2010–2019
Mmaransɛm Akɛseɛ Mmienu
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Mmaransɛm Akɛseɛ Mmienu

Seesei, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di mmaransɛm akɛseɛ mmienu no so. Yɛyɛ saa a yɛnante kwan tee so fa mmara ne ɔdɔ ntam.

Menuanom mmaa adɔfoɔ wɔ Yesu Kristo asɛmpa mu, mekyea mo sɛ ɛnni awieɛ abusua hwɛfoɔ kronkron a wɔde mo ama. Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ yɛn sɛ, Asɔre no san baa bio sɛdeɛ mmusua bɛtumi ayɛ, asɔano, na apagya a ɛnnya awieɛ.”1 Saa nkyerɛkyerɛ no wɔ nokwasɛm a ɛhia ma wɔn a wɔayi wɔn ho ama ɔbaa ne ɔbaa awareɛ, ɔbarima ne ɔbarima, deɛ ɔpɛ baanu no anaa ɔbɛnbedeɛ a yɛtaa dane kɔ sɛ LGBT.2 Titenani Nelson abɔ yɛn nkaeɛ sɛ mma yɛn “mmpene so mma obiara berɛ nyinaa sɛ yɛdɔ obiara.”3 Saa nkɔmhyɛ nkyerɛkyerɛ yi yɛ adehia ma abusua adwen-toatoa sɛ wɔnya mmuaeɛ ma mmɔfra ne mmabunu nsɛmmisa. Mede mpaebɔ ahwehwɛ nkannyan sɛ mɛkasa akyerɛ saa atiefoɔ yi, ɛfiri sɛ saa nsɛmmisa yi ka mo kwan sononko so, a ɛka abusua biara pɔtee anaa ɛnnyɛ pɔtee wɔ Asɔre yi mu.

I.

Mehyɛ aseɛ de deɛ Yesu kyerɛkyerɛɛe sɛ ɛyɛ mmaransɛm akɛseɛ mmienu no.

“Dɔ Awurade wo Nyankopɔn wɔ w’akoma nyinaa mu, ne wo kra nyinaa mu, ne w’adwene nyinaa mu.

“Yei ne mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛdi kan.

“Na deɛ ɛtɔ so mmienu no tesɛ ɛno ara, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”4

Yei kyerɛ sɛ wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ obiara, berɛ a Yesu abebusɛm fa Samariani papa no ho kyerɛkyerɛ sɛ obiara yɛ yɛn yɔnko.5 Nanso yɛn nsiyɛ sɛ yɛdi saa mmaransɛm a ɛtɔ so mmienu no so nnsɛ sɛ yɛn werɛ firi deɛ ɛdi kan no, sɛ yɛde yɛn akoma, akra, ne adwene nyinaa dɔ Onyankopɔn. Yɛkyerɛ saa ɔdɔ no berɛ a “yɛredi [Ne] mmaransɛm so.”6 Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛdi Ne mmaransɛm so, ɛfiri sɛ ɛnam saa setie no nkoaa so, a nsakyeraeɛ ka ho, na yɛbɛtumi asan akɔtena Ne nkyɛn na yɛabɛyɛ pɛ sɛdeɛ Ɔteɛ.

Wɔne kasa a ɛnnkyɛreeɛ ma Asɔre yi nnɛɛmmafoɔ no, Titenani Russell M. Nelson kasa faa ho deɛ ɔfrɛɛ no “ntoamu denden a ɛda Onyankopɔn dɔ ne Ne mmara ntam.”7 Mmara a ɛka saa nsɛmpɔ titiriw yi ho pa ara a ɛfa wɔn a wɔayi wɔn ho sɛ LGBT no, ɛyɛ Onyankopɔn mmara ma awareɛ ne ne yɔnko mmara ma ahonidie. Ne mmienu ho hia wɔ yɛn Agya a ɔwɔ Soro nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ ma Ne mma. Sɛdeɛ Titenani Nelson kyerɛkyerɛeɛ no, “Onyankopɔn dɔ a ɛnni ano ma yɛn na ɛkannyan Ne mmara biara na Ne pɛ ma yɛn ama yɛabɛyɛ biribiara a yɛbɛtumi abɛyɛ.”8

President Nelson kyerɛkyerɛeɛ: “Aman bebree mmara ama bɔbea korɔ awareɛ ho kwan. Sɛ Asɔre yi asafomma, yɛde nnidie ma asase so mmara, a dwasodeyɔ awareɛ ka ho. Nokorɛ ne sɛ, mmom, wɔ mfitiaseɛ no Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ awareɛ! Na ɛbɛsi ɛnnɛ da yi, Ɔkyerɛ mu sɛ ɛyɛ deɛ ɛwɔ ɔbarima ne ɔbaa ntam. Onyankopɔn nsesaa Ne nkyerɛkyerɛmu ma awareɛ.

President Nelson toaa so: “Onyankopɔn nso nnsesaa N’ahonidie mmara no. Ahiadeɛ a yɛde wura tɛmpol mu nsesaae.”9

Titenani Nelson bɔ yɛn nyinaa nkaeɛ sɛ “yɛn asodie sɛ Asomafoɔ ne sɛ, yɛn nkyerɛkyerɛ biribiara gye sɛ nokorɛ. Saa asodie no mma [Asomafoɔ] no tumi nsesa mmara kronkron no.”10 Ɛno nti, ɛsɛ sɛ Asɔre mpaninfoɔ kyerɛkyerɛ berɛbiara, ɛho a ɛhia sononko sɛ awareɛ bɛyɛ wɔ ɔbarima ne ɔbaa ntam ne ahonidie mmara a ɛka ho no.

II.

Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ adwuma awieɛ ɛfa sɛ wɔresiesie Onyankopɔn mma ama sɛlɛtia ahemman, na nkanka, ma n’animuonyam kɛseɛ, mmasoɔ anaa nkwa a ɛnni awieɛ. Wɔtumi nya saa hyɛberɛ kɛseɛ pa ara yi nam daapem awareɛ nkoaa so.11 Nkwa a ɛnni awieɛ ka adebɔ tumi a ɛte hɔ wɔ onini ne ɔbedeɛ nkabom mu12—nnɛ mmerɛ yi mu adiyisɛm bɛn na ɛka fa “nnuaba ntoasoɔ daa afebɔɔ” ho asɛm.13

President Nelson kasa kyerɛɛ mmabunu no, ɔkyerɛɛ sɛ, “Onyankopɔnmmara so die bɛbɔ wo ho ban berɛ a worenyini abɛn mpagya a ɛda y’anim”14—ɛne sɛ, wobɛtumi abɛyɛ sɛ Onyankopɔn, anya mmasoɔ asetena ne suban kronkron a yɛn Soro Awofoɔ wɔ no. Yei ne hyɛberɛ a yɛrepɛ ama obiara a yɛdɔ no. Ɛnam saa dɔ no nti, yɛnntumi mma saa ɔdɔ no nnsi mmaransɛm no ananmu ɛne Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne adwuma, deɛ yɛnim sɛ ɛde anigyeɛ kɛseɛ bɛbrɛ wɔn a yɛdɔ wɔn no.

Nanso bebree wɔ hɔ a yɛdɔ wɔn, a ebi ka ho a wɔanya asɛmpa a asan aba no, a wɔnnye nni anaa wɔayi sɛ wɔrenni Onyankopɔn mmaransɛm so ɛfa awareɛ ne ahonidie mmara no ho. Na wɔn nsoɛ?

Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ kyerɛ sɛ, Yɛn nyinaa yɛ Ne mma na wabɔ yɛn sɛ yɛnnya anigyeɛ.15 Nnɛ mmerɛ yi mu adiyisɛm kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn asiesie nhyehyɛeɛ ama deɛ ɛwuo suahunu a emu, obiara bɛtumi ayi setie ahwehwɛ Ne nhyira kɛseɛ pa ara no anaa nya ɔpɛ a ɛde kɔ ahemman a animuonyam sua no mu baako.16 Ɛnam Onyankopɔn dɔ kɛseɛ ma Ne mma nyinaa nti, saa ahemman nketewa yi kɔso ara yɛ nwanwa pa ara kyɛn sɛ deɛ ɛbɛwuo bɛtumi ate aseɛ.17 Yesu Kristo Mpata no ma yei nyinaa yɛ hɔ, sɛdeɛ “Ɔhyɛ Agya no animuonyam, na ɔgye ne nsa ano nnwuma nyinaa no.”18

III.

Makasa afa mmaransɛm a ɛdi kan no ho, deɛn na ɛfa mmienu no ho? Sɛn na yɛdi mmaransɛm dɔ yɛn yɔnko no so? Yɛhwehwɛ hyɛ yɛn asafomma nkuran sɛ, wɔn a wɔdi ɔbaa ne ɔbaa awareɛ, barima ne barima, deɛ ɔpɛ baanu no anaa ɔbɛnbedeɛ nkyerɛkyerɛ ne nneyɛɛe akyi no, ɛsɛ sɛ yɛde Agyenkwa no dɔ a wahyɛ sɛ yɛn nkyerɛ yɛn ayɔnkofoɔ nyinaa no, sɔ wɔ mu. Ɛno nti, berɛ a wɔyɛɛ no mmara sɛ nnipa a wɔyɛ adekorɔ tumi ware no, Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no ne Asomafoɔ Dumienu Kuo no paee mu kaa sɛ: “Yesu Kristo asɛmpa no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ, yɛmfa ayamyɛ ne anidie—mpo sɛ yɛmmpene soɔ. Yɛfoa so sɛ mma wɔn mmu wɔn a wɔde mmara boa wɔn ho wɔ ho anaa asɛnniiɛ mmara ma bɔbea korɔ awareɛ ho kwan no animtiaa.”19

Ɛtɔ so, ɛnsɛ sɛ yɛtaataa wɔn da, wɔn a wɔ ne yɛn nnkyɛ yɛn gyedie ne ahofama no.20 Yɛdi yea sɛ, nnipa bi a saa nsɛm yi ɛda wɔn anim no kɔso te nka sɛ ebinom ne adikanfoɔ wɔ yɛn mmusua, wɔɔd ne mpɛɛwa mu apo wɔn na wɔnni mu. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yɛnya ayamyɛ anidie pii.

IV.

Ma botae binom a yɛnnte aseɛ no, yɛwɔ nsɛm denden ahoroɔ wɔ yɛn ewuo tebea yi suahunu mu. Nanso, yɛnim sɛ Onyankopɔn bɛboa yɛn mu biara ma yɛadi saa ɔhaw yinom so, berɛ a yɛde nokorɛ hwehwɛ Ne mmoa no. Akyire yi a yɛahunu amane na yɛasakyera afiri mmara a wɔakyerɛkyerɛ yɛn ma yɛabu soɔ no, yɛn nyinaa wie animuonyam ahemman mu. Awieɛ ne atemmuo a ɛtwatoɔ bɛfa Awurade so, ɔno nko ara na ɔwɔ nimdeɛ a ɛhia, nyansa, ne adom sɛ ɔbu yɛn mu biara atɛn.

Seesei, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di mmaransɛm akɛseɛ mmienu no so. Yɛyɛ saa a, yɛnante santene kama so fa mmara ne ɔdɔ ntam nni—mmaransɛm no so, nante apam kwan no so, berɛ a yɛredɔ yɛn yɔnko wɔ ɔkwan no so. Saa nanteɛ yi hia sɛ yɛhwehwɛ nkannyan kronkron fa deɛ yɛn mmoa ne deɛ yɛnko ntia ne sɛdeɛ yɛnnɔ, mfa nidie ntie, nkyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan no so. Yɛn nanteɛ no hwehwɛ sɛ yɛnnyae mmaransɛm no mu mma, mmom yɛnkyerɛ nteaseɛ ne ɔdɔ dodoɔ no ara. Yɛn nanteɛ mu no, ɛsɛ sɛ yɛdwene mmɔfra a wɔn adwene nnsi pi fa wɔn bɔbea nkyerɛkyerɛ ho, ɛfiri sɛ ɛbu hare so nkatosoɔ aba mu, mmɔfra dodoɔ no ara mu no saa.21 Yɛn nanteɛ tia ɛfrɛ firi apam kwan no so na ɛmmfa mmoa mma obi a ɔdi nkorɔfoɔ kan firi Awurade nkyɛn. Yei nyinaa mu no, yɛkae Onyankopon anidasoɔ bɔhyɛ ne awieɛ anigyeɛ ne nhyira ma obiara a ɔdi Ne mmaransɛm so.

V.

Ɛnanom ne agyanom ne yɛn nyinaa, ɛyɛ asodie sɛ yɛkyerɛ mmaransɛm akɛseɛ mmienu no. Asɔre no mu mmaa, President Spencer W. Kimball kyerɛkyerɛɛ asɛdeɛ kɛseɛ a ɛwɔ saa nkɔmhyɛ yi ho: nyini kɛseɛ titire a ɛreba Asɔre no mu wɔ nna ɛtwatoɔ yi bɛba, ɛfiri sɛ wiase yi mmaa papa dodoɔ no ara bɛtwe aba Asɔre yi mu bebree. Yei bɛsi aduru dibea a mmaa a wɔn wɔ Asɔre yi mu bɛhran tenenee ne anoteɛ mu wɔ wɔn asetena mu, aduru dibea a wɔbɛhunu mmaa a wɔn wɔ Asɔre yi mu sɛ wɔda nnso yɛ sononko firi mmaa a wɔn wɔ wiase. Ɛno nti, ɛbɛba sɛ Asɔre yi mu mmaa nhwɛso pa bɛyɛ ahoɔden titiriw wɔ dodoɔ mu ne honhom mu nyini ma Asɔre yi wɔ nna a ɛtwa toɔ no.22

Ɔreka saa nkɔmhyɛ no ho asɛm no, Titenani Russell M. Nelson de too dwa sɛ “ɛda no a Titenani Kimball hunusieeɛ no ne ɛnnɛ. Mo ne mmaa a ɔhunusieeɛ no.”23 Yɛn a yɛtee saa nkɔmhyɛ yi mfeɛ 40 a atwa mu no anni anna na ahunu sɛ wɔn a ɛka ho a Asɔre yi mu mmaa bɛgye wɔn nkwa no bɛyɛ wɔn ankasa nnamfo pa ne abusua a seesei wiase nneɛma ne atirimuɔden mu nnaadaa akɛntɛn wɔn so. Me mpaebɔ ne nhyira ne sɛ mobɛkyerɛkyerɛ na moayɛ ama saa nkɔmhyɛ no aba mu, wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim