2010–2019
Kasa a Ɛtwatoɔ
Ahinime 2019 Amansan Nhyiamu


Kasa a Ɛtwatoɔ

Ankorankorɛ teneneeyɛ hia adwene ne akoma mu nsakyeraeɛ mapa na yɛabɛyɛ te sɛ Awurade no.

Me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, yɛde saa nsɛnnahɔ nhyiamu yi reba awieɛ no, yɛda Awrade ase wɔ nkanyane kaseɛ ne nnwom a ahyɛ yɛn ma no. Nokorɛ yɛamee wɔ honhom adidie mu.

Yɛnim sɛ Yesu Kristo nsɛmpa a wɔasane de ama no de anidasoɔ ne anigyeɛ bɛbrɛ nnipa a wɔbɛte na wɔatie Ne nkyerɛkyerɛ no. Bio yɛnim sɛ efie biara bɛtumi ayɛ gyedie kronkronbea kann, baabi a asomdweɛ, ɔdɔ, ne Awurade Honhom no bɛtumi atena hɔ.

Ampa, Mmaeɛ bio no abɔtire bohene yɛ tɛmpol kronkron. Emu ayɛyɛdeɛ kronkron ne apam no ho hia sɛ ɛsiesie nipa a wayɛ krado sɛ ɔretwɛn Awurade no Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no. Seesei yɛwɔ tɛmpols 166 a wɔate ho, a dodoɔ no nso nam kwan so reba.

Wɔbɛbue dan no ato hɔ ama amansan nsrahwɛ ansa na wɔahyira tɛmpol mono ne deɛ wɔasiesie no foforɔ so. Nnamfoɔ pii a wɔnka yɛn ho bɛnya kwan akɔ nsrahwɛ wɔ saa tɛmpol mu na wɔbɛsua biribi afa tɛmpol nhyira ho. Na saa nsrahwɛfoɔ yi bi bɛnya atenka sɛ wɔhwehwɛ ahunu bebree afa ho. Ebi bɛfiri nokorɛ mu abisa sɛdeɛ wɔbɛfata tɛmpol nhyira no.

Sɛ yɛyɛ Asɔremma, ɛbɛhia sɛ yɛsiesie yɛn ho ma wɔ nsɛmmisa no ho mmuaeɛ. Yɛbɛtumi akyerɛkyerɛ mu sɛ tɛmpol nhyira no wɔ hɔ ma nnipa biara a wɔbɛsiesie wɔn ho. Nanso ansa na wɔbɛtumi awura tɛmpol a wɔahyira so no, ɛwɔ sɛ wɔfata. Awurade no pɛ sɛ Ne mma nyinaa nya nhyira a ɛnni awieɛ a ɛwɔ tɛmpol mu no mu kyɛfa. Wakyerɛ deɛ ɛwɔ sɛ onipa biara yɛ sɛ ɔbɛfata atumi awura Ne fie kronkron no mu.

Baabi papa a ɛwɔ sɛ yɛhyɛ akwanya nkyerɛkyerɛ yi ase ne y’adwene a yɛbɛtwe akɔ nsɛm a wɔakurukyire agu tɛmpol no abɔtene aboboano: ’’Kronkrom ma Awurade no: Awurade Fie no.’’ President Henry B. Eyring nkratoɔ ne afoforɔ bebree akanyan yɛn sɛ yɛnyɛ kronkron dodo ɛnnɛ. Tɛmpol biara yɛ kronkron beaeɛ; tɛmpol adwumayɛni biara pere sɛ ɔbɛyɛ kronkron dodo.

Deɛ ɛhia a yɛde bɛkɔ tɛmpol mu nyinaa ɛfa ankasa kronkronyɛ ho. Sɛ wobɛyɛ saa ahoboa no a, onipa biara a ɔpɛ sɛ ɔnya anigyeɛ wɔ tɛmpol nhyira mu bɛfa nhwehwɛmu mu mprenu: deɛ ɛdi kan wo ne bishop, afotufoɔ, anaa sɛ branch prɛsidɛnte: deɛ ɛtɔ so mmienu wo ne stake anaa mission prɛsidɛnte anaasɛ n’fotufoɔ no mu baako. Wɔ saa hwehwɛmu no mu, wɔbɛbisa nsɛmmisa pii.

Wɔasakyera saa nsɛmmisa no bi mu a ɛnkyɛreeɛ sɛ ɛbɛyɛ aemu bɛda hɔ. Mɛpɛ sɛ mɛbuebue mu ama mo seesei:

  1. Wowɔ gyedie ne adansedie wɔ Onyankopɔn, Daapem Agya; Ne Ba, Yesu Kristo; ne Honhom Kronkron no mu?

  2. Wowɔ adansedie wɔ Yesu Kristo Mpata no ne Ne dwumadie sɛ W’agyenkwa ne wo Dimafoɔ no mu?

  3. Wowɔ adansedie wɔ Yesu Kristo nsɛmpa a Wɔasane de Amma no mu?

  4. Wotaa Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no Titenani no akyi sɛ nkɔmhyɛni, nisoɔdehununi, ne odiyifoɔ, na ɔno nko ara na asaase yi so ɔwɔ tumi sɛ ɔde asɔfodie nsafoa no nyinaa yɛ adwuma?

    Wotaa Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no ne Asomafoɔ Dumienu Kuo no mu foɔ akyi sɛ nkɔmhyɛfoɔ, nisoadehunufoɔ, ne adiyifoɔ?

    Wotaa Asɔre no Amansan Mpanimfoɔ nkaeɛ ne mpɔtam akandifoɔ no akyi?

  5. Awurade no aka sɛ wɔnyɛ nnoɔma nyinaa “wɔ ahoteɛ mu” wɔ n’anim (Doctrine and Covenants 42:41).

    Wopere hwehwɛ ahoteɛ papa wɔ woadwene ne wo suban mu?

    Wodi nna mu ahonidie mmara no so?

  6. Wodi Yesu Kristo Asɔre no nkyerɛkyerɛ so wɔ wo kokoamu ne wabusuafoɔ ne afoforɔ anim wɔ badwam wo suban mu?

  7. Wotaa anaa woboa nkyerɛkyerɛ bi, asua bi, anaa nkyerɛkyerɛ bi a, ɛne Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ deɛ no bɔ abira?

  8. Wopere sɛ wobɛyɛ homeda no kronkron, wɔ fie ne asɔre mu; wokɔ wo nhyiamu nyinaa; siesie wo ho na wodi adidikronkron no ahoteɛ mu; na wobɔ wo bra sɛdeɛ nsɛmpa no mmara ne mmaransɛm no kyerɛ?

  9. Wopere sɛ wobɛdi nokorɛ wɔ adeɛ biara a woyɔ mu?

  10. Wotua ntotosoɔ du no pɛpɛɛpɛ?

  11. Woteaseɛ na wodi Nyansasɛm no so?

  12. Wowɔ sikasɛm anaa asɛdeɛ foforɔ bi fa wo yere dada anaa mma ho?

    Sɛ aane a, seesei wogu so reyɛ saa asɛdeɛ no?

  13. Wodi apam a woyɛɛ no wɔ tɛmpol mu, ne tɛmpol ataadeɛ hyɛ mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wo wɔ akyɛdeɛ kronkron gyeɛ mu no?

  14. Bɔne denden wɔ w’abrabɔ mu a ɛhia sɛ wo ne asɔfoɔ mpanimfoɔ siesie sɛ w’adwensakyera anammɔntuo no mu bi?

  15. Wogye wo ho di sɛ wo ho te sɛ wowura Awurade no fie kɔyɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ?

Ɔkyena, saa tɛmpol adansedie krataa nsɛmmisa a wɔasakyera mu yi wɔbɛkyɛ ama Asɔre mpanimfoɔ a wɔwɔ wiase afanaa nyinaa.

Deɛ ɛka nsɛmmisa a wɔbua no wɔnokorɛmu no, wɔteaseɛ sɛ tɛmpol kyigyinafoɔ biara bɛhyɛ asɔfodie ataade kronkron no wɔ daadaa ataadeɛ ase. Yei yɛ ahofama agyinahyɛdeɛ a ɛwɔ yɛn mu a ɛkyerɛ sɛ dabiara yɛrepere yie abɛyɛ sɛ Awurade no. Ɛsane kae yɛn sɛ yɛbɛdi nokorɛ dabiara wɔ apam a yɛayɛ sɛ yɛbɛnante wɔ apam kwan so dabiara wɔ abrabɔ a ɛwɔ soro na ɛyɛ kronkron so.

Seesei, mmerɛ tiaa mu, mepɛ sɛ mekasa kyerɛ yɛn mmabunu no. Yɛhyɛ mo nkoran sɛ mo mfata sɛ mobɛgye tɛmpol adansedie krataa a ɛsua no. Wɔbɛbisa mo nsɛmmisa a ɛfata mo sɛ mo siesie mo ho yɛ ananmusifoɔ ayɛyɛdeɛ ma asubɔ ne nnyetomu. Yɛda mo ase wɔ mo teneneeyɛ ne pɛ sɛ moyɛ saa tɛmpol adwuma kronkron yi. Yɛda mo ase!

Ankorankorɛ teneneeyɛ hia ankorankorɛ honhom mu ahosiesie kɛseɛ. Na Awurade no mmoa nti, biribiara nni hɔ a ɛnyɛ yie. Wɔ ɔkwan bi so no, ɛyɛ mmrɛ sɛ wobɛsi tɛmpol sene sɛ wo tete nnipa a wɔasiesie wɔn ho akɔ tɛmpol. Ankorankorɛ teneneeyɛ hia adwene ne akoma mu nsakyeraeɛ mapa na yɛabɛyɛ te sɛ Awurade no, na yɛayɛ amamma nokwafoɔ, nhwɛsoɔ papa, ne nipa a wɔkorɔn.

Medi adanseɛ sɛ saa ahoboa adwuma yi de nhyira pii ba abrabɔ yi mu ne nhyira a yɛnsusu ho ba abrabɔ a ɛbɛba no mu, ɛne w’abusua ntoasoɔ mu wɔ nna a ɛnni awieɛ mu “wɔ anigyeɛ tebea a ɛtoɔ ntwa da mu.“1

Seesei mepɛ sɛ medane m’ani kɔ asɛntire foforɔ so: afe a ɛreba yi nhyehyɛeɛ. Sutɔberɛmu wɔ afe 2020 mu, ɛbɛyɛ mfie 200 pɛpɛɛpɛ a Joseph Smith nyaa suahunu-kronkron a seesei yɛfrɛ no Yikyerɛ a Ɛdi Kan no. Nyankopɔn Agya no ne Ne Dɔba, Yesu Kristo, yii wɔn ho adi kyerɛɛ ɔbabunu a wadi mfeɛ 14. Saa abasɛm no na ɛhyɛɛ Yesu Kristo nsɛmpa a Wɔasane De Ama no ase wɔ ne mahyɛ mu, sɛdeɛ wɔaka no dada wɔ Twerɛ Kronkron no mu.2

Ɛhɔ na asorobɔfoɔ nsra baa ntoatoasoɔ, a Moroni, Yohane Ɔsubɔni no, ne tete asomafoɔ Petro, Yakobo, ne Yohane ka ho. Afoforɔ toaa so, a Mose, Elia, ne Eliyah ka ho. Wɔn mu biara de tumi kronkron baeɛ de bɛhyiraa Onyankopɔn mma a wɔwɔ asaase so bio.

Anwanwasɛm ne sɛ yɛn nso yeanya Mormon Nwoma no: Yesu Kristo Ho Adanseɛ Baako Nso, Twerɛ Kronkron no hokani bi. Adiyisɛm a wɔatwerɛ no wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam ne Ɔbohehe a Ɛsom Boɔ mu nso aboa yie adɔre yɛn nteaseɛ mu ɛfa Onyankopɔn mmaransɛm ne daapem nokorɛ mu.

Asɔfodie nsafoa ne dibrɛ no wɔasane de ama, a dibrɛ te sɛ Ɔsuani, Aduɔsonni, agyapanin, sɔfopɔn, panin, bishop, ɔsɔfo tikya, ne deacon ka ho. Na mmaa a wɔdɔ Awurade no som yie wɔ Relief Society, Primary, Maayewa Kuo, Kwasiada Sukuu ne Asɔre no frɛ hodoɔ mu—ne nyinaa yɛ Yesu Kristo nsɛmpa a Wɔasane De ama no akwaa a ɛho hia wɔ ne mahyɛ mu.

Ɛno nti, wɔbɛhyehyɛ afe 2020 sɛ afahyɛ afe. Oforisuo bosome a ɛreba yi Amansan nhyiamu bɛyɛ soronko asene nhyiamu biara a atwa mu no. Abosome nsia a ɛdi yɛn anim yi, megyedi sɛ asɔreba biara ne abusua biara bɛboa wɔn ho atwɛn nhyiamu soronko a ɛbɛkae asɔre a wɔasane de aba no fapem no.

Wobɛpɛ sɛ wohyɛ wahoboa ase berɛ a worekenkan Joseph Smith nkyerɛmu a ɛfa Yikyerɛ a Ɛdi kan a wɔatwerɛ no wɔ Ɔbohene a Ɛsom Boɔ no mu. Yɛn adesua nhyehyɛeɛ wɔ afeda mu wɔ Bra, Di M’akyi yɛ Mormon Nwoma no. Wobɛpɛ sɛ wodwene nsɛmmisa a ɛho hia te sɛ, ’’Sɛn na m’abrabɔ bɛyɛ sɛ me nimdeɛ a manya afiri Mormon Nwoma no mu firi me nsa a?’’ anaa ’’Sɛn na abasɛm a ɛfiri Yikyerɛ a Ɛdi kan no mu da nso wɔ me ne m’dɔfoɔ mu?’’ Bio, Mormon Nwoma no ho sini a ɛreba no nti, wobɛtumi de ahyehyɛ wo ankasa ne w’abusua adesua mu.

Yiyi wo ankasa wo nsɛmmisa. Yɛ wo ankasa wo nhyehyɛeɛ. Fa wo ho wura Mmaeɛ bio animuonyam hann no mu. Sɛnea woyɛ no, afeda amansan hyiamu ɛmmɛyɛ anika nko ara; ɛbɛyɛ deɛ yɛwerɛ mfiri da.

Afei merewie no, mede me dɔ ne menhyira gya mo sɛ mo mu biara ani nnye na monnyɛ kronkron kɛse wɔ dafua biara mu. Ansa na no, mesrɛ nya awerɛhyɛmu sɛ adiyisɛm rekɔ so wɔ Asɔre no mu na ɛbɛkɔ so wɔ Awurade no akwankyerɛ mu kɔsi sɛ ’’Nyankopɔn botaeɛ no bɛba mu, na Yehowa Ɔkɛseɛ no bɛka sɛ adwuma no yɛayɛ awie.’’3

Mehyira mo pii, hyɛ me dɔ a mewɔ ma mo no mu kena, ɛne m’adansedie sɛ Onyankopɔn tease! Yesu ne Kristo no! N’Asɔre nie na yɛyɛ Ne nkorɔfoɔ. Wɔ Yesu Kristo din Kronkron no mu, amen.

Tintim