2010–2019
W’akwantuo Mu Suahunu Kɛseɛ
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


W’akwantuo Mu Suahunu Kɛseɛ

Agyenkwa no to ne nsa frɛ wo dakoro biara,sɛ wode woahotɔ ne woahobanbɔ bɛto nkyɛn na woakɔka ne ho wɔ akyidifoɔkuo no akwantuo no mu.

Hɔbete

Mma bi a medɔ wɔn asusudeɛ anansesɛm a w’atwerɛ mfeɛ pii a atwam de ɔkasamu wei na ɛhyɛ aseɛ “na hɔbete bi hyɛ tokoro bi a ɛhyɛ fam.”1

Bilbo Baggins abasɛm no fa hɔbete bi paa wagye atom sɛ ne ho nnyɛ anigye a wama no akwanya a ɛyɛ anigye—akwannya sɛ ɔbɛnya suahunu, ahintasɛm ne akatua kɛseɛ ho bɔhyɛ.

Ɔhaw no ne sɛ, hɔbete a ɔbu ne ho paa mpɛ sɛ ɔne akwantuo mu suahunu bɛwɔ hwee ayɛ Wɔn abrabɔ nyinaa fa ahotɔ ho Wɔn ani gye sɛ wɔbɛdi aduane mprɛ nsia dakoro wɔ berɛ a wɔbɛnya na w’adi wɔn nna a aka wɔ wɔn mfikyifuo mu.Wɔne asrafoɔ danedane anansesɛm, nnwomtoɔ wɔrebɔ nsɛnku na wɔre to awia wɔ abrabɔ mu anigyeɛ.

Ne nyinaa mu no sɛ wɔde akwantuo mu suahunu kɛseɛ bi a ɔrehwɛ kwan ma Bilbo a, biribi bɔwura n’akoma kuronkuro mu. Ɔte aseɛ firi mfitiaseɛ sɛ akwantuo no bɛyɛ den Mpo ɛhu Ɛbɛtumi mpo aba sɛ ɔresan n’akyi biom.

Nanso akwantuo mu suahunu ɔfrɛ no aduru n’akoma kuronkuro mu Na ɛno nti, saa hɔbete yi a ne ho nnyɛ anigye yi gyaee n’ahodwo n’akyi na ɔsi kwan so kɔ suahunu akwantuo kɛseɛ bi a ɛde bɛkɔ “ɛhɔ ne akyi biom.”2

Wo suahunu akwantuo

Ebia ade koro baako nti a saa abasɛm yi hia yɛn mu pii ne sɛ ɛyɛ y’abasɛm nso.

Mmerɛ pii a atwam kɔ no, mpo ansaana yerebɛwo yɛn no, wɔ mfeɛ bi a mmerɛ ama n’ayɛ wisiwisi na osuwusie akata yɛkae so,wɔfrɛɛ yɛn nso sɛ yɛbɛkɔ saa osushunu akwantuo bi. Onyankopɔn na ɛsusuuiɛ, yɛn agya a ɔwɔ soro Yeregye saa osuahunu akwantuo yi bɛkyerɛ sɛ yɛregya yɛn ahotɔ ne yɛn ahonbanbɔ a ɛwɔ ne nkyɛn pɛɛ. Ɛbɛkyerɛ sɛ yɛreba asaase so akwantuo a amane ne nsɔhwɛ ahyɛ mu ma.

Yɛnim sɛ ɛnna fam koraa.

Nanso na yɛsan nim sɛ yɛbɛnya ademude a ne boɔ yɛ den, a honamdua ne yɛrefa honam mu anigyeɛ ne ɔyaw a ano ɛden mu yɛbɛsua sɛ yɛbɛpere,yɛbɛhwehwɛ na yɛaberɛ Yɛbɛhunu nokware a ɛfa Onyankopɔn ne yɛn ho.

Ampa, yɛnim sɛ yɛbɛyɛ mfomsoɔ bebree wɔ kwan no so. Nanso yɛnso yɛnyaa bɔhyɛ; sɛ ɛnam Yesu Kristo afɔrebɔ kɛseɛ no nti,yɛbɔne bɛtumi ahohoro, ɛho ate na ɛho ate wɔ yɛhonhom mu, na dabi, yeasɔre afiri awufoɔ mu na yɛne wɔn a yɛdɔ wɔn san bɛka abom.

Yɛsuaa sɛnea Onyankopɔn si fa dɔ yɛn paa ɛfa Ɔmaa yɛn nkwa na ɔpɛ sɛ yɛdi nkunim. Ɛno nti ɔsiesiee agyenkwa bi maa yɛn Na emom, yɛagya a ɔwɔ soro kaa sɛ, mobɛtumi ayi ama mo ho, na wɔde ama mo.3

Honam mu akwantuo suahunu no bi wɔ hɔ a ɛha na mpo ɛbɔ Onyankopɔn mma hu, ɛnam sɛ yɛhonhom mu nua mmaa ne mmarima dodoɔ no ara sii gyinaeɛ tiaa no.4

Ɛnam akyɛdeɛ ne tumi a ɛwɔ ɔpɛ a ɛho teɛ nti, yɛwetaaso sɛ adeɛ a ɛho bɛhia daakye a ɛbɛfiri deɛ yɛbutumi asua daakye ne nea yɛbɛyɛ daa hiaa sɛ yɛde yɛho bɛto saa asiane no mu.5

Na ɛno nti, yɛde yɛwerɛ rehyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ne ne tumi mu ne ne dɔba mu no, yɛgyee no too mu.

Meyɛɛeɛ.

Na saa nso nso na wonso woyɔeɛ.

Yɛgye too mu sɛ yɛbɛgya ahonbanbɔ a ɛwɔ yɛatenaeɛ a ɛdi kan na yɛahyɛ yɛankasa suahunu akwantuo kɛseɛ a ɛne sɛ yɛrɛkɔ ɛhɔ na yɛaba yɛakyi biom no ase.

Suahunu Akwantuo keseɛ Frɛ No

Na seisei honam mu asetena wɔ kwan bi a ɛrebɛtwe yɛn asan, ɛnte saa anaa? Ɛkame ayɛ sɛ yɛyi yɛani firi yɛn abisadeɛ kɛseɛ yi so, yɛayi ahotɔ ne deɛ ɛmmerɛ wɔ nyini ne nkankɔ so.

Akyinnyeɛ biaa nni ho sɛ biribi da so wɔ yɛakoma kuronkuron mu a ɛkɔm de no sɛ ɔbɛnya botaeɛ a ɛwɔ soro na animuonyam wɔ mu Saa ɛkɔm yi yɛ ade baako nti a yɛatwe nkurɔfoɔ aba nsɛmpa no ne Yesu Kristo asɔre no Saa nsɛmpa a ɛyeraeɛ na yeasan ahunu bio no, wɔ adwene mu nteaseɛbi mu no yɛ, yɛreti osuahunu akwantuo a yɛgyee too mu mmerɛ tenten bi a atwam korɔ no Agyenkwa no to ne nsa frɛ wo dakoro biara,sɛ wode woahotɔ ne woahobanbɔ bɛto nkyɛn na woakɔka ne ho wɔ akyidifoɔkuo no akwantuo no mu.

Akwankyea pii wɔ saa kwan yi so Mmepɔ, bɔnhwa ne kwatikwan Mpo ebia na akyamfoɔ, mmoatia anaa ɔtweaseɛ baako anaa mmienu bi. Nanso sɛ wotena kwan no so na wode wowerɛ hyɛ Onyankopɔn mu a, awieɛ no wobɛhunu kwan a wodeekɔ w’animuonyam hyɛbereɛ na wasan akɔ wosorofie bio.

Nti sɛn na wobɛhyɛ aseɛ?

Ɛyɛ tiawa.

Fa woakoma mu nsusuieɛ ma Onyankopɔn

Edikan, ehia sɛ wobɛyi sɛ wode woakoma mu nsusuieɛ ama Onyankopɔn Pere sɛ wobɛhunu no dakoro biara Sua sɛ wobɛdɔ no Na ma saa ɔdɔ no nhyɛ wo nkuran na sua adeɛ, teaseɛ, na di ne nkyerɛkyerɛ akyi nadi Onyankopɔn mmransɛm so. Wɔde Yesu Kristo nsɛmpa a ɛyeraae na yɛasan ahu bio no ama yɛn wɔ kwan pefee ne tiawa so a abɔfra bɛtumi ate aseɛ Yesu Kristo nsɛmpa no da so wɔ anoyie ma abrabɔ mu nsemmisa a ɛden na ɛwɔ saa nimdeɛ a ɛso a emu dɔ a mpo sɛ , sɛ yɛsua na yɛdwendwene ho wɔ yɛabrabɔ nyinaa mu a, ɛbɛtumi ayɛ den sɛ yɛbɛte mpo ɔfa apem bi ase.

Sɛ wo twentwɛn wɔ saa osuahunu akwantuo yi mu ɛfirisɛ w’adwene yɛ wo ntanta wɔ wo mmɔdenbɔ mu a, kae sɛ, akyidifoɔkuo no mfa sɛ yɛbɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ; ɛfa sɛ wobɛhyɛda ayɛ nneɛma Ɛyɛ wo pɛ na kyerɛ sɛnea wote paa yie, mpo kyɛn nea wobɛtumi ayɛ.6

Mpo sɛ wodi nkuguo a, wobɛtumi ayi sɛ womma ɔhyɛ anaa abambuo kwan, na emom san hunu w’akokoɔduru, pem kɔ w’anim na sɔre gyina. Ɛno ne nsɔhwɛ kɛseɛ a ɛwɔ akwantuo no mu.

Onyankopɔn nim sɛ wonnwie pɛeɛ, sɛ ɛtɔ da bi a wobɛdi nkuguo Onyankopɔn nnɔwo wɔ berɛ a worebrɛ nkyɛn berɛ a woredi nkunim.

ɛte sɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ, Ɔboapa pɛsɛ wokɔso sɔhwɛ kɛkɛ. Akyidifoɔkuo no te sɛ worebɔ adakabɛn[peano] Ebia deɛ wobetumi ayɛ aye adikan ne sɛ wobɛbɔ no nketenkete mmakommako a wɔgye tom biara Nanso sɛ wokɔso yɔ a, nnwom a ɛyɛ mmerɛ a na ɛden sɛ wobɛbɔ no seisei no, dakoro bi bɛma wo kwan ama wabɔ nnwom a wahyehyɛ no sononko, nnwom tiawa bi ɛkannyan akɔnnɔ, ne agorɔ nnwom.

Seisei ɛbɛtumi aba sɛ saa da no mma wɔ abrabɔ wei mu, nanso ɛbɛba Deɛ Onyankopɔn rebisa nyinaa ne sɛ wobɛma ɛho ahia wo sɛ wobɛpere.

Tene wo nsa w ɔ ɔdɔ mu kyerɛ afoforɔ

Biribi wɔ hɔ a ɛyɛ anika,ɛyɛ ayɛ ɛbɛ nwanwasoɔ, ɛfa saa ɔkwan a w’ayi yi: Ɛkwanbaako pɛ a ɛwɔ hɔ ma wo sɛ wobɛtumpɔn wɔ wo nsɛmpa suahunu akwantuo no mu ne sɛ wobɛboa afoforɔ ama wɔn nso atu mpɔn no bi.

Sɛ woreboa afoforɔ no akyidifoɔ kwan so. Gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ, ahummɔborɔ, ne ɔsom ɛte yɛho sɛ akyidifoɔ.

ɛnam wo mmɔdenbɔ so sɛ wobɛboa onibiefoɔ ne ahiafoɔ,sɛ wobɛboa wɔn a wɔwɔ ateetee mu. ɛdi dwumadie wɔ wo suban mu na ɛte ho, wo honhom yɛ kɛseɛ wo nante ntetenso kakra.

Nanso saa ɔdɔ wei ntumi mma wɔ berɛ a worehwehwɛ akyiri akatua, Ɛntumi nnyɛ ɔsom ko bia ɛrehwehwɛ nnyetom, nkorɔkorɔ, anaasɛ animuadom.

Yesu Kristo akyidifoɔ mu nokwarefoɔ dɔ Onyankopɔn ne ne mma wɔ berɛ koa wɔnhwehwɛ biribi wɔ akyire Yɛdɔ wɔn a wɔdi yɛn nhwammɔ, a wɔmpɛ yɛasem Mpo wɔn a wɔsi yɛn atwetwe, twa adapaa, na wɔhwehwɛ sɛ ɔbɛpira yɛn.

Sɛ wode Yesu Kristo dɔ kronkron no hyɛ woakoma mu mma a, wonnya daberɛ mma nitan, atenbuo, ne aniwuo Wodi Onyankopɔn mmrasɛm so firisɛ wo dɔ no Wɔ saa kwan no so no wode nkakrankakra bɛyɛ Kristo su wɔ woadwenedwene ne wo nneyɛɛ mu7 Na ɛdeɛbɛn osuahunu akwantuo na ɛbɛtumi ayɛ kɛse asene yei?

ka wo suahunu

Adea ɛtɔ so mmiɛnsa a yɛrepere sɛ yɛbɛsua wɔ saa akwantuo yi mu ne sɛ yɛbɛfa Yesu Kristo din no ato yɛn ho so na nnyɛ sɛ yɛani bɛwu wɔ nnipa ko a yɛyɛ ho.

Yɛmmfa yɛgyidie nsie.

Yɛnnsie no.

N’abirabɔ mu no yɛ ne afoforɔ kasa fa yɛakwantuo wɔ kwan a obiara gye tom sɛ ɛyɛ ne yɛbea a ɛyɛ ne kwan so Ɛno na nnamfonom ɛyɛ_ wɔkasa fa nneɛma a ɛhia wɔn ho Nneɛma a ɛbɛn wɔn akoma ho yie paa na ɛde nsonsonoeɛ brɛ wɔn.

Ɛno na woyɛ woka w’abasɛm ne wo suahunu sɛ ekuo wɔ Yesu Kristo asɔre a ɛwɔ hɔ ma nkyirimma ahotefoɔ.

Ɛtɔ dabi a w’asuahunu ma nnipa sere Ɛtɔ dabi nso a ɛde osu na ɛberɛ wɔn Ɛtɔ dabi nso a wɔbɛboa ma nnipa toa so wɔ abotare mu, ateapɔ mu ne akokoɔduru a wode bɛhyia dɔnhwere foforɔ, ɛda foforɔ a woretwe bɛn Onyankopɔn nkakrankakra.

Woankasa kyɛ w’adesuahunu wɔ abɛɛfo kasafidie so, wɔ akuokuo mu, baabiara.

Ade baako a Yesu kakyerɛɛ n’asuafoɔ ne sɛ wɔbɛkɔ wiase afanan nyinaa na wɔakĨa Kristo wusɔreɛ no ho nsɛm.8 Ɛnnɛ yɛde anigyeɛ ɛgye saa atuhoakyɛ a ɛso yi tom.

Nsɛm a animuonyam wom a yɛwɔ kyɛ: Ɛnam Yesu Kristo nti, ɔbarimaa biara , ɔbaa ne abɔfra bɛtumi asan akɔ wɔn sorofie asomdwoeɛ mu na , ɛhɔ no, w’atena ase wɔ animuonyam ne tenenee mu!

Nsɛmpa dodoɔ no wɔhɔ a yɛbɛkyɛ.

Onyankopɔn ada ne ho adi akyerɛ nipa wɔ yɛn mmerɛ yi mu! Yɛwɔ nkɔmhyɛni a ɔtease.

Mɛtumi akae wo sɛ Onyankopɔn nhia wo sɛ wobɛtɔn nsɛmpa a ɛyeraeɛ na yeasan ahunu bio ne Yesu Kristo asɔre no.

Deɛ ɔrehwehwɛ kɛkɛ ne sɛ womfa nsie esum mu.

Na sɛ nnipa si gyinaeɛ sɛ asɔre no nnyɛ wɔn dea a, ɛno yɛ wɔn agyinaeɛ.

Ɛno nkyerɛ sɛ woadi nkuguo wodeɛ kɔso yɛ wɔn yie Saa nso so na ɛnka ho sɛ wo bɛyi afiri mu sɛ wonto wonsa mferɛ wɔn bio.

Nsonsoeɛ a ɛda casual social nkitahodie ne ahuinummɔborɔ akokoduro wɔ agyidifoɔkuo yi ne nsatofrɛ.

Yɛdɔ na yɛbu Onyankopɔn mma nyinaa, ɛmfa ho ne wɔn diberɛ wɔ abrabɔ mu ɛmfa ho ne wɔn som ahosuo, ɛmfa ho ne wɔn abrabɔ mu gyinaeɛ.

Yɛafa mu deɛ, yɛbɛka sɛ, “Bra na bɛhwɛ! Woankasa hwehwɛ kwan a yɛrenante wɔ akyidifoɔkuo kwan no sobɛyɛ akatua ne kokuroko.

Yɛto yɛnsa frɛ nnipa sɛ wɔnbɛboa yɛn,sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛma ewiase no ayɛ baabi papa.

Na yɛka sɛ, bra na bɛtena! Yɛyɛ mo nuanom mmarimaa ne mmaa Yɛn wie pɛeɛ Yɛnwerɛ hyɛ Nyame mu na yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛdi ne mmra nsɛm no so.

Bɛka yɛn ho,na wo bɛma yeayɛ yie Na wɔ nhyehyɛeɛ kwan no mu, wo nsoso bɛyɛ yie Momma yɛnfa saa osuahunu yi akwantuo yi mmom.

Berɛ bɛn na menhyɛ aseɛ?

Berɛ a yeadamfo Bilbo Baggins nyaa atinka maa osuahunu akwantuo frɛ no sɛ akannyan wɔ ne mu no ɔsii gyinaeɛ sɛ ɔbɛnya sɛ ɔbenya anadwo ahomegyeɛ a ɛyɛ, ɔdii anɔpa aduane bi wɔ anigyeɛ mu meeɛ, na ɔhyɛɛ aseɛ adeɛ a ɛdikan anɔpa no.

Berɛ a Bilbo sɔreeɛ no, ɔhunuu sɛ ne fie ayɛ basabasa na ɛkaa kakra bi sɛ anka ɔretwe nadwene afirine nhyehyeɛ titire ne ho.

Na n’adamfo Gandalf bɛbisae, “Berɛ bɛn na wobɛba?”9 Na woabɛto wo nnamfonom, ɛwɔ sɛ Bilbo tumi si gyinaeɛ ma ne ho wɔ nea ɔbɛyɛ ho.

Na ɛno nti saa hɔbete yi a obiara gye tom sɛ ne ho nnyɛ anigye no pue kɔɔ ne pono ano ntɛmso si so kɔ ne suahunu akwantuo ntɛm paa mpo sɛ ne werɛ firii ne kyɛ, ne poma ne ne hanki a ɔde hyɛ ne botom Ɔgyaa n’anɔpa aduane a ɛtɔ so mmienu mpo a wanni anwie.

Ebia suahunu bi wɔ ha ɛma yɛn nso.

Sɛ anka me ne wo anya atenka a ɛfa nkennyan ho sɛ yɛbɛka saa osuahunu akwantuo kɛseɛ yi na yeakyɛ deɛ yeagya ɔwɔ soro a ɔdɔ yɛn asiesie ama yɛn mmerɛ tenten a atwam paa no, meme wo awerɛhyɛmu sɛ ɛnɛ ne da ɛwɔdɛ wodi Onyankopɔn ba ne yɛn agyenkwa wɔ ne som kwan so ne n’akyidifoɔkuo no mu.

Yɛbɛtumi de yɛnnkwanna nyinaa ato hɔ sɛ yeretwɛn saa berɛ no sɛ biribiara didi so pɛpɛɛpɛ a Seisei ne mmerɛ a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa hyɛ mu sɛ yɛrehwehwɛ Onyankopɔn, yɛreka nsɛmpa akyerɛ afoforɔ, na yɛne wɔn akyɛ yɛn asuahunu.

Gya wo kyɛ, poma, hanki ne wo fie a ayɛ basabasa no wɔ akyire.10

Ɛrekɔ ma yɛnso a yɛnam kwan no so dada no nya akokoɔduru, ahummɔborɔ nya awerɛhyɛmu na toa so!

Ɛrekɔ ama wɔnso a wɔafiri kwan no mu no,mommra mmɛka yɛn ho monhyɛ yɛden.

Na ɛrekɔ ma wɔn a ɔnhyɛɛ aseɛ no, adɛn ne twɛn? Sɛ wopɛsɛ wonya suahunu wɔ anwanwadeɛ a ɛwɔ saa honhom akwantuo kɛseɛyi mu a, tutu so kɔ wonkasa suahunu kɛseɛ! Wo ne nsɛmpakafoɔ no nkasa wone wo nkyirimma ahotefo nnamfo nkasa Wone wɔn nkasa mfa saa adwuma nwanwasoɔ yi na yɛredwenedwene ho yi ho.11

Berɛ aso sɛ wo hyɛ aseɛ.

Bra bɛka yɛn ho!

Sɛ wodwene hunu sɛ wabrabɔ bɛtumi anya nteaseɛ kɛseɛ, botaeɛ a ɛkɔ anim, abusua nkabom kɛseɛ ne nyankopɔn nkitahodie a ɛbɛn yie paa a, mesrɛ bra bɛka yɛn ho.

Sɛ worehwehwɛ nipakuo bi a wɔreyɛ adwuma sɛ wɔbɛyɛ sononko sene kanee no a, boa wɔn a wɔhia, na ma ewiase wei nyɛ baabi pa bi a, bra bɛka yɛn ho!

Bra bɛhwɛ deɛ saa anwanwasoɔ suahunu akwantuo yi nyinaa fa ho.

Wɔ kwan no so no,wobɛhunu woankasa wo ho.

Wobɛnya nteaseɛ.

wobɛhunu Onyankopɔn.

Wobɛhunu suahunu akwantuo ne animuonyan akwantuo kɛseɛ paa wɔ wɔabrabɔ mu.

Wei nom na medi ho adanseɛ wɔ yɛn Dimafoɔ ne Awurade Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. J. R. R. Tolkien, The Hobbit or There and Back Again (Boston: Houghton Mifflin, 2001), 3.

  2. Subtitle of The Hobbit.

  3. Mose 1:39.

  4. See Job 38:4–7 (the sons of God shouted for joy); Isaiah 14:12–13 (“exalt my throne above the stars of God”); Revelation 12:7–11 (there was a war in heaven).

  5. “Nkɔmhyɛni Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ ɔpɛ ase ‘sɛ saa adwene mu fawohodie a animuonyam mu wɔde ama nnipa abusua sɛ nakyɛdeɛ no mu baako ’ [Teachings of the Prophet Joseph Smith, comp. Joseph Fielding Smith (1977), 49]. saa adwene mu fawohodie a ɛwɔ hɔ kwa, anaasɛ ɔpɛ, ɛyɛ tumi a ɛma ankoankorɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ somfoɔ ama wɔnho (D&C 58:28). Deɛ ɛkekaho ne sɛ woretu anammɔn de ɔpɛpa a wode bɛyi bɔne afri papa ho anaasɛ wobehunu nsonsonoeɛ a ɛda bɔne ne papa mu duro na afei nso akwanya a wowɔ sɛ wobehunu nsunsuansoɔ q ɛwɔ saa ɔpɛ a wofae no so. Agya a ɔwɔ soro dɔ ne mma ara kɔpem sɛ ɔbɛsɛ yɛduru mpɛnpɛnsoɔ—a yɛbɛtumi akɔduro sɛ yɛbɛyɛ sɛ ɔno ara teɛ. Sɛ onipa bɛkɔ nanim a ɛsɛsɛ ɔwɔ bɔsu bi wɔ ne mu a ɛbɛtumi ama no ne hyɛbrɛ a ɔde bɛyi nepɛ no aba mu. Ɔpɛ yɛ ne nh[hyɛɛ mu fapem ɔwɔ ma ne mma kɔpem sɛ, Onyankopɔn mpo ntumi onipa sɛɔnoara neho wɔ berɛa a wɔamma wɔn fawohodie [David O. McKay, “Ɛhenfa na Anka Yɛbɛkɔ? Ɔpɛ ne fawohodie wɔ Ɔsoro Nhyehyɛe,” Deseret News, June 8, 1935, 1]” (Byron R. Merrill, “Agency and Freedom in the Divine Plan,” in., Gyedi Mpoma mu : Nna a Ɛdi akyire aniso wɔ wiase abakɔsɛm mu, Roy A. Prete [2005], 162).

  6. In her novel Harry Potter and the Chamber of Secrets, author J. K. Rowling has Hogwarts headmaster Dumbledore say something quite similar to young Harry Potter. Ɛyɛ afutuo nwanwasoɔ de ma yɛn nyinaa. Maka wɔ masɛm bi mu dada na ɛhohia sɛ mesan ka bio.

  7. “Adɔfoɔ, afei na yɛyɛ Onyankopɔn mma mmarima na ɛnyɛ nnaadi deɛ yɛbɛyɛ abɛyɛ sɛ ɔpue a yɛbɛyɛ sɛ ɔno; efirisɛ yɛbɛhunu no sɛdeɛ ɔteɛ ara” (1 Yohane 3:2; emphasis ɔkahoo).

    Berɛ a saa nsakraeɛ a ɛtesɛ wei bɛyɛ deɛ ɛbro yɛn nteaseɛ so no, “honhom no ara ne yɛn honhom di adanseɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma:

    “Na sɛ; yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifoɔ nso, Nyankopɔn adedifoɔ, ne Kristo yɔnkoadedifoɔ; nanso gye sɛ yɛne no hunu amane ansa na wahyɛ yɛn ne no animuonyam bi.

    “Na mebu no sɛ seesei berɛ yi mu amaneɛ berɛ yi nnuru animuonyam a . wɔrebɛyi no adie de ama yɛn no” (Romanfoɔ 8:16–18; emphasis kahoo).

  8. Hwɛ Mateo 28:16–20.

  9. Tolkien, The Hobbit, 33.

  10. Hwɛ Luka 9:59–62.

  11. Hwɛ LeGrand Richards, A Marvelous Work and a Wonder, rev. ed. (1966).

Tintim