Amansan Nhyiamu
Honam tebea mu yɛ Adwuma!
Ahinime 2024 Amansan nhyiamu


10:59

Honam tebea mu yɛ Adwuma!

Ɛmfa ho ne nsɛm denden a ɛba yɛn so, yɛn dɔfoɔ Ɔsoro Agya ahyehyɛ anigyeɛ ho nhyehyɛeɛ sɛdeɛ ɛremma yɛn nni nkoguo.

Mfeɛ bebree mu no, wɔde onuabaa bi a wanyini wɔ me ward mu maa me sɛ memma no efie nkyerɛkyerɛ. Wannya asetena a ɛyɛ bɛtɛɛ. Ɔnyaa haw bebree n’apɔmuden mu na ɛnam ne nkwadaa berɛ mu nkwanhyia bi wɔ agodibea nti, ɔfaa yea mu ne nkwa nna mu. Ɔgyaee awareɛ berɛ a wadi mfeɛ 32 a ɔwɔ nkwadaa nketewa nan sɛ ɔhwɛ wɔn na ɔma wɔn ahiadeɛ, ɔdii mfeɛ 50 no ɔsan wareeɛ. Ne kunu a ɔtɔ so mmienu no wuui wɔ ne mfeɛ 66 so, na saa onuabaa yi nyaa mfeɛ 26 kaa ho tenaa ase sɛ okunafoɔ.

Ɛmfa ho ne ne nkwa nna mu nsɛm denden, ɔyɛɛ nokwafoɔ maa n’apam kɔsii awieeɛ Na saa onuabaa yi yɛ obi a ɔyɛ nnam wɔ anatoɔ mu, obi a ɔkɔ tɛmpol, na ɔgyegye san twerɛ abusua abakɔsɛm. Ɛwom sɛ na ɔwɔ sɔhwɛ denden bebree, na ɛtɔ da a ɔdi awerɛhoɔ nya atenka sɛ ɔyɛ ankonam a ɔnni asɛmmisa, nanso na ne hwɛbea yɛ anigyeɛ ne animuonyam ne anisɔ suban.

Ne wuo akyi bosome nkron mu no, ne mma mmarima no baako nyaa suahunu nwanwasoɔ bi wɔ tempol mu. Ɔnam Sunsum Kronkron tumi no so hunuu sɛ ne maame wɔ nkra ma no. Ɔne no kasaeɛ a wamfa anisoadehunu anaa nsɛm a ɔteeɛ so. Nkrasɛm a mfomsoɔ nnim a ɛdisoɔ yi firii maame no hɔ baa ne babarima no adwene mu: “Mepɛ sɛ wohunu sɛ ewuo tebea yɛ adwuma, na mepɛ sɛ wohunu sɛ seesei mete deɛ enti a biribiara siiɛ [wɔ m’asetena mu] kwan a ɛfaa so no—na ne nyinaa YƐ.”

Sɛ obi susu ne tebea ne nsɛm denden a saa onuabaa yi gyinaa mu na ɔdii so nkonim ho a, na saa nkrasɛm yi yɛ nwanwasoɔ kɛse pa ara.

Anuanom mmaa ne mmarima, ewuo tebea yɛ adwuma! Wɔahyehyɛ no sɛ ɛnyɛ adwuma! Ɛmfa ho ne nsɛm denden, awerɛhoɔ, ne akwansideɛ bebree a ɛba yɛn so, yɛn dɔfoɔ, nyansafoɔ, ne Ɔsoro Agya a ɔwie pɛyɛ no ahyehyɛ anigyeɛ ho nhyehyɛeɛ sɛdeɛ ɛremma yɛn nni nkoguo. Ne nhyehyɛeɛ no bue kwan ma yɛn sɛ yɛbɛsɔre aboro ewuo nkoguo so. Awurade aka sɛ, “Yei ne m’adwuma ne m’animuonyam—sɛ mɛma onipa ɛnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awieeɛ bɛba.”

Yei nyinaa akyiri no, sɛ yɛbɛyɛ Awurade adedifoɔ wɔ “n’adwuma ne animuonyam” mu, mpo “ɛnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awieeɛ,” a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ wɔbɛma yɛn adesua na wɔakyerɛkyerɛ yɛn, na yɛfa ɔnanefoɔ gya no mu—ɛtɔ da a ɛkɔduru yɛn awieeɛ ano. Sɛ yɛbɛkwati saa wiase yi mu haw, nsɛm denden, ne akwansideɛ bɛyɛ te sɛdeɛ yɛafiri kwan a ɛho hia nokorɛ mu sɛ honam tebea yɛ adwuma

Ɛno nti sɛ mmerɛ a emu yɛ den ba yɛn so a mma ɛnyɛ yɛn nwanwa. Yɛbɛhyia tebea a ɛbɛsɔ yɛn ahwɛ ne nkorɔfoɔ a wɔbɛboa yɛn ama yɛasua nokorɛ aboterɛ ne ɔdɔ mapa. Nanso ɛho hia sɛ yɛtumi gyina yɛn akwansideɛ ano kae sɛ, sɛdeɛ Awurade kaeɛ no:

“Na obiara a ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama m’adwuma, ɛnam me din nti, bɛsan anya no bio, mpo nkwa a ɛnni awieeɛ.

“Ɛno nti, mma monsuro mo atamfoɔ [anaa mo haw, nsɛm denden, anaa saa asetena yi mu nsɔhwɛ], ɛfiri sɛ mahyɛ, Awurade na ɔseɛ, mɛsɔ mo ahwɛ wɔ nneɛma nyinaa mu, sɛ mobɛtena m’apam mu ama wɔatumi ahunu sɛ mofata.”

Sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ basaa anaa dadwene bi fa yɛn haw ho anaa atenka sɛ yɛtumi nya asetena mu akwansideɛ bebree kyɛn yɛn kyɛfa a, yɛbɛtumi akae deɛ Awurade see Yesrai mma no:

“Na mobɛkae [a]kwan no nyinaa a Awurade mo Nyankopɔn dii mo anim saa mfeɛ aduanan yi wɔ ɛserɛ so, de berɛɛ mo ase, na ɔde sɔɔ mo hwɛɛe, sɛ ɔbɛhunu [deɛ] ɛwɔ mo akoma mu, sɛ [mobɛ] di ne mmaransɛm so, anaa daabi.”

Sɛdeɛ Lehi kyerɛkyerɛɛ ne babarima Jacob:

“Woahunu amane adi awerɛhoɔ bebree. Nanso, [Onyankopɔn] bɛhyira wo amanehunu so ma ama wo mfasoɔ. Ɛno nti, menim sɛ woanya ɔgyeɛ, ɛnam wo Gyefoɔ no teneneeyɛ so.”

Ɛnam sɛ saa asetena yi yɛ sɔhwɛ bea na “ɔhaw ayɛ mununkum bisii sɛne yɛn so na ɛhunahuna yɛn asomdwoeɛ sɛ ɔbɛsɛe no,” ɛbɛboa sɛ mobɛkae saa afotuo yi ne bɔhyɛ a wɔhunu no wɔ Mosiah 23 a ɛfa asetena mu nsɛm denden ho: “Nanso—obiara a ɔde ne werɛ hyɛ [Awurade] mu no, ɔno ara na da a ɛtwa toɔ no wɔbɛma ne so.”

Sɛ ɔbabunu no, me ara ankasa mefaa atenka kɛseɛ yea ne animguaseɛ mu, a ɛbaae a ɛnam ɔfoforɔ nneyɛɛe a ɛntene so, a mfeɛ bebree mu ɛnyaa nkɛntɛnsoɔ wɔ me mudie so ne adwene sɛ mefata wɔ Awurade anim. Nanso, medi m’ankasa adanseɛ sɛ, Awurade tumi hyɛ yɛn den na ɔpagya yɛn wɔ akwansideɛ biara a ɛba yɛn so sɛ yɛfa, wɔ yɛn asetena tiawa yi mu, wɔ saa nisuo bonhwa yi mu.

Yɛnim Paulo suahunu:

“Na sɛdeɛ wɔremfa adiyisɛm [a manya] no mmorosoɔ so mpagya me mmoro nsusuiɛ so no, wɔmaa me kasɛɛ wɔ me honam mu, Satan bɔfoɔ sɛ ɔmmɛtaataa me, anyɛ saa a wɔbɛpagya me aboro nsusuiɛ so.

“Saa adeɛ yi ho, mekoto srɛɛ Awurade mprɛnsa, sɛ ɛbɛtumi afiri me ho akɔ.

“Na ɔsee me sɛ, M’adom dɔɔso ma wo: ɛfiri sɛ m’ahoɔden wie pɛyɛ wɔ mmerɛyɛ mu. Ɛno nti anigyeɛ kɛseɛ mu, mɛdi nyam wɔ m’ahoɔmmerɛ mu mmom, sɛ Kristo tumi bɛtumi agye ahome wɔ me so.”

Yɛnnim adeɛ a na ɛyɛ Paulo “kasɛɛ wɔ ne honam mu”. Ɔfaeɛ sɛ ɔrenka ho asɛm, sɛ ɛyɛ honam mu yareɛ, adwene mu anaa atenka mu ahoɔmmerɛ, anaa sɔhwɛ bi. Mmom ɛho nhia sɛ yɛhunu saa nkyerɛkyerɛmu no, sɛ yɛbɛhunu n’aperedie na ɔkoto srɛɛ Awurade hɔ mmoa nanso, awieeɛ no, Awurade ahoɔden ne tumi ne adeɛ a ɛboaa no maa ɔfaa mu.

Sɛdeɛ ɛyɛ maa Paulo no, ɛnam Awurade mmoa so na akyire yi menyaa denhyɛ honhom ne atenka mu, na mfeɛ bebree awieeɛ no, mehunuu sɛ berɛ nyinaa no na meyɛ obi a na ɔsomboɔ na ɔfata asɛmpa no nhyira. Agyenkwa no boaa me maa medii m’atenka sɛ memfata no so nkonim ne deɛ ɔfomm me no nokorɛ bɔnefakyɛ. Awieeɛ no metee aseɛ sɛ Agyenkwa Mpata no yɛɛ akyɛdeɛ maa me ankasa na ɛno nti me Soro Agya ne Ne Ba no dɔ me yie. Ɛnam Agyenkwa Mpata no nti, ewuo tebea yɛ adwuma.

Akyire yi a wɔhyiraa me sɛ mɛhunu sɛdeɛ Agyenkwa no gyee me na ɔgyinaa me nkyɛn faa saa suahunu yi mu no, mete aseɛ pefee sɛ na me mmabunu mu mfeɛ tebea bɔne no yɛ me ankasa akwantuo ne suahunu, wɔrentumi nyi deɛ ɛho tirimpɔ ne deɛ akyire yi ɛbɛfiri mu aba nkyerɛ wɔn a wɔahunu amane na wɔkɔ so hunu amane firi afoforɔ nneyɛɛ bɔne mu.

Mehunu sɛ asetena mu suahunu—papa ne bɔne—bɛtumi akyerɛ yɛn asuadeɛ a ɛho hia. Seesei menim na medi adanseɛ sɛ ewuo tebea yɛ adwuma! Mewɔ anidasoɔ sɛ esiane m’asetena mu suahu ahorow a wɔaboaboa ano nti—papa ne bɔne—mewɔ ayamhyehyeɛ ma afoforɔ nneyɛɛ mu bemdifoɔ amanehunufoɔ na ahummɔborɔ ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so.

Mewɔ anidasoɔ nokorɛ mu sɛ deɛ ɛfiri m’asetena mu suahunu mu baae nti—papa ne bɔne—me yam yɛ ma afoforɔ, hwɛ afoforɔ sɛdeɛ Agyenkwa no bɛyɛ, na mewɔ nteaseɛ kɛseɛ pa ara ma ɔbɔnefoɔ ma ɛno nti me nokorɛdie di mu. Berɛ a yɛba de yɛn ho to Agyenkwa no adom so na yɛdi yɛn apam so no, yɛbɛyɛ nhwɛsoɔ a ɛdi mu yie ama Agyenkwa Mpata no.

Mekyɛ nhwɛsoɔ a ɛdi akyire sɛ honam tebea mu yɛ adwuma.

Elder Hales maame ne ne maame nua

Elder Hales maame nua, Lois VandenBosch, ne ne maame, Klea VandenBosch.

Me maame annya akwantuo a ɛgono amfa asetena mu. Wannya nkamfoɔ anaa wiase animuonyam na wannya nwomasua ho akwanya antra nkɔanim sukuu ho. Ɔnyaa mmubuo yareɛ wɔ ne mmɔfra berɛ mu, a ɛmaa ɔnyaa yea ne ɔhaw wɔ ne nan benkum mu wɔ nkwa nna mu. Ɔnyiniiɛ no, ɔfaa akwansideɛ bebree mu, honam ne sika fa mu tebea nsɛm denden mu, nanso ɔdii nokorɛ maa n’apam na ɔdɔɔ Awurade.

Me maame nyaa mfeɛ 55 no, me nuabaa panin a ɔtɔ so wuui, a ɔgyaa me wɔfaase abɔfra babaa bosome nwɔtwe a ɔnni maame. Botaeɛ ahodoɔ pii nti, ewiee me maame sɛ ɔtete me wɔfaase yi mfeɛ dunson a ɔbaae no, a na ɛtaa yɛ tebea a emu yɛ den. Nanso, ɛmfa ho ne deɛ na ɔrefa mu, ɔde anigyeɛ ne ɔpɛ somm n’abusua, ayɔnkofoɔ, ne ward asafomma na ɔsomm mfeɛ bebree sɛ ayɛyɛdeɛ dwumayɛni wɔ tɛmpol. Ne mfeɛ a ɛbɛtwaa toɔ wɔ asetena mu no, me maame nyaa awerɛfire mu yareɛ bi, na n’ani so taa tane no, na wɔde no kɔtoo ahwɛfoɔ beaɛ. Ɛho yeadie sɛ ɔfirii mu a yɛani nna, berɛ a na ɛyɛ ɔno nko ara.

Ne wuo akyi abosome bebree mu no, mesoo daeɛ bi a me werɛ ɛmfiriiɛ. Me daeɛ mu no, na mete m’adwumadibea wɔ Asɔre Dwumadie Dan no mu. Me maame wuraa dwumadibea hɔ. Na menim sɛ wafiri honhom wiase hɔ na aba. Mɛkae atenka a menyaae berɛ biara. Wanka biribiara, mmom ɔtrɛɛ honhom mu ahoɔfɛ bi a menhunuu bi da a, ɛyɛ den sɛ mɛka ho asɛm

Nokorɛ mu, na ne hwɛbea yɛ ahodwiri! Mekae sɛ meka kyerɛɛ no sɛ, “Maame, wo ho ayɛ fɛ papa!,” mede retoto ne honhom mu tumi ne ahoɔfɛ ho. Ɔgyee me too mu—a bio wankasa. Metee nka sɛ ɔdɔ me, na mehunuu ɛhɔ sɛ n’ani agye a wanya ayaresa afiri ne wiase dadwene ne nsɛm denden mu a ɔde nsiyɛ retwɛn “wusɔreɛ animuonyam.” Menim sɛ wɔ Maame fam no, honam tebea yɛɛ adwuma—na ɛyɛ adwuma ma yɛn nso.

Onyankopɔn adwuma ne animuonyam ne sɛ ɔde ɛnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awieeɛ bɛba ama onipa. Ewuo tebea mu suahunu yɛ akwantuo no fa a ɛma yɛn kwan nyini nya nkɔsoɔ kɔ saa ɛnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awieeɛ no mu Wɔnsomaa yɛn wɔ ha sɛ yɛbɛdi nkoguo, mmom sɛ yɛbɛdi nkonim wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma yɛn no mu.

Sɛdeɛ Ɔhene Benjamin kyerɛkyerɛɛe no: “Na bio, mɛpɛ sɛ mobɛdwendwene nhyira ne anigyeɛ tebea a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmaransɛm so no. Na hwɛ, wahyira wɔn wɔ nneɛma nyinaa mu, honhom ne honam mu, na sɛ wɔgyina pintinn wɔ gyedie mu kɔsi awieeɛ a wɔbɛgye wɔn akɔ soro, ama wɔn ne Onyankopɔn akɔtena wɔ anigyeɛ a ɛnni awieeɛ mu.” Wɔ nsɛm foforɔ mu no, honam tebea mu yɛ adwuma!

Medi adanseɛ sɛ, sɛdeɛ yɛnya asɛmpa no ayɛyɛdeɛ, ne Onyankopɔn kɔ apam na yɛdi saa apam no so, sakyera, som afoforɔ, na yɛgyina mu kɔsi awieeɛ no, yɛn nso bɛsi gyinaeɛ anya awerɛhyɛmu mapa wɔ Awurade mu sɛ honam tebea mu yɛ adwuma! Medi Yesu Kristo ho adanseɛ sɛ, ɛnam Agyenkwa no adom ne Mpata no so, yɛn daakye animuonyam ka yɛn Soro Agya ho no atumi ayɛ hɔ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.