Yɛn Agya no mu Ahotosoɔ
Onyankopɔn wɔ yɛn mu ahotosoɔ sɛ yɛsi agyinaeɛ a ɛhia wɔ nsɛm nyinaa mu, Ɔse yɛn sɛ yɛnye No nni.
Wɔ Ayɛwohomummɔ 1, 1843 mu, Addison Pratt firii Nauvoo, Illinois, kɔkaa asɛmpa no wɔ Hawaii Nsupɔ so, na ogyaa ne yere, Louisa Barnes Pratt, sɛ ɔnhwɛ wɔn abusua kumaa.so.
Wɔ Nauvoo, ɔtaa mu yɛɛ den no, na ɛrehyɛ Ahotefoɔ no sɛ wɔmfirii hɔ, na akyire yi wɔ Winter Quarters berɛ a wɔresiesie wɔn ho sɛ wɔbɛtu akɔ Salt Lake Valley a mu no, Louisa hyiaa agyinaesie sɛ ɔbɛkɔakwantuo no anaasɛ ɔnkɔ. Na anka ɛbɛyɛ sɛ ɔbɛtwɛn akɔsi sɛ Addison bɛsan aba sen sɛ ɔbɛtu kwan no.
Mmerɛ mmienu no nyinaa mu no, ɔhwehwɛɛ akwankyerɛ firii nkɔnhyɛni, Brigham Young hɔ, a ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ. Ɛmfa ho ne ɔhaw kɛseɛ ne n’ankasa a ɔmpɛ no, ɔtuu akwantu no yie berɛ biara.
Ahyɛaseɛ no Louisa nyaa anigyeɛ kakra wɔ akwantuo no mu. Nanso, ankyɛ na ofirii aseɛ maa ɛsrɛ a ɛyɛ ahabammono, wuram nhwiren a ɛyɛ kɔla ahorow, ne asase nketenkete a ɛwɔ asubɔnten no ano no akwaaba. “Ɔtwerɛ too hɔ sɛ esum a na ɛwɔ m’adwene mu no firii hɔ nkakrankakra, na na ɔbaa biara nni kuo no nyinaa mu .”
Louisa abasɛm no akanyan me yie. M’ani gye ne pɛ a ɔwɔ sɛ ɔde n’ankasa pɛ, ɔumi a ɔde ne gye Onyankopɔn die ne gyidie a ɔdeyɛ adwuma boaa no ma ɔhunuu tebea no wɔ ɔkwan soronko so too nkyɛn.
Wakae me sɛ yɛwɔ Agya dɔfoɔ wɔ Ɔsoro a ɔhwɛ yɛn so wɔ baabiara a yɛwɔ, na yɛbɛtumi agye No adi sen obiara anaasɛ biribi foforɔ biara.
Nokorɛ Fibea No
Onyankopɔn gye yɛn di sɛ yɛsi agyinaeɛ a ɛhia wɔ nsɛm nyinaa mu, ɔse yɛn sɛ yɛnye No nni. Yei yɛ den titire berɛ a yɛn atemmuo, anaasɛ ɔmanfoɔ adwene yɛ soronko wɔ N’apɛdeɛ de ma Ne mma
Ebinom kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛsan yɛ yɛn adwene foforɔ wɔ nea ɛtene ne nea ɛntene ho ɛfiri sɛ wɔka sɛ nokorɛyɛ nea ɛfa biribi ho, nokwasɛm no kyerɛkyerɛ ne ho mu, anaasɛ Onyankopɔn yɛ ɔyamyefoɔ na nea yɛyɛ no ɔmfa ho ankasa.
Berɛ a yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛte aseɛ na yɛagye Onyankopɔn pɛ no, ɛbɛboa sɛ yɛbɛkae sɛ ɛnyɛ yɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ ahyeɛ a ɛda papa ne bɔne ntam no mu. Onyankopɔn No ankasa na wahyehyɛ saa ɛhyeɛ yi wɔ ɛnniawieeɛ nokorɛ so de ma yɛn yiedie ne nhyira nti.
Ɔpɛ a yɛde sesa Onyankopɔn nokorɛ a ɛnniawieeɛ no wɔ abakɔsɛm a ɛware. Ɛhyɛɛ aseɛ ansa na wiase rebɛhyɛ aseɛ, berɛ a Satan sɔretiaa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ de adufudepɛ.pɛɛ sɛ ɔsɛe onipa ahofadie. Redi saa nhyehyɛeɛ yi so no nnipa bi te sɛ Sherem, Nehor, ne Korihor aka sɛ gyedie yɛ nkwaseasɛm, adiyisɛm ho nni mfasoɔ, na deɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ biara no ɛyɛ. Awerɛhosɛm ne sɛ, mpɛn pii no, saa twe a wɔtwe wɔn ho firi Onyankopɔn nokorɛ ho yi de awerɛhoɔ kɛseɛ aba.
Berɛ a ebia nneɛma bi gyina nsɛm a ɛfa so no, ɛnyɛ biribiara na ɛte saa. Titenani Russell M. Nelson aka no mpɛn pii sɛ Onyankopɔn gyeɛ nokorɛ no nyɛ ɔhyɛ so,ɛyɛ kwa,na Onyankopɔn ankasa na ɔkyerɛ aseɛ.
Deɛ Yɛ Fa
Deɛ yɛfa no sɛ yɛbɛgye no adi no yɛ abrabɔ mu agyinasie a ɛhohia papa. Ɔhene Benjamin kyerɛɛ ne nkorɔfoɔ sɛ “Gye Onyankopɔn di; gye di sɛ ɔyɛ ; gye di sɛ ɔwɔ nyansa nyinaa ;gye di sɛ onipa ntumi nte nneɛma a Awurade te aseɛ no nyinaa ase.”
Yɛn tiri yɛ, yɛwɔ twerɛnsɛm no ne akwankyerɛ a ɛfiri nkɔmhyɛfoɔ a wɔte aseɛ a wɔboa yɛn ma yɛte Onyankopɔn nokorɛ ase. Sɛ yɛhia nkyremu a ɛboro deɛ yɛwɔ no so a Onyankopɔn nam Ne nkɔmhyɛfoɔ so de ma. Na Ɔnam Sunsum Krnkron no so bɛbua yɛn nokorɛ mpaeɛ berɛ a yɛpɛ sɛ yɛte nokorɛ a yɛn ani nya sɔeɛ ho no ase.
Elder Neil L. Andersen kyerɛɛ berɛ bi sɛ ɛmma no nyɛ yɛn nwanwa “sɛ berɛ bi [yɛn] ankasa adwene ne Awurade nkɔmhyɛfoɔ nkyerɛkyerɛ no mmɔ bra ahyɛaseɛ no a. Yeinom yɛ mmerɛ a yɛsua adeɛ,” ɔkae, “ahobrɛaseɛ, berɛ a yɛkoto wɔ mpaebɔ mu no. Yɛnante kɔ yɛn anim wɔ gyedie mu, renya ahotosoɔ wɔ Onyankopɔn mu a yɛnim sɛ mmerɛ pa mu, yɛbɛnya honhom mu nkyerɛaseɛ bebree afiri yɛn Soro Agya hɔ.”
Breɛ nyinaa, ɛbɛboa yɛn ama yɛakae Alma nkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de N’asɛmma sɛdeɛ aso a yɛyɛ ne mmɔdemmɔ a yɛde ma no. Sɛ yɛtie Onyankopɔn asɛm a, yɛbɛnya bebree; .sɛ yɛbu yɛn ani gu N’afotuo so a, yɛbɛnya kakra bi kɔsi sɛ yɛrennya bi koraa. Nimdeɛ a wɔhwere yi nkyerɛ sɛ na nokorɛ no yɛ mfomsoɔ; mmom, ɛkyerɛ sɛ yɛahwere tumi a yɛde bɛte aseɛ no.
Hwɛ Agyenkwa no anim
Wɔ Kapernaum, Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ Ne nipasu ne N’asɛmpatrɛ ho adeɛ. Nnipa pii hunuu sɛ na ɛyɛ den sɛ wɔbɛte Ne nsɛm, na ɛmaa wɔdanee wɔn akyi na wɔne no“[annante] bio.”
Adɛn nti na wɔfirii ne nkyɛn kɔeɛ?
Ɛfiri sɛ na wɔmpɛ deɛ Ɔkaeɛ no. Enti, wɔde wɔn ho too wɔn ankasa atemmuo so, ɛna wɔpoo nhyira a sɛ wɔtenaa hɔ a anka ɛbɛba wɔn so no.
Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn dwɛɛ bɛba yɛne ɛnniawieeɛ nokorɛ ntam Sɛ yɛnte aseɛ a, yɛbɛtumi atwɛn kakra, ama yɛn nkateɛ atena hɔ, na afei yɛafa sɛnea yɛbɛyɛ ho biribi. Agyenkwa nohyɛɛ yɛn nkuran sɛ “yɛnhwɛ [No] wɔ adwene biara mu;nye akyinnyeɛ, nsuro.” Sɛ yɛde yɛn adwene si Agyenkwa no so a, yɛn gyedie bɛtumi ahyɛ aseɛ adi yɛn haw so.
Sɛnea President Dieter F. Uchtdorf hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ no: “Mesrɛ, monni kan nye mo adwenem naayɛ ho akyinye ansa na moagye mo gyidie ho akyinye. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn akyingyeɛ fa yɛn nnɔmum na ɛtwe yɛn firi ɔsoro ɔdɔ, asomdwoeɛ, ne akyɛdeɛ kronkron no a ɛnam gyedie wɔ Awurade Yesu Kristo mu.”
Nhyira Ba Wɔn a Wɔtena hɔ no so
Berɛ a asuafoɔ no refiri Agyenkwa no nkyɛn saa da no, Ɔbisaa Dummienu no sɛ, “Mo nso mobɛkɔ?”
Pɛtro buaa sɛ:
“Awurade, hwan hɔ na yɛnkorɔ? wo na wowɔ nkwa a ɛnni awieeɛ nsɛm.no.
“Na yɛgye di yie sɛ wo ne saa Kristo no, Onyankopɔn te asefoɔ no Ba no.”
Afei, Asomafoɔ no tenaa wiase korɔ no ara mu na wɔhyiaa asetena mu nhyɛsoɔ korɔ no ara sɛ asuafoɔ a wɔfirii hɔ kɔeɛ no. Mmom, saa berɛ yi mu no, wɔpaa wɔn gyedie na wɔdɔɔ Onyankopɔn enti, wɔrekora nhyira a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔtena aseɛ no.
Ebia wo, te sɛ me, mmerɛ bi wuhunu wo ho wɔ saa gyinaesi yi afa nyinaa. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛte anaasɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ase na yɛagye atom a, ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yɛbɛkae sɛ Ɔdɔ yɛn sɛnea ɛno, baabiara a yɛwɔ.no. Na Ɔwɔ adepa bi de ma yɛn. Sɛ yɛtwe bɛn No a, Ɔbɛboa yɛn.
Berɛ a yɛretene yɛn nsa abɛn No no bɛtumi ayɛ den no, te sɛ dea Agyenkwa no ka kyerɛɛ agya a ɔhwehwɛɛ ayaresa maa ne ba no sɛ “Nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ yie ama deɛ ɔgyedie no.” Wɔ yɛn apereperedie mmerɛ mu no, yɛn nso yɛbɛtumi asu afrɛ, “Boa [me] anyeannie.”
Yɛde Yɛn Pɛ Rema No
Elder Neal A. Maxwell kyerɛkyerɛɛ berɛ bi sɛ “obi apɛdeɛ a ɔde bɛbrɛ ne ho ase no yɛ ankorankoro adeɛ soronko baako pɛ a ɛsɛ sɛ yɛde to Onyankopɔn afɔrebukyia so.” Ɛnyɛ nwanwa sɛ na King Benjamin ani beree sɛ ne nkorɔfoɔ bɛyɛ “sɛ abofra, ahobrɛasefoɔ, odwoɔ,aboterɛ, ɔdɔ ahyɛ no ma, a wɔpɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma nneɛma a Awurade hunu sɛ ɛfata sɛ ɔde ba no nyinaa, sɛnea abofra brɛ ne ho aseɛ no .”
Berɛ nyinaa no, Awurade ma yɛn nhwɛsoɔ a ɛwieɛ pɛyɛ. Ɔde akoma a ɛmu yɛ duru, na ɔnim adwuma a ɛyɛ yea a ɛsɛ sɛ Ɔyɛ no, Ɔbrɛɛ ne ho ase maa N’Agya apɛdeɛ, maa Ne mesia asɛmpatrɛ adwuma no baa mu na ɔbuee daa bɔhyɛ no maa me ne wo.
Sɛ yɛde yɛn pɛ bɛma Onyankpɔn no yɛ gyedie dwumadie a yɛn akyidifoɔyɔ no akoma so. Wɔ saa yie no mu no, yɛhunu sɛ yɛn pɛ no so nte; mmom, wɔma ɛyɛ kɛse na wɔtua so ka denam Honhom Kronkron no ba a ɔde atirimpɔ, anigye, asomdwoeɛ, ne anidasoɔ ba a yɛtumi qa yɛnhunu wɔ baabi foforɔ biara.
Abosome pii a atwam no, me ne stake president bi kɔsraa onuabaa bi a ɔwɔ ne stake mu ne ne babarima abranteɛ bi. Mfeɛ pii akyi, a wafiri Asɔre no mu no,na wakyinkyin akwan a emu yɛ den na ɛnyɛ adamfofa kwan so no, ɔsan baeɛ. Yɛn nsrahwɛ no mu no, yɛbisaa no deɛ nti a wasan aba.
“Na mayɛ basaa wɔ m’asetena mu, na na minim baabi a ɛsɛ sɛ mekɔ.”
Afei mebisaa no deɛ wasua afiri n’akwantuo no mu.
Ɔde nkateɛ bi kaa sɛ wasua sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ asɔre kyɛ na ama wagyae su a ɛne sɛ ɔremma no na ɛsɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ ɛbɛyɛ baabi a ɔpɛ sɛ ɔtena. Na ne sanbra no nyɛ mmrɛ, nanso berɛ a ɔdaa gyedie adi wɔ Agya no nhyehyɛɛ mu no, ɔtee nka sɛ Honhom no asan aba.
Na afei ɔde kaa ho sɛ, “M’ankasa masua sɛ Onyankopɔn yɛ na N’akwan yɛ sene me deɛ.”
Medi Onyankopɔn, yɛn Daa Agya a ɔdɔ yɛn no ne Ne Ba, Yesu Kristo a ɔgyee yɛn no ho adanseɛ. Wnim yɛn pira ne haw ahodoɔ. Wɔrempo yɛn da na wɔnim yie sɛdeɛ wɔbɛkorɔkorɔ yɛn Yɛbɛtumi anya anigyeɛ berɛ a yɛde yɛn ho to Wɔn so sen obiara anaasɛ biribi foforɔ biara so. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.