2010–2019
Ɛnnaadaa Me
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Ɛnnaadaa Me

Sɛ yɛdi Ne mmransɛm so a, ɔbɛdi yɛn kan wɔ kwan pa no so na wɔnntumi nnaadaa yɛn.

Ɛnnɛ, mede afutuo nsɛm ma obiara, nanso ne titire ɛkɔ ma mo daakye mma no--Mmɔfra, mmaayewa ne mmeranteɛ. Yɛn nkɔmhyɛni a ɔtease nnɛ, Titenani Russell M. Nelson—dɔ mo yiemmorosoɔ sɛ afe a ɛtwaa mu no ɔne mo kasaae wɔ wiase nyinaa mmabunu ɔhwɛtie-som wɔ Ayɛwohomumɔ 2018 a watodin “Yesrael Anidasoɔ.”1 Yɛtaa tesɛ Titenani Nelson frɛ mo saa pɛpɛɛpɛ--“Israel anidasoɔ,” daakye mma ne Yesu Kristo nokorɛ Asɔre a ɛtease wɔ asase so daakye.

Me nnamfonom nkumaa, Mɛpɛsɛ mede abasɛm nokorɛ mmiɛnsa bɛfiri aseɛ.

Dalmatian a ɔtɔ so 102

Mfeɛ bi a atwam, Mefirii adwuma mu duruu fie no ɛyɛɛ me nwanwa sɛ ahosuo aduro fitaa apetepete baabiara--ɛwɔ fam, kaa dan pono no ho, ne yɛn dɔte kɔkɔɔ dan no. Mehwɛɛ adeɛ no yie na mehunuu sɛ ahosuo aduro no nwooɛ. Na ahosuo adyro no bi asosɔ fam hɔ kɔ afikyere hɔ na medii akyire. Ɛhɔ, mehuu meba a wadi mfeɛ num sɛ ɔkita ntwoma akadeɛ regu yɛn kraman ne so. Yɛn Labrador tuntum fɛfɛɛfɛ no, waka ne ho fa fitaa!

“Ɛdeɛn na woreyɛ no?” Meteaa mu bisaaeɛ.

Meba no gyaee, hwɛɛ m’anim, hwɛɛ Milo, hwɛɛ adeɛ a ɔdekaa ahosuo no a ɛresɔne fitaa no, na ɔkaa sɛ, “Mepɛ sɛ Milo yɛ fitaa ne tuntum tesɛ nkraman a wɔn wɔ sini mu no—wo kae, deɛ ɔwɔ 101 Dalmatian no.”

Mfoni
Labrador tuntum
Mfoni
Dalmatian

Medɔ yɛn kraman no. Na mekaasɛ ɔdimu, nanso saa da no meba no nyaa adwene foforɔ.

Kitty, agyinamoa a nsensan wɔ ne ho.

Abasɛm a ɛtɔ so mmienu no fa wɔfa Grover [ne yere papa wɔfa] a na ɔte akyire nohoaa, efie bi a ɛwɔ kuro no agya a ɛmmɛn kuro mu. Na wɔfa Grover rebɔ akɔkora paa. Yɛdwene sɛ ɛwɔ sɛ yɛn mma no hu no ansa na wawu. Nti, awia bi, yɛtwaa kwan tenten kɔɔ ne fie. Yɛne no tenaase dii nkɔmmɔ na yɛde yɛmma no kyerɛɛ no. Yɛanni nkɔmmɔ annkyɛre na yɛn mmeranteɛ mmienu, ebia mfeɛ num ne nsia, pɛɛ sɛ wɔbɛkɔ abɔnten akɔdi agorɔ.

Wɔfa Grover tee wɔn abisadeɛ no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ wɔn anim. Na n’anim anyini na na wɔnnnim no nti mmeranteɛ no bɔɔ hu kakra. Ɔkakyerɛɛ wɔn anibereso sɛ, “Monhwɛ yiem—moa pii wɔ abɔnten hɔ.” Metee saa no, me ne lesa yɛɛ basaa; na ɛha yɛn sɛ ebia na skunk bi ate ntasuo agu wɔn so! Ankyɛre na mmeranteɛ no kɔɔ abɔnten kɔdii agorɔ.

Mfoni
Skunk

Akyire yi,berɛ a yɛtenaa lɔɔre mu akɔ fie no, me bisaa mmeranteɛ no, “Mohunuu aboa fi huhuu bi?” Wɔn mu baako yii ano, “Daabi, yɛannhunu aboa fi huuhu biara, nanso yɛhunuu agyinamoa ba tuntum bi a nsensan fitaa wɔ n’akyi!”

Daadaafoɔ Kɛseɛ No

Saa abasɛm a ɛfa mmɔfra a wɔnnim hwee na wɔresua biribi afa abrabɔ ho no ma yɛsere, nanso ɛkyerɛ adwene kɛseɛ.

Wɔ abasɛm a ɛdikan mu no, na yɛn babarima no wɔ ayɛnboa kraman fɛfɛɛfɛ; nanso ɔfaa ahosu ntwoma ne n’akadeɛ, na ɔyeree ne ho sɛ ɔbɛyɛ nankasa ne nsusuiɛ foforɔ.

Wɔ deɛ ɛtɔ so mmienu mu no, na mmeranteɛ no nnim sɛ wɔbɛtumi apira sɛ anka wɔhunuu skunk a. Na wɔnnim sɛdeɛ wɔbɛtumi ahunu deɛ wɔbɛhyia, na anka biribi bɔne bi bɛtumi ato wɔn. Saa abasɛm yinom fa mfomsoɔ wɔ biribi adeban ho--yɛbɛsusu biribi sɛ ɛyɛ adeɛ foforɔ. Wɔ emu biara no, na nsunsuansoɔ no yɛ kumaa bi.

Nanso, nnipa dodoɔ no ara na wɔwɔ saa ɔhaw korɔ yi ɛnɛ. Wɔn ntumi nhu nneɛma sɛdeɛ ɛteɛ anaa wɔnnnye nokorɛ ntom prɛkopɛ Tumidie ahodoɔ pii wɔ hɔ a wahyehyɛ sɛ ɛbɛtwe yɛn afiri nokorɛ ankasa ho. Saa nnaadaa ne atorɔ yi kyɛn mfomsoɔ wɔ biribi adeban ho na ɛtaa wɔ nsunsuansoɔ akɛseɛ.

Satan, ntorɔ agya ne ɔdaadaafoɔ kɛseɛ no pɛ sɛ yɛgye kyim wɔ nneɛma adeban ho na yɛto daapem nokorɛ gu anaa yɛbɛsesa no ayɛ deɛ yɛpɛ anaa ɔne n’akyidifoɔ pɛ. “Ɔne Nyankopɔn ahoteɛfoɔ no ko ntɔkwa”2 na ɔde mfeɛ ɔpepepem ahyehyɛ asua kwan a ɔbɛfa so adaadaa Nyankopɔn mma sɛ papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa.

Wayɛ abodin ama ne ho wɔ nnaadaa mu sɛ nnipa bɛgye ato mu sɛ skunk yɛ agyinamoa mma anaa sɛ yɛbɛtumi de ahosuo foforɔ afa Labrador kraman ho ma no adane Dalmatian a ne ho yɛ sebɔsebɔ !

Mfoni
Mose hunuu Nyankopɔn anim-anim

Afei moma yɛnkɔ twerɛsɛm mu nkɔhwɛ saa nkyerɛkyerɛ yi nhwɛsoɔ berɛ a Awurade nkɔmhyɛni bi hyiaa saa asɛm yi bi. “Wɔpagyaa Mose kɔɔ bepɔ tenten bi so, ɔhunuu Nyankopɔn anim ne anim so, na ɔne no kasaaɛ.”3 Onyankopɔn kyerɛɛ Mose ne daapem nipaban. Ɛwom sɛ na Mose yɛ nipa a ɔnwiepɛyɛ, nanso Nyankopɔn kyerɛɛ sɛ Mose te sɛ “meDɔBa Koro no; na meDɔBa Koro no bɛyɛ Agyenkwa no.”4

Mose huu Nyankopɔn wɔ yikyerɛ nwanwasoɔ no mu, na ɔsuaa biribi kɛseɛ faa ne ho: ɔyɛ nipa, nanso ɔyɛ Nyankopɔn ba.

Tie no yie deɛ ɛsiiɛ berɛ a saa yikyerɛ nwanwasoɔ yi twaa mu no. Na ɛbaa sɛ Satan bɛsɔɔ no hwɛɛe.” sɛ, onipa ba, koto sɔre me!”5 Mose de akokoɔduru yii ano: “Wo ne hwan? Na hwɛ, me yɛ Onyankopɔn, ba deɛ Ɔwoo no koro pɛ no sɛsoɔ; na w’a nimuonyam wɔ hen na mensom wo?”6

Wɔ nsɛm foforɔ mu no, Mose kaa sɛ, “Wonntumi nnaadaa me, menim me ho. Wɔbɔɔ me wɔ Onyankopɔn sɛso. Wonni Ne hann ne N’animuonyam. Adɛn nti na me nsom wo anaa mentie wo nnaadaa?”

Afei ma w’adwene nkɔ sɛdeɛ Mose nyiano a ɛtoa so so. Ɔkaa sɛ, “Firi ha kɔ, Satan; nnaadaa me.7

Yɛbɛtumi asua adeɛ pii wɔ nyiano a Mose de maa ɔsɛefoɔ no nsɔhwɛ no. Meto nsa frɛ wo sɛ sɛ nsɔhwɛ ba wo so a, yi ano wɔ saa kwan no so. Pamo wo kra tamfo no sɛ, “Firi ha kɔ! Wonni animuonyam biara. Ɛnnsɔ me nnhwɛ anaa nntwa me ntorɔ. Menim sɛ meyɛ Onyankopɔn ba. Na mɛsrɛ mmoa afiri Onyankopɔn hɔ dabiara.”

Nanso, ɛnyɛ mmrɛ sɛ yɛbɛma ɔtanfo agyae ne botaeɛ sɛ ɔbɛdaadaa na wasɛe yɛn no. Nokorɛ mu wɔ Mose so no, wannyae sɛ ɔbɛyɛ ama ne werɛ afiri ne daapem nipaban.

Tesɛ nea ɔrehunahuna abɔfra no, “Satan de nne kɛseɛ teaam, na ɔwosoo asase, na ɔhyɛɛ sɛ: mene deɛ wɔwoo no koro pɛ no, som me.”8

Yɛnhwɛ mu. Wotee deɛ kaa no seesei no? “Mene deɛ Wɔwoo No Koro pɛ no. Som me!”

Mma no nnhaw wo, me mmpira wo—me nnyɛ skunk; meyɛ agyinamoa ba fitaa ne tuntum a mennim hwee.”

Mfoni
Mose repam Satan

Mose sufrɛɛ Onyankopɔn na ɔnyaa n’ahoɔden. Ɛwom sɛ ɔtanfo wosooɛ maa asase wosooɛ, Mose anntie no. Na ne nne mu da hɔ fann a ɛsi pi. “firi me nkyɛn kɔ, Satan,” ɔkaaɛ, “Onyankopɔn baako pɛ a Ɔyɛ animuonyam Nyame no na mɛsom.”9

Awieɛ no, “ɔfirii Mose nkyɛn kɔɔeɛ.”10

Akyire yi a Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Mose na Ɔhyiraa no ɛnam ne setie nti, Awurade kaa sɛ:

“Nhyira ne wo, Mose, wɔbɛhyɛ wo den akyɛn nsuo bebree.

“Na hwɛ, Meka wo ho, mpo ɛnkɔsi wo nkwanna awieɛ.”11

Sɛdeɛ Mose sii ɔtanfo kwan no yɛ nhwɛsoɔ kɛseɛ paa ma yɛn, ɛmmfa ho ne yɛn gyinabea wɔ abrabɔ mu. Ɛyɛ nkrasɛm kɛseɛ ma woankasa sɛdeɛ wobɛhunu deɛ wobɛyɛ sɛ Satan yɛ sɛ ɔbɛdaadaa wo a. Tesɛ Mose, wo nso, wahyira wo ne ɔsoro mmoa.

Mmaransɛm ne Nhyira

Kwan bɛn so na wobɛnya saa ɔsoro nhyira yi, mpo sɛdeɛ Mose yɛɛe, na wonntɔ nsɔhwɛ anaa nnaadaa mu? Ɛkwan kronkron pefee wɔ hɔ a Awurade no ankasa aka asi so dua berɛ a ɔkaa sɛ: “Na hwɛ, Me Awurade, menim atowerɛnkyɛm a ɛbɛba asase sofoɔ so, nti na mefrɛɛ m’akoa Joseph Smith, kumaa, na mekasa kyerɛɛ no firii soro, na memaa no mmaransɛm.”12 Wɔ nsɛmfua kumaa bi mu, yɛbɛka sɛ Awurade no a ɔnim “awieɛ firi mfiaseɛ no,”13 nim akwansideɛ soronko a ɛwɔ yɛn berɛ yi mu. Ne saa nti, wama yɛn kwan a yɛbɛfa so asi nsɔhwɛ ne akwansideɛ a ɛba yɛn so no ano a dodoɔ no nam ɔsɛefoɔ no nnaadaa ne ne haw so.

Ɛkwan no yɛ kumaa bi. Ɛnam n’asomfoɔ so, Onyankopɔn kasa kyerɛ yɛn, Ne mma, na ɔma yɛn mmaransɛm. Yɛbɛtumi ati nsɛm a maka no ma aka sɛ,”Me, Awuraade, afrɛ m’akoa [President Russell M. Nelson], na ɔne no kasaae firii soro, na ɔmaa no mmaransɛm.” Wei ɛnyɛ nokorɛ nwanwasoɔ?

Medi adanseɛ sɛ Awurade ne Joseph Smith kasaaɛ firii soro, wɔ yikyerɛ kɛseɛ a ɛdikan no mu. Ɔne Titenani Nelson nso kasa wɔ yɛn berɛ yi mu. Medi adanseɛ sɛ Onyankopɔn ne kanee nkɔmhyɛfoɔ no kasaae maa wɔn mmaransɛm a wahyehyɛ sɛ ɛde Ne mma bɛkɔ anigyeɛ mu wɔ asase so ne animuonyam mu wɔ wiase foforɔ no mu.

Onyankopɔn gu so de mmaransɛm ma ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔtease nnɛ. Nhwɛsoɔ abuso--efie nnyinasoɔ, a Asɔre sɔ n’asene wɔ asɛmpa no sua mu; ɔsom a abɛsi efie nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ anan; nsakraeɛ a aba wɔ tɛmpol ayɛyɛdeɛ nhyehyeɛ mu ne mmofra ne mmabunu dwumadie foforɔ a ɛbɛhyɛ aseɛ 2020. Ɛboro me nteaseɛ so, tema ne papayɔ a Ɔsoro Agya dɔfoɔ ne Ne Ba, Yesu Kristo wɔ, na wɔde N’Asɔre asan aba asase yi so bio na wɔafrɛ nkɔmhyɛni wɔ yɛn aberɛ so. Yesu Kristo asɛmpa a wasan-de-aba no ko tia mmerɛ a ɛmu yɛ den ma mmerɛ a ahyɛ ma.

Atirimuɔdensɛm nnyɛ Anigyeɛ da

Osetie ma mmaransɛm a wɔdema yɛn nkɔmhyɛni yɛ safoa a ɛbɛboa ma yɛasi ɔsɛefoɔ no nnaadaa ano na ama yɛanya anigyeɛ a ɛte hɔ daa. Saa kwan kronkron no yɛ kumaa bi: tenenee, anaa osetie ma mmransɛm no de nhyira ba, na nhyira de anigyeɛ, anaa ɔdɛw ba yɛn abrabɔ mu.

Na mmom, sɛdeɛ ɔtanfo pɛɛ sɛ ɔbɛdaadaa Mose no, ɔhwehwɛ sɛ ɔbɛdaadaa wo. Aberɛ biara no, ɔyɛ ne ho sɛ ɔyɛ biribi a ɔnnyɛ. Aberɛ biara no ɔpɛ sɛ ɔde ne su ankasa sie. Ɔkyerɛ sɛ osetie bɛma w’abrabɔ ayɛ basaa na ɛbɛwia w’anigyeɛ.

Wobɛtumi adwene n’akwan a ɔde daadaa no bi? Nhwɛsoɔ, ɔyi ɔhaw a ɛwɔ nnubɔne ne nsanom mu na mmom ɔde to wo tirim sɛ ɛbɛma wo ahoɔdɛ. Ɔde yɛn hyɛ nneɛma bɔne ahodoɔ mu wɔ intanet akwan nyinaa so tesɛ ntotohoɔ bɔne ne nsusuiɛ wiase foforɔ. Deɛ ɛkaho, ɔde yɛn hyɛ nneɛma bɔne hodoɔ a wahyehyɛ sɛ ɛmpira yɛn tesɛ adwaman sini, apoobɔ wɔ intanet so, ne nsɛm a ɛde akomatuo ne annyeannie ba wɔ adwene mu. Ɔto nnaadaa gu yɛn aso mu, “Di makyi kɛkɛ, na w’ani bɛgye.”

Nsɛm a Mormon Nwoma no nkɔmhyɛni bi twerɛ too hɔ mfeɛ mpempem no gu so yɛ adwuma yɛn berɛ yi so: “Atirimuɔden nnyɛ anigyeɛ da.”14 Moma yɛn nhunu sɛdeɛ Satan nnaadaa teɛ. Moma yɛn nyina pintinn na yɛn hunu ntorɔ ne nsunsuansoɔ bɔne a ɛfiri deɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe yɛn kra na ɔwia yɛn anigyeɛ nnɛ ne yɛn daakye animuonyam no.

Menuanom mmaa ne mmarima, ɛwɔ sɛ yɛko kɔ nkan na yɛma yɛn ani da hɔ, ɛno ne kwan baako pɛ a yɛbɛtumi de ahunu nokorɛ na yɛate Awurade nne afa Ne nkoa so. ɛfiri sɛ Honhom no ka nokware no na ɔntwa ntorɔ. Ɛno nti, wada saa nneɛma yi adi akyerɛ yɛn pefee, ɛwɔ yɛn akra nkwagyeɛ nti. ɛfiri sɛ Onyankopɔn kaa ho nsɛm nso kyerɛɛ tete mmerɛ mu nkɔmhyɛfoɔ no.”15 Yɛyɛ Otumfoɔ Nyankopɔn Ahoteɛfoɔ, Israel anidasoɔ no. Yɛbɛfom? “Yɛbɛdwane ɔko no anaa? Daabi! Yɛde yɛn kra, akoma, ne nsa bɛgyina daa adi nokorɛ ayɛ nokorɛfoɔ ama Onyankopɔn mmara.”16

Medi m’adanseɛ fa Israel Ɔkronkronni no ho—mpo Yesu Kristo din no. Medi Ne dɔ a ɛte hɔ daa, nokorɛ, ne anigyeɛ a ɛnam Ne daapem mpata so ba no ho adanseɛ. Sɛ yɛdi Ne mmransɛm so a, ɔbɛdi yɛn kan wɔ kwan pa no so na wɔnntumi nnaadaa yɛn. Wɔ yɛn Agyenkwa no din kronkron, Yesu Kristo mu, amen.

Tintim