2010–2019
Penekyɛre ne Awerɛhyɛmu a Ɛnnsesa
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Penekyɛre ne Awerɛhyɛmu a Ɛnnsesa

Awerɛhyɛmu wɔ Awurade mu ɛka awerɛhyɛmu wɔ Ne mmerɛ mu ho na ɛhia abotare ne pintinn nnyinamu a ɛdi boro asetena asorɔkye so.

Yɛn babarima Dan yaree pa ara wɔ n’asɛmpatrɛ mu wɔ Abibiman mu na wɔde no kɔɔ aduroyɛ-bea a deɛ wɔde di dwuma tɔ sini. Ne yareɛ akyire a yɛkann ne krataa a ɛdi kan ma yɛn no, yɛhwehwɛɛ sɛ n’abamu bɛbu, nanso ɔtwerɛɛe sɛ, “Mpo meda ahwɛ-ntɛm dan mu hɔ no, menyaa asomdwoeɛ. Na mennyaa penekyɛre ne anigyeɛ a ɛnnsesa da wɔ m’asetena mu.”

Berɛ a me ne meyere kenkanee saa nsɛm yi no, atenka bunkamm yɛn so Penekyɛre mu Anigyeɛ a ɛnnsesa Yɛntee nkasaho fa anigyeɛ ho saa kwan yi so da, nanso n’asɛm yɛɛ nokorɛ. Na yɛnim sɛ anigyeɛ a ɔkaa ho asɛm no nnyɛ ahosan kwa anaa ahosɛpɛ mmom asomdwoeɛ ne anigyeɛ a ɛba berɛ a yɛgyae yɛn ho ma Onyankopɔn, de yɛn werɛ hyɛ ne mu wɔ nneɛma nyinaamu.1 Yɛn nso yɛanya saa mmerɛ no bi wɔ yɛn asetena mu a Onyankopɔn kaa asomdwoeɛ wɔ yɛn akra so na ɛkaa yɛn sɛ yɛnya anidasoɔ wɔ Kristo mu mpo berɛ a asetena yɛ den na ɛnnsi pi.2

Lehi kyerɛkyerɛ sɛ Adam ne Hawa annhwe ase a anka “wɔkaa bemdie tebea mu, a wɔnni ahurisie, ɛfiri sɛ wɔnnim mmɔborɔyɛ. …

“Mmom hwɛ, adeɛ nyinaa wɔayɛ wɔ deɛ onim nyansa no mu adeɛ nyinaa.

“Adam hwee ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛtena ase; na nnipa te ase, sɛdeɛ ɔbɛtumi anya ɛdɛ.”3

Wɔ kwan denden so no, ahohiahia ne awerɛhoɔ siesie yɛn ma yɛfa anigyeɛ mu, sɛ yɛbɛnya awerɛhyɛmu wɔ Awurade ne Ne nhyehyɛeɛ mu ma yɛn. Afe ha 13 awensɛmni bi akyerɛ nokorɛ ɛfɛ so wɔ “Awerɛhoɔ siesie wo ma ɛdɛ mu. Ɛde aniɛden pra biribiara firi wo fie, sɛdeɛ anigyeɛ foforɔ bɛtumi ahunu kwan awura mu. Ɛwoso nhahan a ɛrewuo no firi woakoma mu duban so, sɛdeɛ nhahan mono foforɔ bɛtumi anyini wɔ wɔn dabrɛ. Ɛtutu nhini a awuwuo no, sɛdeɛ nhini foforɔ a asie wɔ aseɛ no bɛnya kwan anyini. Awerɛhoɔ biara a ɛwoso firi woakoma mu no, nneɛma papa pa ara bɛhyɛ wɔn ananmu.”4

Titenani Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ, “Ɛdɛ a Agyenkwa no de ma [yɛn] … ɛnnsesa, ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛn ‘amanehunu bɛyɛ mmom ɛberɛ tiawa’ [Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:7] na wɔbɛdwira ama yɛn yieyɛ.”5 Yɛn nsɔhwɛ ne ahohiahia bɛtumi ama kwan ma ɛdɛ kɛseɛ.6

Asɛmpa no nkra dɛɛdɛ no nnyɛ asetena bɔhyɛ a ɔhaw ne amanehunu nni mu, mmom asetena a botae ne nteaseɛ ahyɛ ma—asetena mu a yɛn awerɛhoɔ ne ahohiahia tumi “mene wɔ Kristo mu anigyeɛ mu.”7 Agyenkwa no de too dwa, “Wɔ wiase yi mu, mobɛnya amanehunu: nanso di ahurisie; madi wiase so.”8 N’asɛmpa no yɛ anidasoɔ nkrasɛm. Awerɛhoɔ a ɛde anidasoɔ kabɔ mu wɔ Yesu Kristo mu sɔ anigyeɛ bɔhyɛ a ɛgyina pintinn mu.

Jareditefoɔ akwantuo kɔ bɔhyɛ asase so mu nsɛm tumi yɛ kasayima ma yɛn akwantuo fa deɛ ewuo tebea yi. Awurade hyɛɛ Jared nuabarima ne ne nkorɔfoɔ bɔ sɛ “ɔbɛdi [wɔn] anim akɔ asase a wɔapa a ɛboro nsase nyina ara so wɔ asase yi so.”9 Ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnsi nhyɛmma, na wɔde setie yɛɛ adwuma sii no sɛdeɛ Awurade kyerɛkyerɛɛ wɔn. Nanso, adwuma no kɔɔ anim no, Jared nuabarima nyaa ɛhaw faa Awurade adwini ma nhyɛmma no nnso. Ɔsu frɛɛe:

“O Awurade, mayɛ adwuma a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no awie, na mapam nhyɛmma no sɛdeɛ wokyerɛɛ me no.

“Na hwɛ, O Awurade, hann nni mu.”10

“O Awurade, wobɛma yɛatwa nsu kɛseɛ yi wɔ sum mu anaa?”11

So woahwie wo kra mu agu Onyankopɔn so wɔ saa kwan yi so bi da anaa? Sɛ wo yere wo ho bɔ bra sɛdeɛ Awurade ahyɛ, na wo tenenee akwanhwɛ amma a, woadwene ho da sɛ, ɛsɛ sɛ wofa abrabɔ yi mu wɔ sum mu?12

Jared nuabarima kyerɛɛ mpo ɔhaw kɛseɛ ɛfa sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nkwa wɔ nhyɛmma no mu. Ɔsu frɛɛe, “Na yɛbɛwuwu nso, ɛfiri sɛ yɛnntumi nnhome, gye sɛ mframa a ɛwɔ mu no nko ara.”13 So asetena mu akwansideɛ ama no ayɛ den da sɛ wonntumi nnhome, anaa woadwene sɛ wobɛtumi afa ɛda no mu, nkanka sɛ wobɛtumi akɔ wosoro fie mu?

Akyire yi a Awurade ne Jared nuabarima dii dwuma siesiee ne haw no mu biara no, afei ɔkyerɛɛ mu sɛ, “Monntumi nntwa saa nsu kɛseɛ yi gye sɛ Me siesie [kwan bi ma] mo tia ɛpo mframa no, ne ahum a afiri adi kɔ, ne nsuyiri a ɛbɛba no.”14

Awurade daa no adi pefee sɛ, Ɔnnka ho a sɛdeɛ ɛteɛ biara Jareditefoɔ no nntumi nnuru bɔhyɛ asase no so. Na wɔnni tumi, na ɔkwan baako pɛ so a wɔbɛtumi atwa nsu kɛseɛ no ne sɛ wɔde wɔn werɛ bɛhyɛ ne mu. Saa suahudeɛ ne akyerɛkyerɛ a ɛfirii Awurade hɔ no maa Jared nuabarima gyedie mu dɔɔe na ɛhyɛɛ n’awerɛhyɛmu wɔ Awurade mu no den.

Hwɛ sɛdeɛ ne mpaebɔ sesa firii nsɛmmisa ne ɔhaw mu bɛkyerɛɛ gyedie ne awerɛhyɛmu:

“Menim, O Awurade, sɛ wo na wowɔ tumi nyina ara, na wobɛtumi ayɛ biribibiara a wopɛ ama nnipa yiedie. …

“Hwɛ, O Awurade, wobɛtumi ayɛ yei. Yɛnim sɛ wotumi kyerɛ tumi kɛseɛ, a ɛyɛ ketewa ma nnipa nteaseɛ.”15

Watwerɛ sɛ afei Jareditefoɔ no “foroo kɔtenaa wɔn … nhyɛmma mu, na wɔsii mu wɔ nsuo no so, de wɔn ho hyɛɛ Awurade wɔn Nyankopɔn nsa.”16 De hyɛ nsa kyerɛ sɛ gyae mu ma anaa de ho ma. Jareditefoɔ no annkɔforo nhyɛmma no ɛnam sɛ na wɔnim pɔtee sɛdeɛ na nneɛma bɛdi dwuma wɔ wɔn akwantuo no mu. Wɔkɔforooe ɛfiri sɛ na wɔasua sɛ wɔde wɔn werɛ hyɛ Awurade tumi, papayɛ, ne ahummɔborɔ ase, ɛno nti na wɔn wɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho ma, na akyinnye ne suro a wɔn wɔ no nyɛ Awurade.

Ɛnnkyɛree yɛn nana Abe surooe sɛ ɔbɛtwi carousel mmoa no a ɛkɔ soro ba fam no bi. Ɔpɛɛ deɛ na ɔnnkeka ne ho no bi. Ɛwiee aseɛ no ne nanabaa tuu n’aso sɛ ɛbɛyɛ bɔkɔɔ, nti, awerɛhyɛmu wɔ ne mu no, ɔkɔ tenaa mu. Afei ɔde sereɛ kaa sɛ, “mennte bɔkɔɔ nka, nso ɛyɛ bɔkɔɔ.” Ɛbia saa na Jareditefoɔ no tee nka. Awerɛhyɛmu wɔ Onyankopɔn mu edi kan no nnyɛ bɔkɔɔ berɛ biara, nanso ɛdɛ di akyire.

Mfoni
Abe wɔ carousel

Na akwantuo no nnyɛ mmrɛ mma Jareditefoɔ no. Wɔsiee mperɛ pii wɔ ɛpo bunu no mu, “ɛnam asorɔkye a na ɛyɛ bepɔ a ɛbu fa wɔn so no nti.”17 Nanso wɔatwerɛ sɛ “mframa no annyae sɛ ɛbɛbɔ [wɔn] akɔ bɔhyɛ asase no so.”18 Sɛdeɛ ne nteaseɛ yɛ den fa no, nkanka yɛn asetena mu mmerɛ a bɔ-hyia mframa mu yɛ den na ɛpo bobɔ bagyabagya no, yɛbɛfa awerɛkyekyerɛ ahunu sɛ Onynkopɔn wɔ ne papayɛ a ɛnni ano mu, rebɔ yɛn kɔ fie berɛ biara.

Twerɛ to hɔ no toa so, “Na ɛde wɔn kɔɔe; na aboa kɛseɛ huuhu biara anntumi ammubu wɔn nhyɛmma no, ɛna bonsu biara nso anntumi annsɛe wɔn; na wɔnyaa hann mmerɛ nyina ara, sɛ ɛyɛ nsuo no so anaa sɛ nsuo no ase.19 Yɛte wiase mu baabi a owuo asorɔkye huuhu kɛseɛ, honam ne adwene mu yareɛ, ne ɔhaw ne ahohiahia mu ahodoɔ biara bu fa yɛn so. Nanso, ɛnam gyedie wɔ Yesu Kristo mu, yɛyi nya awerɛhyɛmu wɔ ne mu a, yɛn nso bɛtumi anya hann atoa so, sɛ yɛwɔ nsuo no so anaa aseɛ. Yɛn bɛtumi anya nsɛmmoafoa sɛ Onyankopɔn nnyae da sɛ ɔbɔ yɛn kɔ bɔhyɛ asase no so.

Berɛ a wɔretoto wɔn fa so wɔ nhyɛmma no mu no, Jareditefoɔ no “too ayɛyi nnwom maa Awurade; … na [wɔn] daa ase yii Awurade ayɛ da muu no nyinaa; na ɛduruu anadwo no, wɔn annyae sɛ wɔyi Awurade ayɛ.”20 Wɔtee anigyeɛ ne nnaaseɛ nka mpo wɔ wɔn ahohiahia mu. Na wɔnnya nnuruu bɔhyɛ asase so no, nanso na wɔredi ahurusie wɔ bɔhyɛ nhyira no mu ɛnam wɔn gyedie a ɛnsesa ne tebea a wɔsane baa mu wɔ Ne mu no.21

Wɔtwii Jareditefoɔ no faa nsuo no so nna 344.22 Wobɛtumi asusu yei ho? Awerɛhyɛmu wɔ Awurade mu ɛka awerɛhyɛmu wɔ Ne mmerɛ mu ho na ɛhia abotare ne pintinn nnyinamu a ɛdi boro asetena asorɔkye so.23

Awieɛ no, Jareditefoɔ no bɛduruu bɔhyɛ asase no mpoano hɔ. Na mmerɛ a wɔde wɔn nan sii bɔhyɛ asase no so wɔ mpoano hɔ no, wɔbɔɔ wɔn mu ase wɔ asase no so, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase wɔ Awurade anim, na wɔsuu anigyeɛ su wɔ Awurade anim, ɛnam n’ahummɔborɔ a ɛdɔɔso dodo wɔ wɔn so no nti.”24

Sɛ yɛde nokorɛ di yɛn apam so a, dakoro yɛn nso bɛduru fie asomdwoeɛ mu na yɛbɛbɔ yɛn mu ase wɔ Awurade anim na yɛasu anigyeɛ su wɔ n’ahummɔborɔ a ɛdɔɔso dodo wɔ yɛn asetena mu nti, a awerɛhoɔ a ɛbuee kwan maa yɛn anigyeɛ no ka ho.25

Medi adanseɛ sɛ, sɛ yɛkɔ so yi penekyɛre ne awerɛhyɛmu a ɛnnsesa wɔ Yesu Kristo mu ne Nebotae kronkron wɔ yɛn asetena mu a, Ɔde nsɛmmoafoa bɛba yɛn nkyɛn, aka asomdwoeɛ ama yɛn akra, ama yɛn “anidasoɔ wɔ yɛn gyeɛ wɔ ne mu.”26

Medi adanseɛ sɛ Yesu ne Kristo no. Ɔno ne anigyeɛ nyinaa ti.27 N’adom ɛso so, na Ɔwɔ tumi sɛ ɔgyeɛ.28 Ɔno ne hann no, nkwa no, ɛne wiase anidasoɔ no.29 Ɔremma yɛn nnsɛe.30 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim