2010–2019
Agyenkwa no Nsa a Ɔde ka
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Agyenkwa no Nsa a Ɔde ka

Sɛ yɛba Ne nkyɛn a, Onyankopɔn gye yɛn, sɛ ɔbɛsa yɛn yadeɛ anaa ɔbɛma yɛn ahoɔden agyina tebea biara anim.

Bɛyɛ mfeɛ mpem mmienu a atwam, Agyenkwa no firii bepɔ no so baa fam berɛ a na wakyerɛkyerɛ Adommorosɔ ne asɛmpa no nyinasoɔ afoforɔ awie. Ɔnam no, ɔbarima bi a na ɔyare kwata twibɛnee no. Ɔbarima no kyerɛɛ nidie ne obuo, buu nkotodwe wɔ Kristo anim, srɛɛ ɔgyeɛ firii ne haw no mu. Na n’adesrɛ no yɛ tiawa: ”Awurade, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.”

Agyenkwa no tenee Ne nsa kaa no, kaa sɛ, “Mepɛ, wo ho mfi.”1

Ne saa nti, yɛasua sɛ yɛn Agyenkwa no pɛ sɛ ɔhyira yɛn berɛ biara. Nhyira binom bɛtumi aba amonom hɔ ara, ebi bɛtumi akyɛre, na ebi mpo bɛtumi aba abrabɔ yi akyi, nanso nhyira bɛba ne berɛ mu.

Te sɛ ɔkwatani no, yɛbɛtumi anya tumi ne ahotɔ wɔ abrabɔ yi mu berɛ a yɛgye Ne pɛ to mu na yɛhunu sɛ Ɔpɛ sɛ ɔhyira yɛn. Yɛbɛtumi anya tumi agyina ɔhaw biara ano, adi nsɔhwɛ biara so, ate nneɛma ase sɛdeɛ wɔteteɛ na yɛatumi agyina. Ampa ara, ɛduruu berɛ a ɛmu yɛɛ den wɔ N’abrabɔ mu no, Agyenkwa no tumi a ɔde gyina mu dɔeɛ berɛ a Ɔka kyerɛɛ N’Agya sɛ, “Wopɛ nyɛ hɔ.”2

Ɔkwatani no annsrɛ n’abisadeɛ no wɔ ahomasoɔ mu anaa ɔhyɛ kwan so. Ne nsɛm no kyerɛ ahobrɛaseɛ su, ɛne gyedie kɛseɛ wɔ ɔpɛ kann mu sɛ Agyenkwa no pɛ na ɛnyɛ hɔ. Wei yɛ su a ɛsɛ sɛ yɛde ba Kristo nkyɛn no ho nhwɛsoɔ. Ɛsɛ sɛ yɛde gyedie a ɛsi pi ba Ne nkyɛn, sɛ, Agyenkwa no pɛ seesei ne daa na ɛbɛyɛ papa ama yɛn asetena a ɛwuo, ne ɛnni awieɛ abrabɔ. Ɔwɔ ɛnni awieɛ nhunumu a yɛnni bi. Ɛsɛ sɛ yɛde ɔpɛ kann ba Kristo nkyɛn na Agya no pɛ amene yɛn pɛ, sɛdeɛ na Ne deɛ teɛ.3 Wei bɛsiesie yɛn ama ɛnni awieɛ asetena.

Ɛyɛ den sɛ wobɛtumi asusu honam ne atenka mu ahohiahia a na ɛda ɔkwatani a ɔbaa Kristo nkyɛn no so. Kwata sane ntini ne honam, na ɛde ɔsɛeɛ ne dɛmdie ba. Bio nso, ɛde dɔm mu kɔ nyiyimu kɛseɛ ba. Ɛwɔ sɛ obi a kwata ayɛ no firi n’adɔfoɔ nkyɛn kɔtena baabi na ɔte ne ho firi nnipa mu. Na wɔbu akwatafoɔ sɛ wɔn ho nte, honam ne honhom fa mu nyinaa. Wei nti, Mose mmara hwehwɛɛ sɛ akwatafoɔ hyɛ ntadeɛ a ateteɛ na wɔteam, “Deɛ ɛho nteɛ!” berɛ a wɔnam.4 Wɔyare na wɔapo wɔn nti, ɛmaa akwatafoɔ kɔwiee sɛ wɔtete adan a wɔagya hɔ mu ne amusieɛ nna so.5 Ɛnyɛ den sɛ wobɛsusu sɛ na ɔkwatani no a ɔtwibɛnee Agyenkwa no nni anidasoɔ biara.

Wɔ ɔkwan baako anaa ɔfoforɔ so, yɛn nso anidasoɔ bɛtumi asa, sɛ ɛfiri yɛn ara nneyɔeɛ anaasɛ afoforɔ deɛ, ɛnam tebea bi a yɛbɛtumi anaa yɛrentumi nni so. Wɔ saa mmerɛ no mu, yɛbɛtumi de yɛn werɛ ahyɛ Ne nsam.

Mfeɛ bi a atwam, Zulma—a ɔyɛ me hokafoɔ, tee nsɛm bi a na ɛyɛ den berɛ a na aka nnawɔtwe mmienu pɛ na yɛn mma no mu baako akɔware. Ne mene mu honoeɛ, a na ɛrenyini ntɛmtɛm. N’anim hyɛɛ aseɛ honhonoeɛ, na na ɛwɔ sɛ ntɛm ara wɔyɛ no opirehyɛn, a na ɛyɛ hu. Adwennwene pii kɔɔ so wɔ ne tirim ma ɛde ɔhaw bɛtoo nakoma so. Na deɛ ahono no no yɛ deɛ ɛbɛsɛe no anaa? Ne nipadua bɛsan ayɛ sɛdeɛ ɛteɛ bio? Ɛbɛma n’anim adwodwo anaa? Sɛn na yea no anoden bɛyɛ? Kutwa bɛka n’anim afebɔɔ anaa? Sɛ wɔyi a ɛbɛsan aba bio anaa? Ɔbɛtumi akɔ yɛn babarima no awareɛ no bi anaa? Ɔda opirehyan dan no mu no, n’anidasoɔ saeɛ.

Wɔ saa berɛ a na ɛhia mu no, Honhom no kakyerɛɛ no brɛoo sɛ ɛwɔ sɛ ɔgye Awurade pɛ to mu. Afei ɔsii gyinaeɛ de ne werɛ hyɛɛ Onyankopɔn mu. Ɔnyaa atenka sɛ nsunsuansoɔ a ɛbɛba biara, Ne pɛ na ɛbɛyɛ papa ama no. Ankyɛre biara na ɔfaa mu daeɛ.

Akyire yi, ɔtwerɛɛ no anwonsɛm kwan so wɔ ne nwoma ketewa mu sɛ: “Wɔ dɔkota pono no so metiee wo na megyaee me ho maa Wo pɛ. Na menim sɛ mɛtumi de me ho ato Wo so, ɛfiri sɛ menim sɛ ade bɔne biara rentumi mfiri Wo nkyɛn mma.”

Ɔnyaa tumi ne ahotɔ firii ne ho a ɔgyae maa Agya no pɛ mu. Saa da no, Onyankopɔn hyiraa no pii.

Sɛdeɛ yɛn tebea teɛ biara, yɛbɛtumi de gyedie aba Kristo nkyɛn na yɛanya Onyankopɔn bi a yɛbɛtumi de yɛn ho ato ne so. Sɛdeɛ Gabriel a ɔyɛ me mma no mu baako twerɛɛ no berɛ bi:

Nkɔmhyɛni no kyerɛ sɛ, Onyankopɔn anim hyerɛn kyɛn owia

na Ne tirinwi te sɛ asukɔkyea

na Ne nne bobom te sɛ asutene a ɛreworo so,

na wode onipa toto Ne ho a ɛnnyɛ yie.

Memoa, berɛ a mehunu sɛ mensɛ hwee.

Na saa berɛ no pɛ na mehwehwɛ nyankopɔn bi a mɛtumi de me ho ato ne so.

Na saa berɛ no pɛ na mehunu Onyankopɔn a mɛtumi de me ho ato Ne so.6

Onyankopɔn a yɛgye di sɛ ɔma yɛn nkuranhyɛ ne anidasoɔ. Yɛbɛtumi de yɛn ho ato Ne so ɛfiri sɛ Ɔdɔ yɛn na ɔpɛ deɛ ɛyɛ papa ma yɛn wɔ tebea biara mu.

Ɔkwatani no de ne ho maeɛ ɛfiri sɛ na ɔwɔ anidasoɔ mu tumi. Wiase amma no anoyie, ahotɔ mpo bɔɔ no. Ne saa nti, Agyenkwa no nsa a ɔde kaa no kɛkɛ yɛɛ no sɛ wɔde nsa afefa ne kra nyinaa ho. Yɛbɛtumi asusu anisɔ atenka a ɛmu dɔ a ɔkwatani no bɛnya berɛ a Agyenkwa no de Ne nsa kaa no, nkanka berɛ a ɔtee nsɛm “Mepɛ; wo ho mfi.”

Ayɛsɛm no ka sɛ “amonom hɔ ara ne kwata no kɔeɛ.”7

Yɛn nso bɛtumi anya Agyenkwa no dɔ, ayaresa nsa no atenka. Ɔdɔ, anidasoɔ ne ayɛyie bɛn na yɛn kra nya wɔ berɛ a yɛnim sɛ Ɔpɛ sɛ ɔboa ma yɛn ho fi! Sɛ yɛba Ne nkyɛn a, Onyankopɔn gye yɛn, sɛ ɔbɛsa yɛn yadeɛ anaa ɔbɛma yɛn ahoɔden agyina tebea biara anim.

Sɛdeɛ ɛteɛ biara, yɛregye Ne pɛ ato mu—na ɛnnyɛ yɛn deɛ—bɛboa ma yɛate yɛn tebea ase. Ade bɔne biara mmfiri Onyankopɔn hɔ mmma. Ɔnim deɛ ɛyɛ ma yɛn. Ebia Ɔrennyi yɛn nnesoa amonom hɔ ara. Ɛtɔ da bi a Ɔbɛtumi ama saa nnesoa no mu ayɛ hare, sɛdeɛ Ɔyɛ maa Alma ne ne nkorɔfoɔ no.8 Awieɛ no, esiane apam ahodoɔ nti, nnesoa no bɛfiri hɔ,9 asetena wei mu anaasɛ Owusɔreɛ kronkron berɛ no.

Ɔpɛ kann yɛwɔ sɛ Ne pɛ na ɛnyɛ hɔ, ɛne yɛn Dimafoɔ no kronkronyɛ su ho nteaseɛ, boa ma yɛnya gyedie te sɛ deɛ ɔkwatani no kyerɛeɛ a ɛmaa ɔnyaa n’ayaresa no. Yesu Kristo yɛ ɔdɔ Nyankopɔn, anidasoɔ Nyankopɔn, ayaresa Nyankopɔn, Nyankopɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyira yɛn na ɔboa ma yɛn ho fi. Ɛno na na Ɔrepɛ ansa na ɔreba asaase yi so berɛ a ɔtuu Ne ho sii hɔ sɛ ɔbɛgye yɛn, berɛ a yɛhwe ase bɔne mu. Ɛno na na Ɔrepɛ wɔ Getsemane berɛ a ɔfaa yea ne ahohiahia a onipa nntumi nnte aseɛ mu, berɛ a na ɔretua bɔne ho ka. Ɛno na ɔrepɛ no seesei berɛ a Ɔsrɛ ma yɛn wɔ Agya no anm.10 Ɛno nti na Ne nne da so gyegye sɛ: “Mommra me nkyɛn, mo a moyɛ adwuma na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, na mɛma mo ahome.”11

Ɔbɛtumi asa yɛn yadeɛ na wapagya yɛn ɛfiri sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ. Ɔfaa honam ne honhom mu yea nyinaa too Ne ho so sɛdeɛ ahummɔborɔ bɛhyɛ Ne nsono ma, ama watumi aboa yɛn wɔ nneɛma nyinaa mu na wasa yɛn yadeɛ na wapagya yɛn12 Yesaia nsɛm, sɛdeɛ Abinadae kaeɛ no, kyerɛ mu ma ɛka akoma:

“Ampa ara, wasoa yɛn awerɛhoɔ no, asoa yɛn ayaayaadeɛ no nso.

“wɔpiraa No yɛn mmaratoɔ nti, yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no; yɛn asomdwoeɛ ho asotweɛ daa ne so; na ne mmaa ntampea na asa yɛn yadeɛ.”13

Wɔakykyerɛ saa tirimpɔ yi wɔ anwenensɛm yi mu:

“O Nazareni Duadwumfoɔ,

Akoma wei, a abubuo atra yieyɔ,

Abrabɔ wei, a apansam abɛn owuo yi,

O, Wobɛtumi asiesie, Duadwumfoɔ?”

Na ɔnam Ne dɔ nsa a ayɛ krado so,

Nwene n’ankasa abrabɔ pa no fa

Yɛn abrabɔ a abubuo mu, kɔsi sɛ ɛbɛgyina.

Abɔdeɛ Foforɔ—”nneɛma nyinaa foforɔ.”

“[Deɛ] apansam firi akoma [no],

Ɔpɛ, botaeɛ, anidasoɔ, ne gyedie,

Nwene ma ɛnwie pɛ yɛ,

O, Nazareni Duadwumfoɔ!”14

Sɛ wote nka sɛ wo ho nte wɔ kwan bi so, sɛ wote nka sɛ woabubu a, mesrɛ hunu sɛ wɔbɛtumi ate wo ho, asiesie wo, ɛfiri sɛ Ɔdɔ wo. Gyedi sɛ ade bɔne biara nntumi mfiri Ne nkyɛn mma.

Esiane sɛ “Ɔsiane baa nneɛma nyinaa ase nti,”15 Ɔma ho kwan ma nneɛma a abubuo wɔ yɛn abrabɔ mu nyinaa tumi yɛ yie, na ɛno nti yɛbɛtumi ne Onyankopɔn asan aka abom. Nneɛma nyinaa nam Ne so san yɛ yie, nneɛma a ɛwɔ asaase so ne nneɛma a ɛwɔ ɔsoro nyinaa, na ɛnam “n’asɛnnua so mogya no mu nya asomdwoeɛ.”16

Momma yɛntu anamɔn a ɛhia biara mmra Kristo nkyɛn. Sɛ yɛyɛ a, yɛn suban nyɛ deɛ ɛka sɛ, “Awurade, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.” Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛtumi anya Owura no ayaresa nsa a ɔde ka, aka Ne nne dɛɛdɛɛ a ɛgyegye sɛ: “Mepɛ; wo ho mfi” no ho.

Agyenkwa no yɛ Nyankopɔn a yɛbɛtumi de yɛn ho ato ne so. Ɔno ne Kristo no, Deɛ Wɔasra no, Agyenkwa a medi Ne din kronkron ho adanseɛ, mpo Yesu Kristo no, amen.

Tintim