Amansan Nhyiamu
Yɛma wo akwaaba ba Anigyeɛ Asɔre no mu
Ahinime 2024 Amansan nhyiamu


13:1

Yɛma wo akwaaba ba Anigyeɛ Asɔre no mu

Esiane yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, nkwagyeɛ abrabɔ ne n’asɛmpatrɛ adwuma nti, yɛbɛtumi—na ɛsɛ sɛ—yɛyɛ nnipa a wɔwɔ anigyeɛ paa wɔ asase so!

Yɛbɔɔ me asu wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no mu Buronya Anwummerɛ afe 1987, bɛyɛ mfeɛ 37 nie. Na ɛno yɛ da a ɛyɛ nwanwa ampa wɔ m’abrabɔ mu ne me daa akwantuo mu, na m’ani sɔ nnamfoɔ a wɔsiesiee kwan no na wɔde me baa saa awoɔ foforɔ no nsuo mu no.

Sɛ mo asubɔ no na ɛyɛ nnora anaa mfeɛ a atwam no, sɛ mo hyiaa mu wɔ Asɔre dan kɛseɛ bi a ɛwɔ ward ahodoɔ pii mu anaa wɔ nnua a wɔde ɛserɛ ayɛ ase, sɛ mogye adidikronkron no de kae Agyenkwa no wɔ Thai anaa Swahili kasa mu , mepɛ sɛ meka kyerɛ mo sɛ, mema mo akwaaba ba anigyeɛ asɔre no mu! Yɛma wo akwaaba ba anigyeɛ asɔre no mu!

Anigyeɛ Asɔre no

Esiane ɔdɔ nhyehyɛeɛ a yɛn Soro Agya ayɛ ama Ne mma mu biara, na esiane yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo ɔgyeɛabrabɔ ne asɛmpaka nti, yɛbɛtumi—na ɛwɔ sɛ—yɛyɛ nkorɔfoɔ a wɔwɔ anigyeɛ sene obiara wɔ asase so! Berɛ mpo a asetena mu ahum a ɛwɔ wiase a ɛtaa yɛ basaa mu no bɔ yɛn so no, yɛbɛtumi anya anigyeɛ ne yɛn mu asomdwoeɛ atenka a ɛrenya nkɔsoɔ na ɛtena hɔ ɛnam yɛn anidasoɔ wɔ Kristo mu ne yɛn nteaseɛ a yɛwɔ wɔ yɛn ankasa gyinabea wɔ anigyeɛ nhyehyɛeɛ fɛfɛ no mu nti.

Awurade Somafoɔ Panin, Titenani Russell M. Nelson, aka anigyeɛ a ɛfiri abrabɔ a ɛtwe adwene si Yesu Kristo so ba no ho asɛm wɔ ɛkame ayɛ sɛ ɔkasa biara a wama firi berɛ a ɔbɛyɛɛ Asɔre no Titenani. Ɔbɔɔ no tɔfa sɛ: “Anigyeɛ firi Ne mu ne Ne nti. Wɔ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ fam no, Yesu Kristo yɛ anigyeɛ!”

Yɛyɛ Yesu Kristo Asɔre no mufoɔ. Yɛyɛ anigyeɛ asɔre no mufoɔ! Na baabiara nni hɔ a ɛnsɛ sɛ yɛn anigyeɛ sɛ nkorɔfoɔ, da adi sene berɛ a yɛboaboa yɛn ho ano Homeda biara wɔ yɛn sacrament nhyiamu mu de som anigyeɛ nyinaa Farebae no! Ɛha na yɛne yɛn ward ne branch mmusua hyia mu fa Awurade Adidi Kronkron, yɛn gyeɛ a wɔgye firi bɔne ne owuo mu, ne Agyenkwa no adom a tumi wom no ho afahyɛ! Ɛha na yɛba sɛ yɛbɛnya anigyeɛ, dwanekɔbea, bɔne fafire, aseda, ne wɔn dea a wɔnam Yesu Kristo so nya no!

Enti saa honhom a ɛne sɛ wɔbom di ahurusie wɔ Kristo mu yi ne nea wohunu? Enti yei na wode ba? Ebia wususu sɛ yei ne wo nni hwee yɛ kɛse, anaasɛ ebia woasua sɛnea wɔyɛ nneɛma berɛ nyinaa no ara kwa. Nanso yɛn nyinaa bɛtumi aboa, ɛmfa ho ne yɛn mfeɛ anaa yɛn frɛ, ama yɛn sacrament nhyiamu ayɛ anigyeɛ na ahyɛ ma, atwe adwene asi Kristo so, akwaaba dɔnhwere a wɔbɛtumi ayɛ, a wɔte ase wɔ anigyeɛ ne obuo honhom mu.

Obuo mu Anigyeɛ

Anigyeɛ obuo a wɔde ma? “Enti ɛno yɛ adeɛ?” ebia wobɛbisa. Wiɛ, aane, ɛte saa! Yɛdɔ yɛn Nyankopɔn, yɛhyɛ no animuonyam, na yɛbu no yie, na yɛn buo firi ɔkra a n’ani gye wɔ Kristo dɔ, ne mmɔborɔhunu, ne ne nkwagyeɛ bebree mu! Ɛsɛ sɛ saa obuo a ɛyɛ anigyeɛ a yɛde ma Awurade yi yɛ yɛn sacrament nhyiamu kronkron no su.

Nanso, wɔ nnipa pii fam no, nidie kyerɛ yei ara kwa: yɛn nsa a yɛbɛbobɔ de ato yɛn kokoso dendennden yɛn ti a yɛbɛkoto, akata yɛn ani, na yɛakura yɛn ho mu—a ɛnni awieeɛ! Ebia yei bɛyɛ ɔkwan a ɛboa a yɛbɛfa so akyerɛkyerɛ mmɔfra nkumaa a wɔwɔ ahoɔden, nanso berɛ a yɛnyini na yɛsua adeɛ no, momma yɛnhunu sɛ obuo boro yei so koraa. Sɛ Agyenkwa no ka yɛn ho a, anka saa na yɛbɛyɛ? Daabi, ɛfiri sɛ “[N’anim] na anigyeɛ a ɛyɛ ma wɔ”!

Wiɛ, yɛn mu pii fam no, saa nsakraeɛ yi wɔ yɛn adidikronkron som mu no bɛgye dwumadie.

Yɛrekɔ ne sɛ Yɛresom

Yɛnnhyiam Homeda sɛ yɛbɛkɔ adidikronkron nhyiamu kɛkɛ na yɛahyɛ no agyiraeɛ wɔ ahodoɔ no mu. Yɛbom ba bɛsom. Nsonsonoeɛ kɛseɛ da mmienu no ntam. Sɛ wobɛkɔ bi a, ɛkyerɛ sɛ wobɛba. Nanso sɛ yɛbɛsom a, ɛkyerɛ sɛ yɛhyɛ da yi yɛn Nyankopɔn ayɛ na yɛsom no wɔ ɔkwan a ɛbɛsakra yɛn so!

Wɔ Asɛnka adwa so ne Asafo no mu

Sɛ yɛrehyiam de akae Agyenkwa no ne ɔgyeɛ a Wama ayɛ yie a, ɛsɛ sɛ yɛn anim da yɛn anigyeɛ ne aseda adi! Berɛ bi Elder F. Enzio Busche kaa berɛ bi a na ɔyɛ branch titenani na abarimaa kumaa bi a ɔwɔ asafo no mu hwɛɛ no wɔ asɛnka adwa so hɔ na obisaa no dendenden sɛ, “Deɛn na ɔbarima a n’anim yɛ katee no reyɛ wɔ soro hɔ?” Wɔn a wɔte soro hɔ—akasafoɔ, akannifoɔ, nnwontofoɔ kuo—ne wɔn a wɔahyiam wɔ asafo no mu nam anim hwɛbea so de akwaaba ma wɔn ho wɔn ho wɔ anigyeɛ asɔre no mu!

Nnwom a Wɔto

Berɛ a yɛreto nnwom no, so yɛrebom ayi yɛn Nyankopɔn ne yɛn Hene ayɛ ɛmfa ho sɛnea yɛn nne teɛ, anaasɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ kɛkɛ anaasɛ yɛnto nnwom koraa? Twerɛsɛm no atwerɛ sɛ ateneneefoɔ nnwom yɛ mpaebɔ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a Ne kra ani gye ho. Enti momma yɛnto nnwom! Na monyi No ayɛ!

Ɔkasa ne Adansedie

Yɛde yɛn kasa ne adansedie si Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo ne aba a ɛfiri ahobrɛaseɛ a yɛde bɛbɔ Wɔn asɛmpa no so, aba a “ɛyɛ dɛ sen deɛ ɛyɛ dɛ nyinaa.” Afei ampa ara “yɛdidi kɔsi sɛ [yɛn] bɛbɛmee, na [yɛn] kɔm mma, na sukɔm renne yɛn,” na yɛn nnesoa ayɛ hare, ɛnam Ɔba no anigyeɛ so.

Adidi Kronkron no

Animuonyam mu ade titiriw a ɛwɔ yɛn som mu ne adidikronkron no ankasa nhyira ne gye a yɛbɛgye, panoo ne nsuo a ɛgyina hɔ ma yɛn Awurade mpata akyɛdeɛ ne yɛn nhyiamu no atirimpɔ nyinaa. Yei yɛ “honhom mu foforɔyɛ berɛ kronkron” berɛ a yɛdi adanseɛ foforɔ sɛ yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛfa Yesu Kristo din ato yɛn so na yɛasan ayɛ apam no sɛ yɛbɛkae Agyenkwa no berɛ nyinaa na yɛadi Ne mmaransɛm so.

Wɔ asetena mu mmerɛ bi mu no, yɛbɛtumi de akoma a emu yɛ duru ne nnesoa a ɛboro so abɛn adidikronkron no. Mmerɛ foforɔ nso, yɛba ahofadie a yɛnyɛ adesoa mfiri dadwen ne ɔhaw ahodoɔ ho. Berɛ a yɛtie paanoo ne nsuo nhyirasoɔ no yie na yɛnya saa nsɛnkyerɛnne kronkron no bi no, yɛbɛtumi ate nka sɛ yɛredwendwen Agyenkwa no afɔrebɔ no ho, N’amanehunu wɔ Getsemane, N’awerɛhoɔ wɔ asɛnnua no so, ne awerɛhoɔ ne yea a Ɔgyinaa ano maa yɛn. Ɛno na ɛbɛyɛ nea ɛma yɛn akra ho tɔ yɛn, berɛ a yɛde yɛn amanehunu bata Ne deɛ ho no. Mmerɛ foforɔ nso, yɛbɛte nka sɛ yɛde anisɔ ho ahodwiri susu anigyeɛ a “ɛyɛ fɛ na ɛyɛ dɛ” a ɛwɔ nea Yesu akyɛdeɛ a ɛyɛ nwanwa no ama ayɛ yie wɔ yɛn asetena mu ne yɛn daa nkwa mu no ho! Yɛbɛdi ahurisie wɔ deɛ ɛda so ara reba no ho—yɛn Agya a yɛdɔ no ne Agyenkwa a w’asɔre a yɛasan ahyia bio a yɛpɛ no.

Ebia wɔhyɛɛ yɛn tebea sɛ yɛmfa no sɛ adidikronkron no botaeɛ ne sɛ yɛbɛtena nkonnwa a wato mu no mu adwene akwan a yɛfaa so yɛɛ basabasa wɔ nnawɔtwe a edii ɛno anim no nyinaa nkutoo ho. Nanso momma yɛmfa saa adeyɛ no nto yie. Wɔ kommyɛ mu no, yɛbɛtumi adwendwene akwan bebree a yɛahunu sɛ Awurade de Ne dɔ a ɛyɛ nwanwa no adi yɛn akyiri a wannyae saa nnawɔtwe no mu! Yɛbɛtumi asusu nea ɛkyerɛ sɛ “yɛbɛhunu anigyeɛ a ɛwɔ da biara da adwensakra mu no ho.” Yɛbɛtumi de aseda ama mmerɛ a Agyenkwa no hyɛnee yɛn aperepereɛ ne yɛn nkonimdie mu ne mmerɛ a yɛtee N’adom, ne bɔne fafire, ne tumi nka sɛ ɔma yɛn ahoɔden de di yɛn ahokyerɛ so na yɛde boasetɔ ne anigyeɛ mpo soa yɛn adesoa.

Aane, yɛsusu amanehunu ne ntɛnkyea a wɔde baa yɛn Gyefoɔ no so esiane yɛn bɔne nti no ho, na ɛno ma yɛsusu nneɛma ho yie. Nanso ɛtɔ da bi a yɛkɔka hɔ —turo no mu, asɛnnua no ho, ɔbodan no mu. Yɛrentumi nkɔ soro nkɔ anigyeɛ a ɛwɔ damena a ɛpae, owuo nkoguodie, ne Kristo nkonimdie wɔ nea ɛbɛtumi asi yɛn kwan sɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ na yɛasan akɔ yɛn soro fie nyinaa so, no mu. Sɛ yɛhwie awerɛhoɔ nisuo anaa aseda nisuo gu wɔ adidikronkron berɛ mu a, momma ɛnyɛ nwanwa a ɛyɛ hu wɔ Agya no akyɛdeɛ a ɛne Ne Ba no ho asɛmpa no ho!

Awofoɔ a Wɔwɔ Mmɔfra a Wɔyɛ Mmɔfra Anaasɛ Wɔwɔ Ahiadeɛ Titire

Afei, wɔ awofoɔ a wɔwɔ mma a wɔyɛ nkumaa anaa wɔwɔ ahiadeɛ sononko no, mpɛn pii no, biribiara nni hɔ a wɔfrɛ no berɛ a wɔyɛ komm na wosusu nneɛma ho komm wɔ adidikronkron berɛ mu. Nanso wɔ mmerɛ nketewa mu wɔ nnawɔtwe no mu nyinaa mu no, wobɛtumi de nhwɛsoɔ akyerɛkyerɛ ɔdɔ, aseda, ne anigyeɛ a wote nka ma Agyenkwa no na woafiri hɔ ahwɛ Ne nnwammaa nkumaa daa. Mmɔdemmɔ biara nni saa akyidie yi mu a wɔsɛe no. Onyankopɔn nim wo yie.

Abusua, Ward, ne Branch Agyinatukuo

Saa ara nso na wɔ fie no, yɛbɛtumi ahyɛ aseɛ ama yɛn anidasoɔ ne akwanhwɛ a yɛwɔ wɔ yɛn berɛ a yɛwɔ wɔ asɔre mu no ayɛ kɛseɛ. Wɔ abusua agyinatuo mu no, yɛbɛtumi asusu sɛdeɛ ankorankoro biara bɛtumi aboa wɔ akwan a nteaseɛ wom so ama obiara akwaaba aba anigyeɛ asɔre no mu! Yɛbɛtumi ayɛ nhyehyɛeɛ na yɛahwɛ kwan sɛ yɛbɛnya suahunu a ɛyɛ anigyeɛ wɔ asɔre.

Ward ne branch agyinatukuo no bɛtumi asusu na wɔayɛ amammerɛ a ɛkyerɛ obuo a ɛyɛ anigyeɛ ama yɛn adidikronkron dɔnhwere no, akyerɛ anammɔn a mfasoɔ wɔ so ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔde aniwa hu a ɛbɛboa.

Anigyeɛ

Ɛsono sɛnea anigyeɛ te ma nnipa ahodoɔ. Wɔ ebinom fam no, ebia ɛbɛyɛ nkyea a ɛyɛ anigyeɛ wɔ ɔpono ano. Wɔ afoforɔ fam no, ebia ɛbɛyɛ komm a wobɛboa nkorɔfoɔ ma wɔate nka sɛ wɔn ho atɔ wɔn ɛnam sereɛ a wobɛsere na woatena wɔn nkyɛn a wofiri ayamyɛ ne akoma a ɛda adi pefee mu no so. Wɔ wɔn a wɔte nka sɛ wɔagyae wɔn anaasɛ wɔato nkyɛn no fam no, akwaaba a wɔde bɛma wɔn yi bɛyɛ nea ɛho hia kɛse. Awieɛ koraa no, yɛbɛtumi abisa yɛn ho sɛnea Agyenkwa no bɛpɛ sɛ yɛn adidikronkron dɔnhwere no yɛ. Ɔkwan bɛn so na ɔbɛpɛ sɛ wɔma Ne mma no mu biara akwaaba, hwɛ no, wɔma no aduane, na wɔdɔ no? Ɔbɛpɛ sɛ yɛte nka sɛn berɛ a yɛba sɛ yɛbɛkae no na yɛasom No no?

Awieeɛ

Wɔ me gyedie akwantuo no mfitiaseɛ no, anigyeɛ a ɛwɔ Yesu Kristo mu ne adeɛ kɛseɛ a ɛdi kan a mehunuuɛ, na ɛsakraa me wiase. Sɛ wonnya nhunuu anigyeɛ yi a, firi aseɛ hwehwɛ no. Yei yɛ nsatoɔ sɛ yɛn nsa bɛka Agyenkwa no akyɛdeɛ a ɛyɛ asomdwoeɛ, hann, ne anigyeɛ—sɛ yɛmma yɛn ani nnye mu, yɛn ho nwiri yɛn, na yɛn ani nnye ho, Homeda biara.

Ammon a ɔwɔ Mormon Nwoma mu no da m’akoma mu atenka adi berɛ a ɔse:

“Afei yɛnni ho kwan sɛ yɛani gye anaa? Aane, mese mo sɛ, firi mmerɛ a wiase hyɛɛ aseɛ no, nnipa biara nni hɔ a wɔn ani agye kɛseɛ sei da sɛ yɛn; aane, m’ahurusie aboro so ara ama meretu me ho mpo wɔ me Nyankopɔn mu; ɛfiri sɛ ɔwɔ tumi nyinaa , nyansa nyinaa, ne nteaseɛ nyinaa; ɔte nneɛma nyinaa ase, na ɔyɛ Mmɔborɔhunufoɔ, mpo kɔ nkwagyeɛ mu ma wɔn a wɔsakyera na wɔgye ne din di no.

“Na sɛ yei yɛ ahohoahoa a, saa ara na mɛhoahoa me ho; ɛfirisɛ yei ne me nkwa ne me hann, m’anigyeɛ, ne m’aseda kɛseɛ.”

Yɛma wo akwaaba ba Anigyeɛ Asɔre no mu! Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. President Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Anigyeɛ wɔ tumi, na sɛ yɛde yɛn adwene si anigyeɛ so a, Onyankopɔn tumi ba yɛn abrabɔ mu. Sɛnea ɛte wɔ nneɛma nyinaa mu no, Yesu Kristo ne yɛn nhwɛsofoɔ a ɔsene biribiara, ‘a anigyeɛ a wɔde sii n’anim nti ɔgyinaa asɛnnua no ano’ [Hebrifoɔ 12:2]. Dwene ɛno ho! Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛgyina osuahunu a ɛyɛ yea sene biara a wanya wɔ asase so pɛn ano no, yɛn Agyenkwa no de n’adwene sii anigyeɛ so Na anigyeɛ bɛn na wɔde sii N’anim? Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ na anigyeɛ a ɛne sɛ wɔbɛte yɛn ho, wɔasa yɛn yareɛ, na wɔahyɛ yɛn den no ka ho; anigyeɛ a ɛne sɛ wɔbɛtua wɔn a wɔbɛsakra nyinaa bɔne ho ka; anigyeɛ a ɛne sɛ ɛma ɛyɛ yie sɛ me ne wo bɛsan akɔ fie—a yɛn ho ateɛ na yɛafata—na yɛne yɛn Soro Awofoɔ ne yɛn mmusua bɛtena. Sɛ yɛde yɛn adwene si anigyeɛ a ɛbɛba yɛn so, anaa wɔn a yɛdɔ wɔn so a, deɛn na yɛbɛtumi agyina ano a mprempren ɛte sɛ nea ɛboro so, ɛyɛ yaw, ɛyɛ hu, ɛnteɛ, anaasɛ ɛrentumi nyɛ yie ara kwa?” (“Anigyeɛ ne Sunsum mu Atenaseɛ,” Liahona, Nov. 2016, 82–83).

  2. Nnwom 16:11.

  3. F. Enzio Busche, “Adesua ahodoɔ a ɛfiri Onyankopɔn,” Nyamesom ho Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, vol. 9, no. 2 (2008), 3.

  4. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 25:12.

  5. Hwɛ Nnwom 100:1.

  6. Alma 32:42.

  7. Hwɛ Alma 33:23.

  8. General Handbook: Resom wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ, 29.2.1.1, Asɛmpa Nwomakorabea.

  9. Hwɛ Russell M. Nelson, nsɛm a wɔkaeɛ wɔ asɛmpatrɛ akannifoɔ nhyiamu ase, Ayɛwohomumu 2019; quoted in Dale G. Renlund, “Ahofama a Ɛnhinhim Ma Yesu Kristo,” Liahona, Nov. 2019, 25.

  10. Gordon B. Hinckley kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Sɛ wo, sɛ ɔsɔfoɔ, bu nkotodwe wɔ adidikronkron pono ho na wɔbɔ mpaeɛ, a ɛnam adiyisɛm so baaeɛ no a, wode asafo no nyinaa ne Awurade hyɛ apam ase. Enti yei yɛ adeɛ ketewa bi? Ɛyɛ adeɛ a ɛho hia na ɛyɛ nwanwa kyɛn biribiara” (“Aaron Asɔfodie no—Akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ,” Ensign, Kɔtɔnimma 1988, 46).

    “Wɔn a wɔsiesie, hyira, anaa wɔma adidikronkron no de saa ayɛyɛdeɛ yi rema afoforɔ wɔ Awurade ananmu. Ɛsɛ sɛ obiara a okura asɔfodie no de anibere ne obuo suban kɔ saa dwumadie yi ho. Ɛsɛ sɛ ɔsiesie ne ho yie, ne ho teɛ, na ɔhyɛ ntadeɛ a ɛfata. Ɛsɛ sɛ ankorankoro anim da ayɛyɛdeɛ no kronkronyɛ adi” (“Asɔfodie Ayɛyɛdeɛ ne Nhyira,” Abusua Akwankyerɛ Nwoma [2006], 22).

  11. Alma 36:21.

  12. Russell M. Nelson, “Tumi a Honhom mu Nkanyan Wɔ,” Liahona, Kɔtɔnima 2022, 98.

  13. Hwɛ Mosiah 24:13-15.

  14. Hwɛ Yohane 3:16–17.

  15. Alma 26:35–37.