɛnkyɛre biara, wei nyinaa bɛba mu. Mfeɛ nnan akyi a me nsa kaa ɔfrɛ sɛ menkɔ Uruguay Montevidio mishyen no, me maame frɛɛ me wɔfa bisaa no, berɛkorɔ pɔtee a weinom nyinaa ara bɛba mu ama me. Nokorɛ no ne sɛ efiri berɛ a mebɔɔ asu no nyinaa ara no na ɔyɛ ɛna a ɔwɔ anigyeɛ mu.

Mebɛhunuu sɛ Mormon Nwoma no di akotene wɔ nsakraeɛ nnidisoɔ no mu worenya bɔhyɛ sɛ “Onipa nam emu nkyerɛkyerɛ so bɛbɛn Onyankopɔn.”6

Nifae kyerɛkyerɛɛ botaeɛ a Mormon Nwoma no gyina so wɔ saa ɔkwan yi so:

Na yɛbɔ mmɔden twerɛ, de adanedane yɛn mma, ne yɛn nuanom nso, ma wɔagye Kristo adi, na wɔaka wɔn ne Onyankopɔn abɔ mu;

“Na [yɛka] Kristo ho asɛm, yɛdi dɛ wɔ Kristo mu, yɛbɔ Kristo nsɛmpa no [ho] dawuro, yɛhyɛ Kristo, … ho nkɔm, na yɛtwerɛ sɛdeɛ yɛn nkɔmhyɛ teɛ no, ama yɛn mma ahunu baabi korɔ a ɛsɛ sɛ wɔkɔhwehwɛ bɔnefakyɛ7

Wɔde saa botaeɛ kronkron yi ara ahyɛ Mormon Nwoma no mu.

Nam saa botaɛ yi nti, obi biara a obesi nadwene pi sɛ wɔbɛkan no, de honhom mu mpaebɔ aka ho no, rensua Kristo ho asɛm nkoaa na mmom wobesua afiri Kristo—nkanka sɛ wɔsi gyinaɛ sɛ “wɔbɛdi wɔn ho ni wɔ n’asɛm mu a”8 na mmom wɔn ampo n’asɛm no ntɛmtɛm so ɛnam anyeanie nsɛm a enyina hweeso9 anaasɛ nea nkorɔfoɔ nso bɛka afa nwoma a wɔn kenkan da ho.

Titenani Russell M. Nelson dwendwenee ho sɛ: “Sɛ medwendwene Mormon Nwoma no ho a, medwene asɛm tumi. Nokorɛ a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu no wɔ tumi sɛ ɛsa, yareɛ, ɛkyekyere werɛ, ɛsan de deɛ wahwere ba, ɛhyɛden, pepa nisuo, na ɛte yɛn kraa anim.”10

Me nkratoɔ a ɛkɔ ma yɛn mu niara, ɛnfa ho ne berɛ tenten a yɛabɛyɛ asɔremma ne sɛ yɛbɛma tumi ne nokorɛ a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu ahu yɛn na agye yɛn awaawaatuu bio ne daadaa wɔ berɛ a yɛrehwehwɛ ankorankorɛ adiyie. Sɛ yɛma ho kwan a ɛbɛyɛ saa.

Medi adanseɛ anibreso sɛ Mormon Nwoma no Kura Yesu Kristo nsɛmpa no a ahyɛma no, na ɛno nti Honhom Kronkron no bɛsi so dua ɛfiri berɛ rekɔ berɛ ama obiara a ɔde akomapa hwehwɛ nimdeɛ a ɛdekɔ wɔn kra nkwagyeɛ mu.11 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Luke 15:6; hwɛ Luke 15:9, 32.

  2. Wɔ ne mpɛnpɛnsoɔ mu no, twerɛnsɛn no ka fa adiyisɛm a ɛkasa fa Israel abusua no boaboa ho dummienu no a wayera no (hwɛ Russell M. Nelson, “Israel Abusua a abɛ ahwetee no anoboaboa,” Liahona, Nov. 2006, 79–82). Emmom wɔn ayera deɛ, Nanso wɔn nyera maa No (see 3 Nifae 17:4). Na afei nso, ɛwɔsɛ yɛhunu sɛ na wɔn nim sɛ wayera kosi sɛ wɔhwehwɛɛ wɔn hunuu wɔn ansa, nkanka ɛmmrɛ a wɔkɔgyee wɔn Agya nhyira.

  3. Elder Dieter F. Uchtdorf quoted Saint Francis of Assisi when he said, “Preach the gospel at all times and if necessary, use words” (“Waiting on the Road to Damascus,” Liahona, May 2011, 77; see also William Fay and Linda Evans Shepherd, Share Jesus without Fear [1999], 22).

  4. Moroni 10:4–5.

  5. The conversion story of our ancestor is also our own story. Elder William R. Walker taught, “It would be a wonderful thing if every Latter-day Saint knew the conversion stories of their forefathers” (“Live True to the Faith,” Liahona, May 2014, 97). Hence, all of us in some way have been found directly or through our ancestors, thanks to our Heavenly Father, who knows the end from the beginning (see Abraham 2:8).

  6. Mormon Nwomma no Nianimuasɛm; see also Alma 31:5.

  7. 2 Nifae 25:23, 26.

  8. Alma 31:5.

  9. See Alma 32:28.

  10. Russell M. Nelson, “The Book of Mormon: What Would Your Life Be Like without It?Liahona, Obubuo 2017, 62.

  11. See 3 Nifae 5:20.

Tintim