2010–2019
Nsesaeɛ a Ɛrehyɛ Mmabunu Den
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Nsesaeɛ a Ɛrehyɛ Mmabunu Den

Mmerantewaa ne mmaayewa dodoɔ no ara bɛsɔre asɛm denden yi so na wɔatena apam kwan no so ɛnam adwene nsisoɔ sononko wɔ yɛn mmabunu no so.

Yɛda woase, Titenani Nelson, wɔ saa anigyeɛ adiyie akwankyerɛ ɛfa adansedie wɔ asubɔ mu ne akwankyerɛ a woaka sɛ yɛnkyɛ mfa mmoa nhyɛ mmabunu den na wɔn nimdeɛ kronkron nyini.

Ansa na mɛkyɛ saa nsesaeɛ yi no, yɛkyerɛ yɛn nokorɛ anisɔ ma kwan sononko a asafomma agye asɛmpa no mmaeɛ bio nyini a ɛrekɔ so no ato mu no. Sɛdeɛ Titenani Nelson susuuiɛ afe a atwam no, moafa mo aduanennuro!1

Mode anigyeɛ sua Bra, Di Makyi wɔ efie.2 Moasan nso agye nsesaeɛ no ato mu wɔ asɔre. Elderfoɔ Kuo asafomma ne Relief Society anuanom mmaa ka bɔ mu yɛ nkwagyeɛ adwuma.3

Yɛnnaaseɛ abu so.4 Yɛda ase nkanka yɛn mmabunu a wɔkɔso tena ahoɔden ne nokorɛ mu.

Yɛn mmabunu yi te nhanyan ne nsɛm denden mmerɛ mu nso. Deɛ ɛwɔ hɔ a yɛfa nyɛɛ nwanwa kɛse sei da. Nhwɛsoɔ baako ne: nnɛ yi akasamu yi a ɛbue kwan nwanwasoɔ a ɛhia ma mmasoɔ nkransɛm, a abusua abakɔsɛm ne twerɛ kronkron ka ho no. Ɛfa baako nso, ekura nkwaseasɛm, ahohwisɛm, ne bɔne a anka ɛnni hɔ mmerɛ a atwam no.

Mfoni
Efie-nyinasoɔ adesua nhyehyɛeɛ
Mfoni
Mmabunu dwumadie

Yɛbɛboa yɛn mmabunu yi ma wɔtwa deɛ wɔyi a ayɛ hwanyann yi, Asɔre no asiesie nsusuiɛ papapaa mmiɛnsa a ɛhia na nteaseɛ wɔ mu. Ɛdi kan, wɔahyɛ dwuma nhyehyɛeɛ mu den, atrɛ mu kɔ efie mu. Ɛtɔ so mmienu, mmɔfra ne mmabunu ahyehyɛdeɛ a dwumadie a anika ne wɔn ankasa nyini ɛka ho a Titenani Russell M. Nelson, Titenani Russell Ballard, ne Amansan Sodifoɔ de ato dwa nnaano Kwasiada yi ara. Nsusuiɛ ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ ekuo mu nsakraeɛ a ɛbɛma mmabunu ho ahia pa ara sɛ ɛbɛma yɛn bishopnom ne akannifoɔ afoforɔ adwene akɔ wɔn so. Ɛsɛ sɛ adwene nkɔsoɔ no nya honhom mu ahoɔden na ɛboa yɛn mmabunu no ma wɔbɛyɛ mmabunu asraafoɔ kuo a Titenani Nelson aka sɛ wɔmmɛyɛ no.

Nhwɛsodeɛ a Ɛresaasaa

Saa mmɔdemmɔ yi, ɛne deɛ wɔabɔ ho nkaeɛ mfeɛ kakra a atwa mu yi no ka bɔ mu a, ɛnnyɛ nsakraeɛ a ɛte wɔn ho. Nsesaeɛ no mu biara yɛ nhwɛsodeɛ a ɛresaasaa no fa a ɛho hia sɛ ɛhyira Ahoteɛfoɔ no, siesie wɔn ma wɔhyia Onyankopɔn.

Nhwɛsodeɛ no fa baako ne awoɔntoatoasoɔ a ɛresɔre no bɔ fekuo. Wɔreka kyerɛ yɛn mmabunu no sɛ wɔmfa ankorɛankorɛ asodie nto wɔn ho so kɛse berɛ a wɔsusua---a awofoɔ ne adikanfoɔ nnye mmfiri mmabunu no hɔ deɛ wɔbɛtumi ayɛ ama wɔn ho wɔn ho.5

Nkaebɔ

Ɛnnɛ, yɛbɔ nkaeɛ fa ɛkuo mu nsakraeɛ ma mmabunu wɔ wɔɔd ne pɛɛwa mpɛmpɛsoɔ. Sɛdeɛ Titenani Nelson kyerɛɛ mu no, Onuabaa Bonnie H.Cordon bɛkasa afa nsakraeɛ ma Mmaayewa kuo no anwummerɛ yi. Botae no baako ma nsakraeɛ no a mɛkasa afa ho no ne sɛ ɛbɛhyɛ Aaron Asɔfodie kurafoɔ, akuo, ne titenafoɔ akuo no den. Saa nsakraeɛ yi tae yɛn nneyɛɛe akyi de Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:15, a ɛkenkan sɛ, “Ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ na ɛyɛ titenafoɔ ma [Aaron] asɔfodie, na ekura nsafoa anaa tumi ma ɛno korɔ no ara.”

Ɔhwɛfoɔ no twerɛsɛm asɛdeɛ baako ne sɛ ɔhwɛ asɔfoɔ no so na ɔtena wɔ mu ne wɔn fa adwene, kyerɛkyerɛ wɔn asɛdeɛ fa wɔn dibea ho.6 Ɛka ho no, fotufoɔ a ɔdi kan ma ɔhwɛfoɔ no bɛnya asodie pɔtee ama akyerɛkyerɛfoɔ no na fotufoɔ a ɔtɔ so mmienu no ahwɛ dikɔnfoɔ no.

Ne saa nti, ɛtae saa adiyisɛm yi akyi wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no, wɔbɛtwa Mmerantewaa titenafoɔ so wɔ wɔɔd pɛmpɛmsoɔ so. Saa anuanom mmarima nokorɛfoɔ yi ayɛ papa bebree, na yɛkyerɛ anisɔ ma wɔn.

Ɛyɛ yɛn anidasoɔ sɛ ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ bɛma nteaseɛ kɛseɛ na adwene akɔ mmerantewa no asɔfodie asodie so na mommoa wɔn wɔ wɔn kuo asɛdeɛ mu. Wɔbɛfrɛ Mmerantewaa nimdefoɔ a wɔanyini sɛ afotumafoɔ ma wɔaboa Aaron Asɔfodie akuo titenafoɔ no ne ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ wɔ wɔn asɛdeɛ mu.7 Yɛwɔ ahotɔsoɔ sɛ mmerantewaa ne mmaayewa dodoɔ no ara bɛsɔre asɛm denden yi so na wɔatena apam kwan no so ɛnam adwene nsisoɔ sononko wɔ yɛn mmabunu no so.

Wɔ Awurade nkanyan nhwɛsodeɛ mu no, obiara a ɔwɔ wɔɔd no mu yɛ bishop no asodie. Ɔhyira mmabunu no awofoɔ ne mmabunu no nso ankasa. Ɔhwɛfoɔ baako a ɔretu aberantewaa bi fo fa mmɔden a ɔrebɔ adi akɔnnɔ twetwe mfonin so hunuu sɛ, ɔbɛtumi aboa aberantewaa no wɔ ne nsakyeraeɛ mu no gye sɛ ɔboa awofoɔ no ma wɔde ɔdɔ ne nteaseɛ yɛ bi. Aberantewaa no ayaresa yɛɛ ayaresa maa n’abusua na ɛtumi yɛɛ saa nam sɛ ɔhwɛfoɔ no dii dwuma no wɔ abusua no nyinaa ananmu. Aberantewaa no seesei abɛfata Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie kurafoɔ ne berɛ-mua asɛmpatrɛni.

Sɛdeɛ saa nsusuiɛ nsɛm yi teɛ no, saa nsesaeɛ yi bɛyɛ:

  • Mmoa ama ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ adwene akɔ wɔn asodie mfinfini ma mmabunu ne Mfitiaseɛ mmɔfra no.

  • De tumi ne Aaron Asɔfodie no asɛdeɛ ato aberanteɛ biara ankasa asetena ne botae mfinfini.

Saa nsesaeɛ yi nso:

  • Si Aaron Asɔfodie kuo titenafoɔ no asodie so, ne kwan pɔtee a wɔfa so de wɔn asɛm kɔ ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ hɔ.

  • Kannyan mpaninfoɔ akannifoɔ no ma wɔmmoa, nkyerɛkyerɛ Aaron Asɔfodie kuo titenafoɔ no wɔ sɛ wɔma wɔn tumi ne akwanya yɛ kɛse wɔ wɔn diberɛ mu.

Sɛdeɛ ahyɛ nnso no, saa nsesaeɛ yi mma ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ no asodie nnyɛ ketewa mma mmaayewa. Sɛdeɛ Titenani Nelson akyerɛkyerɛ seesei no, “[Ahwɛfoɔ No] asodie a ɛdi kan koraa ne sɛ wɔhwɛ mmerantewaa ne mmaayewa so wɔ ne wɔɔd.”8

Sɛn na yɛn ahwɛfoɔ adwumadenfoɔ adɔfoɔ yi bɛyɛ saa asodie yi? Sɛdeɛ mokae no, 2018 mu, Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie akuo nyaa nsesaeɛ sɛ wɔne Relief Societyfoɔ mpo nyɛ adwuma mmɔ mu kɛse, ama mpaninfoɔ akuo no ne Relief Societyfoɔ atumi, wɔ ɔhwɛfoɔ no akwankyerɛ ase, aboa asoa asodie titiriw a kane no na ɛgye ne mmerɛ bebree no. Saa asɛmpatrɛ adwuma ne tɛmpol ne abusua abakɔsɛm adwuma wɔ wɔɔd no mu ka saa asodie yi ho9a wɔɔd asafomma som dodoɔ no ara ɛka ho.

Mfoni
Ɔhwɛfoɔ no asɛdeɛ

Ɔhwɛfoɔ no nntumi mma asodiebinom, sɛ ebia mmabunu no denhyɛ, sɛ ɔyɛ ɔtemmufoɔ ma obiara, rehwɛ wɔn a wɔhia biribi, na ɔhwɛ sikasɛm ne honam mu nsɛm so. Nanso, yeinom, yɛ ketewa bi a yɛtumi tee aseɛ berɛ a atwam no. Sɛdeɛ Elder Jeffrey R. Holland kyerɛɛ mu afe a atwam no, berɛ a wɔkaa Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie akuo nsesaeɛ no: “Ɔhwɛfoɔ no kɔso yɛ ɔsɔfo panin a ɔte adwam wɔ wɔɔd hɔ. Saa ntotoho foforɔ yi [elderfoɔ kuo ne Relief Societyfoɔ] ɛwɔ sɛ wɔma no hwɛ wɔn Mɛlkisɛdɛk Asɔfodie ne Relief Societyfoɔ adwuma so a ɛnnhwehwɛ sɛ ɔyɛ saa mfekuo no bi mu nnwuma.10

Sɛ ebia, Relief Society titenani ne elderfoɔ kuo titenani, sɛdeɛ wɔde ama no no, bɛtumi afa dibea kɛseɛ atu mpaninfoɔ fo—sɛdeɛ Mmaayewa titenani bɛtumi atu mmaayewa fo. Berɛ a ɔhwɛfoɔ no nko ara na ɔtumi som sɛ obiara temmufoɔ no, saa akannifoɔ afoforɔ yi nso wɔho kwan sɛ wɔnya adiyie firi ɔsoro sɛ ɛboa nsɛm denden a ɛnnhia obiara temmufoɔ no anaa ɛka ɔsɛeɛ fa biribiara ho.11

Ɛno nnkyerɛ sɛ abaayewa bi nntumi ne ɔhwɛfoɔ no nnkasa anaa n’awofoɔ Wɔn adwene nkɔsoɔ yɛ mmabunu no! Nanso ɛkyerɛ sɛ Abaayewa kannifoɔ bi tumi hyia abaayewa foforɔ bi ahiadeɛ. Ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ fa mmaayewa ho sɛdeɛ wɔfa mmeranteɛ ho, nanso yɛhunu ahoɔden a ɛfiri, sɛ yɛwɔ ahoɔdenfoɔ, ahohyɛmu, ne adwene- si -soɔ Mmaayewa akannifoɔ a wɔdɔ na wɔkyerɛkyerɛ, a wɔnnye gyinapɛn titenafoɔ dibea, mmom wɔboa mmabunu ma wɔdi nkonim wɔ wɔn dibea mu,

Onuabaa Cordon bɛkyɛ bi aka ho, anika nsesaeɛ ma mmaayewa yi anadwo yi. Nanso mebɔ nkae sɛ, wɔɔd Mmaayewa titenafoɔ no seesei bɛbɔ amanneɛ agye afotuo afiri wɔɔd ɔhwɛfoɔ no hɔ pɔtee. Berɛ a atwam no, saa dwumadie yi wɔtumi de ma ɔfotufoɔ, nanso yɛrekɔ yɛanim no, mmaayewa bɛyɛ asodie pɔtee ama ɔno a ɔkura wɔɔd nhwɛsoɔ nsafoa no. Relief Society titenani bɛkɔso abɔ amanneɛ ama ɔhwɛfoɔ no pɔtee.12

Wɔ amansan ne pɛɛwa pɛmpɛsoɔ no, yɛbɛkɔ so anya Mmeranteɛ titenafoɔ. Wɔ pɛɛwa pɛmpɛsoɔ mu no, agyinatukuo kɛseɛ muni bɛyɛ Mmeranteɛ no titenani13 na wɔde agyinatukuo kɛseɛfoɔ a wɔde Mmaayewa ne Mmɔfra ahyɛ wɔn nsa no abɛyɛ pɛɛwa Aaron Asɔfodie--Mmaayewa Apamfoɔ no fa. Saa mmarima yi ne pɛɛwa Mmaayewa titenafoɔ no bɛyɛ adwuma wɔ saa apamfoɔ yi mu. Pɛɛwa titenani fotufoɔ sɛ dwamtenani no, saa apamfo yi ho hia bebree ɛfiri sɛ nhyehyɛeɛ no bebree ne dwumadie wɔ Mmɔfra ne Mmabunu nsusuiɛ foforɔ a ɛhia yi bɛyɛ wɔ pɛɛwa pɛmpɛsoɔ.

Saa agyinatukuo kɛseɛ mufoɔ yi, wɔ pɛɛwa titenani akwankyerɛ ase, bɛtumi asom sɛ nimdefoɔ ama ɔhwɛfoɔ no ne Aaron Asɔfodie akuo no wɔ yɛbea a ɛne agyinatukuo kɛseɛ mufoɔ som a wɔde ma wɔɔd mpanin akuo no sɛ.

Ɛyɛ asɛmhyia yi, agyinatukuo kɛseɛ muni bɛsom sɛ pɛɛwa Kwasiada Sukuu titenani sɛdeɛ ɛhia, na ɔbɛtumi asom wɔ pɛɛwa Aaron Asɔfodie ne--Mmaayewa apamfoɔ no mu.14

Wɔbɛkyerɛ mu akɔ anim deɛ ɛka akuoakuo nsakraeɛ no ho wɔ nkransɛm a wɔbɛsoma akɔ akannifoɔ hɔ. Ɛka saa nsakraeɛ yi ho:

  • Wɔɔd mmabunu agyinatuo bɛhyɛ ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ mmabunu apamfoɔ nhyiamu anan.

  • Asɛm “Mutual” bɛgye n’ahome na abɛyɛ “Mmaayewa dwumadie,” “Aaron Asɔfodie kuo dwumadie,” anaa “mmabunu dwumadie” na wɔbɛyɛ no nnawɔtwe biara baabi a wɔbɛtumi.

  • Wɔbɛkyɛ wɔɔd sika akontaa ma mmabunu dwumadie mu pɛpɛ wɔ mmarimaa ne mmaayewa no ntam gyina mmabunu no dodoɔ a ɛwɔ ekuo biara mu. Wɔbɛma dodoɔ a ɛbɛso ama Mmɔfra no dwumadie.

  • Wɔ pɛmpɛsoɔ nyinaa mu—wɔɔd, pɛɛwa, ne amansan—yɛbɛka asɛm “fekuo” kyɛn sɛ yɛbɛka “boafoɔ.” Wɔn a wɔdi anim, Amansan Relief Society, Mmaayewa, Mmarimaa, Mmɔfra, ne Kwasiada Sukuu fekuo no wɔbɛfrɛ wɔn “Amansan Asomfoɔ.” Wɔn a wɔdi fekuo kan wɔ wɔɔd ne pɛɛwa pɛmpɛsoɔ no wɔbɛfrɛ wɔn “wɔɔd asomfoɔ” ne “pɛɛwa asomfoɔ.”15

Nsesaeɛ a wɔaka no ɛnnɛ yi bɛtumi ahyɛ aseɛ ntɛm yi ara berɛ a nkorabata, wɔɔd, mansini ne pɛɛwa bɛyɛ krado, mmom ɛbɛdi dwuma wɔ Ɔpɛpɔn 1, 2020 Saa nsesaeɛ yi, sɛ ɛka bɔ mu na ɛne nsesaeɛ dada no di afra a, ɛkyerɛ honhom mu ne ekuo mmɔdenmmɔ a ɛnnsesa de nkyerɛkyerɛ hyira na ɛhyɛ ɔbarima, ɔbaa, babunu, ne abɔfra biara den, obiara reboa ma wɔadi yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo nhwɛsoɔ akyi, berɛ a yɛkɔ yɛanim wɔ apam kwan no so.

Anuanom mmarima ne mmaa pa, mehyɛbɔ di adanseɛ sɛ saa nsesaeɛ a nteaseɛ wɔ mu yi, wɔ nkannyan titenani ne nkɔmhyɛni akwankyerɛ ase, Russell M. Nelson no, bɛma yɛn tumi na ahyɛ Asɔre yi asafoba biara den. Yɛn mmabunu bɛnyini gyedie kɛseɛ mu wɔ Agyenkwa no mu, anya banbɔ afiri ɔtamfo no nsɔhwɛ mu, na wɔagyina ahosiesie mu ahyia asetena mu nsɛm denden no. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Russell M. Nelson, wɔ “Latter-day Saint Prophet, Wife and Apostle Share Insights of Global Ministry,” Newsroom, Obubuo 30, 2018, newsroom.ChurchofJesusChrist.org.

  2. Ɛka ho no, moabɔ mmɔden de Asɔre no din adi dwuma pɔtee sɛdeɛ Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ no sɛ yɛmfa ɔdɔ ne obuo nkae yɛn Agyenkwa no berɛ a yɛreyɛ saa no.

  3. “Wɔasoma Yesu Kristo Asɔre Asafomma ‘akɔ sɛ wɔnyɛ adwuma wɔ bobeturo no mu mma nnipamma akra nkwagyeɛ’ (Doctrine and Covenants 138:56). “Saa nkwagyeɛ adwuma yi, asafoba-asɛmpatrɛ adwuma, sakyeraeɛfoɔ asiesie, asafomma a atete ada nkannyan, tɛmpol ne abusua abakɔsɛm adwuma ne asɛmpa no nkyerɛkyerɛ ka ho. The bishopric directs this work in the ward, assisted by other members of the ward council” (Handbook 2: Administering the Church, 5.0, ChurchofJesusChrist.org).

  4. Sɛ adikanfoɔ yi, yɛdɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ asafomma ɛnam mo papayɛ ne asuafoɔ pa a moyɛ. Yɛkamfo ankorɛankorɛ, ɛnanom, agyanom, mmabunu, ne mmɔfra a wɔnam apam kwan no so--na wɔde ahofama ne anigyeɛ reyɛ saa.

  5. Wɔ 2019 mu, mfeɛ11 dikɔnfoɔ hyɛɛ aseɛ kyekyɛɛ adidi kronkron, mfeɛ11 mmaayewa ne mmarimaa gyee tɛmpol akwanya krataa a ɛsua Afe a atwam yi Titenani Nelson ne yɛn mmarimaa ne mmaayewa hyɛɛ sɛ wɔnka mmabunu asraafoɔ ho mmoaboa Israel a wɔabɔ apete wɔ nkatanim no afa mmienu no (hwɛ “Israel Anidasoɔ” [worldwide devotional for youth, Ayɛwohomumɔ 3, 2018], HopeofIsrael.ChurchofJesusChrist.org). Mmuaeɛ no ayɛ nwanwa.

    Berɛ-mua asɛmpatrɛfoɔ a wɔnnyiniiɛ seesei som wɔ kwan sononko so. Ɛfiri Ahinime 6, 2012, mmarimaa afata sɛ wɔsom mfeɛ18 na mmaayewa mfeɛ yɛ 19.

  6. “Bio, Aaron Asɔfodie titenani no asɛdeɛ ne sɛ ɔhwɛ asɔfoɔ [no] so, ɔne tena agyinatuo mu, kyerɛkyerɛ wɔn wɔn asɛdeɛ wɔ dibea no mu. Saa titenani yi yɛ ɔhwɛfoɔ no; ɛfiri sɛ yei yɛ asɔfodie no asɛdeɛ baako” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:87–88).

  7. Wɔbɛfrɛ mpanin akannifoɔ nso sɛ Aaron Asɔfodie kuo nimdefoɔ ma wɔaboa wɔ nhyehyɛeɛ ne dwumadie mu na wɔakɔ kuo nhyiamu sɛdeɛ ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ bɛtumi asra Mmaayewa gyinapɛn ne dwumadie na berɛ ano berɛ ano wɔasra Mmɔfra no nso. Wɔbɛtumi afrɛ nimdefoɔ binom ma wɔaboa wɔ nkanka abasɛm bi tesɛ nsraban; afoforɔ bɛtumi ayɛ wɔ berɛ tenten mu ma wɔaboa ekuo fotumafoɔ no. Berɛ biara wɔbɛnya mmarima mpaninfoɔ mmienu wɔ ekuo nhyiamu, nhyehyɛeɛ anaa dwumadie biara ase. Berɛ a diberɛ ne abodin bɛsesa no, yɛnni kan nnte mmarima mpaninfoɔ no dodoɔ so wɔ sɛ wɔsom na wɔboa Aaron Asɔfodie akuo no.

  8. Russell M. Nelson, “Adansedie, Aaron Asɔfodie Akuo, ne Mmaayewa Agyinapɛn,” Liahona, Obubuo 2019, 39, emphasis added; hwɛ nso Ezra Taft Benson, “Ɛma Asɔre no Mmaayewa,” Ensign, Obubuo 1986, 85.

  9. Yɛsan nso tu ahwɛfoɔ fo sɛ wɔnsɛe mmerɛ dodoɔ no ara wɔ asafomma mmabunu a wɔnnwareeɛ ne wɔn mmusua ho.

  10. Jeffrey R. Holland, amansan nhyiamu akannifoɔ ahyiaeɛ, Oforisuo 2018; hwɛ nso “Effective Ministering,” ministering.ChurchofJesusChrist.org. Elder Holland kyerɛkyerɛɛ sɛ asodie a ɔhwɛfoɔ nntumi mmfa mma ne sɛ ɔrehwɛ Aaron Asɔfodie akuo ne mmaayewa no so, sɛ obiara temmufoɔ, rehwɛ sikasɛm ne Asɔre no mu honam fa mu nsɛm, ahwɛ ahiafoɔ ne onnibiefoɔ. Elderfoɔ kuo ne Relief Society titenafoɔ ne afoforɔ no bɛtumi afa asɛmpatrɛ adwuma no asodie a ɛdi kan, tɛmpol ne abusua abakɔsɛm dwumadie, adekyerɛ a ɛsombo wɔ wɔɔd no mu, ahwɛ ɔsom adwuma fa Asɔre no asafomma ho.

  11. Ɛka tebea a ɛhia ɔtemmufoɔ ma obiara nsafoa ho no, nsɛm a ɛfa ɔsɛeɛ biara ho no wɔ sɛ ɔhwɛfoɔ no na ɛsɔ mu de Asɔre no nhyɛhyɛeɛ na ɛhwɛ.

  12. Relief Society pɛɛwa titenani no nso bɛkɔ so de amaneɛbɔ akɔ pɛɛwa titenani no hɔ.

  13. Ɛwɔ sɛ wɔyi pɛɛwa mu Mmarimaa titenani afotufoɔ no firi pɛɛwa no asafomma no mu anaa sɛdeɛ ɛbɛhia, ebia agyinatukuo kɛseɛni a wɔde Mmaayewa no ama no no ne agyinatukuo kɛseɛni a wɔde Mmɔfra no ama.

  14. Onuabarima a ɔsom sɛ Kwasiada Sukuu titenani no, wɔ asodie titiriw ma mmabunu no nhyehyɛeɛ bosome biara, Kwasiada mmienu

  15. Titenafoɔ ma Relief Socirty, Mmaayewa, Mmarimaa, Kwasiada sukuu ne Mmɔfra, wɔ amansan ne pɛɛwa pɛmpɛsoɔ yɛ Amansan Asomfoɔ anaa pɛɛwa asomfoɔ. Wɔ wɔɔd pɛmpɛsoɔ no, Ɔhwɛfoɔ ne n’aboafoɔ di mmabunu mmarima no anim, ɛno nti mmabunu mmarima fotumafoɔ nnyɛ wɔɔd asomfoɔ.

Tintim