2010–2019
Sɛ yɛbɛnya Anigyeɛ wɔ Asɛmpa no Kyɛ mu
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Sɛyɛbɛnya Anigyeɛ wɔ Asɛmpa no Kyɛ mu

Yɛwɔ Soro Agya a Ɔdɔ yɛn a ɔretwɛn sɛ yɛbɛba ne nkyɛn ma wahyira yɛn ne wɔn a watwa yɛn ho ahyia.

Mmɔfra nnwom baako a mepɛ de nsɛm wei fi aseɛ:

Meyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ ba.

Menim deɛ meyɛ.

Menim Nyankopɔn nhyehyɛeɛ.

Mɛdi n’akyi wɔ gyidie mu.

Mewɔ gyedie wɔ Agyenkwa, Yesu Kristo mu.1

Asɛm tiawa dɛɛdɛ a ɛkyerɛ nokorɛ a yɛgyedie!

Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ, yɛnim nnipa a yɛyɛ. Yɛnim sɛ “Nyankopɔn ne yɛn honhom Agya. Yɛyɛ Ne mma ankasa, na Ɔdɔ yɛn. Yɛne No tenaa [wɔ Soro] ansa na yɛreba asaase so.”

Yɛnim Nyankopɔn nhyehyɛeɛ. Na yɛwɔ ne nkyɛn na Ɔde too dwa. Onyankopɔn botaeɛ nyinaa —N’adwuma ne N’animuonyam —ne sɛ ɔbɛboa yɛn mu biara ama yɛanya Ne nhyira. Ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ korɔgyeen a ɛbɛma Ne botaeɛ aba mu. Yɛtee aseɛ na yɛgyee saa anigyeɛ, ɔgyeɛ, ne nkwagyeɛ” nhyehyɛeɛyi too mu ansa na yɛbaa asaase so.

Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no fapem. Ɛnam Ne Mpata no so nti, Yesu Kristo maa N’Agya botaeɛ no baa mu na ɔmaa yɛn mu biara ho kwan sɛ yɛbɛnya honam a ɛnnwuo da ne nkwa a ɛnni awieɛ. Satan, anaa ɔbonsam yɛ ɔtamfo ma Nyankopɔn Nhyehyɛeɛ” no firi mfiaseɛ.

“Ɔpɛ, anaa sɛ yɛbɛtumi ayi deɛ ɛda yɛn akoma soɔ no yɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ akɛseɛ a ɔde ama ne mma no mu baako. Ɛsɛ sɛ yɛsi gyinaeɛ sɛ yɛbɛdi Yesu Kristo akyi anaa Ɔbonsam akyi.2

Wei yɛ nokorɛ tiawa binom a yɛbɛtumi ne afoforɔ akyɛ.

Ma menka mmerɛ bi a me maame kaa nokorɛ tiawa maa ne ho kwan na ɔdii nkɔmmɔ ne nkaeɛ ne akwanya.

Mfie pii a atwam, na me maame reba Argentina abɛsra menua barima. Ɛnam sɛ na me maame mpɛ ewiemhyɛn akwantuo nti, ɔbisaa me mma mmarima no baako sɛ ɔnhyira no ne banbɔ ne awerɛkyekyerɛ. Ɔnyaa atenka sɛ ɔnhyira ne nana ma ɔnya akwankyerɛ mfiri Honhom Kronkron no nkyɛn de aka afoforɔ a wɔpɛ sɛ wɔsua asɛmpa no akoma na ahyɛ wɔn den.

Mfoni
Pol Abusua

Wɔ Salt Lake wiemhyɛn beaɛ, me maame ne onuabarima hyiaa -mfeɛ-7 abaayewa bi ne n’abusua a wɔfri ‘skiing’ akwantuo reba fie. Berɛ a n’awofoɔ ani baa so sɛ ɔne me maame akasa akyɛ no, wɔyɛɛ sɛ wɔbɛka nkɔmmɔ no ho bi. Wɔne wɔn ba no yii wɔn ho adi sɛ Eduado ne Maria Susana ne Giada Pol. Wɔnyaa atenka pa bi faa saa abusua kama yi ho.

Mmusua mmienu no nyinaa anigyeeɛ sɛ wɔretu kwan abom wɔ ɛhyɛn korɔ mu akɔ Buenos Aires, Argentina. Wɔ nkɔmɔdie mu no, me maame hunuu sɛ wɔntee biribiara fa Yesu Kristo Asɔre a wasan-de-aba no ho da.

Susana nsɛmmisa a ɛdi kan no mu baako ne sɛ, “Wobɛtumi aka biribi afa saa nkaeɛdum dan fɛfɛɛfɛ na sika kɔkɔɔ honi si so no?”

Me maame kyerɛɛ mu sɛ saa ɛdan fɛfɛɛfɛ no nyɛ nkaeɛdum dan na mmom, ɛyɛ Awurade tɛmpol, beaɛ a yɛne Nyankopɔn yɛ apam sɛdeɛ yɛbɛtumi akɔtena Ne nkyɛn bio. Susana kakyerɛɛ me maame sɛ ansa na wɔrekɔ Salt Lake no, ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛnya biribi a ɛbɛhyɛ ne honhom den.

Wɔ akwantuo no mu, me maame dii n’adanseɛ kumaa bi a ɛmu yɛ den faa asɛmpa no ho na ɔtoo nsa frɛɛ Susana sɛ ɔnhwehwɛ asɛmpatrɛfoɔ no wɔ ne kurom hɔ. Susana bisaa me maame sɛ, “Mɛyɛ dɛn na mahunu wɔn?”

Me maame buaa sɛ, “Wani ntumi mpa wɔn so; wɔyɛ mmarima baanu a wɔhyɛ ntaadeɛ fitaa anaa mmaa baanu a biribi bɔ wɔn bo so berɛ biara a ɛkyerɛ wɔn din ne Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ.”

Mmusua no sesaa tetefon aba na wɔyɛɛ baebae wɔ Buenos Aires wiemhyɛn beaɛ hɔ. Susana a wabɛyɛ me yɔnko firi saa berɛ no, aka akyerɛ me mpɛn pii sɛ ne werɛ hooe sɛ ɔgyaa me maame hɔ wɔ ewiemhyɛn gyinabea hɔ. Ɔkaa sɛ, “Na wo maame hyerɛn. Mentumi nkyerɛ mu, nanso na ɛhann bi wɔ ne ho a na mempɛ sɛ mɛgya hɔ.”

Berɛ a Susana kɔduruu ne kurom pɛ, ɔne ne ba baa, Giada, kɔɔ Susana maame a na ɔte bɛn wɔn hɔ kɔkaa saa suahunu yi kyerɛɛ no. Berɛ a wɔte lɔɔre mu no, Susana hunuu mmeranteɛ baanu bi sɛ wɔnam kwan no so a wɔahyɛ ntaadeɛ te sɛ deɛ me maame kaeɛ no. Ɔgyinaa lɔɔre no wɔ kwan no mfimfini sii fam na ɔbisaa saa mmeranteɛ baanu yi sɛ, “Anyɛbiara mo firi Yesu Kristo Asɔre mu?”

Wɔkaa sɛ, “Aane.”

“Asɛmpatrɛfoɔ?” ɔbisaaɛ.

Wɔyii ano, “Aane yɛyɛ!”

Na ɔkaa sɛ, “Montena me lɔɔre no mu; morebɛkyerɛ me adeɛ wɔ fie.”

Mfoni
Pol Abusua

Abosome mmienu akyi, Maria Susana bɔɔ asu. Ne babaa, Giada nso bɔɔ asu berɛ a ɔdii mfeɛ 9. Yɛgu so reyɛ Eduado ho adwuma, ɛmfa ho ne deɛ ɛbɛsi yɛdɔ no.

Ɛfiri saa berɛ no, Susana abɛyɛ asɛmpatrɛni kɛseɛ baako a menim. Wayɛ sɛ Mosaya mma no, ɔde nnipa pii reba Kristo mu.

Wɔ yɛn nkɔmmɔdie baako mu, me bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn ne w’ahintasɛm? Sɛn na wo ne afoforɔ kyɛ asɛmpa no?

Ɔka kyerɛɛ me, “Ɛyɛ ade kumaa bi. Dabiara ansa na mɛfiri fie no, mebɔ mpaeɛ bisa yɛn Soro Agya no sɛ Ɔnkyerɛ me obi a ɔhia asɛmpa no wɔ n’abrabɔ mu. Ɛtɔ da a mefa Mormon nwoma no kyɛ anaa mekyɛ nkrataa a ɛfiri asɛmpatrɛfoɔ hɔ—na sɛ me ne obi kasa a, mebisa no sɛ wate Asɔre no nka.”

Susana san kaa sɛ, “Ɛtɔ da a mesere berɛ a meretwɛn keteke. Da kro bi papa bi hwɛɛ me bisaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na ama wo resere?’ Na m’ani nna me ho so.

Meyii ano, me resere esiane sɛ m’ani agye!’

“Na ɔbisaa sɛ, ‘Na ɛdeɛn na ama wani agye?’

“Meyii ano ‘Meyɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ba, na ɛno ma m’ani gye. Wate ho asɛm?”

Berɛ a ɔkaa daabi no, ɔmaa no krataa too nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra asɔre Kwasiada. Kwasiada a ɛdi soɔ no, ɔkyeaa papa no wɔ ɛpon no ano.

Titenani Dallin H. Oaks akyerɛ:

“Nneɛma meɛnsa bi wɔ hɔ a asɔreba biara bɛtumi ayɛ de akyɛ asɛmpa no.

Ɛdi kan, yɛn nyinaa bɛtumi abɔ mpaeɛ anya ɔpɛ de aboa nkwagyeɛ adwuma no fa yi mu.

Mmienu, yɛn ankasa bɛtumi adi mmransɛm no so. Asɔremma nokorɛdifoɔ wɔ Agyenkwa no honhom sɛ ɔbɛboa wɔn berɛ nyinaa ma wɔatumi akyɛ Yesu Kristo asɛmpa a wasan-de-aba no.

Mmeɛnsa, yɛbɛtumi abɔ mpaeɛ wɔ deɛ ayɛ ne afoforɔ akyɛ nsɛmpa no [na] yɛde ahofama abɔ mpaeɛ deɛ yɛanyo ho.”3

Anuanom mmaa ne mmarima, mmɔfra ne mmabunu, yɛbɛtumi ayɛ te sɛ m’adamfo Susana na yɛ ne afoforɔ akyɛ asɛmpa no? Yɛbɛtumi ato nsa afrɛ ɔyɔnkoɔ bi a ɔnkɔ asɔre yi bi sɛ ɔne yɛn mmra asɔre? Anaa ɛbia yɛbɛtumi ama obusuani bi anaa ɔyɔnkoɔ bi Mormon nwoma no? Yɛbɛtumi aboa obi ma no ahwehwɛ n’abusua akyi anaa yɛne obi bɛkyɛ deɛ yɛasua nnawɔtwe no mu wɔ Bra, Bɛdi M’akyi mu? Yɛbɛtumi ayɛ sɛ yɛAgyenkwa Yesu Kristo na yɛne afoforɔ akyɛ deɛ ɛde anigyeɛ ba yɛabrabɔ mu anaa? Saa nsɛmmisa yi nyinaa mmuaɛ yɛ aana! Yɛbɛtumi ayɛ.

Wɔ twerɛsɛm no mu yɛkan sɛwɔsomaa Yesu Kristo Asɔre mma sɛ “wɔnyɛ adwuma wɔ bobeturo no mu ma nnipa akra anya nkwagyeɛ.” (Doctrine and Covenants 138:56) “Saa nkwagyeɛ adwuma yi asɛmpatrɛ adwuma, sɛ afoforɔ bɛtena, wɔn a atete ada bɛnya nkanyan, tɛmpol ne abusua abakɔsɛm ne asɛmpa no nkyerɛkyerɛ ka ho.’”4

Adɔfonom ayɔnkofoɔ, Awurade hia sɛ yɛbɛboaboa Israel Wahyɛ yɛn bɔ wɔ ApamNkyerɛkyerɛ mu sɛ, “Mma mo nnwennwene deɛ mobɛka ho mmom monkɔ so ara nkora wɔ mo adwene mu nkwa nsɛm no, na wɔde bɛma mo dɔnhwere no ara mu, saa kyɛfa a wɔbɛsusu ama onipa biara no”5

Wasan ahyɛ yɛn bɔ sɛ:

“Na ɛba sɛ moyɛ adwuma mo nkwa nna nyinaa ka nsakyeraeɛ kyerɛ saa nkorɔfoɔ yi na mode anka ɔkra baako mpo berɛ me a, anigyeɛ kɛseɛ bɛn na mo ne no bɛnya wɔ m’Agya aheman mu!

“Na afei, sɛ mo anigyeɛ bɛyɛ kɛseɛ wɔ ɔkra baako a mode no abrɛ me wɔ m’Agya aheman no mu a, sɛn na mo anigyeɛ bɛyɛ kɛseɛ afa, sɛ mode akra bebree brɛ me a!”6

Mmɔfra dwom a mede firii aseɛ no de asɛm kɛseɛ bi wie:

Megyidie wɔ Agyenkwa, Yesu Kristo mu.

Mɛdi ne din ni.

Mɛyɛ deɛ ɛyɛ;

Mɛdi ne han akyi.

Mɛka Ne nokorɛ.7

Medi adanseɛ sɛ saa nsɛm yi yɛ nokorɛ na yɛwɔ Soro Agya a Ɔdɔ yɛn a ɔretwɛn sɛ yɛbɛba ne nkyɛn ma wahyira yɛn ne wɔn a watwa yɛn ho ahyia. Momma yɛnnya ɔpɛ sɛ yɛde yɛn nnuanom bɛba Kristo mu ne me mpaeɛ wɔ Yesu Kristo din mu, aman.

Atwerɛ.

  1. “The Church of Jesus Christ,” Children’s Songbook, 77.

  2. Preach My Gospel: A Guide to Missionary Service, rev. ed. (2018), 48.

  3. Dallin H. Oaks, “Sharing the Restored Gospel,” Liahona, Nov. 2016, 58.

  4. Handbook 2: Administering the Church, 5.0, ChurchofJesusChrist.org; san so hwɛ L. Whitney Clayton, “The Work of Salvation: Then and Now,” Liahona, Sept. 2014, 23.

  5. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:85.

  6. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18:15–16.

  7. “The Church of Jesus Christ,” 77.

Tintim