2010–2019
Bra, Di M’akyi—Awurade Kwatikwan ne Nhyehyɛeɛ Papa no
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Bra, Di M’akyi—Awurade no Kwatikwan ne Nhyehyɛeɛ Pa no

Awurade no siesie Ne nkorɔfoɔ firi ɔsɛefoɔ no haw ho. Bra, Di M’akyi yɛ Awurade no kwatikwan ne nhyehyɛeɛ pa no.

Yɛn anigye sɛ yɛahyiamu wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ amansan nhyiamu ase. Ɛyɛ nhyira sɛ yɛgye Awurade adwene ne ne pɛ firii Ne nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ nkyerɛkyerɛ mu Titenani Russell M. Nelson yɛ Awurade no nkɔmhyɛni a ɔteaseɛ. Yɛani asɔ ne nkannyan afotuo ne akwankyerɛ a yɛn nsa aka no ɛnnɛ yi.

Mede m’adansedie ka deɛ wɔadi no kane no ho. Medi adanseɛ fa Onyankopɔn, yɛn Onniawieɛ Agya ho. Ɔtease na ɔdɔ yɛn na ɔhwɛ yɛn so. N’anigyeɛ nhyehyɛeɛ no ma yɛn hyira wɔ saa honam abrabɔ yi mu ne daakye a yɛbɛsane akɔ Ne nkyɛn.

Medi Yesu Kristo nso ho adanseɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn Dɔba Koro no. Ɔgyee yɛn firii owuo hɔ, na Ɔdimaa yɛn firii bɔne ho sɛ yɛnya gyedie wɔ Ne mu na yɛsakyera a. Ne mpata afɔreɛ a ɛnni ano a ɔbɔ maa yɛn no de honam a ɛnnwuo ne daa nkwa brɛ yɛn. Ampa, “Onyankopɔn fata nkanfoɔ wɔ Ne ba kronkron a ɔde no yɛɛ akyɛdeɛ a ɛnni nsɛsoɔ no” (“The Living Christ: The Testimony of the Apostles,” Liahona, May 2017, inside front cover).

Nna a ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ a wɔatwa wiase ho ahyia yɛ nhyira sɛ wɔsom Yesu Kristo wɔ Ne tɛmpol mu. Wɔgu so resi saa tɛmpol yi baako wɔ Winnepeg, Canada. Me ne me yere, Anne Marie, nyaa kwan kɔsraa baabi a wɔresi tɛmpol yi wɔ Ɔsanaa mu afe yi. Tɛmpol no adwinnie yɛ fɛ na wɔwie a ɛbɛyɛ fɛ dodo. Mmom, wonntumi nnya tɛmpol fɛɛfɛ wɔ Winnipeg, anaa baabi foforɔ, a ɛnni fapem a ɛyɛ den.

Nwununwunu ne dɔteɛ no ntrɛmu tebea wɔ Winnipeg yɛɛ ɔhaw wɔ tɛmpol no fapem nsiesie mu. Ne saa nti, wɔsusuu sɛ tɛmpol no fapem no fadum bɛyɛ nnadeɛ nnaka 70 a kɔnkrɛte ahyɛ no ma. Saa fadum yi tenten yɛ anammɔn 60 (meta 18) ɛna ne tɛtrɛtɛ yɛ nkyis 12 kɔpem 20 (30 kɔpem 50cm) Wɔde wura fam dekɔpem asaase ase botan so bɛyɛ sɛ anammɔn 50 (meta15). Wɔ saa kwan yi so, fadum 70 no boa ma fapem no yɛ den, gyina pintinn ma Winnipeg tɛmpol fɛɛfɛ no.

Sɛ Nna a ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ yi, yɛhwehwɛ fapem a ɛwɔ ahoɔden wɔ yɛabrabɔ mu—honhom mu fapem a yɛdebɛtu kwan wɔ honam a ewuo yi na yɛasan akɔ yɛn soro fie. Saa fapem no, wɔhyehyɛ wɔ asase ase botan a ɛyɛ den so yɛn adwensakyera a yɛwɔ wɔ Awurade Yesu Kristo mu.

Yɛkae Helaman nkyerɛkyerɛ a ɛfiri Mormon Nwoma no mu: “Na afei, me mma mmarima, monkae, monkae sɛ ɛnam yɛn Dimafoɔ no a ɔne Kristo no, Nyankopɔn Ba no, ɔne botan no a ɛwɔ sɛ moto mo fapem wɔ so no; na sɛ ɔbonsam bɔ ne mframa denden no a, aane, n’agyan nketewa a ɛwɔ kyinhyia mframa mu no, ɛrennya tumi biara wɔ mo so sɛ ɛbɛtwe mo ase de mo akɔ mmɔborɔyɛ ekuu ne mmusuo a ɛnni awieɛ mu, ɛnam ɔbotan no a moasi mo dan wɔ so no nti; deɛ ɛyɛ fapem a akyinnyeɛ biara nni ho no, fapem bi a sɛ nnipa si wɔn dan wɔ so a wɔrennwiri ngu da no” (Helaman 5:12).

Aseda mu, yɛwɔ mmerɛ a nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ kyerɛkyerɛ yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho asɛm. Yɛdi wɔn afotuo so a ɛboa ma yɛhyehyɛ yɛn fapem wɔ Kristo mu.

Afe a atwam yi, President Russel M. Nelson kasa a ɔdebuee Ahinime 2018 amansan hyiamu ano no, ɔmaa saa paemuka ne kɔbɔ sɛ: “Asɔre no botaeɛ a ɛfiri tete berɛ ne sɛ wɔbɛboa asɔremma ma wɔn anyini wɔ gyedie mu wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ne Ne Mpata mu, na aboa ma wɔn atumi adi wɔn apam so, na wɔn mmusua ahyɛ den na wɔasɔ wɔn mmusua ano. Wɔ ɛnnɛ wiase a ayɛ hwayann yi, ɛnyɛ fo saa. Tɔseɛfoɔ no reyere ne tan wɔ gyedie ne yɛn ne yɛabusua so wɔ mmirika a ano yɛden mu. Sɛ yɛbɛnya nkwa honhom mu a, yɛ hia kwatikwan ne nhyehyɛeɛ pa” (“Opening Remarks,” Liahona, Nov. 2018, 7; wɔsi so dua).

Titenani Nelson asɛm no akyi, Elder Quentin L. Cook a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo no ho de Bra, Di Makyi ankorɛankorɛ ne mmusua adesua nwoma no too dwa. Ne nkasaeɛ no deɛ ɛdidi soɔ yi ka ho:

  • “Efie adesua foforɔ no, Bra, Di M’akyi nwoma no wɔayɛ no sɛdeɛ ɛbɛboa asɔremma adesua wɔ fie.”

  • “‘Saa nwoma yi wɔ hɔ ma abusua ne ankorankorɛ biara a ɔwɔ Asɔre no mu’ [Come, Follow Me—For Individuals and Families (2019), vi].”

  • “Yɛn botaeɛ ne yɛbɛkyɛ Asɔre ne efie suahunu sɛdeɛ ɛbɛto gyedie ne honhomyɛ mu na ahyɛ yen adwensakyera wɔ Ɔsoro Agya ne Awurade Yesu Kristo mu.” (“Deep and Lasting Conversion to Heavenly Father and the Lord Jesus Christ,” Liahona, Nov. 2018, 9–10.)

Ɛfiri Ɔpɛpɔn wɔ afe yi mu, Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ wiase afanan nyinaa hyɛɛ aseɛ suaa Apam Foforɔ no a Bra, Di M’akyi nwoma no yɛ kwankyerɛfoɔ. Ɛnam nnawɔtwe nnawɔtwe nhyehyɛeɛ no so, Bra, Di M’kyi no boa ma yɛsua twerɛnsɛm no, nsɛmpa no nkyerɛkyerɛ, ne nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ nkyerɛkyerɛ. Ɛyɛ nwoma nwanwasoɔ ma yɛn nyinaa.

Abosome nkron akyi a yɛasua saa wiase nyinaa twerɛsɛm yi, deɛn na yɛhunu? Yɛhunu Nna a ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ wɔ baabiara sɛ wɔrenyini gyedie ne ahofama mu dema Awurade Yesu Kristo. Yɛhunu ankorankorɛ ne mmusua sɛ wɔayi mmerɛ bi asi hɔ nnawɔtwe no mu de sua y’Agyenkwa no ho nsɛm. Yɛhunu mpuntuo wɔ nsɛmpa no kyerɛ mu wɔ Kwasida asuafoɔkuo mu berɛ a yɛsua adeɛ wɔ fie na yɛkyɛ yɛn suahunu wɔ asɔre. Yɛhunu anigyeɛ kɛseɛ ne koroyɛ wɔ abusua mu berɛ a yɛatwe yɛn ho afiri twerɛsɛm kenkan kɛkɛ ho akɔ kwan soronko so twerɛsɛm sua mu.

Manya kwan akɔsra Nna a ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ pii na masua afiri wɔn suahunu mu ɛfa Bra, Di M’akyi.no Wɔn gyedie a wɔdaa no adi no de anigyeɛ hyɛɛ m’akoma ma. Yei yɛ adwenkyerɛ a mate afiri Asɔremma bi hɔ wɔ wiase mmea mmea:

  • Agya bi kaa sɛ, “M’ani gye Bra, Di M’akyi no ho, berɛ a ɛma me kwan ma medi Agyenkwa no ho adanseɛ kyerɛ me mma.”

  • Wɔ efie foforɔ mu, akwadaa bi se, “Yei ne berɛ a mede tie m’awofoɔ adansedie.”

  • Ɛna bi kaa sɛ: “Wɔakannyan yɛn sɛdeɛ yɛbɛsi de Onyankopɔn adi y’anim kane. Mmerɛ a [yɛsusuu] sɛ ‘yɛnnie’ no, wɔde anidasoɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, ne nkonimdie ahyɛ no ma wɔ ɔkwan a na yɛnnim sɛ ɛbɛyɛ yie so.”

  • Awarefoɔ bi hunuu no sei: “Yɛrekenkan twerɛnsɛm no wɔ ɔkwan soronko so sene deɛ yɛakan pɛn no. Yɛresua adeɛ wɔ ɔkwan soronko so sene deɛ yɛasua pɛn no. Awurade no rehwehwɛ sɛ yɛbɛhunu nneɛma wɔ ɔkwan soronko so. Awurade no resiesie yɛn.”

  • Ɛna bi kaa sɛ: “Medɔ sɛ yɛresua nneɛma korɔ abɔ mu. Kane no deɛ, na yɛkenkan. Ɛnnɛ yi, yɛresua adeɛ.”

  • Onuabaa bi kyɛɛ suahunu yi: “Kane no, na wɔde adesua no ma wo, na twerɛnsɛm no aboa. Seesei, wɔde twerɛnsɛm no ma wo, na adesua no aboa.”

  • Onuabaa foforɔ nso kaa sɛ: “Mehunu nsonoeɛ berɛ a mɛyɛ [mede toto] berɛ a mennyɛeɛ ho a. Ɛyɛ mmrɛ sɛ mɛka Yesu Kristo ne yɛn gyedie ho nsɛm akyerɛ afoforɔ.”

  • Nanabaa bi kaa sɛ, “Mefrɛ me mma ne me nananom Kwasiada biara, na yɛkyɛ suahunu firi Bra, Di M’akyi no mu bom.”

  • Onuabaa bi hunuu no sei: “Bra, Di M’akyi te sɛ deɛ Awurade no ankasa resom me. Ɛyɛ ɔsoro nkannyan.”

  • Agya bi kaa sɛ: “Sɛ yɛde Bra, Di M’akyi, di dwuma a yɛte sɛ Yesrai mma, a yɛrehyɛ y’apono nso, rebɔ y’abusua ho ban afiri ɔsɛefoɔ no tumi ho.”

Anuanom mmaa ne mmarima, ɛyɛ anigyeɛ sɛ yɛabɛsra mo na yɛatie mmɔden a mobɔ fa Bra, Di M’akyi ho na ɛrehyira mo abrabɔ Aseda nka mo wɔ mo ahofama ho.

Yɛresua twerɛnsɛm no ne Bra, Di M’akyi sɛ kwankyerɛfoɔ rehyɛ yɛn den wɔ y’adwensakyera wɔ Yesu Kristo ne Ne nsɛmpa no mu. Yɛnntee dɔnhwere baako mmfirii asɔre mu Kwasiada sɛ yɛbɛsua twerɛsɛm no dɔnhwere baako wɔ fie. Nsɛmpa no sua yɛ mmɔdemmɔ a ɛtoatoaso wɔ dapɛn no nyinaa. Sɛdeɛ onuabaa baako ne yɛkyɛɛeɛ no, “Botaeɛ no nnyɛ sɛ ɛrebɛte asɔre no so dɔnhwere baako; mmom ɛrebɛyɛ asɔre no tenten nnafua nsia!”

Afei, kae nkɔmhyɛni Titenani Nelson, kɔkɔbɔ a ɔde maaeɛ berɛ a ɔbuee Ahinime 2018 amansan nhyiamu no bio:

“Ɔseɛfoɔ no reyere ne tan wɔ gyedie ne yɛn ne y’abusua so wɔ mmirika a ano yɛden mu. Sɛ yɛbɛnya nkwa honhom mu a, yɛhia kwatikwan ne nhyehyɛeɛ papa no” (Opening Remarks,” 7).

Afei (ɛbɛyɛ nnɔnhwere 29 akyi) wɔ Kwasiada awia, ɔde bɔhyɛ yi wiee nhyiamu no: “Berɛ a morehyehyɛ mo fie ama ɛhɔ abɛyɛ nsɛmpa suabea no, ɔsɛefoɔ no tumi a ɛwɔ moabrabɔ mu ne mo afie mu so bɛte” (“Becoming Exemplary Latter-day Saints,” Liahona, Nov. 2018, 113).

Ɛbɛyɛ dɛn na ɔsɛefoɔ no haw bɛtumi akɔ soro mmirika mu, a berɛ korɔ no ara ne tumi so reteɛ? Ɛbɛtumi asi, na ɛresisi wɔ Asɔre no mu baabiara, ɛfiri sɛ Awurade resiesie Ne nkorɔfoɔ afiri ɔsɛefoɔ no tan ho. Bra, Di M’akyi Yɛ Awurade no kwatikwan ne nhyehyɛeɛ papa no. Sɛdeɛ Titenani Nelson kyerɛeɛ no, ”Efie-nyinasoɔ, Asɔre-kyidom adesua nhyehyɛeɛ no wɔ nnepa a ɛbɛtumi ada mmusua tumi adi.” Mmom, ɛtumi na ɛbɛhia yɛn mmɔdemmɔ yie; ɛwɔ sɛ yɛ “[di so] wɔ anikann ne ahwɛyie mu de sesa [yɛn] fie ma ɛbɛyɛ gyedie dwankɔbea” (“Becoming Exemplary Latter-day Saints,” 113).

Ne nyinaa akyi, sɛ Titenani Nelson kaaeɛ no, “Yɛn mu biara honhom mpontuo da yɛn so” (“Opening Remarks,” 8).

Bra, Di M’akyi nwoma no mu, Awurade no resiesie yɛn ama “mmerɛ a ɛmu yɛ den a yɛhunu no seesei yi”(Quentin L. Cook, “Deep and Lasting Conversion,” 10). Ɔreboa yɛn ama yɛato “fapem a akyinnyeɛ biara nni ho no, fapem bi a sɛ nnipa si wɔn dan wɔ so a wɔrennwiri ngu da no” (Helaman 5:12)—adansedie fapem a wɔato sɛkye wɔ adwensakyera wɔ Awurade Yesu Kristo botan no so.

Yɛn twerɛnsɛm mmɔdemmɔ no nhyɛ yɛn den na ɛmmoa ma yɛmfata saa bɔhyɛ nhyira yi. Mebɔ mpaeɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim