2010–2019
Wɔ Esum ne Hann Mu, Awurade, Ka Me Ho!
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Wɔ Mmununkum Ne Awia Mu, Awurade, Ka Me Ho!

Medi “adanseɛ nam mununkum” ne awia mu Awurade bɛka yɛn ho, sɛdeɛ yɛn yawdie “bɛ [yera wɔ] Kristo anigyeɛ mu” .

Yɛnnwom a ɛda yakomaso baako mu nsɛm kyerɛ adesrɛ sɛ “ Wɔ mmununkum ne awia mu, Awurade, ka me ho!”1 Berɛbi na mete wiemhyɛn bi mu a na ɛrebɛn asrɔkye kɛseɛ bi. Mehwɛɛ fam no na mehunuu mmununkum akɛseɛ bi a na ɛhata yɛn ase. Awia a na ɛrekɔ no a na ɛrehyerɛn fri mmununkum no mu no maa awia no hyerɛɛn maa ano yɛɛ den. Ankyɛre biara, mmom, wiemhyɛn no sianee faa mmununkum duruduru no mu no na ɛhɔ ara pɛ na esum kabi sii yanim frii hann a na ano yɛ den a na anka ɛnkyeree biara na yɛhunu no.2

Mfoni
Ɛwia han a ɛrehyerɛn
Mfoni
Esum kabisii

Saa mmununkum yi bɛtumi asi wɔ y’anim wɔ Onyankopɔn hann ho na mpo ama y’abisa sɛ saa hann no mpo wɔhɔ ma yɛn bio anaa. Saa mmununkum no mu bi yɛ awerɛhoɔ, nea ɛbɔyɛnhu ne adwene mu ne yawdie a ɛdi yɛn nya. Wɔtumi ma yɛhunu yɛnho, afoforɔ, ne mpo Onyankopɔn wɔ akwan afoforɔ so a ɛnfra. Ɛka mmaa ne mmarima wɔ tipɛn biara ne wiase afanaa baabiara.

Saa ara nso na mmununkum a ɛma yɛbua adeɛ soronko anaasɛ ɛde annyeannie ba no nso bɛtumi anya nsunsuansoɔ wɔ wɔn a wɔnfaa saa suahunu yi bi mu pɛn. Tesɛ honam akwaa biara no, adwene nso tumi yare, abufohyew ne nnufra mu nneɛma a ensiso a ɛkɔso wɔ yadwene mu. Sɛ yɛadwene redi yaw a ɛyɛ sɛ yɛhehwɛ, mmoa firi Onyankopɔn hɔ, wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia aduhyɛfoɔ ne apomuden mu animdefoɔ hɔ.

“Nnipa nyinaa—ɔbarima ne ɔbaa—Onyankopɔn bɔɔ wɔn sε ne sεso. Wɔn mu biara yε ɔsoro awofoɔ honhom mu dɔba-barima anaa ɔbaa, ne saa nti wɔn mu biara wɔ bɔsu ne hyεberε a εyε nyamesu.”3 Sɛdeɛ yɛn Soro Awofoɔ te ne yɛn Agyenkwa, te no yɛwɔ honamdua ne suahunu4 ne adwene mu tebea ahodoɔ.5

Menuammaa, ɛyɛ sɛ berɛ kakra bi wɔhɔ a yɛnya ɔhaw. Awerɛhodie ne ayamhyehyeɛ, yɛ nipa atenka bɔsu.6 Nanso no, sɛ yɛn haw ne yɛn awerɛhoɔ die yɛ kɛse ma mpo yɛn aso sisi wɔ ɔdɔ a yɛn Agya ɔwɔ Soro ne Ne ba no wɔ de ma yɛn a, ne mpo Honhonkron, no nso a, ɛneɛ na yɛn wɔ adwenemu haw, ateetee, anaasɛ atenka binom a ɛtete saa.

Mebabaa twerɛɛe berɛbi: “Sɛ ɛberɛbi baeɛ a na [medi] awerɛhoɔ berɛ mu nyinaa. Na medwene berɛbiara sɛ awerɛhodie yɛ adeɛ bi a ɛyɛ aniwu na ɛno nti na ɛyɛ mmerɛyɛ nsɛnkyerɛne. Ɛno nti mede m’awerɛhodie hyɛ menkoaa me ho. Na mehunuu me ho sɛ mensombo biara.”7

Adanfoɔ bi kyerɛɛ aseɛ sei: “Ɛfiti memmɔfrase, onianidasoɔ atenka, esum, ne ankonam ne mɛdi akoo, na afei esum a na ɛkyerɛ sɛ meni anidasoɔ, anaasɛ ɔkamafoɔ biara dii me so nya. Mebɔɔ mɔden sɛ anka mede me haw bɛsie na obiara enhunu, na mmom nipa adwene sɛ meho yɛ den.”8

Me nnanfonom, ɛbetumi ato yɛn mu biara—titiriw berɛ a yɛyɛ, agyedifoɔ wɔ anigyeɛ nhyehyɛe no mu yi, yɛde adesoa a ɛho nhia to yɛnso berɛ a yɛdwene nesɛ ɛsɛsɛ yɛyɛ pɛɛpɛ seesei mu. Adwene saa betumi ayɛ ɔhaw kɛseɛ ne ateetee. Pɛpɛyɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛsi honamm abrabɔ mu ne daakye —na ɛnam Yesu Kristo adom nkoaa so na ɛbɛba.9

Na mmom, yɛrepini yɛn tirim , na yɛretwa agyaadwoɔ betumi ayɛ sɛ yerehunu adwenemu yadeɛ ahodoɔ, yɛrehwehwɛ nneɛma a ɛbetumu aboa asiesie saa ɔbrɛ yinom ne deɛ ehia paa no yɛde yɛnho ne afoforɔ reba Kristo no a ɔyɛ oduyɛfoɔ Wura no ho. Na nkabɔm no yɛhunu sɛ yɛwɔ anidasoɔ na ɛnsɛsɛ yɛnkoaa na yɛhunu amane.10

Mfoni
Ɛnidasoɔ wɔ Mmaɛ a ɛtɔ so Mienu

Sɛ yedi Yesu Kristo akyi yi, yɛne Onyankopɔn ayɛ apam sɛ “yɛpɛsɛ obiara bɛsoa ne yɔnko nnesoa na yɛne wɔn a wɔsuno su.”11 Sɛ yɛresua na afei nso yɛresu tumi ma yɛnya yadeɛ atenka, na sɛ yɛrepɛ anoosibrɛ a ɛbetumi aboa ate ɔhaw no sono, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn haw ba Agyenkwa Kristo hɔ, na yɛde yɛn dadwene gyinaa to ne so a, Ɔno na wɔyɛ ɔyaresafoɔ Panin.12 Ɛmpo sɛ yɛnhunu ɔhaw a afoforɔ nam mu mpo a, sɛ yɛgye atom sɛ wɔn haw no yɛ nokorɛ no yɛ adeɛ a ɛho hia na ɛno ne adeɛ a edikan sɛ yɛbɛ pɛ ɔhaw no ho poma sibrɛ.13

Ɛtɔ dabi a, adeɛa ɛde adwenemu haw, ne atee ba nipa so no, yetumi hunu, ɛna ebi wɔhɔ nso a ɛyɛden sɛ wo behunu.14 Y’adwene betumi abrɛ ɛnam asoɔhyeɛ nti15 anaa ayamhyehyeɛ ne brɛ,16 a ɛtɔda a yɛbetumi asi ho kwan nam adidie papa so, ne nna, ne yɛn apom ateneatene so. Ɛtɔda nso a, adwene mu hwehwɛ anaa aduroyɛ a ɛnam obi a ɔwɔ nimdeɛ so nso ho behia.

Nsunsuansoɔ a ɛdeba mmrɛa y’anpɛ adwenemu haw ho poma sibrɛ no tumi yɛ ɔhaw kɛseɛ, a etumi de ankoman, wɛntwi wɛntwi, na afei mpo awaregyae, ne basa-basa yɛ, ɛtɔdabi mpo a obi tumi kum ne ho. Menim wei yie, firisɛ meankasa mɛgya nam ateetee sei ara so na okum ne ho nfie bebree a atwam no. Ne wuo no yɛɛ ɔhaw kɛseɛ maa me ne m’abusuafoɔ nyinaa. M’ayɛ hoo adwuma mfie bebree ni sɛ mɛtumi asi yaw no ho kwan, nanso nansa yiaa na mehunuu sɛ yɛka akɔmfohyɛ ho asɛm wɔ kwan pa so a ɛboa ma yesi anookwan sene sɛ yɛsosɔ so.17 Seesei me ne me mma ɛdi nkɔmɔ a emu dahɔ afa me papa wuo noho na afei yɛdi adanseɛ afa ahofama a Agyenkwa no betumi de ama wɔ ewiase foforɔ no mu.18

Nawerɛhosɛm ne sɛ, wɔn a ɔwɔ adwenemu haw twe wɔn ho firi wɔn nnuanom ahoteefoɔ ho ɛnam sɛ wɔdwene sɛ wɔnsɛ mfata wɔkwan bi so. Yɛbetumi aboa wɔn ma wɔn ahunu sɛ nokorɛ mu ni wɔ ka yɛn ho. Ɛho behia sɛ yehunu sɛ adwene mu ateetee nyɛ mrɛyɛ anaa, mpo bɔne a obi ayɛ ho nsunsuansoɔ.19 Ɛyɔ “kokoam adeɛ nanso epue wɔ aniso.”20 Nkabom mu no, yɛbetumi afiri mununkum ne ɔhaw ahoroɔ nam saa yɛso ayi aniwuo na amakwan ma nsɛnkyerɛne a ɛsa yadeɛ aba.

Ɛmmrɛa na Wɔnam asaase so no, Yesu Kristo saa yadeɛ na oyii ahokyerɛ firii nipa so. nanso na ɛwɔsɛ nipa no nya gyedie wɔnimu na wotu anamɔn ansa na woanya nenkyɛn nhyira. Ebinom nantee kwansini tenteenten, ebinom nso tenee wɔn nsa sɔɔ N’ataadeɛ mu, na ebinom nso wɔsoaa wɔn kɔɔ nenkyɛn sɛ wɔnsa wɔn yadeɛ.21 Sɛ ɛba ayaresa a, yɛnyinaa yenhia no anaa? “Yɛn Nyinaa Nyɛ Adesrɛfoɔ?”22

Momma yɛndi Agyenkwa anamɔn akyi na yɛn ahummɔbrɔ enyini, na yenyi atemmuo a ɛnsɛ, na yenyae sɛ yebu afofrɔ atɛn wɔ wɔn honhom mu nyini ho. Ɛmmrɛ saa no, yɛbetumi aboa ayi mununkum durududuru a ɛhyɛ yɛn adɔfoɔ ne yɛnanfonom so no23 sɛdeɛ ɛbɛyɛa,ɛnam yɛdɔ so no, wɔn bɛsan nso anya Honhomkronkron no nkanyan bio na afei nso kanea a efiri Yesu Kristo nkyɛn ba.

Sɛ wo te esum mu aberebiaa wɔ asetena “yi mua mese wo sɛ,”24 dan bra Ɔsorosoro Agya no nkyɛn. Briribiara ni hɔ a w’afa mua ebetumi asesa nokorɛ a ɛte hɔ daa sɛ woyɛ Ne ba na afei nso ɔdɔ wo.25 Kae sɛ Yesu Kristo yɛ wo Agyenkwa ne wo Dimafoɔ, na afei nso Onyankopɔn yɛ w’agya. Wɔn te aseɛ. Twa mfonyini wɔ w’adwene mu na wɔn mɛn wo, na hunu sɛ wɔretie wo na wɔbɛdom wo.26 “[Wɔn] bɛkyekyere wo wrɛ wɔ wo haw mu.”27 Yɛ nea wo bɛtumi ayɛ biara, na nya gyedie wɔ ne mpata adom mu.

Wo haw ɛnkyerɛ nipa ko a wo yɛ, na mom ama w’abɛyɛ nipa soronko28 Ɛnam yaw die bia ɛwɔ wo honam mu no nti,”29 wo benya atenka sɛ wo bɛdɔ afoforɔ nso sɛ woara. Sɛ Honhomkronkron, bɔ wo ho ban yi, kyɛ w’akosɛm na “na ahyɛ afoforɔ nso den, na apegya nsa a emu yɛ mrɛ, na ama ɛnan a emu yɛmrɛ nso ayɛ den.”30

Yɛn mu bia yɛrehunu amanee seesei no deɛ, anaasɛ yɛreboa wɔn a wɔrehunu amanee no, moma yɛntu yɛn ho sɛ yɛbedi Onyankopɔn mmra nsɛm so na yɛnya Ne Honhom no aka yɛn ho.31 Mo ma yɛnyɛ “neɛma nketoa a ɛsombo”32 a ɛba ma yɛn honhom mu ahoɔden. Sɛnea Otitenani Russell M. Nelson kaeɛ no: “Biribiara mmue ɔsoro nhyira sene ahonidie abrabɔ, sotie mapa, pre hwehwɛ, dabiara Kristo asɛm akenkan wɔ Mormon Nwoma ni mu, na afei yɛmrɛa yɛbenya de ama tempol ne family history nwuma no.”33

Mfoni
Agyenkwa no akyerɛ mu

Moma yenyinaa nkae sɛ yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, “[afaato] to ne ho so [yɛn] ahoɔmmrɛ, ama ahummɔbrɔ ahyɛ ne nsono mu ma, sɛdeɛ ɛte wɔ honam mu no, ama ɔnam honam ahunu [sɔdeɛ] ɔbɛsi aboa ne nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔn ahoɔmmerɛ teɛ no.”34 Wɔbaae sɛ “wɔbɛkyekyere, wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ; menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ, memma wɔn anika ngo, nsi abooboo ananmu.’’35

Mfoni
Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mienu

Medi adanseɛ sɛ “wɔ esum ne hann mu” Awurade no bɛka yɛn ho, sɛ ɛbɛyɛ a “y’amanehunu bɛmem wɔ Kristo anigyeɛ mu,”36 na “wɔnam adom so na wɔbɛgye yɛn nkwa, sɛ yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi ayɛ no a.”37 Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo bɛsan aba asaase so bio “de ayaresa aba wɔ ne ntaban so.”38 Ne korakora no, ɔbɛpepa yɛn [ani] ase nisuo nyinaa: na awerɛhoɛ biara ni baabiara bio.”39 Wɔn ɔbɛba “Kristo nkyɛn no, na wabɛyɛ pɛpɛɛpɛ wo ni mu no, ”40 ɛwia renkɔ fɔm mma mo da efirisɛ Awurade bɛyɛ [yɛn] daa kanea, na yɛnsuubrɛ adane [yɛn] sedeɛ na yɛn haw nyinaa aba awieɛ.”41 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. “Tena me Nkyɛn!” Hymns, no. 166.

  2. Na yɛwɔ ɛbɔ no mu, na yɛntumi nhunu esum kabii a ɛdayɛn anim no na ɛmmrɛa esum kabisii no twaa yɛn ho hyiaeɛ no na ɛyɛ den sɛ yebehunu awia no anamɔn a na ɛne yɛntɛm kwan nware biara nso.

  3. Abusua no: Dawubɔ a Ɛkɔ ma Wiase,Liahona, May 2017, 145.

  4. “Na honhom no ne nipadua no yɛ onipa kra.” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:15). “Wo nipadua no yɛ wo honhom asɔredan. Na deɛ wode wo nipadua yɛ no tumi haw wo honhom” (Russell M. Nelson, “Decisions for Eternity,” Liahona, Nov. 2013, 107).

  5. Hwɛ, hwɛsoɔ bi, Isaiah 65:19; Luke 7:13; 3 Nifae 17:6–7. Yɛre suahunu sɛ yɛbetumi ahuni yɛn kanyan bɛboa yɛn ma y’abɛyɛsɛ Agyenkwa no, ɛyɛ Yesu Kristo.

  6. Hwɛ “Awerɛhodie neAdwene mu ateetee” kidshealth.org/en/kids/depression.html.

  7. Hermana Elena Aburto blog, hermanaelenaaburto.blogspot.com/2015/08. Na wɔtwerɛe:

    Wɔ twerɛe sɛ: “Na nsɔhwɛ boaa me maa metumi daa me gyedie wɔ nkwagyeɛ nhyehyɛe no ho. Na menim sɛ Ɔsorosoro Agya no dɔ me, na ɔwɔnhyehyɛe ma me, na afei Kristo ɛtemase nea menam mu no nyinaa na afei nso Onyankopɔn nnwu manim ase wɔmmrɛa mmenim biribi.

    “Ɔnyankopɔn nhyɛ wo aniwuo wɔ aniwuo wɔ berɛ a wonkwadaree wɔ biribi mu. Ɛyɛ nanigye sɛ wɔbɛboa wo ma wo atumpɔn na afei w’asakyera. Wɔnhwehwɛ sɛ wobɛyɛ biribiara prɛkopɛ. Ɛni sɛ wo nkoa yɛ yei”iwillhealthee.blogspot.com/2018/09

  8. Woankasa krataa-twerɛ. Wɔtwerɛe: “Agyenkwa no ayaresa nam ne Mpata so no aboa ma yɛnya ahotɔ ne asomdwie wɔ yɛn abrabɔmu ne yɛn abrabɔ akwantuo yi mu. Sɛ medwene sɛmeyɛ ankonam a, Mekae sɛ wɔnoankasa ɛdikan afa saa adeɛ no mu dada ama me dada. … Ɛnidasoɔ biara ni hɔ a ɛsene sɛ mehonam dua wei bɛtumi, anyane na ɛrehunu amane bio owusɔreɛ [akyi].

  9. Hwɛ Russell M. Nelson, “Perfection Pending,” Ensign, Nov. 1995, 86–88; Jeffrey R. Holland, “Be Ye Therefore Perfect—Eventually,” Liahona, Nov. 2017, 40–42; J. Devn Cornish, “Am I Good Enough? Will I Make It?Liahona, Nov. 2016, 32–34; Cecil O. Samuelson, “What Does It Mean to Be Perfect?New Era, Jan. 2006, 10–13.

  10. Ɛho behia sɛ yɛne yɛn mmanom bedi saa nsɛm sei ho nkɔmɔ, yɛn mmusua, ne yɛnnanfonom wɔ fie, wards, ne yɛn mpɔtam.

  11. Mosiah 18:8–9.

  12. Hwɛ Russell M. Nelson, “Jesus Christ—the Master Healer,” Liahona, Nov. 2005, 85–88; Carole M. Stephens, “The Master Healer,” Liahona, Nov. 2016, 9–12.

  13. Sɛ yɛbɛsua sɛ yɛbehunu nsɛnkyerɛnee ne ahyɛnsodeɛ wɔ yɛn ho ne afoforɔ ho no bɛboa yɛn. Yɛbetumi nso asua ɛnya atenka de ahunu neɛma bɔnee a ɛkɔso wɔ y’adwene mu ne ɛkwan a yɛbafo so de neɛma pa asi nananmu.

  14. Adwenemu ateetee betumi aba wɔ abrabɔ papa nsesaeɛ mu—tesɛ wowo abɔfra foforɔ anaa adwuma foforɔ—na etumi nso ba mmrɛa neɛma papa rekɔso wɔ obi abrabɔm.

  15. Hwɛ “Understanding Stress,” Adjusting to Missionary Life (2013), 5–10.

  16. Hwɛ Jeffrey R. Holland, “Like a Broken Vessel,” Liahona, Nov. 2013, 40.

  17. Hwɛ Dale G. Renlund, “Understanding Suicide” (video), ChurchofJesusChrist.org; “Talking about Suicide” (video), ChurchofJesusChrist.org; Kenishi Shimokawa, “Understanding Suicide: Warning Signs and Prevention,Liahona, Oct. 2016, 35–39.

  18. “Ayaresa ahyɛaseɛ hyɛ aseɛ firi sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho sɛ abɔfra na yɛnya gyedie wɔ Agya a Ɔwɔ soro no a ɔdɔyɛn na wɔsa yɛnyadeɛ. Ne dɔba, Yesu Kristo, de ne kra atohɔ ama yɛn sɛ yɛbenya ahoto ne ayaresa. Nanso magyeke nyiano biara ni hɔ, na ɛkwan ketoa biara ni hɔ ma ayaresa, anaa ɛkwan bi a wode benya ahotɔ. Ayaresa no hia gyedie soronko wɔ Yesu Kristo ne ne mpata ayaresa nim” (Richard G. Scott, “To Heal the Shattering Consequences of Abuse,” Liahona, May 2008,42). Sɛ ɔhaw wɔ hɔ a yɛdeɛ nesɛ yɛbesi anoo kwan. Nanso, ɛnsɛsɛ biribiara na yɛpɛ sɛ yɛbesi anookwan. Ɛnsɛsɛ biribiara na yɛyɛ y’adwene sɛ yɛbesi anookwan. Wɔ m’abrabɔ mu ne, ɛtɔdabi a mekɔ adwene mu hwehwɛfoɔ hɔ ma wɔboa me wɔ ɛmmrɛa emu yɛ den.

  19. Hwɛ Yohane 9:1–7.

  20. Jane Clayson Johnson, Silent Souls Weeping (2018), 197.

  21. Hwɛ Matthew 9:2–7, 20–22; 14:35–36; Mark 1:40–42; 2:3–5; 3 Nephi 17:6–7.

  22. Mosiah 4:19; Hwɛ Jeffrey R. Holland, “Are We Not All Beggars?Liahona, Nov. 2014, 40–42.

  23. Hwɛ Romans 2:19; 13:12; see also Jeffrey R. Holland, “Come unto Me” (Brigham Young University devotional, Mar. 2, 1997), speeches.byu.edu.

  24. 1 Nephi 8:23;hwɛ 1 Nephi 12:4, 17; 3 Nephi 8:22.

  25. Hwɛ Psalm 82:6; Romans 8:16–18; Doctrine and Covenants 24:1; 76:24; Moses 1:1–39.

  26. Hwɛ Adjusting to Missionary Life, 20; hwɛ Micah 7:8; Matthew 4:16; Luke 1:78–79; John 8:12.

  27. Yakob 3:1; see also Ɛfisofoɔ 5:8; Kolosofoɔ 1:10–14; Mosiah 24:13–14; Alma 38:5. Kenkan wo patriachal nhyira anaasɛ bisa w’asɔfodie nhyira sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wo bɛkae ɔdɔ soronko a Agya no de dɔ wo na ɔpɛsɛ ohyira woɔ.

  28. Hwɛ 2 Corinthians 4:16–18; Doctrine and Covenants 121:7–8, 33; 122:5–9.

  29. 2 Korintifoɔ 12:7.

  30. Nkyerɛkyerɛne Apam 81:5; hwɛ bio Isaiah 35:3.

  31. Hwɛ Moroni 4:3; Doctrine and Covenants 20:77.

  32. Alma 37:6.

  33. Russell M. Nelson, “Revelation for the Church, Revelation for Our Lives,” Liahona, May 2018, 95.

  34. Alma 7:12; hwɛ Isaiah 53:4; 2 Nephi 9:21; Mosiah 14:4.

  35. Yasiah 61:1–3; hwɛ Luka 4:18.

  36. Alma 31:38; hwɛ Alma 32:43; 33:23.

  37. 2 Nifae 25:23.

  38. Malachi 4:2; 3 Nephi 25:2.

  39. Adiyisɛm 21:4.

  40. Moronae 10:32.

  41. Yesaia 60:20.

Tintim