2010–2019
Adansefoɔ,Aaron Asɔfodie Akuo, ne Mmaayewa Agyinapen
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Adansefoɔ,Aaron Asɔfodie Akuo, ne Mmaayewa Agyinapen

Nsesa a yɛde bɛto dwa yi bɛboa mmranteɛ ne mmaayewa no ma wɔatu mpɔn wɔ wɔn ankorankorɛ nnepa mu.

Menuanom mmaa ne mmarima, ɛyɛ anigyeɛ sɛ yɛahyiamu bio wɔ amansan nhyiamu ase. Nnawɔtweyi ahyɛaseɛ, nkaebɔ kɔ maa Asɔremma no ɛfa nsakyeraeɛ ne mmara a ɛfa wɔn a ɛwɔ sɛ wɔyɛ adansefoɔ wɔ asubɔ ne nsɔano ayɛyɛdeɛ mu. Mepɛ sɛ meti nsɛmpɔ mmeɛnsa yi mu.

  1. Ananmusie asubɔ a wɔbɔ ma awufoɔ no obiara a ɔkura tɛmpol adansedie krataa foforɔ, ne deɛ wɔde di dwuma berɛ tiawa mu tumi yɛ ɔdanseni.

  2. Asɔreba biara a wagye akyɛdeɛ kronkron a ɔwɔ tɛmpol adansedie krataa foforɔ betumi ayɛ ɔdanseni wɔ ateasefoɔ ne ananmusie ayɛyɛdeɛ mu.

  3. Asɔreba biara a wabɔ asu bɛtumi ayɛ ɔdanseni wɔ ateasefoɔ asubɔ mu. Saa nsakyeraeɛ yi ɛfa asubɔ a wɔmmɔ no wɔ tɛmpol mu nyinaa.

Saa mmara nsakyeraeɛ yi yɛ deɛ ɛnam nhyehyɛeɛ so. Nkyerɛkyerɛ ne apam a ɛka ho no nsesaae. Saa ara na ɛteɛ wɔ ayɛyɛdeɛ nyinaa mu. Ɛwɔ sɛ saa nsakyeraeɛ yi kanyan abusua dwumadie wɔ saa ayɛyɛdeɛ yi mu.

Mepɛ sɛ mekasa kyerɛ mo saa mmerɛ yi mu de nsakeraeɛ a ɛfa yɛn mmabunu ne wɔn akandifoɔ ho to dwa.

Mo bɛkae sɛ metoo nsa frɛɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mmabunu sɛ wɔnnɔm Awurade no mmabunu asradɔm nni dwuma wɔ dwumadie keseɛ a ɛrekɔ so wɔ asaase so nnɛ—Yesrai ano boaboa no.1 Metoo nsa frɛɛ yɛn mmabunu yi ɛfiri sɛ wɔwɔ akyɛdeɛ soronko a wɔde kɔ afoforɔ hɔ na wɔkyɛ deɛ wɔgye die wɔ ɔkwan soronko so. Anoboaboa no botaeɛ yɛ adeɛ a ɛho hia wɔ mmoa a wɔde resiesie ewiase ne mu nnipa ama Awurade Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu no.

Wɔ ward biara mu, Awurade mmabunu asradɔm no bishop, Nyankopɔn akoa na ɔdi wɔn anim. N’asɛdeɛ titire ne sɛ ɔbɛhwɛ mmranteɛ ne mmaayewa a wɔwɔ ne ward so. Bishop no ne n’afotufoɔ na wɔkyerɛ dwumadie a ɛwɔ Aaron Asɔfodie akuo ne Maayewa agyinapɛn wɔ ward no mu.

Nsesa a yɛde bɛto dwa yi bɛboa mmranteɛ ne mmaayewa no ma wɔatu mpɔn wɔ wɔn ankorankorɛ nnepa mu. Bio yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Aaron Asɔfodie akuo no ne Mmaayewa Agynapɛn no mu kena na yɛboa bishops ne mpanimfoɔ akandifoɔ no berɛ a wɔresom awoɔntoatoasoɔ a afei na wɔreba no.

Elder Quentin L. Cook bɛkyerɛkyerɛ yɛn nsakyeraeɛ a ɛfa mmranteɛ no ho. Na anadwo yi, wɔ amansan mmaa nhyiamu ase, Onuabaa Bonnie H. Cordon, Amansan Mmaayewa President, bɛkyerɛkyerɛ nsakyeraeɛ a ɛfa mmaayewa ho.

Atitenafoɔ a wɔdi Kan ne Asomafoɔ Dumienu no bom gye anammɔn yi tom dehyɛ yɛn mmabunu no den. Oo, sɛ yɛsi dɔ wɔn na yɛbɔ mpaeɛ ma wɔn! Wɔyɛ “Yesrai Anidasoɔ, Sion Asrafoɔ, bɔhyɛ da no mma.”2 Yɛkyerɛ yɛn awerɛhyɛmu ne yɛn aseda a yɛwɔ wɔ yɛn mmabunu no mu. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Russell M. Nelson, “Hope of Israel” (worldwide devotional for youth, June 3, 2018), HopeofIsrael.ChurchofJesusChrist.org.

  2. “Hope of Israel,” Hymns, no. 259.

Tintim