2010–2019
Apamhyɛfoɔ Mmaa A Wɔne Onyankopɔn Wɔ Dwumadie mu Kyɛfa
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Apamhyɛfoɔ Mmaa A Wɔne Onyankopɔn Wɔ Dwumadie mu Kyɛfa

Sɛ woyɛ ɔbaa a wone Onyankopɔn ayɛ apam no yɛ adeɛa Onyankopɔn mma mmaa papa ayɛ, sɛ ɛnanom aberebiara, wɔdikan na wɔsom.

Ɛyɛ me anisɔ wɔ nhyira a menya sɛ mekasakyerɛ mo a moyɛ Onyankopɔn apamhyɛfoɔ mmamaa. Anwummerɛ yi me botae ne sɛ mɛhyɛ mo nkuran wɔ ɔsom a ɛso a wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ. Aaane, Onyankopɔn babaa biara a ɔretie me nne anya ɔfrɛ afiri Awurade hɔ.

Wofrɛ hyɛɛ aseɛ berɛ a wɔde wo honam mu, wɔ beaɛ ne mmerɛ a wo Nyankopɔn a ɔnim wo yie pefee na ɔdɔ wo sɛ ne babaa ayi ama woɔ. Wɔ honhom wiase mu no, na ɔnim wo na ɔkyerɛkyerɛ wo na ɔde wo baa sɛ wobɛnya akwanya, a ɛntaa nsi wɔwiase abakɔsɛm mu, sɛ wɔbɛto nsa afrɛ akɔ asubɔ nsuo mu. Ɛhɔ a wɔbɛte saa nsɛm yi a Yesu Kristo asomfoɔ wafrɛ no ka sɛ ɛnam Yesu Kristo a wapaw me no nti, mebɔ wo asu wɔ Agya, Ɔba ne Honhomkronkron din mu. Amen.”1

Wofri nsuo no mu no, na wagye ɔfrɛ foforɔ atom sɛ wobɛsom. Sɛ Onyankopɔn apamhyɛni baa foforɔ yi, wohyɛɛbɔ sɛna wɔgyee dwumadie bi wɔ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma Awieɛ Mmerɛ yi mu Ahoteefoɔno mu, a ɛmaa wɔgyee wo too mu sɛ asɔreba. Wone kOnyankopɔn ɔɔ apam sɛ wode Yesu Kristo din bɛto wo ho so, sɛ wobɛdi ne mmaransɛm so ba wasom no.

Obiara a ɔkɔ saa apam yi mu no, ɔsom biara a Awurade frɛ no sɛ ɔmmɛyɛ no bɛfata saa onipa no pɛpɛɛpɛ. Mmom, Onyankopɔn apamhyɛfoɔ mmammaa ne mmammarima nyinaa wɔ kyɛ ɔfrɛ baako a ɛhia na ɛyɛ anigyeɛ baako. Ɛnesɛ wɔbɛsom afoforɔ ama no.

Ɔrekasa kyerɛ nnuammaa no, Titena Russell M. Nelson bɔɔ ɔfrɛ a Awurade afrɛ wɔn sɛ wɔ bɛka ne ho wɔ n’adwuma mu. Titena Russell M. Nelson kyerɛɛ wofrɛ no kwan yi so: “Awurade kaa sɛ, ‘M’adwuma ne manimuonyam nesɛ mede onipa a ɛnnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awiaeɛ bɛba.’’ (Mose 1:39.) Ɛno nti Ne babaa a ɔwɔ ahuhuakyɛ a ɔyɛ ne suafoɔ bɛtumi aka nokorɛ mu sɛ, m’adwuma ne m’animuonyam ne sɛ mɛboa ama m’adɔfo aduru saa ɔsoro botaeɛ no.

Sɛ woboa onipa foforɔ ma ɔduru sɛlɛhyia bɔbrɛ a ɛyɛ ɔbaa ɔsoro adwuma. Sɛ ɔbaa kyerɛkyerɛni anaasɛ ɔhoteenii a ɔretete mma no, ɔnwene dɔteɛ a ɛteaseɛ na ɛyɛ sɛdeɛ nanidasoɔ teɛ. Wɔ ɔne Onyankopɔn nkabom dwumadie mu no, ne soro adwuma nesɛ ɔbɛboa ahonhom ama wɔanya nkwa na akra nso apagya. Wei ne nabɔseɛ mu susudua. Ɛyɛ animuonyamhyɛ, ɛpegya nkyerɛkyerɛ na ɛyɛ abasobɔ.”2

Wontumi nhunu berɛ anaasɛ berɛ tenten a woara wo nyamedwuma bɛgyina ɔsom so sɛ ɛna, ɔkandifoɔ anaasɛ onuabaa hwɛsofoɔ. Awurade firi ɔdɔ mu amma yɛn ɔpɛ wɔ mmerɛ, berɛtenten anaasɛ dwumadie a ɔde ahyɛ yɛn nsa. nanso yenim firi twerɛnsɛm ne nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ hɔ sɛ, saa nwumadie a wɔde ahyɛ wo nsa yi nyinaa bɛba mu wɔ asetena yi anaasɛ deɛ ɛdihɔ no mu ama Onyankopɔn babaa biara. Wo ne wɔn nyinaa yɛ ahoboaboa ma nkwa a enniawieɛ ma abusua adɔfoɔ—deɛ ɛso sene Onyankopɔn akyɛdeɛ nyinaa.3

Wobɛyɛ nyansafoɔ sɛ wobɛbɔ mmɔden biara sɛ wode deɛ wohwehwɛ wɔ awieɛ wɔ adwene mu no bɛhyɛ aseɛ seesei yi ara. Adwuma a ɛda anim no ayɛ mmerɛ ɛfirisɛ saa dwumadie yi mu biara hia ahoboaboa korɔ no ara bebree.

Momma yɛnfa dwumadie a wɔde ahyɛ yɛn sɛ nnuammaa ahwɛfoɔ no nhyɛaseɛ . Sɛ wowɔ saa dwumadie no sɛ nnuabaa a wadi mfie du, anaasɛ Releif Society titinani a ɛnkyɛree biara na ogya adi wɔn nya anaasɛ wɔda ayaresabea a wayɛ wɔn opirehyen—wowɔ ho kwan sɛ woyɛ wɔfrɛ adwuma a efiri Awuade hɔ sɛ woyɛ N’ebabaa hwɛsofoɔ

Ɛnomom akɔyɛ sɛ ɔhwɛfoɔ nwuma a ɛyɛ soronko. Nanso ne nyinaa hia ɔdɔ akoma mu ahosiesie a ano yɛ den, gyedi a ehu nnim sɛ, Awurade nhyɛ, gyesɛ wasiesie ɔkwan ne ɔpɛpa sɛ wokɔyɛ ma no.4

Ɛnamsɛ wasiesie neho nti mfeɛ du abaayewa de ne nsa to ne maame kunafoɔ kɔn mu na ɔbɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛhunu kwan a ɔbɛfaso aboa n’abusua Na ɔgyina mu berɛbiara mu.

Na Reliif Sosaiti Titinani asiesie ne ho sɛ ansa na ogya tɔɔ mantam a na ɔteɛ mpofrim mu. Na wabɛhunu adɔ nkurɔfoɔ no. Na negyedi wɔYesu Kristo mu akɔ nkan firi mfeɛ bebree mu sɛ wanya mmuaeɛ afiri ne mpaebɔ sɛ Awurade mmoa no wɔ ɔsom nketenkete mu mma no. Ɛnam ahosieisie a na wayɛ firi berɛ tenten akyi no nti, na wayɛ ahoboa sɛ ɔbɛboaboa ne nnuammaanom sɛ wɔbɛhwɛ nkurɔfoɔ ne mmusua a wɔwɔ ahohiahia mu no.

Onuabaa bi a na ɔrenya ayaresa firi opirehyen a ɔyɛɛ ho no ayɛ, ahoboa sɛ ɔbɛyɛ hwɛfoɔ ama n’afɛfoɔ ayarefoɔ. Na wagye mmerɛ wɔ n’asetena nyinaa mu ayɛ hwɛfoɔ ama Awurade ama ɔhɔhoɔ biara te sɛ deɛ ɔyɔ ne yɔnko ne adamfoɔ. Berɛ a ɔnyaa atenka wɔ nakomamu sɛ wafrɛ no sɛ ɔbɛyɛ hwɛsofoɔ wɔ ayaresebea hɔ no, ɔsom afoforɔ wɔ akokouduro ne ɔdɔmu ma ayarefoɔ afoforɔ no hyɛɛ aseɛ dwenee sɛ ɔnnya ahoɔden ntɛmso.

Wɔ ɔkwankorɔ no a wɔfaso siesie woho kɔyɛ hwɛsofoɔ so no, wobɛtumi na ɛsɛsɛ woyɛ ahoboa ma wofrɛ sɛ berɛ no so a wobɛyɛ ɔkandifoɔ ama Awurade. Ɛbɛyɛ hia gyedi wɔ Yesu Kristo mu a agye nhini wɔ wodɔ a wowɔ ma twerɛnsɛm no mu sɛ wobɛdi nkurɔfoɔ anim na wakyerɛkyerɛ ne nsɛm wɔ berɛ a ehu biara nni mu. Ɛhɔ na wobɛnya Honhomkronkron no sɛ wo berɛbiara hokafoɔ. Wobɛpere sɛ wobɛka sɛ, “Mɛyɛ” berɛ a wo futufoɔ wɔ Yɔng wimɛn atitenafoɔ no mu de ahopopoɔ wɔ ne nne mu ka sɛ, “Nnuabaa Alvarez yare nɛ. Hwan na ɔbɛkyerɛ adeɛ ama no?”

Ɛgye saa berɛtenten ahoboa no ara berɛ a Awurade frɛ wo sɛ bɛyɛ adwuma a ɔde ahyɛ wo nsa sɛ ɛnna. Na mpo ɛbɛhia ɔdɔ akoma a ɛkɔ kan kyɛn deɛ na wohia dada no. Ɛbɛhia Yesu Kristo mu gyedie sene deɛ na ɛwɔ w’akoma mu kanee no. Na ɛbɛhia ahoɔden a wodebɛbɔ mpaeɛ sɛnea wobɛnya Honhomkronkron no nhyɛsoɔ,akwankyerɛ, ne awerɛkyekyerɛ a ɛsen deɛ wosusuiiɛ no.

Ebia wobɛbisa, a ɛtɔ asom, ɔkwan a ɔbarima bi a ɔwɔ mfeɛ dodoɔ biara bɛtumiahunu deɛ ɛnanom hia. Ɛyɛ asɛmmisa a ɛtɔ asom. Mmarima ntumi nhunu biribiara a, na nanso wɔbɛtumi anya adesua binom nam adiyie a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Na yɛbɛtumi nso asua bebree berɛ a yɛhwɛ deɛ ɛkɔso, berɛ a yɛfa akwanya sɛ yɛhwehwɛ honhom no ma ɛboa yɛn ma yɛte nea yɛhwɛ no ase.

Mehwɛ Kathleen Johnson Eyring wɔ mfeɛ 57 ni a y’aware. Ɔyɛ ɛnna a wawo mmarimmaa nnan ne mmayewa mmienu. Rebɛsi nnɛ wagye ɔfrɛ ɔyɛ ɛnayɛ mu nnepa ama n’abusuafoɔ bɛbro ɔha ɛne ɔha bebree nso a wate wɔn wɔ ne nnayɔ akoma mu.

Mokae Titenani Nelson kyerɛɛ pɛpɛɛpɛ fa ɔbaa a ɔwɔ dwumadie a ɛfiri Onyankopɔn—a ne dwumadie a ɛfa ɛnayɔ nso ka ho: “Sɛ ɛna kyerɛkyerɛni anaasɛ ɔhoteeni a ɔretete nipa no, ɔnwene dɔteɛteasefoɔ ma eyi n’anidasoɔ a ɔwɔ no adi. Wɔ ɔne Onyankopɔn nkabom dwumadie mu no, ne soro adwuma nesɛ ɔbɛboa ahonhom ama wɔanya nkwa na akra nso apagya. Wei ne nabɔseɛ mu susudua.”5

Mahwɛ ahunu yie sɛ, me yere, Kathleen, adi saa ɔhyɛ a wɔdemaa yɛn Agya mmammaa no so. Ɛyɛ mesɛ safoa no yɛ nsɛm a ɔka sɛ “Ɔnwene ne dɔteɛteasefoɔ ma ɛyi n’anidasoɔ a ɔwɔ no adi wɔ ɔne Onyankopɔn adwuma kyɛfa no mu.” Wanhyɛ obi dabiarada. Ɔnweneeɛ. Na ɔwɔ nhwɛsoɔ ma n’anidasoɔ a na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔn a na ɔdɔ wɔn na ɔyɛɛ ɛna maa wɔn. Na ne nhwɛsoɔ yɛ Yesu Kristo nsɛmpa no—sɛdeɛ metumi nam mpaebɔ so hunuieɛ wɔ mfeɛ bebree mu no.

Sɛ worebɛyɛ apamhyɛ baa a wo ne Onyankopɔn wɔ kyɛfa wɔ nadwuma mu no yɛ sɛdeɛ Onyankopɔn mmammaa a wɔyɛ akɛseɛ na wɔyɛ nnepa ayɛ ɛnamom , ayɛ akandifoɔ na wayɛ ahwɛsofoɔ ama afoforɔ na wɔresom ɔkwan biara ne baabiara a wasiesie de ama wɔn no so. Mehyɛbɔ sɛ wobɛnya anigyeɛ wɔ w’akwantuo a woretu akɔ wo soro fie berɛa woresan akɔ ne nkyɛn bio sɛ Onyankopɔn bɔhyɛsodifoɔ no babaa.

Medi adanseɛ sɛ Onyankopcn Agya no tease na ɔdɔ wo. Wɔ bɛtie wo mpaebɔ. Ne dɔba no dikan wɔ biribiara mu wɔ Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma Awieɛmmerɛ Yi mu Ahoteefoɔ. Titenani Russell M. Nelson yɛ ne nkɔmhyɛni a ɔtease. Na Joseph Smith hunuu Onyankopɔn ne no kasaaɛ wɔ nnuakuo no mu wɔ Palmyra, a ɛwɔ New York . Menim sɛ yɛ nokorɛ. Menso medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ Agyenkwa; Na wɔ dɔ wo. Na ɛnam ne mpata no nti, wo ho betumi ate na w’apagyagya wo de ɔfrɛ a ɛyɛ kronkron a ɛbɛba woso ama wo. Medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron mu, amen.

Tintim